Twerɛnsɛm
1 Nifae 13


Ti 13

Nifae hunu wɔ anisoadehunu mu sɛ wɔate ɔbonsam asɔre wɔ Amanamanmufoɔ no mu, Amɛrika nhunuiɛ a ɛdi kan, ne ɛhyɛ a ɔbɛhyɛ amanfoforɔ ase, Twerɛ Kronkron no baabi a ɛyɛ pefee na ɛsombo bebree yera, Amanamanmufoɔ ɔwaeɛ no ho nsunsuansoɔ, Asɛmpa no mmaeɛ bio, ɛda a ɛdi akyire no mu twerɛsɛm no mmaeɛ ne Sion nkyekyerɛɛe. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ! Na mehwɛɛe na mehunu aman ne aheman bebree.

2 Na ɔsoro bɔfoɔ no bisaa me sɛ: ɛdeɛn na wohunu yi? Na me see sɛ: mehunu aman ne aheman bebree.

3 Na ɔsee me sɛ: Yei ne aman ne Amanamanmufoɔ aheman.

4 Na ɛbaa sɛ mehunuu wɔ Amanamanmufoɔ no aman no mu sɛ wakyekyere asɔre kɛseɛ bi.

5 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ asɔre a ɛyɛ akyiwadeɛ kyɛn nsɔre nyina ara, a ɛkumm Onyankopɔn ahoteɛfoɔ, aane, na ɔyɛe wɔn ayakayakadeɛ, na ɔkyekyeree wɔn, na ɔde dadeɛ kɔnnua toto wɔn twee wɔn kɔɔ nnɔmum mu.

6 Na ɛbaa sɛ mehunu saa asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no, na mehunu sɛ ɔbonsam na ɔteeɛ.

7 Na mehunu sika kɔkɔɔ nso, ne dwetɛ, ne nserekye, ne ntoma kɔkɔɔ ne ntomapa fitaa ne ntomatam a ɛsombo nso; na me hunu adwamammɔfoɔ bebree.

8 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne nserekye, ne ntoma kɔkɔɔ, ne ntomapa fitaa ne ntomatam a ɛsombo, ne adwamammɔfoɔ yi yɛ saa asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ yi akɔnnɔdeɛ.

9 Na bio, ewiase ayɛyie a wɔrehwehwɛ nti, wɔsɛe Onyankopɔn ahoteɛfoɔ, na wɔde wɔn ba nnɔmum mu.

10 Na ɛbaa sɛ mehwɛɛe na mehunu nsuwa bebree, na na wakyɛ Amanamanmufoɔ no afiri me nuanom asefoɔ no ho.

11 Na ɛbaa sɛ ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ wɔ wo nuanom asefoɔ so.

12 Na mehwɛɛe na mehunu ɔbarima bi wɔ Amanamanmufoɔ no mu, na nsuwa bebree no ate no afiri me nuanom asefoɔ ho, na mehunu Onyankopɔn Honhom sɛ asiane fam abɛhyɛ ɔbarima no mu; na ɔfaa nsuwa no so kɔɔ me nuanom asefoɔ no a wɔn wɔ bɔhyɛ asaase no so.

13 Na ɛbaa sɛ mehunu Onyankopɔn Honhom sɛ abɛhyɛ Amanamanmufoɔ nkaaɛ no mu; na wɔfaa nsuwa bebree no so firii nnɔmum mu.

14 Na ɛbaa sɛ mehunu nkurɔfoɔ akuokuo a wɔn yɛ Amanamanmufoɔ wɔ bɔhyɛ asaase no so; na mehunu Onyankopɔn abufuhyeɛ sɛ aba me nuanom asefoɔ no so; na wɔabɔ wɔn apete wɔ Amanamanmufoɔ no anim akumkum wɔn.

