Twerɛnsɛm
3 Nifae 4


Ti 4

Nifaefoɔ asraafoɔ no di Gadianton adwotwafoɔ no so nkonim—Wɔtwa Gidianhae tiri, na wɔsɛnn Semnariha a ɔdii n’adeɛ no—Nifaefoɔ no yi Awurade ayɛ wɔ wɔn nkunimdie no ho. Bɛyɛ mfinhyia 19–22 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ ɛrekɔ afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no awieɛ no, saa adwotwafoɔ asraafoɔ no ayɛ ahoboa sɛ ɔrekɔko, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrefiri apampa no so, ne mmepɔ no so, ne ɛserɛ no so, ahoɔdenbea wɔn ho sie no, ne wɔn kokoa mu no, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrefa nsaase a ɛwɔ asaase no anaafoɔ ne deɛ ɛwɔ n’atifii afa mu no, na wɔhyɛɛ aseɛ faa nsaase a Nifaefoɔ no atu afiri so no nyina ara, ne nkuropɔn a wɔagya ama no ayɛ amanfo no.

2 Na monhwɛ, na wura mu moa anaa wura mu nam biara nni nsaase no a Nifaefoɔ no tu firii so no so, na nwuram nam biara nni hɔ ma adwotwafoɔ no, gye sɛ ɛserɛ no so.

3 Na adwotwafoɔ no antumi antena baabi ara gye sɛ ɛserɛ no so, ɛfiri sɛ na aduane ho ayɛ den ama wɔn, ɛfiri sɛ na Nifaefoɔ no agya wɔn nsaase no atohɔ ama ada mpan na wɔafa wɔn anantwie, ne wɔn adwan ne wɔn nneɛma nyina ara, na wɔabɛyɛ nnipa kuo baako.

4 Ɛno nti, na ɛkwan biara nni hɔ ma adwotwafoɔ no sɛ wɔbɛfom na wɔanya aduane, gye sɛ wɔne Nifaefoɔ no bɛko; na ɛnam sɛ Nifaefoɔ no ayɛ nnipa kuo baako, na wɔadɔɔso no nti, na wɔakora nnuane ama wɔn ho, ne apɔnkɔ ne anantwie ne ayɛnmmoa ahodoɔ nyina ara bi, ama wɔatumi atena hɔ bɛyɛ mfie nson ntam, wɔ mmerɛ no a na wɔn wɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛsɛe adwotwafoɔ no afiri asaase no ani so no; na sei na afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no twaa mu kɔɔɛ.

5 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so dunkron mu no, Gidianhae hunu sɛ ɛho hia sɛ ɔne Nifaefoɔ no kɔ ko, ɛfiri sɛ na ɛkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so atumi atena gye sɛ wɔ fom nneɛma na wɔbɔ krɔno na wɔdi awu.

6 Na wɔsuro koraa sɛ wɔbɛtrɛ wɔn ho wɔ asaase no ani so sɛ wɔbɛdua aburo, anyɛ a na Nifaefoɔ no abɛto ahyɛ wɔn so na wɔakumkum wɔn; ɛno nti Gidianhae hyɛɛ mmara maa n’asraafoɔ no sɛ wɔne Nifaefoɔ no nkɔko afe yi mu.

7 Na ɛbaa sɛ wɔne wɔn bɛkoe; na yei sii bosomee a ɛtɔ so nsia no mu; na monhwɛ, ɛda no a wɔbaa sɛ ɔne wɔn rebɛko no na ɛyɛ ɛda kɛseɛ a na ɛyɛ hu yie; na wohyɛɛ ntaadeɛ a ɛte sɛ adwotwafoɔ deɛ pɛpɛɛpɛ; na wɔde adwammaa nwoma na atwa wɔn asene mu, na wɔde mogya ayɛ wɔn ho, na wɔawɛre wɔn tiri ho, na wɔde dadeɛ kyɛ ahyehyɛ wɔn tiri; na Gidianhae asraafoɔ no ho yɛ hu yie, ɛnam wɔn akodeɛ, ne mogya no a wɔde ayɛ wɔn ho nti.

8 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Nifaefoɔ asraafoɔ no hunu Gidianhae asraafoɔ no sɛdeɛ wɔteɛ no; wɔn nyina ara butuu fam na wɔsu frɛɛ Awurade wɔn Nyankopɔn sɛ ɔnnye wɔn mfiri wɔn atamfo nsa mu.

