Twerɛnsɛm
1 Nifae 7


Ti 7

Lihae mmammarima no san kɔ Yerusalem na wɔto nsa ferɛ Ismael ɛne ne fiefoɔ ma wɔbɛka wɔn ho wɔ wɔn akwantuo no ho—Laman ne ebinom te atua—Nifae kasa kyerɛ ne nuanom sɛ wɔnya gyedie wɔ Awurade mu—Wɔde ntampehoma kyekyere no, na wɔfa adwene sɛ wɔbɛsɛe no—Gyedie tumi no yi no firi mu—Ne nuanom srɛ bɔnefakyɛ—Lihae ne ne nkurɔfoɔ bɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei mepɛ sɛ mohunu sɛ, m’agya Lihae wiee nkɔmhyɛ a ɛfa n’asefoɔ ho no, ɛbaa sɛ Awurade ne no kasaa bio sɛ ɛnnyɛ mma ɔno Lihae sɛ ɔfa n’abusuafoɔ nko ara kɔ ɛserɛ no so, na ne mmammarima no nhwehwɛ mmabaawa nware wɔn na wawo na wadɔre ama Awurade wɔ bɔhyɛ asaase no so.

2 Na ɛbaa sɛ Awurade hyɛɛ no sɛ me, Nifae, ne me nuanom, nsan nkɔ Yerusalem asaase so bio, nkɔfa Ismael ne n’abusuafoɔ mmera ɛserɛ no so.

3 Na ɛbaa sɛ me Nifae, ne me nuanom san kɔɔ ɛserɛ no so sɛ yɛrekɔ Yerusalem.

4 Na ɛbaa sɛ yɛkɔɔ Ismael fie, na yɛnyaa animuonyam wɔ Ismael anim, na yɛtumi kaa Awurade ho nsɛm kyerɛɛ no.

5 Na ɛbaa sɛ Awurade maa Ismael ɛne ne fiefoɔ akoma yɛɛ mmerɛ, ɛno nti wɔne yɛn tuu kwan kɔɔ ɛserɛ no so baa yɛn agya ntomadan no mu.

6 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a yɛnam ɛserɛ no so no, hwɛ, Laman ne Lemuel ne Ismael mmamaayewa mmienu bi, ne Ismael mmammarima mmienu no ne wɔn abusuafoɔ tee atua wɔ yɛn so, ampa, wɔtee atua wɔ me Nifae ne Sam, ne wɔn agya Ismael, ɛne ne yere ɛne ne mmammaayewa mmiɛnsa so.

7 Na ɛbaa sɛ atua teɛ no mu no, wɔpɛɛ sɛ wɔsan wɔn akyiri kɔ Yerusalem asaase so.

8 Na afei me Nifae, ɛnam sɛ medii anibereɛ kɛseɛ maa wɔn wɔ wɔn akoma denden no nti, mekasa kyerɛɛ wɔn sɛ, anne, mpo kyerɛɛ Laman ne Lemuel kaa sɛ: Hwɛ mo ne me nuanom mpanimfoɔ, na ɛyɛɛ dɛn nti na mo ayɛ mo akoma den na mo adwene ɛnna hɔ yi, na mo pɛ sɛ me a meyɛ mo nua ketewa kasa kyerɛ mo, aane, na menyɛ nhwɛsoɔ mma mo?

9 Adɛn nti na mo antie Awurade asɛm yi?

10 Adɛn nti na mo werɛ afiri sɛ mo ahunu Awurade bɔfoɔ yi?

11 Aane, na ɛyɛɛ dɛn nti na mo werɛ afiri nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama yɛ no, sɛ ɔgyee yɛn firii Laban nsa mu, na yɛn nsa nso kaa twerɛtohɔsɛm no?

12 Aane, na ɛyɛ dɛn nti na mowerɛ afiri sɛ Awurade wɔ tumi sɛ ɔyɛ nneɛma nyina ara wɔ ne pɛ mu de ma nnipa mma, sɛ ɛba sɛ wɔnya gyedie wɔ ne mu a? Ɛno nti moma yɛn ni nokware ma no.

13 Na ɛba sɛ yɛdi nokware ma no a, yɛbɛnya bɔhyɛ asaase no, na mmerɛ bi bɛba a mobɛhunu sɛ Awurade asɛm a ɛfa Yerusalem sɛee ho no bɛba mu: ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade aka afa Yerusalem ho no bɛba mu.

14 Na hwɛ, ankyɛ na Awurade Honhom no ne wɔn antena bio, na hwɛ wɔapo nkɔmhyɛfoɔ no, na ɔde Yeremia ato efiase, na wɔpɛɛ sɛ wɔyi m’agya nkwa firi hɔ na ɛno nti wapamo no afiri asaase no so.

15 Na hwɛ mese mo sɛ, sɛ mosan kɔ Yerusalem a mo nso mo ne wɔn bɛwu; na seesei ara sɛ mopɛ a monkɔ asaase no so, na monkae nsɛm a maka akyerɛ mo yi, na sɛ mokɔ a mo nso mo bɛwu; na saa na Awurade Honhom hyɛ me sɛ menka.

16 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a me Nifae, me kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ me nuanom no, wɔn bo fuu me. Na ɛbaa sɛ wɔsɔɔ me mu, na hwɛ, wɔn bo fuu kɛse yie, na wɔde ntampehoma kyekyeree me, na wɔpɛɛ sɛ wɔyi me nkwa firi hɔ na wɔgya me wɔ serɛ no so, ma wiram mmoa abɛwe me nam.

17 Na mmom ɛbaa sɛ mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade kaa sɛ: O Awurade sɛ wobɛgye me afiri me nuanom nsam sɛdeɛ me gyedie te wɔ wo mu no a, anka wagye me afiri me nuanom nsa mu; aane, anka wama me ahoɔden ama matumi atete ntampehoma a wɔde akyekyere me yi mu.

18 Na ɛbaa sɛ mekaa saa asɛm yi wieeɛ no, hwɛ, ntampehoma no sanee firi me nsa ne me nnan, na me sɔre gyinaa me nuanom anim na me kasa kyerɛɛ wɔn bio.

19 Na ɛbaa sɛ wɔn bofuu me bio, na wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka me na hwɛ Ismael mmamaayewa no mu baako, aane, ne ne maame nso, ne Ismael mmammarima no mu baako, paa me nuanom kyɛw ara maa wɔn bo dwooe na wɔgyaee sɛ wɔrepɛ me nkwa ayi afiri hɔ no.

20 Na ɛbaa sɛ wɔdii awerɛhoɔ kɛseɛ ɛnam wɔn atirimuɔden no nti na ɛmaa wɔbɔɔ wɔn mu ase wɔ m’anim na wɔpaa me kyɛw sɛ, memfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn wɔ deɛ wɔyɛ tiaa me no ho.

21 Na ɛbaa sɛ meyii m’akoma mu de deɛ wɔde ayɛ me no nyina ara kyɛɛ wɔn na mekyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae nkyerɛ Awurade wɔn Nyankopɔn ama ɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. Na ɛbaa sɛ wɔyɛɛ saa. Na wɔbɔɔ mpae maa Awurade wieɛ no, yɛtoaa yɛn akwantuo no so bio sɛ yɛrekɔ yɛn agya ntomadan no ho.

22 Na ɛbaa sɛ yɛduruu yɛn agya ntomadan no mu. Na mmerɛ a me ne me nuanom ne Ismael fiefoɔ nyina ara baa m’agya ntomadan no mu no, wɔde naaseɛ maa Awurade wɔn Nyankopɔn, na wɔbɔɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ maa no.