Twerɛnsɛm
3 Nifae 20


Ti 20

Yesu ma paanoo ne bobesa a na ɛyɛ nsɛnkyerɛnee a ɛyɛ hu, na ɔmaa nkurɔfoɔ no Awurade adidie—Yakob abɛhunu Awurade wɔn Nyankopɔn no ho nimdeɛ na wɔbɛdi Amerika asaase no—Yesu yɛ ɔkɔmhyɛni a ɔtesɛ Mose no, na Nifaefoɔ no yɛ nkɔmhyɛfoɔ no mma—Ɔbɛboaboa Awurade nkurɔfoɔ nkaaɛ no ano de wɔn akɔ Yerusalem. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no ne n’akyidifoɔ no nso sɛ wɔnnyae mpaebɔ. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ mma wɔnnyae mpaebɔ wɔ wɔn akoma mu.

2 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsɔre nyina wɔn nan so. Na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so.

3 Na ɛbaa sɛ ɔbubuu paanoo mu bio na ɔhyiraa so, na ɔde maa n’akyidifoɔ no maa wɔdiiɛ.

4 Na mmerɛ a wɔdi wieeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmubu paanoo mu na wɔmfa ma nkurɔfokuo no.

5 Na wɔde maa nkurɔfokuo no wieeɛ no, ɔmaa wɔn bobesa nso maa wɔnom yɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa ma nkurɔfokuo no.

6 Afei, akyidifoɔ no anaa sɛ nkurɔfokuo no mu biara amfa paanoo anaa sɛ bobesa amma hɔ;

7 Nanso ɛyɛ nokware nso sɛ ɔmaa wɔn paanoo maa wɔdiiɛ, ne bobesa nso maa wɔnomyɛ.

8 Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛdi paanoo yi no di me honam ma ne kra; na deɛ ɔnom saa bobesa yi nom me mogya ma ne kra; na ɛkɔm anaa nsukɔm renne ne kra da, na mmom ɔbɛma no amee.

9 Afei, mmerɛ a nkurɔfokuo no nyina ara didiiɛ na wɔnom wieeɛ no, monhwɛ, Honhom no hyɛɛ wɔn ma, na wɔde nne baako teaa mu, na wɔhyɛɛ Yesu a wɔn nyina ara hunu no na wɔtiee no no animuonyam.

10 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔn nyina ara hyɛɛ Yesu animuonyam wieeɛ no, ɔsee wɔn sɛ monhwɛ mawie mmaransɛm no a Agya no hyɛɛ me a ɛfa nkurɔfoɔ yi a wɔyɛ Israel nkaɛfoɔfiefie no ho no.

11 Mokae sɛ mekasa kyerɛɛ mo, na mekaa sɛ mmerɛ a Yesaia nsɛm no bɛhyɛ ma no—monhwɛ wɔatwerɛ, ɛda mo anim nti monhwehwɛ mu yie—

12 Na nokware, nokware, mese mo sɛ, sɛ ɛhyɛ ma a, na apam no a Agya no ne ne nkurɔfoɔ no afa no bɛhyɛ ma, O Israel fiefoɔ.

13 Na ɛno na nkaeɛ no a wɔbɛbɔ wɔn ahwete meamea wɔ asaase ani so no, ɔbɛboaboa wɔn ano fiti apueɛ ne atɔɛ, afiti ne anaafoɔ de akɔsi, na wɔde wɔn bɛba wɔn Awurade Nyankopɔn a wadi ama wɔn no nimdeɛ ho.

14 Na Agya no ahyɛ me sɛ memfa asaase yi ma mo nyɛ mo agyapadeɛ.

15 Na mese mo sɛ, sɛ Amanamanmufoɔ no ansakyeraɛ wɔ nhyira a wɔbɛnya no wɔ mmerɛ a wɔbɛbɔ me nkurɔfoɔ no ahwete yi no a—

16 Ɛno na mo a moyɛ Yakob fiefoɔ nkae no, bɛkɔ wɔn mu; na mobɛkɔ akɔgyina wɔn a wɔbɛdɔɔso no mfimfini; na mobɛwɔ wɔn mu sɛ gyata a ɔfra kwaeɛ mu moa mu; anaa sɛ gyata ba a ɔfra nnwan kuo mu, sɛ ɔnam wɔn mu a ɔtiatia wɔn so na ɔtete wɔn mu asinasini, na obiara ntumi nnye wɔn.

