Twerɛnsɛm
1 Nifae 22


Ti 22

Awurade bɛbɔ Israel apete wɔ asaase nyina ara ani—Amanamanmufoɔ no de asɛmpa no bɛyɛn na wɔde atete Israel wɔ nna a edi akyire no mu—Wɔbɛboa Israel ano na wɔagye wɔn, na atirimuɔdenfoɔ bɛhye sɛ ɛsrɛdwaneɛ—Awurade bɛsɛe ɔbonsam aheman, na wɔbɛkyekyere ɔbonsam. Bɛyɛ mfinhyia 588–570 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a me Nifae, mekenkann nsɛm a wakrukyire wɔ yaawa mprɛte no so akyire yi no, me nuanom baa me nkyɛn bɛsee me sɛ: Deɛ wakenkan yi aseɛ ne sɛn? Hwɛ, ɛsɛ sɛ yɛteaseɛ sɛ ɛyɛ honhom mu nneɛma a ɛnam honhom mu na ɛbɛba mu, na ɛnyɛ honam mu anaa?

2 Na me, Nifae, mesee wɔn sɛ: Hwɛ ɔnam honhom no nne so na ɔyii no adi kyerɛɛ nkɔmhyɛni no; na ɛnam Honhom no so na ɔyii nneɛma nyina ara a ɛbɛba nnipa mma so wɔ honam afa mu no adi kyerɛɛ nkɔmhyɛfoɔ no.

3 Saa nti, nneɛma a makenkan no fa honam ne honhom nyina ara ho; na ayɛ sɛ ɛrenkyɛ biara na wɔabɔ Israel fiefoɔ apete wɔ asaase so nyina ara, ne aman nyina ara nso mu.

4 Na hwɛ, wɔn mu dodoɔ no na wɔn werɛ afiri wɔn a wɔwɔ Yerusalem hɔ no dada. Aane, abusuakuo no nyina ara mu dodoɔ no na Awurade de wɔn kɔ; na wɔabɔ wɔn apete firi ha aba ha wɔ supɔ no so; na baabi a wɔwɔ no deɛ yɛn mu biara nnim, deɛ yɛnim ara ne sɛ wɔde wɔn kɔ.

5 Na saa nneɛma yi ho nkɔmhyɛ a ɛfa wɔn ho no akɔ so firi mmerɛ a wɔde wɔn kɔɔɛ no, ɛne wɔn nso a akyire yi wɔbɛbɔ wɔn apete ama wɔn ayɛ basabasa, ɛnam Israel Kronkroni no nti, ɛfiri sɛ ɔno na wɔyɛɛ wɔn akoma den wɔ ne so; ɛno nti wɔbɛbɔ wɔn apete aman nyina ara so na nnipa nyina ara bɛkyiri wɔn.

6 Mmom, amanamanmufoɔ no ama wɔn nufusuo awieɛ no, na Awurade ama ne nsa so wɔ Amanamanmufoɔ no so no, na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ nsusudeɛ, na wɔaturu wɔn mma wɔ wɔn nsa mu no, na wɔaturu wɔn mmammaa nso wɔ wɔn abatiri soɔ no hwɛ, saa nneɛma a wɔaka ho asɛm yi nyina ara yɛ honam mu nneɛma, na ɛno ne apam a Awurade ne yɛn agyanom diiɛ no, na ɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi wɔ nna a ɛreba no mu; ɛna yɛn nuanom nso mu; ɛne yɛn nuanom nso a wɔyɛ Israel fiefoɔ no.

7 Na ɛkyerɛ sɛ, mmerɛ bi bɛba a, wayɛ Israel fie basabasa akyire yi no, na wɔn anim agu aseɛ no, ɛna Awurade Nyankopɔn bɛma ɔman kɛseɛ bi so wɔ Amanamanmufoɔ no mu, aane, mpo, asaase yi so na wɔbɛbɔ yɛn asefoɔ apete.

8 Na wɔbɔ yɛn asefoɔ pete wie a, Awurade Nyankopɔn bɛkɔ so ayɛ anwanwa dwuma wɔ Amanamanmufoɔ mu a ɛbɛyɛ adeɛ a ɛsombo kɛseɛ ama yɛn asefoɔ; ɛno nti na wɔde ato Amanamanmufoɔ no abateteɛ ho, na wɔaturu wɔn wɔ wɔn nsa mu ne wɔn abatiri soɔ no.