9 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Gidianhae asraafoɔ no hunu sei no, wɔhyɛɛ aseɛ de nne kɛseɛ teaa mu; ɛnam ɛdɛ a na wɔredi no nti, ɛfiri sɛ na wɔsusu sɛ wɔn asraafoɔ no ho huu no nti na Nifaefoɔ no abutubutu fam no.

10 Na mmom saa adeɛ yi dii wɔn ahwamɔ, ɛfiri sɛ na Nifaefoɔ no nsuro wɔn na mmom wɔsuro wɔn Nyankopɔn na wɔsu frɛɛ no sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban; ɛno nti mmerɛ a Gidianhae asraafoɔ no tohyɛɛ wɔn so no, na wɔayɛ ahoboa retwɛn wɔn; aane, Awurade ahoɔden mu na wɔde hyiaa wɔn.

11 Na ɛko no hyɛɛ aseɛ wɔ bosomee nsia no mu; na ɛyɛ ɛko kɛseɛ a ɛyɛ hu nso, aane, na nnipa kum no yɛ kɛseɛ na na ɛyɛ hu nso, a na saa ɛko kɛseɛ a ɛyɛ hu sei bi nsii da wɔ Lihae nkurɔfoɔ no nyina ara mu da, ɛfiri mmerɛ a ɔfirii Yerusalem no.

12 Na ahunahuna ne nse a Gidianhae diiɛ no nyina ara akyiri no, monhwɛ, Nifaefoɔ no hwee wɔn ara maa wɔdwane firii wɔn anim kɔɔ wɔn akyiri.

13 Na ɛbaa sɛ Gidgidonae ka kyerɛɛ n’asraafoɔ no sɛ wɔmpamo wɔn ara nkɔduru ɛserɛ no hyeɛso hɔ, na mma wɔnnyae obiara a wɔn nsa bɛka no wɔ ɛkwan so no ho nkyɛ no; na sei na wɔpamoo wɔn; na wɔkumkumm wɔn de kɔduruu ɛserɛ no hyeɛ so hɔ, de kɔsi sɛ Gidgidonae mmaransɛm no hyɛɛ ma.

14 Na ɛbaa sɛ Gidianhae, a ɔgyina ko ano akokoɔduro so no, wɔpamoo no mmerɛ a na wɔredwane no; na ɛnam sɛ na wɔako dodoɔ nti no ɔbrɛɛe maa wɔkɔtoo no kumm no. Na sei na Gidianhae ɔdwotwafoɔ no awieɛ baaɛ.

15 Na ɛbaa sɛ Nifaefoɔ asraafoɔ no san kɔɔ baabi a na wɔabɔ wɔn ho ban no. Na ɛbaa sɛ saa afe a ɛtɔ so dunkron no twaa mu kɔɔe, na adwotwafoɔ no ansan ammɛko bio; ɛna wɔamma bio wɔ afe a ɛtɔ so aduonu no mu.

16 Na afe a ɛtɔ so aduonu baako no mu no wɔamma ne wɔn ammɛko, mmom wɔbɛtwaa Nifae nkurɔfoɔ no ho hyiae wɔ afa ne afa nyina ara; na wɔsusuu sɛ, sɛ wɔtwa Nifae nkurɔfoɔ no firi wɔn ara wɔn nsaase so, na wɔma wɔka mu a wɔrentumi mpue wɔ afa ne afa nyina ara, na sɛ wɔtwa wɔn firi abɔntene dwumadie biara ho a wɔnya firi baabi a wɔabɔ wɔn ho ban no akyiri a, ɛbɛma wɔagyae wɔn ho mu ama wɔn sɛdeɛ wɔrehwehwɛ pɛpɛɛpɛ no.

17 Afei wɔyii obi a ne din de Semnariha maa ɔbɛyɛɛ wɔn panin; ɛno nti na ɛyɛ Semnariha na ɛmaa wɔtwaa wɔn ho hyiaae no.

18 Mmom monhwɛ, yei ho baa mfasoɔ maa Nifaefoɔ no; ɛfiri sɛ ɛyɛɛ den maa adwotwafoɔ no sɛ wɔbɛtumi atwa wɔn ho ahyia awɛn akyɛre yie ama aha Nifaefoɔ no, ɛnam aduane pii a na wɔde asie no nti.

19 Na ɛnam sɛ na adwotwafoɔ no nnuane sua nti; no monhwɛ, na wɔnni hwee gye sɛ ɛnam a wɔnya firii ɛserɛ no so nko ara die no ho.

