Twerɛnsɛm
3 Nifae 14


Ti 14

Yesu hyɛ sɛ: Mma mommu atɛn; momisa Onyankopɔn; monhwɛ yie wɔ nkɔmhyɛfoɔ atorɔfoɔ ho—Ɔde nkwagyeɛ hyɛ wɔn a wɔyɛ Agya no pɛ no bɔ—Ntoto Mateo 7 ho. Bɛyɛ mfinhyia 34 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdanee n’ani hwɛɛ nkurɔfokuo no, na ɔbuee n’ano ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Nokware, nokware, mese mo sɛ, mma mommu atɛn, na wɔammu mo atɛn.

2 Na atɛn korɔ a mobɛbu no; ɛno na ɔde bɛbu mo; na deɛ mode bɛsusu no, ɛno na ɔde bɛsusu mo bio.

3 Na adɛn na wohwɛ dua ɛwɔ wo nua ani so yi, na wonhunu mpuna a ɛwɔ wo ara w’ani soɔ yi?

4 Anaa wo bɛyɛ dɛn aka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi dua a ɛwɔ w’ani so yi—na hwɛ, mpuna na ɛwɔ wo ara w’ani so yi?

5 Wo nyaatwomni, di kan yi mpuna firi wo ara w’ani so, ansaana wobɛhunu adeɛ yie ayi dua no afiri wo nua ani so.

6 Ma mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mma nkraman, ɛna mma monnto agudeɛ ngu mprɛko anim, amma wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔanane wɔn ho ammɛtete mo mu.

7 Momisa, na ɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu, momɔ mu na ɔbɛbue mo.

8 Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, hunu; na deɛ ɔbɔ mu no, ɔbue no.

9 Anaa nipa bɛn, na sɛ ne ba bisa paanoo a, ɔbɛma no ɛboɔ?

10 Anaa sɛ ɔbisa apataa a ɔbɛma no ɔwɔ?

11 Sɛ mo mpo a moyɛ adibɔneyɛfoɔ nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, mprɛ sɛn na mo Agya a ɔwɔ soro no mfa nneɛma pa mma wɔn a wɔbisa no?

12 Ɛno nti, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, monyɛ saa ara nso mma wɔn, na yei ne mmara no ne nkɔmhyɛfoɔ no.

13 Monwura ɛpono teatea no mu; na ɛpono a ɛso ne ɛkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛee mu, na wɔn a wɔwura mu no yɛ bebree.

14 Ɛnam sɛ ɛpono teatea ne ɛkwan hiahia no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu nti, wɔn a wɔhunu no sua.

15 Monhwɛ nkɔmhyɛfoɔ atorɔfoɔ a, wɔba mo nkyɛn wɔ odwan nwoma ntoma mu no a, nanso wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ no yie.

16 Wɔn aduaba na ɛbɛma mo ahunu wɔn. Nnipa tete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete wɔ hwerɛmo so?

17 Saa ara nso na edua pa so aduaba pa; na mmom edua a aporɔ so aduaba bɔne.

18 Dua pa ntumi nnso aduaba bɔne, ɛna dua bɔne nnso aduaba pa.

19 Dua a ɛnso aduaba pa no wɔtwa, na wɔto twene egya mu.

20 Ɛno nti, wɔn aduaba bɛma mo ahunu wɔn.

21 Nyɛ obiara a ɔse Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ soro aheman mu; na mmom deɛ ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.

22 Saa mmerɛ no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm na yɛmfaa wo din ntuu ahonhom bɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ anwanwa dwuma pii?

23 Na ɛno na mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ amumuyɛdeɛ.

24 Ɛno nti, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛtoto ɔnyansani a ɔsii ne dan wɔ ɔbotan so no ho—

25 Na nsuo tɔɔe, na nsuyire baae, na mframa bɔɔe, na ɛbɛbɔɔ ɛdan no; na ammu angu; ɛfiri sɛ ɔtoo ne fapem wɔ botan so.

26 Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnnyɛ no, ɔde no bɛtoto ɔbakwasea a ɔsii ne dan wɔ anwea mu no ho—

27 Na nsuo tɔɔe, na nsuyire baae, na mframa bɔɔe, na ɛbɛbɔɔ ɛdan no; na ɛdwiri guu fam, na na ne dwirie no so yie.