Twerɛnsɛm
3 Nifae 15


Ti 15

Yesu de to dwa sɛ Mose mmara no ahyɛ ma wɔ ne mu—Nifaefoɔ no yɛ adwan nkaaɛ no a ɔkaa ho asɛm wɔ Yerusalem no—Ɛnam amumuyɛsɛm nti, Awurade nkurɔfoɔ no a wɔwɔ Yerusalem no nnim Israel nnwan no a wɔabɔ wɔn apete no. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu wiee saa nsɛm yi ka no, ɔtwa n’ani hwɛɛ nkurɔfokuo no hyiaae, na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ, moate nneɛma a mekyerɛe ansaana mereforo akɔ m’Agya nkyɛn; ɛno nti, obiara a ɔkae me nsɛm yi na ɔyɛ no, ɔno na mɛma no so wɔ ɛda a ɛdi akyire no.

2 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhunu sɛ ebinom wɔ wɔn mu a wɔn ho adwiri wɔn, na wɔdwendwenee deɛ ɔpɛ sɛ wɔyɛ ɛfa Mose mmara no ho; ɛfiri sɛ wɔante deɛ ɔkaa sɛ nneɛma dada no atwa mu kɔ, na nneɛma nyina ara abɛyɛ foforɔ no ase.

3 Na ɔsee wɔn sɛ: Mma ne nnyɛ mo nnwanwa sɛ mesee mo sɛ nneɛma dada no atwa mu kɔ, na nneɛma nyina ara abɛyɛ foforɔ no.

4 Monhwɛ, mese mo sɛ mmara no a ɔde maa Mose no ahyɛ ma.

5 Monhwɛ, me ne deɛ ɔmaa mmara no, na me ne deɛ ɔne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ faa apam no; ɛno nti; mmara no ahyɛ ma wɔ me mu, ɛfiri sɛ, maba sɛ merebɛhyɛ mmara no ma; ɛno nti ɛwɔ awieɛ.

6 Monhwɛ, merensɛe nkɔmhyɛfoɔ no, ɛfiri sɛ dodoɔ no ara na ɛnhyɛɛ ma wɔ me mu, nokware mese mo sɛ, ne nyina ara bɛhyɛ ma.

7 Na ɛnam sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ nneɛma nyina ara atwa mu no nti, mensɛe deɛ wɔaka a ɛfa nneɛma a ɛbɛba no ho.

8 Na monhwɛ, apam no a mene me nkurɔfoɔ no afa no nyina ara nnhyɛɛ ma; na mmom mmara no a ɔde maa Mose no ba awieɛ wɔ me mu.

9 Monhwɛ, me ne mmara no, ne hann no. Monhwɛ me na monsi apenee nkɔsi awieɛ, na mobɛnya nkwa; na deɛ ɔsi apenee kɔsi awieɛ no na mɛma no nkwa a ɛnniawieɛ.

10 Monhwɛ, mede mmaransɛm no ama mo; ɛno nti moni me mmaransɛm no so. Na yei ne mmara no ne nkɔmhyɛfoɔ no, ɛfiri sɛ ɛdii me ho adanseɛ ampa.

11 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ dumienu no a wayi wɔn no sɛ.

12 Moyɛ m’akyidifoɔ, na moyɛ kanea ma saa nkurɔfoɔ yi a wɔyɛ Yosef fiefoɔ nkaaɛ no.

13 Na monhwɛ, yei ne mo agyapadeɛ asaase; na Agya no de ama mo.

14 Na mmerɛ biara nni hɔ a Agya no ama me mmaransɛm sɛ menka ho asɛm nkyerɛ mo nuanom a wɔwɔ Yerusalem no.

15 Ɛna mmerɛ biara nni hɔ a Agya no ama me mmaransɛm sɛ menka deɛ ɛfa Israel fiefoɔ abusuakuo nkaaɛ no a Agya no yii wɔn firii asaase no so no nkyerɛ wɔn.

16 Yei ne deɛ Agya no hyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn:

17 Na me wɔ nnwan foforɔ bi wɔ hɔ a wɔnni kuo yi mu; wɔn nso na ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wɔabɛte me nne; na wɔbɛyɛ kuo baako, ne odwanhwɛfoɔ baako.

18 Na afei, ɛnam wɔn kɔn a asene nti ne wɔn akyinnyeɛ nti wɔante m’asɛm no ase; ɛno nti Agya no hyɛɛ me sɛ mma menka biribiara a ɛfa saa adeɛ yi ho nkyerɛ wɔn.

19 Na mmom nokware mese mo sɛ Agya no ahyɛ me, na mereka akyerɛ mo sɛ wɔtee mo firii wɔn mu, ɛnam wɔn amumuyɛsɛm nti; na ɛnam wɔn amumuyɛsɛm nti na wɔnnim mo ho asɛm no.

20 Na nokware, mese mo bio sɛ abusuakuo foforɔ no na Agya no tete firii wɔn mu no; na ɛnam wɔn amumuyɛsɛm nti na wɔnnim wɔn no.

21 Na nokware mese mo sɛ, mone wɔn a mekaa sɛ: Mewɔ nnwan foforɔ wɔ hɔ a wɔnni kuo yi mu no; wɔn nso na ɛsɛ sɛ mede wɔn ba, na wɔabɛte me nne; na ayɛ kuo baako, ne odwanhwɛfoɔ baako.

22 Na wɔante mase, na wɔsusuu sɛ ɛyɛ Amanamanmufoɔ no; ɛfiri sɛ wɔante aseɛ sɛ ɛnam wɔn nsɛmpaka no so na Amanamanmufoɔ no bɛsakyera.

23 Na wɔante mase sɛ mese wɔbɛte me nne; na wɔante mase sɛ ɛnsɛ sɛ Amanamanmufoɔ no te me nne mmerɛ nyina ara—na mma me nna meho adi nkyerɛ wɔn, gye sɛ ɛnam Honhon Kronkron no so.

24 Mmom mo nhwɛ, mo mmienu nyina ara ate me nne, na mo ahunu me; na moyɛ me nnwan, na wakan mo aka wɔn a Agya no de ama me no ho.