15 Na mehunu Awurade Honhom sɛ aba Amanamanmufoɔ no so, na wɔn ase adɔre ayɛ frɔmfrm na wɔn nsa aka asaase no de ayɛ wɔn agyapadeɛ; na mehunu sɛ wɔn yɛ fitaa, na wɔn ho nso ayeyɛ fɛ yie sɛdeɛ na me nkurɔfoɔ no teɛ ansa na wɔrebɛkumkum wɔn no.

16 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mehunuu sɛ Amanamanmufoɔ no a wɔn firii nnɔmum mu baeɛ no brɛɛ wɔn ho ase wɔ Awurade anim; na na Awurade tumi wɔ wɔn so.

17 Na mehunu sɛ na Amanamanmufoɔ maame no aboaboa wɔn ano wɔ asuosuo no so ne asaase no nso so, sɛ wɔ ne wɔn rebɛko.

18 Na mehunu sɛ Onyankopɔn tumi no ka wɔn ho, na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso wɔ wɔn a waboaboa wɔn ano sɛ wɔ ne wɔn rebɛko no so.

19 Na me, Nifae, mehunu sɛ Onyankopɔn tumi no agye Amanamanmufoɔ no a wɔfirii nnɔmum mu no afiri aman ahodoɔ a aka no nsa mu.

20 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mehunuu sɛ wɔayɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so; na mehunu nwoma bi sɛ ɛso wɔn wɔ wɔn mu.

21 Na ɔsoro bɔfoɔ no kakyerɛɛ me sɛ: wonim nwoma yi asekyerɛ?

22 Na me see no sɛ: Mennim.

23 Na ɔkaa sɛ: Hwɛ ɛfiri Yudani no anom na ɛbaaɛ. Na me, Nifae, mehwɛɛe; na ɔsee me sɛ: Nwoma a wohunu yi yɛ Yudafoɔ ho twerɛtohɔsɛm, a ɛkuta Awurade apam a ɔyɛ maa Israel fiefoɔ no ho; na nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nkɔmhyɛ no nso bebree wɔ mu, na ɛte sɛ twerɛtohɔsɛm no a wakrukyire wɔ yaawa mprɛte so no, nsakraɛ a ɛwɔ mu ara ne sɛ emu nsɛm no nnɔɔso; nanso, Awurade apam no a ɔyɛ maa Israel fiefoɔ no na ɛwɔ mu; ɛno nti ɛsombo kɛseɛ ma Amanamanmufoɔ no.

24 Na Awurade bɔfoɔ no see me sɛ: Woahunu sɛ nwoma no firi Yudani anom na ɛbaaɛ; na mmerɛ a ɛfirii Yudani anom baaeɛ no na Awurade asɛmpa no a ahyɛ ma no na ɛwɔ mu, ɛno na asuafoɔ dummienu no di ho adanseɛ; na wɔnam nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Adwammaa no mu no di adanseɛ.

25 Saa nti nneɛma yi firi Yudafoɔ hɔ wɔ ahoteɛ mu na wɔde maa Amanamanmufoɔ, sɛdeɛ nokware no teɛ wɔ Onyankopɔn mu.

26 Na akyire yi no sɛ nsɛm yi firi kɔ Adwammaa no asuafoɔ dumienu no nsa mu ba Amanamanmufoɔ no hɔ a, wobɛhunu saa asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ a wateɛ a n’akyiwadeɛ kɛseɛ boro nsɔre nyina ara so no; na hwɛ, wayi Adwammaa no asɛmpa no mu nsɛm bebree a ɛda nneɛma adi pefee ne deɛ ɛsombo kɛseɛ no nyina ara afiri mu; ɛne Awurade apam no mu bebree nso na wɔayi afiri mu.

27 Na wɔyɛɛ yeinom nyina ara sɛ wɔdebɛdane Awurade nokware akwan no, ama wɔde afira wɔn ani na ayɛ nnipa mma akoma den.

28 Eno nti, sɛ nwoma no fa asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nsa mu wie akyire yi no a, na wobɛhunu sɛ wayiyi nneɛma bebree a ɛyɛ pefee na ɛsombo a ɛyɛ Onyankopɔn Adwammaa no nwoma no mu no afiri mu.

