Twerɛnsɛm
1 Nifae 3


Ti 3

Lihae mmammarima no san wɔn akyiri kɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔfa yaawa prɛte no—Laban ampɛ sɛ ɔde prɛte no ma—Nifae tu ne nuanom fo na ɔhyɛ wɔn nkoran—Laban wia wɔn agyapadeɛ na ɔpɛ sɛ anka ɔkum wɔn—Laman ne Lemuel bobɔ Nifae ne Sam na ɔbɔfoɔ ka wɔn anim. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, me ne Awurade kasa wieeɛ no, me san baa m’agya ntomadan no mu.

2 Na ɛbaa sɛ ɔkasa kyerɛɛ me, kaa sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, daeɛ no mu no Awurade hyɛɛ me sɛ wo ne wo nuanom no nsan moakyiri nkɔ Yerusalem.

3 Na hwɛ, Laban wɔ Yudafoɔ ho twerɛtohɔsɛm ne me nananom nso abusuasantene a wakrukyire no wɔ yaawa mprɛte so.

4 Ɛno nti Awurade ahyɛ me sɛ wo ne wo nuanom nkɔ Laban fie, nkɔhwehwɛ twerɛtohɔsɛm no, na momfa mmera ɛserɛ yi so ha.

5 Na hwɛ, wo nuanom nwiinwii ka sɛ mabisa adeɛ a ɛyɛ den afiri wɔn hɔ, na mmom hwɛ, memmisaa biribiara mmfirii wɔn hɔ, na mmom, mmaransɛm a ɛfiri Awurade hɔ.

6 Enti, kɔ me babarima na wobɛnya animuonyam wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ wannwiinwii.

7 Na ɛbaa sɛ, me Nifae, meka kyerɛɛ m’agya sɛ mɛkɔ akɔyɛ nneɛma a Awurade ahyɛ no, ɛfiri sɛ menim sɛ Awurade mfa mmaransɛm biara mma nnipa mma, gye sɛ wasiesie ɛkwan ama wɔn a wɔnam so bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

8 Na ɛbaa sɛ m’agya tee saa nsɛm yi no n’anigyee mmorosoɔ, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ Awurade ahyira me.

9 Na me, Nifae, ne me nuanom faa yɛn ntomadan na yɛhyɛɛ yɛn akwantuo no ase wɔ ɛserɛ no so sɛ yɛrekɔ Yerusalem asaase so.

10 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a yɛbaa Yerusalem asaase so no, me ne me nuanom no bisa bisaa yɛn ho nsɛm mmaako mmaako.

11 Na yɛtwee tonto hwɛɛ yɛn mu deɛ ɔfata sɛ ɔkɔ Laban fie. Na ɛbaa sɛ, tonto no bɔɔ Laman, na Laman kɔɔ Laban fie hɔ, na ɔne no kasaa wɔ mmerɛ a na ɔte ne fie hɔ.

12 Na ɔbisaa Laban twerɛtohɔsɛm a wakrukyire no wɔ yaawa mprɛte so no a ɛfa m’agya abusuasantene ho no.

13 Na hwɛ, ɛbaa sɛ Laban bo fuii na ɔyii no firii n’anim, na wampɛ sɛ ɔde twerɛtohɔnsɛm no bɛma no. Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ wo yɛ ɔkorɔmfoɔ nti mɛku wo.

14 Ɛno nti Laman dwane firii n’anim, na ɔbɛkaa nneɛma a Laban ayɛ no kyerɛɛ yɛn. Na yɛn werɛ hyɛɛ aseɛ hwoe yie; na me nuanom no pɛɛ sɛ wɔsan wɔn akyiri kɔ m’agya nkyɛn wɔ ɛserɛ no so.

15 Na hwɛ, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Awurade te ase yi, na yɛn nso yɛte ase yi, yɛrensan nkɔ yɛn agya nkyɛn wɔ ɛserɛ no so gye sɛ yayɛ deɛ Awurade ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no ansa.

16 Eno nti moma yɛnya gyedie na yɛn ni Awurade mmaransɛm no so; nti moma yɛnkɔ yɛn agyanom agyapadeɛ asaase no so, na hwɛ ɔgyaa sika ne dwetɛ ne ahonyadeɛ ahodoɔ nyina ara. Na ɔyɛɛ yei nyina ara ɛnam Awurade mmaransɛm nti.

