Twerɛnsɛm
1 Nifae 6


Ti 6

Nifae twerɛ nneɛma a ɛfa Nyankopɔn ho—Nifae botae ne sɛ ɔbɛtwetwe nnipa aba Abraham Nyankopɔn nkyɛn na wagye wɔn nkwa. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei me Nifae, mempɛ sɛ meka m’agyanom abusuasantene ho nsɛm wɔ deɛ meretwerɛ no dabiara nso wɔ mprɛte a meretwerɛ yi so, ɛfiri sɛ ɛwɔ ntwerɛtohɔsɛm a m’agya de asie no mu; saa nti na merentwerɛ no wɔ saa nsɛm yi mu no.

2 Deɛ mepɛ sɛ meka ara ne sɛ na yɛyɛ Yosef asefoɔ.

3 Na ɛho nhia me sɛ mɛtwerɛ deɛ ɛfa m’agya ho nyina ara, ɛfiri sɛ mentumi ntwerɛ no wɔ mprɛte yi so, na mmom mepɛ kwan wɔ so ama matumi atwerɛ nsɛm a ɛfa Nyankopɔn ho.

4 Na m’adwene nyina ara ne sɛ mɛtwetwe adasa aba Abraham Nyankopɔn, ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn nkyɛn na wabɛnya nkwa.

5 Ɛno nti mentwerɛ nneɛma a ɛsɔ wiase ani na mmom nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ne wɔn a wɔnni wiase no na metwerɛ.

6 Ɛno nti merebɛhyɛ mmara ama m’asefoɔ sɛ mma wɔntwerɛ nneɛma a ɛho nhia mma nnipa mma.