Twerɛnsɛm
3 Nifae 23


Ti 23

Yesu gye Yesaia nsɛm no to mu—Ɔhyɛ nkurɔfoɔ no sɛ wɔnhwehwɛ nkɔmhyɛfoɔ no—Wɔde Samuel a ɔyɛ Lamanni no nsɛm a ɛfa owusɔreɛ ho no ka wɔn twerɛtohɔsɛm ho. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei, monhwɛ, mese mo sɛ monhwehwɛ saa nneɛma yi mu yie, Aane, mema mo mmaransɛm sɛ monhwehwɛ saa nneɛma yi mu yie aniberɛso; ɛfiri sɛ Yesaia nsɛm no mu yɛ duru.

2 Na nokware ɔkaa nsɛm a ɛfa me nkurɔfoɔ a wɔyɛ Israel fiefoɔ yi ho nyina ara; ɛno nti ɛho bɛhia sɛ ɔka kyerɛ Amanamanmufoɔ no nso.

3 Na nneɛma a ɔkaa ho nsɛm nyina ara no aba mu na ɛbɛba mu nso, sɛdeɛ nsɛm a ɔkaaɛ no teɛ mpo.

4 Ɛno nti montie me nsɛm; montwerɛ deɛ maka akyerɛ mo no; na ɛbɛkɔ Amanamanmufoɔ no hɔ wɔ Agya no ara ne mmerɛ a wahyehyɛ ne ne pɛ so.

5 Na obiara a ɔbɛtie me nsɛm na wasakyera na wabɔ asu no, saa nipa no ara na ɔbɛgye ne nkwa. Monhwehwɛ nkɔmhyɛfoɔ no ɛfiri sɛ dodoɔ no ara na wɔdi saa nneɛma yi ho adanseɛ.

6 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, mmerɛ a ɔkyerɛkyerɛɛ twerɛsɛm no a wɔn nsa aka no mu yie kyerɛɛ wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ, mewɔ twerɛsɛm bi nso wɔ hɔ a mepɛ sɛ motwerɛ, a montwerɛeɛ.

7 Na ɛbaa sɛ, ɔsee Nifae sɛ: Fa twerɛtohɔsɛm a wode asie no bra.

8 Na mmerɛ a Nifae de twerɛtohɔsɛm no baaɛ no, na ɔde bɛtoo n’anim no, ɔtwaa n’ani hwɛɛe na ɔkaa sɛ:

9 Nokware mese mo sɛ, mehyɛɛ me somfoɔ Samuel, a ɔyɛ Lamanni no sɛ ɔni adanseɛ nkyerɛ saa nkurɔfoɔ yi, sɛ ɛda no a Agya no bɛhyɛ ne din animuonyam wɔ me mu no, na ahoteɛfoɔ bebree wɔ hɔ a wɔbɛsɔre afiri owuo mu, na wɔabɛyi wɔn ho adi akyerɛ dodoɔ no ara, na wasom wɔn. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛnte saa anaa?

10 Na n’akyidifoɔ no buaa no see no sɛ: Aane, Awurade, Samuel hyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wo nsɛm no teɛ pɛpɛɛpɛ, na ne nyina ara hyɛɛ ma.

11 Na Yesu see wɔn sɛ: adɛn nti na montwerɛɛ saa adeɛ yi, sɛ ahoteɛfoɔ bebree sɔree na wɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ dodoɔ no ara na ɔsomm wɔn?

12 Na ɛbaa sɛ Nifae kaae sɛ wɔantwerɛ saa adeɛ yi.

13 Na ɛbaa sɛ Yesu hyɛɛ sɛ wɔtwerɛɛe; ɛno nti wɔtwerɛɛe sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.

14 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kyerɛkyerɛɛ twerɛsɛm a wɔatwerɛ no nyina ara bɔɔ mu baako kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔn kyerɛkyerɛ nneɛma no a wakyerɛkyerɛ mu no nkyerɛ wɔn.