Twerɛnsɛm
3 Nifae 2


Ti 2

Atirimuɔdensɛm ne akyiwasɛm dɔɔso wɔ nkurɔfoɔ no mu—Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ bɔ mu bɔ wɔn ho ban tia Gadianton adwotwafoɔ no—Lamanfoɔ no a wɔadane no bɛyɛ fitaa na wɔfrɛ wɔn Nifaefoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 5–16 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ, sei na afe aduɔkron num no nso twaa mu kɔɔɛ, na nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔn werɛ refiri saa nsɛnkyerɛnee ne anwanwadeɛ no a wɔateɛ no, na wɔhyɛɛ aseɛ nkakrankakra maa nsɛnkyerɛnee anaa anwanwadeɛ a ɛfiri soro no anyɛ wɔn ahodwiri bio, ara kɔsii sɛ wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrepirim wɔn akoma, na wɔfira wɔn ani wɔ adwene mu, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrennye deɛ wɔateɛ na wɔahunu no nni bio.

2 Wɔ dwendwenee buu nneɛma hunu wɔ wɔn akoma mu, sɛ nnipa ne ɔbonsam tumi na ɛyɛɛe de daadaa nkurɔfoɔ no akoma, ama wɔatwe wɔn akɔ; na sei, na Satan yɛɛe nyaa nkurɔfoɔ no akoma bɛdii ne hɔ bio, ara maa ɔfiraa wɔn ani na ɛmaa wɔgyedii sɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no yɛ nkwaseasɛm ne adehunu.

3 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm no ne akyiwasɛm mu yɛɛ den; na wɔanye anni sɛ nsɛnkyerɛnee ne anwanwadeɛ bɛwɔ hɔ bio; na Satan kɔɔ so kyinkyini twee nkurɔfoɔ no akoma kɔɔe, sɔ wɔn hwɛ, na ɔyɛ maa no kɔbaae sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ atirimuɔdensɛm kɛseɛ wɔ asaase no so.

4 Na sei na afe a ɛtɔ so aduɔkron nsia no, ne afe a ɛtɔ so aduɔkron nson no nso; ne afe a ɛtɔ so aduɔkron nwɔtwe no nso; ne afe a ɛtɔ so aduɔkron nkron no nso twaa mu kɔɔɛ;

5 Na mfie ɔha nso bɛtwaa mu kɔɔe fiti Mosaya mmerɛ so, deɛ na ɔdi hene wɔ Nifaefoɔ nkurɔfoɔ no so no.

6 Na na mfie ahansia ne nkron na na abɛtwa mu kɔ fiti mmerɛ a Lihae firii Yerusalem no.

7 Ɛna na mfie nkron na na abɛtwa mu kɔ fiti mmerɛ a ɔmaa nsɛnkyerɛnee no a nkɔmhyɛfoɔ no kaa ho asɛm no sɛ Kristo bɛba Wiase yi mu no.

8 Afei Nifaefoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekan wɔn nna afiti mmerɛ a ɔmaa nsɛnkyerɛnee no, anaa sɛ ɛfiti Kristo mmaɛ no; ɛno nti na mfie nkron atwa mu kɔ.

9 Na Nifae a na ɔyɛ Nifae agya no a na twerɛtohɔsɛm no hyɛ ne nsa no, ansan n’akyiri amma Sarahɛmla asaase no so bio, na wɔanhunu no wɔ nsaase no nyina ara so.

10 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no kɔɔso tenaa atirimuɔdensɛm mu, nsɛmpa no dodoɔ no a wɔkakyerɛɛ wɔn no ne nkɔmhyɛ a wɔde brɛɛ wɔn no nyina ara akyiri no mpo; na sei na mfie du no nso twaa mu kɔɔɛ; mfie dubaako no nso twaa mu wɔ amumuyɛ mu.

11 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so edummiɛnsa no mu no, akokoakoko ne apereapereɛ hyɛɛ aseɛ wɔ asaase no so nyina ara; ɛfiri sɛ na Gadianton adwotwafoɔ no adɔɔso yie, na wɔkumkumm nkurɔfoɔ no mu bebree, na wɔsɛe nkuropɔn no bebree, na wɔmaa owuo pii ne akumkumakumkum baa asaase no so nyina ara, maa ɛho hiae sɛ nkurɔfoɔ no nyina ara, Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ fa akodeɛ de ko tia wɔn.

12 Ɛno nti, Lamanfoɔ no a wɔadane aba Awurade hɔ no nyina ara ne wɔn nuanom Nifaefoɔ no kabɔɔ mu, na ɛnam wɔn nkwa ne wɔn maa ne wɔn nkwadaa nkwa nti no, wɔfaa akodeɛ ko tiaa saa Gadianton adwotwafoɔ no, aane, na wɔbɛma wɔn akora mmerakwan ne wɔn akwanya ne wɔn asɔre ne wɔn som, ne wɔn fawohodie ne wɔn ahogyeɛ.

13 Na ɛbaa sɛ, ansa na saa afe a ɛtɔ so dummiɛnsa yi rebɛtwa mu akɔ no, Nifaefoɔ no hunuu ɔsɛee korakora no kɔkɔbɔ, ɛnam saa ɔko yi a na ayɛ awerɛhoɔ kɛseɛ no nti.

14 Na ɛbaa sɛ wɔkann Lamanfoɔ no a wɔde wɔn ho akɔbɔ Nifaefoɔ no feraa Nifaefoɔ no;

15 Na wɔyii wɔn nomee no firii wɔn so, na wɔn honam bɛyɛɛ fitaa te sɛ Nifaefoɔ no pɛpɛɛpɛ.

16 Na wɔn mmeranteɛ ne wɔn mmammaa bɛyɛɛ nyegyeɛ morosoɔ na wɔkann wɔn feraa Nifaefoɔ no, na wɔfrɛɛ wɔn Nifaefoɔ. Na sei na afe a ɛtɔ so dummiɛnsa no baa awieɛ.

17 Na ɛbaa sɛ mfie dunan no mfitiaseɛ no mu no, ɛko no a na ɛwɔ adwotwafoɔ no ne Nifae nkurɔfoɔ no ntam no kɔɔ so dendennden yie, nanso Nifae nkurɔfoɔ no nsa tɔɔ adwotwafoɔ no so ara maa wɔpamoo wɔn firii wɔn nsaase no so maa wɔkɔguu mepɔ no so ne baabi a ɛyɛ wɔn kokoa mu no.

18 Na sei na afe a ɛtɔ so dunan no baa awieɛ. Na mfie dunum mu no, wɔbɛto hyɛɛ Nifae nkurɔfoɔ no so; na ɛnam Nifae nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm nti, ne wɔn apereapereɛ ne wɔn mpaepae mu nti, Gadianton adwotwafoɔ no nsa tɔɔ wɔn so wɔ ɛkwan bebree so.

19 Na sei na afe a ɛtɔ so dunum no baa awieɛ, na sei na nkurɔfoɔ no kɔɔ amanehunu tebea bebree mu; na ɔsɛeɛ akofena sɛnn wɔn so, ara maa na ɛrebɛtwa wɔn agu fam, na ɛyɛɛ sei, ɛnam wɔn amumuyɛsɛm no nti.