Twerɛnsɛm
3 Nifae 28


Ti 28

Dumienu no mu nkron a wɔwɔ ɔpɛ no nya bɔhyɛ sɛ wɔwɔ a Kristo ahennie no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ—Nifaefoɔ mmiɛnsa no a wɔwɔ ɔpɛ no, ɔma wɔn tumi wɔ owuo so, ama wɔka asaase yi so kɔsi sɛ Yesu bɛba bio—Wɔmaa wɔn so kɔɔ soro a wɔhunu nneɛma a mmara mma ho kwan sɛ wɔka, na afei wɔresom wɔ nnipa mu. Bɛyɛ mfinhyia 34–35 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔkasa kyerɛɛ n’akyidifoɔ no baako baako, see wɔn sɛ: ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo, ansaana akyire yi no makɔ Agya no hɔ?

2 Na wɔn nyina ara kasaae, gye sɛ wɔn mu mmiɛnsa, na wɔkaa sɛ: Yɛpɛ sɛ yɛtena ase nyini ara kɔduru mmerɛ a ɛsɛ sɛ nipa nyini kɔduru no, na ɔsomdwuma no a wɔafrɛ yɛn sɛ yɛnni so no ba awieɛ a, anka ntɛm ara yɛaba wo hɔ wɔ w’aheman no mu.

3 Na ɔsee wɔn sɛ: Nhyira ne mo, ɛfiri sɛ mopɛɛ saa adeɛ yi firi me hɔ; ɛno nti sɛ modi mfie aduɔson mmienu wie a, mo bɛba me hɔ wɔ m’aheman mu; na mobɛnya ahomee wɔ me nkyɛn.

4 Na mmerɛ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔdanee ne ho kyerɛɛ mmiɛnsa no nso na ɔsee wɔn sɛ: Sɛ mekɔ Agya no hɔ a, ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?

5 Na wɔdii awerɛhoɔ wɔ wɔn akoma mu, ɛfiri sɛ na wɔsuro koraa sɛ wɔbɛka adeɛ a wɔhia.

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ, menim mo adwene, na mopɛ deɛ Yohane, deɛ medɔ no no a na ɔka me ho wɔ me somdwuma mu no, ansaana Yudafoɔ no rema me so no, pɛɛ sɛ meyɛ ma no no.

7 Ɛno nti, nhyira nka mo pii, ɛfiri sɛ monka owuo nhwɛ da, na mmom mo bɛtena ase na moahunu Agya no dwuma a ɔbɛdi ama nnipa mma, akɔsi sɛ mpo nneɛma nyina ara bɛhyɛ ma sɛdeɛ Agya no pɛ teɛ, wɔ mmerɛ a mede ɛsoro tumi bɛba wɔ m’animuonyam mu.

8 Na morente owuo yea da; na mmom sɛ meba m’animuonyam mu a, mobɛsesa mpofirimu afiri deɛ ɛnkyereboɔ mu akɔ deɛ ɛkyereboɔ mu; na ɛno na ɔbɛhyira mo wɔ m’Agya no aheman no mu.

9 Na bio morente yea wɔ mmerɛ a mobɛtena honam mu yi, ɛna morente awerɛhoɔ nso gye sɛdeɛ ɛyɛ bɔne wɔ wiase mu; na mɛyɛ yei nyina ara ɛnam adeɛ a mohwehwɛ firii me hɔ no nti, ɛfiri sɛ moapɛ sɛ mode nnipa mma akra bɛbrɛ me, mmerɛ a wiase bɛgyina no.

10 Na yei nti mo bɛnya ɛdɛ ama no ahyɛ ma; na mobɛtena ase wɔ m’Agya aheman no mu; aane, na mo dɛ bɛyɛ ma, sɛdeɛ mpo Agya no ama m’ɛdɛ a ahyɛ ma no; na mo bɛyɛ sɛdeɛ meteɛ mpo, na mete sɛdeɛ Agya no teɛ mpo; na Agya no ne me yɛ baako;

11 Na Honhom Kronkron no di Agya no ne me ho adanseɛ; na Agya no de Honhom Kronkron no ma nnipa mma, ɛnam me nti.

12 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔde ne nsa tea kekaa wɔn baako baako, gye sɛ mmiɛnsa no a ɛwɔ sɛ wɔtwɛn no, na ɔfirii hɔ kɔɔe.