9 Na ɛbɛyɛ adeɛ a ɛsombo kɛseɛ ama Amanamanmufoɔ no nso; na ɛnnyɛ Amanamanmufoɔ nko, mpo Israel fiefoɔ nso, na ama apam no a ɔsoro Agya no ne Abraham apam a ɛka sɛ: W’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asaase mmusuakuo nyina ara no ada adi.

10 Na mepɛ sɛ, me nuanom, mohunu sɛ asaase yi mu abusuakuo nyina ara renya nhyira gye sɛ ɔyi n’abasa adi wɔ aman no ani so.

11 Saa nti, Awurade Nyankopɔn bɛhyɛ aseɛ ayi n’abasa adi wɔ aman nyina ara ani so sɛ ɔde n’apam ne n’asɛmpa rema Israel fiefoɔ.

12 Ɛno nti ɔbɛgye wɔn bio afiri nnɔmum mu, na wɔbɛboaboa wɔn ano akɔ asaase a ɛyɛ wɔn ankasa wɔn deɛ no so; na ɔbɛyi wɔn afiri baabi kusuu ne esum mu aba; na wɔbɛhunu sɛ Awurade ne wɔn Agyenkwa ne wɔn Dimafoɔ, Israel Tumfoɔ no.

13 Na asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no a ɛyɛ ɔdwamammɔni wɔ asaase nyina ara so no mogya bɛdane agu wɔn ankasa tiri so; na wɔbɛko atia wɔn ho, na wɔn ankasa nsa mu afena bɛtɔ wɔn ankasa tiri so, na wɔn ankasa mogya bɛboro wɔn.

14 Na ɔman biara a ɔbɛko atia wo no, O Israel fiefoɔ, bɛko atia wɔn ho, na wɔbɛtɔ amena a wɔtuuɛ sɛ wɔresum ayi Awurade nkurɔfoɔ no mu. Na wɔn a wɔkotia Sion no nyina ara ɛne saa ɔdwamammɔni kɛseɛ no a, wɔadane Awurade kwan pa no, aane, saa asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no bɛhwinti mfutro mu na n’ahweaseɛ no bɛyɛ kɛseɛ.

15 Na hwɛ, saa na nkɔmhyɛni no seɛ: mmerɛ no reba ntɛmtɛm a Satan rennya tumi bio wɔ nnipa mma akoma so; na ɛrenkyɛ na ɛda no aba ama wɔn a wɔyɛ ahantan ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdensɛm no bɛyɛ sɛ aburo nnua a awoɔ, na ɛda no reba a wɔbɛhye wɔn.

16 Na ɛrenkyɛ biara na Onyankopɔn abufuhyeɛ no nyina ara bɛhwie agu nnipa mma nyina ara so, na ɔremma kwan ɛmma atirimuɔdenfoɔ nsɛe ateneneefoɔ.

17 Ɛno nti ɔde ne tumi bɛkora ateneneefoɔ mpo sɛ n’abufuhyeɛ no nyina ara ba a, ɔbɛkora ateneneefoɔ kɔpem sɛ ɔde egya bɛsɛe wɔn atamfoɔ. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ ateneneefoɔ suro; na sei na nkɔmhyɛni no seɛ, wɔbɛgye wɔn nkwa, sɛ ɛba sɛ ɔde egya mpo a.

18 Hwɛ, me nuanom, me se mo sɛ, saa nneɛma yi renkyɛ na aba mu, aane, mpo mogya, ɛne egya, ɛne ntutuo bɛba; na etwa sɛ ɛba asaase yi so; na ɛbɛba nnipa so sɛdeɛ honam teɛ, sɛ ɛba sɛ wɔyɛɛ wɔn akoma den wɔ Israel Kronkroni no so a.

19 Na hwɛ ateneneefoɔ no rensɛe; na mmerɛ no bɛba ampa sɛ wɔn a wɔko tia Sion no wɔbɛtwa wɔn atwene.

20 Na sɛdeɛ ɛteɛ biara no Awurade bɛsiesie ɔkwan ama ne nkurɔfoɔ, de ahyɛ Mose nsɛm no ma, deɛ ɔkaaɛ sɛ: Awurade mo Nyankopɔn bɛyi nkɔmhyɛni ama mo, a ɔte sɛ me; ɔno na deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara no, montie. Na ɛbɛba sɛ wɔn a wɔntie saa nkɔmhyɛni no, wɔbɛtwa wɔn afiri mo nkurɔfoɔ no mu atwene.

