Twerɛnsɛm
3 Nifae 5


Ti 5

Nifaefoɔ no sakyera na wɔpa wɔn bɔne akyi—Mormon twerɛ ne nkurɔfoɔ no ho abakɔsɛm na ɔka asɛm a ɛtehɔ daa no kyerɛ wɔn—Wɔbɛboa Israel ano afiri mmerɛ tentene a wɔabɔ apete no mu. Bɛyɛ mfinhyia 22–26 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei monhwɛ, na ɔkra teasefoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ Nifae nkurɔfoɔ no mu, a ne tiri mu yɛɛ no naa krakra ara mpo wɔ nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nsɛm no nyina ara ho; ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɛho bɛhia sɛ ɛhyɛ ma.

2 Na wɔnim sɛ ɛho hia sɛ Kristo aba, ɛnam nsɛnkyerɛnee bebree a wayi akyerɛ sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm no teɛ nti; na ɛnam nneɛma a abɛtwa mu dada no nti no wɔnim sɛ ɛho hia sɛ nneɛma nyina ara bɛba mu sɛdeɛ wɔaka no.

3 Ɛno nti wɔgyaee wɔn bɔne nyina ara, ne wɔn akyiwasɛm nyina ara ne wɔn adwamanmɔ, na wɔsomm Onyankopɔn ahoɔden so adekyeɛ ne anadwo nyina ara.

4 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔfaa adwotwafoɔ no nyina ara nnɔmum ara maa wɔ kum obiara a baako mpo antumi anwane, na wɔde wɔn nnɛduafoɔ no guu afiase, na wɔmaa wɔkaa Nyankopɔn asɛm no kyerɛɛ wɔn; na dodoɔ no ara a wɔsakyeraaeɛ firii wɔn bɔne ho no, na wɔfaa apam sɛ wɔrenni awu bio no, wɔagyae wɔn.

5 Mmom wɔn mu dodoɔ a wɔamfa apam na wɔkɔɔ so dii awu kokoa mu wɔ wɔn akoma mu no, aane, dodoɔ no a wɔhunu wɔn sɛ wɔrehunahuna wɔn nuanom adwotwafoɔ no, wɔbuu wɔn fɔ na wɔtwee wɔn aso sɛdeɛ mmara no teɛ.

6 Na yei maa wɔgyaee saa atirimuɔden ne kokoam fɛkuo no, ne akyiwadeɛ fɛkuo a ɛmaa ɛde atirimuɔdensɛm bebree ne awudie bebree baaɛ no.

7 Na sei na afe a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɛtwaa mu kɔɔɛ, ne deɛ ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no nso saa ara, ne deɛ ɛtɔ so aduonu nan no, ne deɛ ɛtɔ so aduonu num no; na sei na afe aduonu num no bɛtwaa mu kɔɔɛ.

8 Na nneɛma bebree sisii a na anka ɛbɛyɛ ebinom aniso akɛseɛ ne ahodwiri, nanso wɔantumi antwerɛ ne nyina ara wɔ nwoma yi mu; aane, deɛ wɔyɛɛ no wɔ saa nkurɔfoɔ yi mu bebree wɔ mfie aduonu num ntam no, sɛ wɔkyɛ mu ɔha a, emu baako mpo renkɔ nwoma yi mu.

9 Nanso monhwɛ twerɛtohɔsɛm bi wɔ hɔ a wɔatwerɛ saa nkurɔfoɔ yi ho nsɛm wɔ mu; na Nifae atwerɛ deɛ asi a ɛyɛ nokware na watwitwa no ntietia no.

10 Ɛno nti matwerɛ saa nneɛma yi nyina ara sɛdeɛ Nifae twerɛtohɔsɛm no teɛ, deɛ na wɔakrukyire wɔ mprɛte a na wɔfrɛ no Nifae mprɛte no so no.

11 Na monhwɛ, mereyɛ twerɛtohɔsɛm no wɔ mprɛte a me ara mede me nsa yɛe no so.

12 Na monhwɛ, wɔfrɛ me Mormon, asaase a ɛde Mormon no na wɔde too me, asaase no a Alma tee asɔre wɔ nkurɔfoɔ no mu no, aane, asɔre a ɛdi kan a ɔtee no wɔ nkurɔfoɔ no mu wɔ wɔn mmaratoɔ no akyire yi no.