20 Na ɛbaa sɛ wura mu moa no a na wɔkum die no ho yɛɛ na wɔ ɛserɛ no so ara maa ɛkɔm hyɛɛ aseɛ sɛ ɛretɔre wɔn ase.

21 Na Nifaefoɔ no kɔɔ wɔn asraafoɔ no so adekyeɛ ne anadwo kɔto hyɛɛ wɔn so, kumm wɔn mpempem ne mpemdu mpemdu mu.

22 Na sei maa Semnariha nkurɔfoɔ no nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛgyae wɔn nhyehyɛeɛ no mu, ɛnam ɔsɛee kɛseɛ a ɛbaa wɔn so adekyeɛ ne anadwo no nti.

23 Na ɛbaa sɛ Semnariha hyɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri baabi a wabɔ nsraban no, na wɔn kɔ asaase no atifii afam mu akyirikyiri hɔ.

24 Na afei ɛnam sɛ Gidgidonae hunu wɔn nhyehyɛeɛ no, na ɛnam sɛ ɔhunu sɛ wɔayɛ mmerɛ, ɛnam aduane a wɔnni nti, na wɔakumkum wɔn mu bebree nti no, ɔsomaa n’asraafoɔ no anadwo-berɛ mu, maa wɔkɔtwaree wɔn wɔ kwan no a wɔnam so redwane no mu kɔdii wɔn anim, na ɔmaa n’asraafoɔ no nso dii wɔn akyiri.

25 Na wɔyɛɛ sei anadwo-berɛ mu na wɔkɔsan adwotwafoɔ no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adekyeɛ no, mmerɛ a wɔahyɛ aseɛ sɛ wɔrekɔ no, Nifaefoɔ asraafoɔ no bɛhyia wɔn wɔ wɔn anim ne wɔn akyiri nyina ara.

26 Na wɔsii adwotwafoɔ no a na wɔwɔ anaafoɔ no nso kwan a wɔfaa so sann wɔn akyiri no. Gidgidonae na ɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ saa nneɛma yi nyina ara.

27 Na wɔn mu mpempem na wɔgyaee wɔn ho maa Nifaefoɔ sɛ wɔn mfa wɔn nnɔmum, na wɔn a wɔkaae no deɛ, wɔkumkumm wɔn.

28 Na wɔfaa wɔn panin Semnariha na wɔsɛn no wɔ dua so, aane, wɔsɛnn no ɛsoro hɔ mpo kɔsii sɛ ɔwui. Na mmerɛ a wɔsɛnn no kɔsii sɛ ɔwui no, wɔbuu dua no hwee fam, na wɔde nne kɛseɛ tea mu sɛ:

29 Awurade nkora ne nkurɔfoɔ wɔ tenenee ne akoma kronkron mu, ama wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛkum wɔn no, ɛnam tumi ne kokoa mu kuo nti no wɔbɛma wɔahwe fam, mpo sɛdeɛ saa ɔbarima yi ahwe fam no.

30 Na wɔdii dɛ na wɔde nne korɔ teaa mu bio sɛ: Abraham Nyankopɔn, ne Isak Nyankopɔn no, ne Yakob Nyankopɔn no mmɔ saa nkurɔfoɔ yi ho ban wɔ tenenee mu, mmerɛ dodoɔ biara a wɔbɛbɔ wɔn Nyankopɔn din sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban no.

31 Na ɛbaa sɛ wɔn nyina ara yɛɛ baako maa wɔn nne so too dwom yii wɔn Nyankopɔn ayɛ wɔ ade kɛseɛ a wɔayɛ ama wɔn no ho, sɛ wɔahwɛ wɔn so anma wɔankɔdi wɔn atamfo nsa mu.

32 Aane, wɔteateaa mu kaa sɛ: Hosanna nka ɔsorosoro Nyankopɔn. Na wɔteateaa mu sɛ: Nhyira nka Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ no din, ɔsorosoro Nyankopɔn no.

33 Na ɛdɛ maa wɔn akoma yɛɛ kɛseɛ, maa nisuo guu wɔn, ɛnam Onyankopɔn papayɛ kɛseɛ no a ɔde yii wɔn firii wɔn atamfo nsa mu no; na wɔhunu sɛ ɛnam wɔn nsakyeraɛ ne wɔn ahobraseɛ nti na ama wɔagye wɔn afiri ɔsɛee a ɛtehɔ daa no mu.