Twerɛnsɛm
3 Nifae 19


Ti 19

Akyidifoɔ dumienu no som nkurɔfoɔ no na wɔbɔ mpaeɛ bisa Honhom Kronkron no—Wɔbɔ akyidifoɔ dummienu no asu na wɔnya Honhom Kronkron no, ne ɔsoroabɔfoɔ som no—Yesu de nsɛm a obiara ntumi ntwerɛ no bɔ mpaeɛ—Ɔdi gyedie kɛseɛ a saa Nifaefoɔ yi wɔ ho adanseɛ. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu foro kɔɔ soro no, nkurɔfokuo no paepaee wɔ mu kɔɔe, na ɔbarima biara faa ne yere ne ne mma kɔɔ ɔno ara ne fie.

2 Na wɔbɔɔ no dawuro ntɛm pa ara wɔ nkurɔfoɔ no mu, asaana adeɛ resa, sɛ nkurɔfokuo no ahunu Yesu, na w’asom wɔn, na n’adekyeɛ no nso no ɔbɛyi ne ho adi akyerɛ nkurɔfokuo no.

3 Aane, na anadwo no nyina ara mpo no, wɔbɔɔ Yesu ho dawuro; ara maa dodoɔ no ara nso teeɛ aane, wɔn mu dodoɔ a wɔdɔɔso no ara bɔɔ wɔn ho mmɔden yie anadwo no nyina ara, sɛ wɔbɛtumi aba baabi a Yesu bɛyi ne ho adi akyerɛ nkurɔfokuo no.

4 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, mmerɛ a nkurɔfokuo no boaa wɔn ano no, monhwɛ, Nifae ne ne nua no a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no a, na ne din de Timoteo no, ne ne babarima no nso a na ne din ne Yona no, ne Matonae nso, ne Matonaeha, ne nua barima, Kumen, ne Kumenonhae, ne Yeremia, ne Semnon, ne Yona, ne Sedekia, ne Yesaia—Afei yeinom ne akyidifoɔ a Yesu yii wɔn no—na ɛbaa sɛ wɔkɔgyinaa nkurɔfokuo no mfimfini.

5 Na monhwɛ, na nkurɔfokuo no dɔɔso ara maa wɔhyɛɛ sɛ wɔnkyɛ wɔn mu ekuo dumienu.

6 Na dumienu no kyerɛɛ nkurɔfokuo no adeɛ; na monhwɛ, na wɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔmu nkotodwe wɔ asaase ani so, na wɔmmɔ mpaeɛ nkyerɛ Agya no wɔ Yesu din mu.

7 Na akyidifoɔ no nso bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no wɔ Yesu din mu. Na ɛbaa sɛ wɔsɔree na wɔsomm nkurɔfoɔ no.

8 Na mmerɛ a wɔkyerɛkyerɛɛe wɔn nsɛm no a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ no—wɔansesa biribiara amfiri nsɛm a Yesu aka no mu—Monhwɛ, wɔbuu nkotodwe bio, na wɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no wɔ Yesu din mu.

9 Na wɔbɔɔ mpaeɛ bisaa deɛ wɔhia paa; na wɔbisaa sɛ wɔmfa Honhom Kronkron no ma wɔn.

10 Na mmerɛ a wɔbɔɔ mpaeɛ sei wieeɛ no, wɔkɔɔ nsuo no ano, na nkurɔfokuo no dii wɔn akyiri.

11 Na ɛbaa sɛ Nifae sii nsuo no mu na ɔnyaa asubɔ.

12 Na ɔfirii nsuo no mu firii na ɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ asu. Na ɔbɔɔ wɔn a Yesu yii wɔn no nyina ara asu.

13 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔbɔɔ wɔn nyina ara asu wieeɛ no a wɔfirii nsuo no mu firiiɛ no, Honhom Kronkron no hwiee guu wɔn so, na Honhom Kronkron no ne egya hyɛɛ wɔn ma.

14 Na monhwɛ, ɛtwaa wɔn ho hyiae te sɛ egya no; na ɛfiri soro baae, na nkurɔfokuo no hunui na wɔdii ho adanseɛ; na abɔfoɔ firi soro baa fam bɛsomm wɔn.

15 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a abɔfoɔ no resom akyidifoɔ no, monhwɛ, Yesu bɛginaa wɔn mfimfini somm wɔn.

16 Na ɛbaa sɛ ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfokuo no, na ɔhyɛɛ wɔn bio sɛ wɔnkɔ wɔn nkotodwe anim wɔ asaase ani so, na n’akyidifoɔ no nso nkɔ wɔn nkotodwe anim wɔ asaase ani so.

17 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔn nyina ara kɔɔ wɔn nkotodwe anim wɔ fam no, ɔhyɛɛ n’akyidifoɔ no sɛ wɔmɔ mpaeɛ.

18 Na monhwɛ, wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ mpaeɛ; na ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Yesu, na wɔfrɛɛ no wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn.