13 Monhwɛ, meyɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ɔkyidifoɔ. Wafrɛ me sɛ menna n’asɛm no adi nkyerɛ ne nkurɔfoɔ no, ama wɔanya nkwa a ɛtehɔ daa.

14 Na abɛhia, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ no, sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔawu kɔ no, wɔn a na wɔyɛ akronkronfoɔ no, wɔn mpaebɔ ba mu wɔ wɔn gyedie mu no, meyɛ twerɛtohɔsɛm fa saa nneɛma yi a nkurɔfoɔ no ayɛ no—

15 Aane, twerɛtohɔsɛm kakra ara bi a ɛfa nneɛma a asisi fiti mmerɛ a Lihae firii Yerusalem baaɛ no de bɛsi saa mmerɛ yi.

16 Ɛno nti, mereyɛ me twerɛtohɔsɛm no afiri nneɛma a wɔn a wɔdi m’anim kan no twerɛeɛ no mu, de kɔsi sɛ me mmerɛ bɛhyɛ aseɛ;

17 Na afei mereyɛ twerɛtohɔsɛm a me ara mede m’ani ahunu.

18 Na menim sɛ twerɛtohɔsɛm no a mereyɛ yi no ayɛ sɛdeɛ ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na ɛyɛ nokware nso; nanso nneɛma bebree wɔ hɔ a, ɛnam sɛdeɛ yɛn kasa teɛ nti no yɛantumi adwaamanmmɔ.

19 Na afei, mede me nsɛm a ɛfa me ara me ho no aba awieɛ, na meretoa so aka nneɛma a ɛsisii asaana wɔrebɛwo me.

20 Me ne Mormon, Lihae aseni trodoo. Menim deɛ nti a mereyi me Nyankopɔn ne m’Agyenkwa Yesu Kristo ayɛ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyii yɛn agyanom firii Yerusalem asaase so, (na obiara nnim, gye sɛ ɔno ara ne wɔn a ɔde wɔn firii saa asaase no so nko ara) na wama mene me nkurɔfoɔ saa nimdeɛ kɛseɛ a ɛde nkwagyeɛ brɛ yɛn akra no.

21 Nokware, wahyira Yakob fiefoɔ, na wahunu Yosef asefoɔ mmɔbɔ.

22 Na mmerɛ dodoɔ biara a Lihae asefoɔ dii ne mmaransɛm no so no, ɔhyira wɔn na ɔma wɔyɛ frɔmfrɔm sɛdeɛ n’asɛm teɛ no pɛpɛɛpɛ.

23 Aane, na sɛdeɛ ɛteɛ biara no ɔbɛsan ama Yosef asefoɔ nkaaɛ no abɛhunu Awurade wɔn Nyankopɔn ho nimdeɛ.

24 Na sɛ Awurade te ase yi nko ara deɛ, ɔbɛboaboa Yakob asefoɔ nkaaɛ no a wɔabɔ wɔn apete wɔ asaase ani so nyina ara no afiri wiase afanan nyina ara.

25 Na sɛdeɛ ɔne Yakob fiefoɔ nyina ara faa apam no, saa ara nso mpo na apam a ɔne Yakob fiefoɔ afa no bɛhyɛ ma wɔ ɔno ara ne mmerɛ mu, ama wasan ama Yakob fiefoɔ nyina ara anya nimdeɛ wɔ apam a ɔne wɔn faaɛ no ho.

26 Na ɛno akyire yi no na wɔbɛhunu wɔn Dimafoɔ no a ɔyɛ Yesu Kristo no, Onyankopɔn Ba no; na ɛno akyire yi no ɔbɛboaboa wɔn ano afiri wiase afanan nyina ara aba wɔn ankasa wɔn nsaase so, baabi a ɔbɔɔ wɔn petee no; aane, sɛ Awurade te ase yi deɛ ɛbɛyɛ hɔ. Amen.