17 Na ɔnim sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem ɛnam nnipa no atirimuɔdensɛm nti.

18 Na hwɛ wapo nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm no. Enti sɛ m’agya tenaa asaase no so mmerɛ a wɔhyɛɛ no sɛ ɔnwane mfiri asaase no so no a, hwɛ, anka ɔno nso bɛhwere ne kraa. Ɛno nti na ɛho bɛhia sɛ ɔdwane firi asaase no so.

19 Na hwɛ, ɛyɛ wɔ Onyankopɔn nyansa mu sɛ yɛnya twerɛtohɔsɛm yi, ama yɛakora yɛn agyanom kasa so yie ama yɛn mma.

20 Na bio, sɛ yɛbɛkora nsɛm no a nkɔmhyɛfoɔ kronkron de wɔn ano kaae no, deɛ wɔnam Onyankopɔn ne Honhom ɛne ne tumi so de maa wɔn fiti mmerɛ a wiase hyɛɛ aseɛ mpo de besi saa mmerɛ yi so.

21 Na ɛbaa sɛ ɛkwan sei so na mefaeɛ kasa kyerɛɛ menuanom sɛ anka wɔn de gyedie bɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so.

22 Na ɛbaa sɛ yɛkɔɔ asaase a ɛyɛ yɛn agyapadeɛ no so na yɛkɔboaboaa yɛn sika kɔkɔɔ, yɛn dwetɛ, ne yɛn nneɛma a ɛsombo nyina ara ano.

23 Na yɛboaboaa nneɛma yi ano wieeɛ no, yɛkɔɔ Laban fie hɔ bio.

24 Na ɛbaa sɛ yɛkɔɔ Laban nkyɛn kɔbisaa no sɛ ɔmfa ntwerɛtohɔsɛm a wakrukyire agu yaawa mprɛte so no mma yɛn, na yɛde yɛn sika kɔkɔɔ, ne yɛn dwetɛ, ne yɛn nneɛma nyina ara a ɛsombo no bɛma no.

25 Na ɛbaa sɛ Laban hunuu yɛn ahodeɛ dodoɔ no sɛ ɛdɔɔso no, n’ani beree ma ɛno nti ɔpamoo yɛn firii hɔ na ɔsomaa n’asomfoɔ sɛ wɔmɛkum yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbenya yɛn ahodeɛ no afa.

26 Na ɛbaa sɛ yɛdwane firii Laban nkoa no anim maa yɛgyaa yɛn ahodeɛ no ma ɛkɔdii Laban nsam.

27 Na ɛbaa sɛ yɛdwane kɔɔ ɛserɛ no so, na Laban asomfoɔ no anto yɛn, na yɛkɔhintaa ɔbotan bi mu.

28 Na ɛbaa sɛ Laman bo fuu me, ne me papa nso, ɛna Lemuel nso, ɛfiri sɛ ɔtiee Laman nsɛm, ɛno nti Laman ne Lemuel kasaa dendennden de tia yɛn, wɔn nuanom nketewa, na wɔhwee yɛn mmaa mpo.

29 Na ɛbaa sɛ wɔrehwe yɛn mmaa no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ baae bɛgyinaa wɔn anim, na ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo hwe mo nua ketewa yi mmaa? Monnim sɛ Awurade ayi no sɛ ɔmmɛyɛ ɔhwɛfoɔ wɔ mo so, na ɛte saa, ɛnam mo amumuyɛ nti? Hwɛ mobɛkɔ Yerusalem bio, na Awurade bɛyi Laban ahyɛ mo nsa.

30 Na bɔfoɔ no kasa wieeɛ no ɔkɔɔe.

31 Na ɔbɔfoɔ no kɔɔe akyire yi no, Laman ne Lemuel san hyɛɛ aseɛ nwiinwii kaa sɛ: ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛyi Laban ahyɛ yɛn nsa? Hwɛ, ɔyɛ nipa a ne ho yɛ den, na ɔbɛtumi ahwɛ aduonum so, ampa ɔbɛtumi akum aduonum, na adɛn nti na ɔrentumi nnyɛ yɛn saa?