Twerɛnsɛm
1 Nifae 20


Ti 20

Awurade da ne nsusuɛ adi kyerɛ Israel—Wapaw Israel afiri ahohiahia fononoo mu, na wɔbɛfiri Babilɔn—Fa toto Yesiah 48 ho. Bɛyɛ mfinhyia 588–570 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Monya aso na montie yei, O Yakob fiefoɔ a wɔato mo din Israel na mofiri Yuda asubɔntene mu apue, anaa sɛ mofiri asubɔ asubɔntene mu apue, mo a mode Awurade din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, nanso ɛnnyɛ nokware mu anaa tenenee mu.

2 Na wɔfrɛ wɔn ho sɛ wɔfiri kuro kronkron no mu no, na wɔde wɔn ho twere Israel Nyankopɔn; a ɔyɛ Ɛdɔm Awurade, aane, Ɛdɔm Awurade ne ne din.

3 Hwɛ, mada nneɛma dada no adi fiti ahyɛaseɛ, na ɛfiri m’anom na epueɛ, na mede kyerɛɛe, na meyɛɛ no mpofire mu.

4 Na meyɛɛe ɛfiri sɛ, na menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa.

5 Na mpo, me fiti ahyɛaseɛ no na mada no adi akyerɛ wo; me de kyerɛɛ wo ansa na ɛreba mu; na ama woanka sɛ—Me honin na ayɛ saa nneɛma yi, na me honin a wasene, ɛne me honin a wanane na ɔhyɛɛ saa nneɛma yi ma ɛbaa mu.

6 Woahunu, ɛna wate yei nom nyina ara; na worenna no adi anaa? Na makyerɛ wo nneɛma foforɔ firi saa mmerɛ yi, mpo nneɛma a ahinta, na wonnim.

7 Afei na wɔabɔ wɔn, na ɛmfiri ahyɛaseɛ, mpo, ansa na ɛda a worenteeɛ no reba, ama wɔada no adi akyerɛ wo, anyɛ ama wanka sɛ—Hwɛ menim saa nneɛma yi.

8 Aane, na wonteeɛ, aane, wonnim, aane, ɛfiri mmerɛ a na w’aso mmuaɛ no; na, na menim sɛ wo neyɛɛ bɛyɛ hwammɔ, na wɔfrɛɛ wo mmaratoni firi yafunu mu.

9 Yei nom nyina ara akyiri no, me din nti na mɛtwentwen mabufuo aseɛ, na m’ayɛyie nti na mɛtwe me ho afiri wo ho, na mantwa wo antwenee.

10 Na hwɛ, manane wo, masa mu ayi wo wɔ ahohiahia foonoo no mu.

11 Me ara me nti, aane, me ara me nti na mɛyɛ yei, na meremma kwan mma wɔnsɛe me din, na meremfa m’animuonyam mma obi.

12 O Yakob tie me ɛ, na Israel a mafrɛ woɔ, me ne ɔno; me na medi kan, me ara nso na metwa toɔ.

13 Me nsa na ɛto asaase fapem, na me nsa nifa na ɛtrɛɛ ɛsoro mu. Na me frɛ a, ne nyina ara bɛgyinagyina hɔ abɔ mu.

14 Mo nyina ara mommoa mo ano, na montie; wɔn mu hwan na ɔkaa yienom kyerɛɛ wɔn? Awurade adɔ no; aane, na ɔbɛma n’asɛm a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn no aba mu; na ɔbɛyɛ deɛ n’anisɔ wɔ Babilɔn so, na ne basa bɛba Chaldeafoɔ so.

15 Afei nso, Awurade na ɔseɛ; me Awurade, aane, makasa; aane, mafrɛ no sɛ ɔmɛka sɛ, mede no aba, na ɔbɛyɛ ne kwan frɔmfrɔm.

16 Montwe mɛn me; ɛnnyɛ kokoa mu na mekasaae firi ahyɛaseɛ, ɛfiri mmerɛ a ɔdaa no adi na makasa; na Awurade Nyankopɔn ne ne Honhom na asoma me.

17 Na sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wo Dimafoɔ, Israel Kronkroni no, m’asoma no, Awurade wo Nyankopɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wo deɛ ɛbɛma wo mfasoɔ, deɛ ɔde wo faa ɔkwan a ɛwɔ sɛ wo fa so no, na Awurade wo Nyankopɔn ayɛ.

18 O na sɛ wonya aso ma me mmaransɛm a, anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔntene, na wotenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.

19 Na w’asefoɔ nso adɔre sɛ anwea; na wo yafunu mu aba nso ayɛ sɛ n’abosea; Wɔrentwa ne din ntwenee, ɛna wɔrensɛe no mfiri m’anim.

20 Momfiri Babilon mfiri, monwane mfiri Chaldefoɔ no hɔ; mo mfa nwomtoɔ nne nka nkyerɛ, mo nka yei, momɔ din nkɔduru asaase awieɛ mpo; monka sɛ Awurade adi ama n’akoa Yakob.

21 Na nsukɔm aane wɔn wɔ mmerɛ a ɔde wɔn faa ɛserɛ no so no; ɔmaa nsuo no firii ɔbotan no mu maa wɔn; ɔpae ɔbotan mu nso maa nsuo puee firii mu ahoɔden so.

22 Ɛwɔ mu sɛ ɔyɛe yeinom nyina ara, ne nneɛma akɛseɛ deɛ, nso asomdwoeɛ nni hɔ ma atirimuɔdenfoɔ. Awurade na ɔseɛ.