Twerɛnsɛm
3 Nifae 12


Ti 12

Yesu frɛ nwomanimfoɔ Dumiemu no de tumi ne akwanya hyɛ wɔn nsa—Ɔka nsɛm a ɛte sɛ Bepɔ no so asɛnka no kyerɛ Nifaefoɔ no—Ɔka nhyira nsɛm no—Ne nkyerɛkyerɛ no boro Mose mmara no so na ɛho hia kyɛn no—Ɔhyɛ nnipa sɛ wɔnyɛ pɛ mpo sɛdeɛ ɔne n’Agya yɛ pɛ no—Fatoto Mateo 5 ho. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Nifae ne wɔn a wafrɛ wɔn no wieeɛ no, (na wɔn a wɔafrɛ wɔn na wɔn nsa aka tumi ne akwanya a wɔde bɔ asu no dodoɔ yɛ dumienu) na monhwɛ, ɔtenee ne nsa wɔ nkurɔfokuo no so, na ɔteaa mu see wɔn sɛ: nhyira bɛka mo, sɛ mobɛtie dumienu no a masa mo mu ayi wɔn sɛ wɔnsom mo na wɔnyɛ mo asomfoɔ yi nsɛm a; na wɔn na mama wɔn tumi sɛ wɔmfa nsuo mɔ mo asu; na sɛ wɔde nsuo bɔ mo asu wie a, monhwɛ, mede egya ne Honhom Kronkron bɛbɔ mo asu; ɛno nti nhyira bɛka mo, sɛ mogye medi na ɔbɔ mo asu a, mmerɛ a moahunu me na monim sɛ mene deɛ mene no.

2 Na bio, nhyira ne wɔn a wɔbɛgye mo nsɛm no adi no, ɛfiri sɛ mobɛdi adanseɛ sɛ moahunu me, na monim sɛ mene deɛ mene. Aane, nhyira ne wɔn a wɔbɛgye mo nsɛm no adi, na wɔaba fam na wɔbrɛ wɔn ho ase mmorosoɔ ma wɔbɔ wɔn asu, na wɔn na egya ne Honhom Kronkron bɛba wɔn hɔ, na wɔanya bɔnefakyɛ wɔ wɔn bɔne ho.

3 Aane, nhyira ne honhom mu ahiafoɔ a wɔba me hɔ, na wɔn na ɔsoro aheman no yɛ wɔn deɛ.

4 Na bio, nhyira ne obiara a ɔdi suu, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.

5 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asaase no adie.

6 Na nhyira ne wɔn nyina ara a tenenee ho kɔm ne nsukɔm de wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na ɔde Honhom Kronkron no bɛhyɛ wɔn ma.

7 Na nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhunu wɔ mmɔbɔ.

8 Na nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyina ara, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

9 Na nhyira ne apatafoɔ nyina ara, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.

10 Na nhyira ne wɔn a me din mu nti wɔtaataa wɔn nyina ara na wɔn na ɔsoro aheman yɛ wɔn deɛ.

11 Na nhyira ne mo sɛ nnipa yɛ mo na wɔtaataa mo, na me nti wɔdi atorɔ ka nsɛmbɔne ahodoɔ nyina ara to mo so.

12 Ɛfiri sɛ mobɛdi dɛ kɛse na mo ani bɛgye yie, ɛfiri sɛ mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ soro; na saa ara na wɔtaataa nkɔmhyɛfoɔ a wɔdii mo kan no.

13 Nokware, nokware, mese mo sɛ, mobɛyɛ asaase so nkyene; nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ asaase no nkyene? Ɛfiri saa mmerɛ no rekɔ no, nkyene no renyɛ ma hwee bio, na mmom wɔhwie gu, na nnipa atiatia so wɔ wɔn nan ase.

14 Nokware, nokware, mese mo sɛ, mobɛyɛ kanea ama nkurɔfoɔ yi. Kuropɔn a ɛwɔ bepɔ so no ntumi nnhunta.

15 Monhwɛ, nnipa sɔ kanea de hyɛ kodoɔ ase anaa? Daabi, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyina ara;

16 Ɛno nti moma mo kanea nhyerɛn wɔ saa nkurɔfoɔ yi anim, ama wɔahunu mo nwuma pa na wɔahyɛ mo Agya no a ɔwɔ soro no animuonyam.

17 Mma monnwene sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara no anaa sɛ nkɔmhyɛfoɔ no. Mamma sɛ merebɛsɛe, na mmom merebɛhyɛ no ma;

18 Na nokware mese mo sɛ, atwerɛdeɛ baako mpo anaa sɛ nsensaneɛ baako mpo ntwaa mu mfirii mmara no mu, na mmom me mu na ne nyina ara ahyɛ ma.

19 Na monhwɛ, mama mo mmara no, ne m’Agya mmaransɛm no, ama moagye me adi; na ama moasakyera afiri mo bɔne ho, na mode akoma a abubu ne honhom a ayɛ mmerɛ aba me hɔ. Monhwɛ, mowɔ mmaransɛm no da mo anim, na mmara no ahyɛ ma.