13 Na monhwɛ, ɛsoro bueɛ, na wɔmaa wɔn so kɔɔ soro, na wɔhunuui na wɔtee nsɛm a obi rentumi nka.

14 Na wɔberaa wɔn sɛ mma wɔnka; ɛna wɔamma wɔn tumi nso a ɛbɛma wɔatumi aka nneɛma a wɔhunuuɛ na wɔteeɛ no;

15 Na sɛ wɔwɔ honam mu anaa sɛ wɔnni honam mu a, wɔantumi anka; ɛfiri sɛ na ɛyɛ wɔn sɛ wadane wɔn, ama wɔasesa afiri honamdua yi mu akɔ honam a ɛnnwuo tebea mu, ama wɔatumi ahunu Onyankopɔn nneɛma.

16 Na mmom ɛbaa sɛ wɔsomm bio wɔ asaase yi ani so; nanso wɔamɛsom wɔ nneɛma a wɔteeɛ na wɔhunuuɛ no ho, ɛnam mmaransɛm no a ɔde maa wɔn wɔ ɛsoro hɔ no nti.

17 Na afei, sɛ wɔyɛɛ honam a ɛwuo anaa sɛ honam a ɛnnwuo fiti ɛda no a wɔsesaaɛ no deɛ, menim;

18 Na mmom yei deɛ menim, sɛdeɛ twerɛtohɔsɛm a wɔde ama no nti—sɛ wɔnantenantee asaase no so, na ɔsomm nkurɔfoɔ no nyina ara no, wɔkaa nnipa dodoɔ a wɔgyee wɔn nkyerɛkyerɛ diiɛ no bɔɔ mu wɔ asɔre no mu; wɔbɔɔ wɔn asu, na dodoɔ no ara a wɔbɔɔ wɔn asu no gyee Honhom Kronkron no.

19 Na wɔn a wɔnka asɔre no ho no de wɔn guu efiase. Na efiase hɔ no antumi anye wɔn, ɛfiri sɛ na wɔn mu akyɛ mmienu.

20 Na wɔtoo wɔn guu amena mu; na mmom wɔde Onyankopɔn asɛm no bobɔɔ wiase, ara maa ɛnam ne tumi no so nti, wɔyii wɔn firii asaase ase; na ɛno nti wɔantumi antu amena a emu ware mpo amfa wɔn anngu mu.

21 Na wɔtoo wɔn guu egya mu mprɛnsa a biribiara anyɛ wɔn.

22 Na wɔde wɔn guu wira mu mmoa buo mu mprɛnsa; na monhwɛ wɔne mmoa no dii agorɔ te sɛdeɛ akwadaa ne adwammaa a ɔtua nofoɔ ano yɛ no, na hwee anyɛ wɔn.

23 Na ɛbaa sɛ sei na wɔyɛ de kɔɔ Nifaefoɔ no nyina ara mu, na wɔkɔkaa Kristo asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no so nyina ara; na wɔsakyera maa Awurade, na wɔbɔɔ mu bɛkaa Kristo asɔre no ho, na sei na ɔhyiraa nkurɔfoɔ a wɔwɔ saa awoɔntoatoasoɔ no mu no, sɛdeɛ Yesu asɛm no teɛ no.

24 Na afei me Mormon, mede deɛ mereka fa saa nneɛma yi ho no aba awieɛ mmerɛ tiawa bi.

25 Monhwɛ, meyɛɛ m’adwene sɛ meretwerɛ wɔn a wɔrenka owuo nnhwɛ da no din, na mmom Awurade braa me; ɛno nti mantwerɛ, ɛfiri sɛ wɔde asie wiase mu nnipa.