17 Mobɛma mo nsa so wɔ mo atamfo so, na mobɛtwa mo atamfo nyina ara agu.

18 Na mɛboaboa me nkurɔfoɔ ano sɛdeɛ nipa boaboa n’ayuo wɔ pata so no.

19 Na mɛma me nkurɔfoɔ no a Agya no ne wɔn afa apam no, aane, na mɛyɛ mo mmɛn dadeɛ, na mɛyɛ mo ntɔte yaawa. Na wobɛtete nnipa bebree mu nketenkete; na mɛte wɔn mfasoɔ ho mama Awurade, na wɔn mfasoɔ no nyina ara mama Awurade. Na monhwɛ, me na meyɛɛ yei.

20 Na ɛbɛba sɛ, Agya no na ɔseɛ; sɛ m’atɛntenenee akofena no bɛsensɛn mo so saa da no; na gye sɛ wɔsakyeraae, anyɛ saa a, ɛbɛsensɛn wɔn so, Agya no na ɔseɛ, aane, ɛbɛsensɛn Amanamanmu aman nyina ara so.

21 Na ɛbɛba sɛ mɛma me nkurɔfoɔ atena ase, O Israel fiefoɔ.

22 Na monhwɛ, saa nkurɔfoɔ yi na mɛma wɔatena asaase yi so, ama apam a me ne mo Agya Yokob faaɛ no ahyɛ ma; na ayɛ Yerusalem Foforɔ. Na ɛsoro tumi bɛba nkurɔfoɔ yi mfimfini; aane, mɛba mo mu mpo.

23 Monhwɛ, me ne deɛ Mose kaa ne ho asɛm sɛ: Awurade mo Nyankopɔn bɛyi nkɔmhyɛni bi a ɔtesɛ me de ama mo nuanom; ɔno na deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara no, montie. Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔntie saa nkɔmhyɛni no, wɔbɛtwa no atwene afiri nkurɔfoɔ no mu.

24 Nokware mese mo sɛ, aane, nkɔmhyɛfoɔ nyina ara ɛfiri Samuel so ne wɔn a wɔdi n’akyiri no, ne dodoɔ no ara a wɔkasaae no dii me ho adanseɛ.

25 Na monhwɛ, moyɛ nkɔmhyɛfoɔ no mma; na moyɛ Israel fiefoɔ; na mo ne apam no a Agya no ne mo Agyanom faaɛ no, na ɔsee Abraham sɛ: Na wo ase mu na wɔbɛhyira asaase so mmusuakuo nyina ara.

26 Na Agya no nyanee me baa mo hɔ, ɛna ɔsomaa me wɔ mo hɔ sɛ memɛhyira mo ma mo mu biara ntwe ne ho mfiri n’amumuyɛsɛm ho; na ɛfiri sɛ mo na moyɛ apam no mma—

27 Na ɔhyiraa mo wieeɛ akyire yi no na ɛhyɛɛ apam a Agya no ne Abraham faaɛ see sɛ: W’asefoɔ mu na ɔbɛhyira asaase so mmusuakuo nyina ara akɔsi sɛ Honhom Kronkron no nam me so bɛhwie agu amanamanmufoɔ so, saa nhyira no a ɛbɛgu Amanamanmufoɔ no so no bɛma wɔanya ahoɔden akyɛn obiara, ama wɔabɔ me nkurɔfoɔ no ahwete, O Israel fiefoɔ.

28 Na wɔbɛyɛ mpire ama nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase yi so no. Nanso sɛ wɔn nsa ka me nsɛmpa no nyina ara a, na sɛ wɔyɛ wɔn akoma den wɔ me so a, mede wɔn amumuyɛsɛm bɛsan agu wɔn ankasa tiri so, Agya no na ɔseɛ.

