Twerɛnsɛm
3 Nifae 29


Ti 29

Mormon Nwoma no maeɛ no yɛ nsɛnkyerɛnee sɛ Awurade ahyɛ aseɛ rebɛboaboa Israel ano na n’apam no nso hyɛ ma—Wɔbɛdome wɔn a wɔpo ne nna a ɛdi akyire no yikyerɛ ne n’akyɛdeɛ no. Bɛyɛ mfinhyia 34–35 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei monhwɛ, mese mo sɛ mmerɛ a Awurade bɛhunu sɛ ɛyɛ wɔ ne nyansa mu sɛ saa nsɛm yi ba Amanamanmufoɔ no hɔ no sɛdeɛ n’asɛm teɛ no, ɛhɔ na mobɛhunu sɛ apam no a Agya no ne Israel mma faaɛ a ɛfa sɛdeɛ wɔbɛyɛ a wɔde wɔn agyapadeɛ asaase no bɛsan ama wɔn no, ahyɛ aseɛ dada sɛ ɛrehyɛ ma.

2 Na mobɛhunu sɛ Awurade nsɛm no a nkɔmhyɛfoɔ kronkron no aka ho asɛm no nyina ara bɛhyɛ ma; na mma monka sɛ Awurade rekyɛre wɔ ne mmaɛ a ɔbɛba wɔ Israel mma mu no.

3 Na mma mo nsusu wɔ mo akoma mu sɛ nsɛm a wɔaka no yɛ nsɛm hunu, na monhwɛ Awurade bɛkae apam a ɔne ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ Israel fiefoɔ no afa no.

4 Na sɛ mo hunu sɛ wɔde saa nsɛm yi reba mo mu a, ɛneɛ na ɛnhia sɛ mode animtia bɛpo Awurade nwuma bio, ɛfiri sɛ n’atɛntenenee akofena no kita ne nsa nifa mu; na monhwɛ, saa da no, sɛ mo de animtia po ne nwuma no a, ɛrenkyɛre biara, ɔbɛma no aba mo so.

5 Mmusuo nka deɛ ɔde animtia po Awurade nwuma no; aane, mmusuo nka deɛ ɔbɛpo Kristo no ne ne nwuma!

6 Aane, mmusuo nka deɛ ɔbɛpo Awurade yikyerɛ no, na waka sɛ Awurade mmfa yikyerɛ so, anaa sɛ nkɔmhyɛ so, anaa sɛ akyɛdeɛ so, anaa sɛ kasa hodoɔ so, anaa sɛ ayaresa so, anaa sɛ Honhom Kronkron tumi so nnyɛ n’adwuma bio!

7 Aane, na mmusuo nka deɛ ɔbɛka saa wɔ saa da no mu de apɛ mfasoɔ, sɛ nkɔnyaa biara nni hɔ a Yesu Kristo bɛtumi ayɛ; na deɛ ɔbɛyɛ yei no bɛyɛ sɛ ɔyera ba no, na ahummɔborɔ biara nni hɔ ma no, sɛdeɛ Kristo asɛm no teɛ!

8 Aane, mma mo mmu animtia bio, anaa sɛ mode animtia bɛpo, anaa sɛ mobɛdi Yudafoɔ no ho fɛw, anaa sɛ Israel fiefoɔ nkaaɛ no; na monhwɛ Awurade kae apam a ɔne wɔn faaɛ no, na ɔbɛyɛ sɛdeɛ wadi ho nse akyerɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.

9 Ɛno nti mma mo nsusu sɛ mo bɛtumi adane Awurade nsa nifa no ahwɛ bɛnkum, ama wɔantumi ammu atɛn ama apam a ɔne Israel fiefoɔ no faaɛ no ahyɛ ma.