Twerɛnsɛm
3 Nifae 17


Ti 17

Yesu se nkurɔfoɔ no sɛ wɔn nnwendwene ne nsɛm no ho na wɔmɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛte aseɛ—Ɔsa wɔn ayarefoɔ no yareɛ—Ɔde kasa a nipa biara ntumi ntwerɛ bɔ mpaeɛ ma nkurɔfoɔ no—Abɔfoɔ som wɔn na egya twa wɔn nkwadaa ho hyia. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Monhwɛ, afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no ɔhwɛɛ nkurɔfokuo no hyiaae, na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ, me mmerɛ no aduru.

2 Mehunu sɛ moyɛ mmerɛ nti mo ntumi nte me nsɛm a Agya no ahyɛ me sɛ me nka nkyerɛ mo saa mmerɛ yi nyina ara ase.

3 Ɛno nti mo nkɔ mo afiefie mu na monkɔ dwendwene nsɛm a maka akyerɛ mo no ho, na momisa Agya no wɔ me din mu, na ama mo ate aseɛ, na monsiesie mo adwene ntwɛn ɔkyena, na mɛba mo hɔ bio.

4 Na afei merekɔ Agya no hɔ, na mede me ho nso akɔkyerɛ Israel abusuakuo a wɔayera no, ɛfiri sɛ wɔnnyera maa Agya no, na ɔnim baabi a ɔde wɔn kɔ.

5 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kasaae no, ɔtwaa n’ani hwɛɛ nkurɔfokuo no, na monhwɛ na wɔresu, na wɔhwɛe no dinn te sɛdeɛ wɔpɛ sɛ wɔka kyerɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn kakra no.

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ, awerɛhoɔ ahyɛ me yɛfuno mu ma ama mo.

7 Mowɔ ayarefoɔ bi wɔ mo mu? Mo mfa wɔn mmra ha. Mo wɔ abubuafoɔ anaa anifirafoɔ, anaa apakye, anaa wɔn a wɔadi dɛm, anaa akwatafoɔ, anaa wɔn a wɔn fa adwodwoɔ, anaa wɔn a wɔn aso asi, anaa wɔn a wɔrehunu amane wɔ kwan bi so? Momfa wɔn mmra ha na mɛsa wɔn yareɛ, ɛfiri sɛ mewerɛ aho ama mo; mɔborɔhunu ahyɛ me yafunu mu ma.

8 Na mehunu sɛ mopɛ sɛ meyɛ deɛ mayɛ ama mo nuanom wɔ Yerusalem no, ɛfiri sɛ mehunu sɛ mowɔ gyedie a ɛdɔɔso sɛ me sa mo yareɛ.

9 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔkaa saa wieeɛ no nkurɔfokuo no nyina ara bɔɔ mu yɔɔ de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ɔhaw, ne wɔn abubuafoɔ, ne wɔn anifirafoɔ, ne wɔn a watotɔre mmum ne wɔn a ɔhaw ahodoɔ reha wɔn nyina ara kɔɔe; na ɔsaa wɔn mu biara a wɔde no brɛɛ no no yareɛ.

10 Na wɔn nyina ara bɔɔ wɔn mu ase wɔ ne nan ase wɔn a wasa wɔn yareɛ ne wɔn nso a wɔnho yɛ den nyina ara, na wɔsomm no; na dodoɔ no ara a wɔtumi firii nkurɔfokuo no mu no fee ne nan ase, ara maa wɔde wɔn anisuo dwaree ne nan ase.

11 Na ɛbaa sɛ ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn nkwadaa nso mmra.

12 Nti wɔde wɔn nkwadaa baae na wɔde wɔn tenatenaa fam twaa ne ho hyiae, na Yesu gyinaa mfimfini; na nkurɔfokuo no maa kwan kɔsii sɛ wɔde wɔn nyina ara brɛɛ no.

13 Na ɛbaa sɛ wɔde wɔn nyina ara ba wieeɛ no, na Yesu gyinaa mfimfini, na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔmu nkotodwe wɔ fam.

14 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔbuu nkotodwe wɔ fam no, Yesu guu ahome wɔ ne mu, na ɔkaa sɛ: Agya, me werɛ aho ɛnam Israel fiefoɔ nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm nti.

15 Na ɔkaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔno ara nso buu nkotodwe; na mo nhwɛ ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no, na mpaeɛ a ɔbɔɔe no mu nsɛm no deɛ obiara ntumi ntwerɛ,na nkurɔfokuo dɔm no a wɔteeɛ no dii ho adanseɛ.

16 Na ɛkwan yei so na wɔfa dii adanseɛ: Ani nnhunuui, ɛna aso nso nteeɛ, nneɛma akɛseɛ a ɛyɛ nnwanwa sɛdeɛ yɛahunu na yɛate sɛ Yesu reka kyerɛ Agya no bi da;

17 Na tɛkyerɛma biara ntumi nka, ɛna nipa biara ntumi ntwerɛ, ɛna nnipa akoma nso ntumi nsusu nneɛma akɛseɛ a ɛyɛ nnwanwa sei a yɛhunuɛ na yɛtee sɛ Yesu reka no; na obiara ntumi nsusu ɛdɛ a ɛhyɛɛ yɛn akra ma wɔ mmerɛ no a yɛtee sɛ ɔrebɔ mpaɛ akyerɛ Agya no ama yɛn no.

18 Na ɛbaa sɛ, mmerɛ a Yesu bɔɔ mpaaɛ kyerɛɛ Agya no wieeɛ no, ɔsɔree; na na nkurɔfokuo no dɛ ayɛ kɛseɛ ara ahyɛ wɔn so.

19 Na ɛbaa sɛ Yesu kasa kyerɛɛ wɔn, na ɔsee wɔn sɛ wɔnsɔre.

20 Na wɔsɔre firii fam, na ɔsee wɔn sɛ: Nhyira nka mo ɛnam mo gyedie nti. Na afei monhwɛ, m’ɛdɛ ahyɛ ma.

21 Na ɔkaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔsuui, na nkurɔfokuo no dii ho adanseɛ, na ɔfaa wɔn nkwadaa nketewa no nkoro nkoro, na ɔhyiraa wɔn, na ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no maa wɔn.

22 Na ɔyɛe yei wieeɛ no, ɔsan suu bio;

23 Na ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfokuo no, na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ mo nkwadaa nketewa no.

24 Na mmerɛ a wɔrehwɛ wɔn no wɔtwaa wɔn ani hwɛɛ soro, na wɔhunuu sɛ ɛsoro abue, na wɔhunuu abɔfoɔ sɛ wɔresane afiri soro sɛdeɛ wɔwɔ egya mfimfini no; na wɔbaa fam bɛtwaa saa nkwadaa no ho hyiaae, na egya twaa wɔn ho hyiaae; na abɔfoɔ no somm wɔn.

25 Na nkurɔfokuo no hunuui, na wɔtee, na wɔdii ho adanseɛ; na wɔnim sɛ wɔn adanseɛ no yɛ nokware, ɛfiri sɛ wɔn nyina ara hunui na wɔtee, na nipa biara te maa ne ho; na wɔn dodoɔ bɛyɛ akra mpem mmienu ahanum; na wɔyɛ marima, mmaa ne nkwadaa.