21 Na afei me, Nifae, mema mote aseɛ sɛ, saa nkɔmhyɛni no a Mose kaa ne ho asɛm no ne Israel Kronkroni no; ɔno na ɔbɛbua atɛn wɔ tenenee mu.

22 Na ɛnsɛ sɛ ateneneefoɔ no suro, ɛfiri sɛ wɔn na wɔn anim renngu ase. Mmom ɔbonsam aheman no, deɛ wɔ ɔbɛsi nnipa mma mu, saa aheman no na ɔbɛkyekyere ama wɔn a wɔwɔ honam mu—

23 Na mmerɛ no rebɛba ntɛm a asɔreasɔre a wɔasisi nyina ara de repɛ ahonya, ɛne deɛ wɔasi de repɛ tumi wɔ honam mu, ne deɛ wɔasi de repɛ edinbɔ wɔ nnipa ani so, ne wɔn a wɔhwehwɛ honam akɔnnɔ ne wiase nneɛma; na wɔyɛ amumuyɛ ahodoɔ nyina ara; aane, yɛbɔ no tɔfa a, wɔn a wɔdɔm ɔbonsam aheman no ne wɔn a etwa sɛ wɔsuro, na wɔn ho hinhim na wɔwoso; wɔn ne nkurɔfoɔ a ɛwɔ sɛ wɔbrɛ wɔn ase hyɛ nnɛteɛ mu; wɔn ne nkurɔfoɔ a ɛwɔ sɛ wɔhye wɔn sɛ aburo nnua a awoɔ, na saa na nkɔmhyɛni no nsɛm no teɛ.

24 Na mmerɛ no reba ntɛm a wɔbɛdi ateneneefoɔ no anim sɛ anantwie mma wɔ ebuo mu, na Israel Kronkroni no bɛdi hene kokoroko mu, katakyie so, tumi, ne animuonyam kɛseɛ mu.

25 Na ɔboaboa ne mma ano firii wiase afanan nyina ara mu; na ɔkan ne nnwan, na wɔnim no; na wɔbɛyɛ nnwankuo baako; ne odwanhwɛfoɔ baako; na ɔbɛyɛn ne nnwan, na ne mu na wɔbɛnya adidibea.

26 Na ɛnam ne nkurɔfoɔ no teneneeyɛ nti, Ɔbonsam no nni tumi; ɛno nti, ɔrensane no mfie bebree mu; ɛfiri sɛ onni tumi wɔ nkurɔfoɔ no akoma so; ɛfiri sɛ wɔtease wɔ teneneeyɛ mu, na Israel Kronkroni no na ɔdi hene.

27 Na afei hwɛ, me, Nifae, mese mo sɛ ɛtwa sɛ saa nneɛma yi nyina ara ba mu sɛdeɛ honam afa mu teɛ no.

28 Mmonhwɛ, sɛ aman, mmusuakuo, kasa ahodoɔ ne nnipa nyina ara sakyera a wɔbɛtena asomdwoeɛ mu wɔ Israel Kronkroni no mu.

29 Na afei, me, Nifae, mede me kasa aba awieɛ; ɛfiri sɛ me nni ho kwan sɛ meka saa nneɛma yi ho nsɛm pii bio saa mmerɛ yi.

30 Ɛno nti, me nuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ nneɛma a wɔatwerɛ wɔ yaawa mprɛte no so no yɛ nokware; na edi adanseɛ sɛ etwa sɛ nipa yɛ setie ma Onyankopɔn mmaransɛm no.

31 Ɛno nti, mma monnwene sɛ me ne m’agya nko ara na yɛadi adanseɛ na yɛakyerɛkyerɛ nneɛma a ɛwɔ mprɛte no so nso. Ɛno nti, sɛ mo yɛ setie ma mmaransɛm no, na mo si apinee kɔsi awieɛ a, ɛda a ɛdi akyire yi mu no wɔbɛgye mo nkwa. Na sei na ɛteɛ. Amen.