19 Na ɛbaa sɛ Yesu firii wɔn mfimfini kɔree, na ɔkɔɔ akyiri kakra firii wɔn nkyɛn no ɔsii ne tiri ase wɔ fam, na ɔkaa sɛ:

20 Agya, meda wo ase sɛ wode Honhom Kronkron no ama yeinom a mayi wɔn yi; na ɛnam gyedie a wɔwɔ no wɔ me mu nti na meyii wɔn firii wiase mu no.

21 Agya, mebɔ mpaeɛ srɛ wo sɛ ma obiara a ɔbɛgye wɔn nsɛm no adi no Honhom Kronkron no.

22 Agya, wode Honhom Kronkron no ama wɔn, ɛfiri sɛ wɔgye me di; na woahunu sɛ wɔgye me di ɛfiri sɛ wotie wɔn, na wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ me; na wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ me ɛfiri sɛ mewɔ wɔn nkyɛn.

23 Na afei Agya, mebɔ mpaeɛ kyerɛ wo ma wɔn, ne wɔn nso a wɔbɛgye wɔn nsɛm adi nyina ara, ama wɔagye me adi, ama matena wɔn mu sɛdeɛ wo, Agya wote me mu, ama yɛayɛ baako.

24 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi kyerɛɛ Agya no, ɔbaa n’akyidifoɔ no hɔ, na monhwɛ, na wɔguso rebɔ mpaeɛ akyerɛ no a wɔanyae; na wɔanka nsɛm bebree, ɛfiri sɛ ɔkyerɛɛ wɔn deɛ wɔrebɔ mpaeɛ a wɔnka, na deɛ wɔpɛ ahyɛɛ wɔn ma.

25 Na ɛbaa sɛ Yesu hyiraa wɔn mmerɛ a na wɔrebɔ mpaeɛ akyerɛ no no; na n’animdua no serɛ kyerɛɛ wɔn, na n’animdua kanea hyerɛnn wɔ wɔn so, na monhwɛ, wɔyɛɛ fitaa te sɛ Yesu animdua ne n’ataadeɛ; na na ne fitaa kyɛn fitaa biara, aane, na biribiara nni asaase so a ɛyɛ fitaa sɛdeɛ wɔn fitaa teɛ no.

26 Na Yesu see wɔn sɛ: Monkɔ so mmɔ mpaeɛ; na wɔanyae mpaebɔ.

27 Na ɔfirii wɔn nkyɛn kɔɔ bio, na ɔkɔɔ n’anim kakra, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ fam bɔɔ mpaeɛ bio kyerɛɛ Agya no kaa sɛ:

28 Agya, meda wo ase sɛ wate wɔn a mayi wɔn no ho, ɛnam wɔn gyedie nti, na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ne wɔn a wɔbɛgye wɔn nsɛm adi nso, na gyedie a wɔwɔ wɔ wɔn nsɛm no mu no nti wɔate wɔn ho wɔ me mu, sɛdeɛ wɔn ho mpo ate wɔ me mu no.

29 Agya, me mmɔ mpaeɛ mma wiase, na mmom mebɔ ma wɔn a wayi wɔn afiri wiase yi mu de ama me no, ɛnam wɔn gyedie nti na ama wɔn ho ate wɔ me mu, ama matena wɔn mu, sɛdeɛ wo, Agya, wo wɔ me mu no, ama yɛayɛ baako, ama wɔahyɛ me animuonyam wɔ wɔn mu.

30 Na mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔbaa n’akyidifoɔ no hɔ bio; na monhwɛ wɔkɔɔ so bɔɔ mpaeɛ saa ara a wɔanyae kyerɛɛ no; na ɔsɔre kyerɛɛ wɔn bio; na monhwɛ wɔyɛɛ fitaa mpo te sɛ Yesu.

31 Na ɛbaa sɛ ɔkɔɔ n’anim kakra bio kɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no;

32 Na tɛkyerɛma rentumi nka nsɛm a ɔbɔɔ mpaeɛ kaae no, na nipa biara nso rentumi ntwerɛ nsɛm a ɔbɔɔ mpaeɛ kaae no.

33 Na nkurɔfokuo no teeɛ na ɔdii ho adanseɛ; na wɔn akoma mu bue na wɔtee nsɛm a ɔbɔɔ mpaeɛ kaae no ase wɔ wɔn akoma mu.

34 Nanso nsɛm a ɔbɔɔ mpaeɛ kaae no mu yɛ duru na ɛyɛ nnwanwa araa ma wɔrentumi ntwerɛ, ɛna nnipa nso rentumi nnka.

35 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu bɔɔ mpaeɛ wieeɛ no ɔbaa n’akyidifoɔ no hɔ bio, na ɔsee wɔn sɛ: Gyedi kɛseɛ a ɛte sei yi deɛ menhunu bi wɔ Yudafoɔ nyina ara mu da; ɛno nti m’antumi anyɛ nkɔnyaa akɛseɛ sei ankyerɛ wɔn, ɛnam wɔn akyinnyeɛ nti.

36 Nokware mese mo sɛ, wɔn mu biara nni hɔ a wahunu nneɛma akɛseɛ sɛdeɛ mo ahunu yi da; ɛna wɔntee nsɛm akɛseɛ sɛdeɛ mo ate yi.