Twerɛnsɛm
3 Nifae 25


Ti 25

Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no mu no, ɔbɛhye ahomasoɔfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ te sɛ aburo dwanee dua—Elia bɛsan aba ansaana saa da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba—Fatoto Malaki 4 ho. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na monhwɛ, ɛda no reba, a ɛbɛhye sɛ foonoo; na ahomasoɔfoɔ nyina ara, aane, ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdensɛm nyina ara bɛyɛ aburo dwanee dua; na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn; Asafo Awurade na ɔseɛ, sɛ ɔrennya wɔn nhini anaa mman.

2 Na mmom wɔn a wɔsuro me din no deɛ, Tenenee Babarima no bɛsɔre de ne ntaban a ayaresa wɔ mu no; na mobɛkɔ akɔnyini sɛ anantwie mma wɔ nantwibuo mu.

3 Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nso wɔ mo nan ase wɔ ɛda a mɛyɛ yei no mu, Asafo Awurade na ɔseɛ.

4 Monkae Mose a ɔyɛ me somfoɔ no mmara no a mehyɛɛ no wɔ Horeb maa Israel nyina ara no, ne mmara ne ntɛmmuo no.

5 Monhwɛ, mɛsoma Elia ɔkɔmhyɛni no ansaana na Awurade da a ɛyɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu yie no aba;

6 Na ɔbɛdane agyanom akoma aba wɔn mma so, na mma nso akoma aba agyanom so, na mamma amɛfa nomee ammɔ asaase no.