29 Na wɔyiyii saa nneɛma a ɛyɛ pefee na ɛsombo firii mu no akyire yi no, ɛkɔɔ Amanamanmufoɔ aman mu nyina ara, na wɔde kɔɔ Amanamanmufoɔ aman nyina ara hɔ akyire yi no, aane, mpo wɔde twaa nsuwa bebree a wohunu no wɔ Amanamanmufoɔ no a wɔfirii nnɔmum mu baaeɛ no, na wohunu—ɛnam nneɛma bebree a ɛyɛ pefee na ɛsombo no a afiri nwoma no mu no, a na ɛyɛ pefee ma nnipa mma nteaseɛ, sɛdeɛ ne pefeeyɛ tɛ wɔ Onyankopɔn Adwammaa mu no—ɛnam saa nneɛma a wayiyi afiri Adwammaa no asɛmpa no mu no nti, dodoɔ no kɛseɛ no ara sunti, aane, ɛnam saa nti ɔbonsam anya tumi kɛseɛ wɔ wɔn so.

30 Nanso wahunu sɛ Amanamanmufoɔ no a wɔfirii nnɔmum mu baaeɛ no a Onyankopɔn tumi ama wɔn so aboro aman nkaaɛ no nyina ara mu no, a ɛyɛ asaase a ɛyɛ kyɛn nsaase nyina ara a Awurade Nyankopɔn ne w’agya kɔɔ ho apam sɛ n’asefoɔ bɛfa de ayɛ wɔn agyapadeɛ asaase no nti, wohunu sɛ Awurade Nyankopɔn mma kwan mma Amanamanmufoɔ nsɛe wɔn a wɔafrafra wasefoɔ a wɔwɔ wo nuanom no mu no koraa.

31 Afei nso ɔremma kwan mma Amanamanmufoɔ no nsɛe wo nuanom asefoɔ.

32 Afei nso Awurade Nyankopɔn renhwɛ mma Amanamanmufoɔ no renka anifira huhuu tebea a wohunu sɛ wɔwɔ mu yi mu afebɔɔ, ɛfiri sɛ Adwammaa no asɛmpa no mu deɛ ɛyɛ pefee na ɛsombo kɛseɛ no a akyiwadeɛ asɔre no de siee a ne nkyekyerɛɛe ahyɛaseɛ no na wahunu no.

33 Saa nti Onyankopɔn Adwammaa no se: Mehunu Amanamanmufoɔ no mmɔbɔ, na mede atɛmmuo kɛseɛ aba Israel fiefoɔ nkaaɛ no so.

34 Na ɛbaa sɛ Awurade bɔfoɔ no kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa no se, mesera Israel fiefoɔ nkaeɛ akyire yi—na saa nkaeɛfoɔ no a mereka wɔn ho asɛm no yɛ w’agya asefoɔ—ɛno nti mede atɛmmuo ba wɔn so wie a, na mema Amanamanmufoɔ no de wɔn nsa boro wɔn a, na Amanamanmufoɔ no sunti mmorosoɔ a, ɛnam nneɛma a ɛyɛ pefee paa ara na ɛsombo nso a Adwammaa no asɛmpa no bi a akyiwadeɛ asɔre no de asuma no nti a ɛyɛ adwamammɔfoɔ maame no, saa ara Adwammaa no seɛ—Mehunu Amanamanmufoɔ no mmɔbɔ wɔ saa da no, menam me ara me tumi so de m’asɛmpa no mu pii a ɛbɛyɛ pefee na ɛbɛsombo no bɛma wɔn, saa na Adwammaa no seɛ.