29 Na mɛkae apam no a mene me nkurɔfoɔ no faaɛ no; na mene wɔn afa apam sɛ mɛboa wɔn ano abɔ mu wɔ me ara me mmerɛ mu, ama mede wɔn agyanom asaase asan ama wɔn bio ama abɛyɛ wɔn agyapadeɛ, deɛ ɛyɛ Yerusalem asaase no, a ɛyɛ bɔhyɛ asaase ma wɔn afebɔɔ no, Agya no na ɔseɛ.

30 Na ɛbɛba sɛ mmerɛ no bɛba a wɔbɛka me asɛmpa no nyina ara akyerɛ wɔn;

31 Na wɔbɛgye me adi, sɛ mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, na wɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ Agya no wɔ me din mu.

32 Na ɛno na wɔn awɛmfoɔ bɛma wɔn nne so, na wɔbɛka wɔn nne abɔ mu ato dwom; na wɔn ani bɛhunu.

33 Na ɛno na Agya no bɛboa wɔn ano bio, na ɔde Yerusalem ama wɔn ayɛ wɔn agyapadeɛ asaase.

34 Na ɛno na wɔbɛdi dɛ—Abɔ mu ato dwom, Yerusalem meamea a ada mpan; na Agya no akyekyere ne nkurɔfoɔ werɛ, wadi ama Yerusalem.

35 Agya no ama n’abasa kronkron no ho ada hɔ ama aman nyina ara ani ahunu; na asaase ano nyina ara bɛhunu Agya no nkwagyeɛ; na Agya no neme yɛ baako.

36 Ɛno na deɛ watwerɛ no bɛba mu: Sɔre, sɔre bio, na fa w’ahoɔden hyɛ, O Sion; fa wo ntadeɛ fɛɛfɛɛ hyɛ, O Yerusalem, kuropɔn kronkron, na ɛfiri nnɛ rekɔ yi no obiara a ɔntwaa no twa tia ne deɛ ne ho nte biara no renhyɛne wo mu bio.

37 Poroporo wo ho firi mfuturo mu; sɔre, tena ase, O Yerusalem, sane wo kɔn mu nkyehoma, O Sion babaa nnɔmumni.

38 Na sei na Awurade seɛ: Watɔn wo ho kwa, na wɔbɛdi ama wo a sika tua biara nni mu.

39 Nokware, nokware, mese mo sɛ, me nkurɔfoɔ bɛhunu me din; aane, ɛda no mu na wɔbɛhunu sɛ me ne deɛ ɔrekasa yi:

40 Ɛno na wɔbɛka sɛ: Sɛdeɛ obi a ɔnam mepɔ so ka nsɛmpa no kyerɛ wɔn no nan ase yɛ fɛ fa, ɔno na ɔde asomdwoeɛ ba; ɔno na ɔde nsɛmpa brɛ wɔn a wɔyɛ, ɔno na ɔde nkwagyeɛ ba; ɔno na ɔsee Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!

41 Ɛno na nne bi bɛtea mu sɛ: Momfiri hɔ, momfiri hɔ, mofiri hɔ nkɔ, mma momfa mo nsa nka deɛ ɛho nte momfiri ne mu; monte mo ho, mo a mosoa Awurade nnwineɛ.

42 Na momfiri ha ɛhare so, ɛna mo nne; ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo akyidɔm.

43 Hwɛ, me somfoɔ bɛyɛ adeɛ nyansa mu; ɔbɛma no so na wayi no ayɛ na wama no akorɔn wɔ soro.

44 Sɛdeɛ dodoɔ no ara ho dwirii wɔn wɔ wo ho no—n’anim sɛee kyɛnn nipa biara, na ne honamdua nte sɛ marima mma deɛ—

45 Saa ara nso na ɔbɛpete aman bebree ho; ahemfo bɛmuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛdeɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔbɛhunu, na deɛ wɔntee da no wɔbɛte aseɛ.

46 Nokware, nokware, mese mo sɛ, saa nneɛma yi nyina ara bɛba mu ampa ara, sɛdeɛ Agya no mpo ahyɛ me no. Afei na saa apam yi a Agya no ne ne nkurɔfoɔ afa no ahyɛ ma; na afei me nkurɔfoɔ bɛkɔ akɔtena Yerusalem bio, na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ asaase.