26 Mmom monhwɛ, mahunu wɔn, na wɔasom me.

27 Na monhwɛ wɔbɛka Amanamanmufoɔ no ho, nanso Amanamanmufoɔ no rennhunu wɔn.

28 Wɔbɛka Yudafoɔ no nso ho, Yudafoɔ no rennhunu wɔn.

29 Na ɛbɛba sɛ, sɛ Awurade hunu wɔ ne nyansa mu sɛ ɛho bɛhia sɛ wɔsom Israel abusuakuo no a wɔabɔ ahweteɛ no a, ne aman nyina ara, abusuakuo, kasahodoɔ ne nnipa, na wɔde akra bebree bɛfiri wɔn mu abrɛ Yesu, ama wɔn pɛ no ahyɛ ma, na afei nso ɛnam Onyankopɔn tumi a ɛdane adwene a ɛwɔ wɔn mu no nti.

30 Na wɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ Agya no wɔ Yesu din mu a wɔbɛtumi ayi wɔn ho adi akyerɛ nipa biara a wɔnim sɛ ɛyɛ ma wɔn.

31 Ɛno nti, wɔbɛyɛ nwuma akɛseɛ a ɛyɛ nnwanwa, ansaana ɛda kɛseɛ no a ɛreba no aduru hɔ, mmerɛ no a nnipa nyina ara bɛgyina Kristo atɛmmuo-adwa no anim no;

32 Aane, Amanamanmufoɔ mu mpo na wɔbɛyɛ anwanwadwuma akɛseɛ, ansaana atɛmmuda no aduru hɔ.

33 Na sɛ mowɔ twerɛsɛm no a ɛka Kristo anwanwadwuma a ɔyɛe nyina ara a, anka mobɛhunu sɛ saa nneɛma yi bɛba mu sɛdeɛ Kristo nsɛm no teɛ no sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara.

34 Na mmusuo nka deɛ ɔntie Yesu asɛm no, ne wɔn nso a wayi wɔn na wasoma wɔn wɔ wɔn mu no nso nsɛm no; na obiara a wannye Yesu nsɛm ne wɔn a wasoma wɔn no nsɛm no anni no anye no; na ɛno nti, ɔno nso rennye wɔn wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu;

35 Na ɛbɛyɛ ama wɔn sɛ wɔanwo wɔn mpo a anka ɛyɛ. Na mo susu sɛ mobɛtumi ayi Onyankopɔn no a wɔafom no no atɛntenenee no afiri hɔ, ɔno a nnipa atiatia ne so wɔ wɔn nan ase no,bɛtumi ama nkwagyeɛ aba anaa?

36 Na afei monhwɛ, sɛdeɛ mereka saa nkurɔfoɔ no a Awurade yii wɔn no, anne, mpo mmiɛnsa no a wɔfaa wɔn kɔɔ soro no, sɛ wɔtee wɔn ho firii honam a ɛwuo ho kɔɔ honam a ɛnwuo ho a mennim—

37 Mmom monhwɛ, ɛfiti mmerɛ a metwerɛeɛ no, mebisaa Awurade, na wada no adi akyerɛ me sɛ ɛho hia sɛ nsesaɛ ba wɔn nnipadua mu, ama anyɛ saa a ɛsɛ sɛ wɔka owuo hwɛ;

38 Ɛno nti ama wɔanka owuo annhwɛ no, ɛsɛɛ sɛ nsesaɛ ba wɔn nnipadua mu, ama wɔante yea anaa awerɛhoɔ biara gye sɛdeɛ ɛyɛ bɔne wɔ wiase mu nko ara.

39 Afei saa nsesaɛ yi ne deɛ ɛbɛsie wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu no nnyɛ pɛ; na mmom nsesaɛ bi baa wɔn so, ara maa Satan antumi anya tumi wɔ wɔn so, ama ɔntumi nsɔ wɔn nhwɛ; na wɔtee wɔn ho wɔ honam mu, maa wɔbɛyɛɛ kronkron, na ɛmaa asaase so tumi antumi anya tumi wɔ wɔn so.

40 Na saa tebea yi mu na wɔbɛtena ara akɔsi Kristo atɛmmuda no; na saa da no na ɛsɛ sɛ wɔnya nsesaɛ kɛseɛ, na wɔagye wɔn akɔ Agya n’aheman mu a wɔrensan mfiri hɔ bio, na mmom wɔne Nyankopɔn bɛtena ɛsoro hɔ akɔsi ɛnniawieɛ.