Twerɛnsɛm
3 Nifae 22


Ti 22

Wɔbɛkyekyere Sion ne ne ntomadan nnua no, na ɔnam ahummɔborɔ ne mmerɛyɛ so bɛboa Israel ano—Wɔbɛdi nkunim—Fatoto Yesaia 54 ho. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei deɛ wɔatwerɛ no bɛba mu: To dwom, O ɔbɔnin, wo a woanwoɔ; fa ahosane to dwom, na tea mu den, wo a wonkyem ba; ɛfiri sɛdeɛ ɔnni bie mma bɛdɔɔso akyɛn deɛ wawareɛ mma, Awurade na ɔseɛ.

2 Ma baabi a wo ntomadan wɔ ntrɛ, na ma wɔntwe wo ntomadan ntoma mu wɔ baabi a wo teɛ; mfa nkame, ma wo ntampehoma mu ntwe na wo ntomadan nua mu nyɛ den.

3 Na wobɛtrɛtrɛ akɔ wo nsa nifa so ne wo bɛnkum so, na w’asefoɔ bɛfa Amanamanmufoɔ no ayɛ wɔn deɛ na wɔama wɔatenatena amanfo no so.

4 Nsuro, na w’ani rennwu; ɛna w’anim rennwuase, na wɔmma animguaseɛ renka wo; na wo werɛ bɛfiri wo mmabaawaberɛ mu aniwuo, na wo renkae wo mmabaawaberɛ mu animguaseɛ, na wo renkae wo kunayɛ animguaseɛ bio.

5 Na wo yɛfoɔ, wo kunu, Asafo Awurade ne ne din; na wo Dimafoɔ, Israel Kronkroni no—wɔbɛfrɛ no asaase nyina ara Nyankopɔn.

6 Na Awurade afrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔato no atwene na ɔdi anibereɛ wɔ honhom mu, na ɔyɛ ɛyerɛ a ɔyɛ ababunu, mmerɛ a wɔapo wo, wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

7 Na mmerɛ tiaa bi na mato wo atwene, na mmom mede ahummɔborɔ kɛseɛ na mede bɛboa wo ano.

8 Abufuo kakra ara mu na mede m’anim huntaa wo mmerɛ tiaa bi mu, na mmom mede ayamuyɛ a ɛtehɔ daa na mede bɛhunu wo mɔbɔ, wo Dimafoɔ Awurade na ɔseɛ.

9 Na yei te sɛ Noa nsuo a aba me so, sɛdeɛ madi nse sɛ Noa nsuyire no nkata asaase yi so bio no, ɛno nti madi nse sɛ mebo mfu wo.

10 Ɛfiri sɛ mepɔ bɛtutu akɔ na ɔbɛma apampa so afiri hɔ, na mmom m’ayamyie mmfiri wo so, ɛna merennyi m’asomdwoeɛ apam no mmfiri hɔ, Awurade no a ɔhunu wo mɔbɔ no na ɔseɛ.

11 O wo a amanehunu ahum abɔ wo, na wɔnkyekyere wo werɛ! Hwɛ, mede w’aboɔ a ɛgyegyeɛ bɛsisi hɔ, na mede sapphire ato wo fapem.

12 Na mede mogyaboɔ bɛyɛ wo mpoma, na mede kabukle ayɛ wo abɔntene pono, na mede aboɔ fɛɛfɛɛ ayɛ woahyeɛso nyina ara.

13 Na Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mma nyina ara; na wo mma asomdwoeɛ bɛyɛ kɛseɛ.

14 Tenenee mu na ɔbɛtintim wo, wone nhyɛsoɔ ntam bɛware ɛfiri sɛ wonnsuro, na wone adeɛ a ɛyɛ hu ntam bɛware, ɛfiri sɛ ɛremmɛn wo.

15 Hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no wɔbɛka wɔn ho aboa ano atia wo a ɛnnyɛ me na mama wɔn kwan; na obiara a ɔbɛboaboa wɔn ano atia wo no bɛhwe ase wɔ wo nti.

16 Hwɛ, me na mabɔ ɔtomfoɔ a ɔfiti egya bidie mu, na ɔyi n’adwuma ho adwendidadeɛ pue; na me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛe adeɛ.

17 Akodeɛ biara a wɔayɛ de bɛtia wo no renyina; na tɛkyerɛma biara a ɛbɛhunahuna wo wɔ atɛmmuo mu no, wo bɛbu no fɔ. Yei ne Awurade asomfoɔ no agyapadeɛ, ne wɔn tenenee a ɛfiri me, Awurade na ɔseɛ.