35 Na, hwɛ, saa ara na Adwammaa no seɛ: Mɛda me ho adi akyerɛ w’asefoɔ, ama wɔn atwerɛ nneɛma pii a mederebɛsom wɔn no a ɛbɛyɛ pefee na ɛbɛsombo nso; na w’asefoɔ sɛe no wie na wɔtɔ sini wɔ gyedie mu a, ne wo nuanom asefoɔ nso, hwɛ, wɔde saa nneɛma yi nyina ara bɛsie, na ɛnam Adwammaa no tumi ne n’akyɛdeɛ so ada no adi ama Amanamanmufoɔ no.

36 Na ɛno mu na wɔbɛtwerɛ m’asɛmpa no, Adwammaa no na ɔseɛ, ɛne me botan ne me nkwagyeɛ.

37 Na nhyira nka wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔde me Sion bɛba saa da no mu, ɛfiri sɛ wɔbɛnya ne Honhom Kronkron n’akyɛdeɛ tumi no, na sɛ wɔ si apinee kɔduru awieɛ a, wɔbɛma wɔn so wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu, na wɔbɛgye wɔn nkwa wɔ Adwammaa no aheman no a ɛtehɔ daa no mu; ne deɛ wɔbɛbɔ asomdwoeɛ ho dawuro no, aane, asɛmpa a ɛyɛ ɛdɛ kɛseɛ no, sɛdeɛ wɔbɛyɛ fɛ wɔ mmepɔ no so no.

38 Na ɛbaa sɛ mehunu me nuanom asefoɔ nkaeɛ ne Onyankopɔn Adwammaa no nwoma no nso a ɛfiri Yudani no ano mu sɛ afiri Amanamanmufoɔ no hɔ na aba me nuanom asefoɔ nkaeɛ no hɔ.

39 Na ɛbaa wɔn hɔ akyire yi no, mehunu nwoma afoforɔ nso a ɛnam Adwammaa no tumi so firi Amanamanmufoɔ no hɔ baa wɔn nkyɛn de rebɛhyɛ Amanamanmufoɔ ne me nuanom asefoɔ nkaɛfoɔ no nkuran ne Yudafoɔ no nso a wɔapete wɔ asaase ani nyina ara no, sɛ nkɔmhyɛfoɔ no ne Adwammaa no asuafoɔ dumienu no twerɛtohɔnsɛm no yɛ nokware.

40 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: saa twerɛtohɔnsɛm a edi awieɛ yi a wohunu wɔ Amanamanmufoɔ mu yi bɛda nokware a ɛwɔ deɛ edikan no mu no adi, deɛ ɛyɛ Adwammaa no asuafoɔ dumienu no deɛ no, na ɛbɛda nneɛma no a ɛyɛ pefee na ɛsombo a wayiyi afiri mu no adi; na wɔbɛda no adi akyerɛ mmusuakuo nyina ara, kasa hodoɔ, ne nnipa nyina ara sɛ Onyankopɔn Adwammaa no ne Ɔnniawieɛ Agya no Ba no, ɔno ne wiase Agyenkwa no; na etwa sɛ nnipa nyina ara ba ne hɔ, anyɛ saa a wɔrennya nkwagyeɛ.

41 Na ɛsɛ sɛ wɔ ba sɛdeɛ nsɛm a ɛbɛfiri Adwammaa no anom bɛkyerɛ no; na wɔbɛda Adwammaa no nsɛm no adi wɔ w’asefoɔ twerɛtohɔsɛm mu, ne Adwammaa no asuafoɔ dumienu no twerɛtohɔsɛm no mu; ɛno nti, wɔde ne nyina ara bɛbɔ mu ama no abɛyɛ baako, ɛnam sɛ Onyankopɔn baako ne Odwanhwɛfoɔ baako na ɛwɔ asaase yi nyina ara so.

42 Na mmerɛ no reba sɛ ɔbɛda ne ho adi akyerɛ aman nyina ara, Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ nso; na sɛ ɔda ne ho adi kyerɛ Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ no nso wie a, afei ɔbɛda ne ho adi akyerɛ Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no nso, na wɔn a wɔdi akyire no bedi kan ama adikanfoɔ no abɛdi akyire.