20 Ɛno nti momra me hɔ na momɛnya nkwa; na nokware mese mo sɛ; gye sɛ modi me mmaransɛm no a mahyɛ mo saa mmerɛ yi no so; anyɛ saa a biribiara nni hɔ a ɛbɛma mo awura ɔsoro aheman mu.

21 Moate sɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ tete mmerɛ mu no kaa sɛ, na wɔatwerɛ nso ato mo anim sɛ, mma monni awu, na obiara a ɔdi awu no, bɛdi fɔ wɔ Onyankopɔn atɛmmuo no mu;

22 Na mmom mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi fɔ wɔ atɛmmuo no mu. Na obiara a ɔbɛka akyerɛ ɔnua sɛ, Raka no, bɛdi fɔ wɔ mpaninfoɔ badwa no anim, na obiara a ɔbɛka sɛ, Wo ɔkwasea no, bɛdi fɔ wɔ asamando gya no mu.

23 Ɛno nti, sɛ mobɛba me hɔ, anaa sɛ mobɛpɛ sɛ mobɛba me hɔ, na wokae sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a—

24 Di kan kɔ wo nua no hɔ na wo ne wo nua no nkɔ siesie mo ntam, na afei fa w’akoma nyina ara bra me hɔ, na mɛgye wo.

25 Wo ne w’atamfo mɔ mu ntɛm wɔ mmerɛ a wone no wɔ kwan soɔ no, anyɛ saa a mmerɛ bi bɛba a ne nsa bɛka wo, na ɔde wo bɛto afiase.

26 Nokware, nokware, mese wo sɛ ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so afiri hɔ gye sɛ watua senin biara a aka. Na mmerɛ a wowɔ afiase no, wobɛtumi atua senin baako mpo? Nokware, nokware mese wo sɛ Daabi.

27 Monhwɛ, tetefoɔ no atwerɛ sɛ, nsɛe awareɛ.

28 Nanso mese wo sɛ, obiara a ɔbɛhwɛ ɔbaa na ne kɔn adɔ no no, na wafa no wɔ n’akoma mu dada.

29 Monhwɛ, mema mo mmaransɛm sɛ mma moma kwan mma saa nneɛma yi bi mma mo akoma mu.

30 Na ɛbɛyɛ sɛ mobɛtwe mo ho afiri saa nneɛma yi ho, na sei na ɛbɛma moafa mo asɛnnua no, kyɛn sɛ ɔbɛto mo atwene asamando.

31 Wɔatwerɛ sɛ, obiara a ɔbɛgyae ne yere no, ɔma no awaregyaeɛ krataa.

32 Nokware, nokware, mese mo sɛ, obiara a ɔbɛgyae ne yere no, gye sɛ ɛyɛ adwaamanmmɔ, ɔma no sɛe awareɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyae no no, nso sɛe awareɛ.

33 Na wɔatwerɛ sɛ nka ntam hunu, na mmom wobɛdi ɛbɔ a wohyɛɛ no Awurade anim no so.

34 Mmom, nokware, nokware, mese wo sɛ, nni nse koraa; ɛna mfa ɛsoro nni nse, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahenwa;

35 Anaa sɛ asaase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ.

36 Ɛna mfa wo tiri nni nse, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ tirinwii baako mpo, tuntum anaa sɛ fitaa;

37 Na moma mo nkɔmmɔdie nyɛ Aane, a na aane; Daabi, a na daabi; ɛfiri sɛ biribiara a ɛkyɛn saa nneɛma yi yɛ bɔne.

38 Na monhwɛ, wɔatwɛrɛ sɛ ani nsi ani anan mu, na ɛsee nsi ɛsee anan mu;

39 Nanso mese mo sɛ, mma mo mfa bɔne ntua bɔne ka, na mmom obiara a ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane ɛfa baako no nso ma no.

40 Na sɛ obi bɛsamane wo wɔ mmara na wagye w’ataadesoro a, fa w’akatasoɔ no nso ka ne ho;

41 Na obiara a ɔbɛhyɛ wo ama wone no atwa kwansini baako no, ɛne no ntwa mmienu.

42 Ma deɛ ɔbɛserɛ wo adeɛ, na deɛ ɔbɛfɛm wɔadeɛ no nnane wo ho mfiri ne ho.

43 Na monhwɛ, wɔatwerɛ nso sɛ dɔ wo yɔnko na tan w’atamfo.

44 Nanso monhwɛ, mese mo sɛ, monɔ mo atamfo, monhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa, na momɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔbu mo animtia na wɔtaataa mo no;

45 Ama moayɛ mo Agya no a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue wɔ bɔne ne papa so.

46 Ɛno nti nneɛma a wɔtwerɛɛe no tete mmerɛ no mu no a na ɛhyɛ mmara no ase no nyina ara ahyɛ ma wɔ me mu.

47 Wɔato nneɛma dada no atwene, na nneɛma nyina ara abɛyɛ foforɔ.

48 Ɛno nti mɛpɛ sɛ mobɛyɛ pɛ sɛ me mpo, anaa sɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.