Twerɛnsɛm
1 Nifae 2


Ti 2

Lihae faa n’abusuafoɔ ne wɔn kɔɔ ɛserɛ no a ɛda ɛpo kɔkɔɔ no nkyɛn no so—Wɔgya wɔn agyapadeɛ wɔ hɔ—Lihae bɔ afɔreɛ ma Awurade na ɔkyerɛkyerɛ ne mmammarima no sɛ wɔnni mmaransɛm no so—Laman ne Lemuɛl nwiinwii tia wɔn agya—Nifae yɛ setie na ɔbɔ mpaeɛ wɔ gyedie mu; Awurade kasa kyerɛ no, na ɔyii no sɛ ɔnni ne nuanom so. Bɛyɛ mfinhyia 600 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na hwɛ, ɛbaa sɛ Awurade kasa kyerɛɛ m’agya, aane, wɔ daeɛsoɔ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne wo Lihae, ɛnam nneɛma a wayɛ nti; na ɛnam sɛ wadi nokware na wada nneɛma a meka kyerɛɛ wo no adi akyerɛ nkurɔfoɔ yi nti, hwɛ, wɔrehwehwɛ ayi wo nkwa afiri hɔ.

2 Na ɛbaa sɛ Awurade hyɛɛ m’agya, mpo, wɔ daeɛsoɔ mu sɛ ɔmfa n’abusuafoɔ nyina ara na wɔmfiri hɔ nkɔ ɛserɛ no so.

3 Na ɛbaa sɛ ɔyɛɛ setie maa Awurade asɛm, ɛno nti ɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade ahyɛ no no.

4 Na ɛbaa sɛ ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ no so. Na ɔgyaa ne fie, ne n’agyanom agyapadeɛ asaase, ne sikakɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne ne nneɛma a ɛsombo, na wamfa biribiara anka ne ho gye sɛ n’abusua nko ara, ne nnuane, ne ne ntomadan, na ɔde kɔɔ ɛserɛ no so.

5 Na ɔbaa ɛhyeɛ a ɛbɛn ɛpo kɔkɔɔ no ano hɔ; na ɔtuu kwan wɔ ɛserɛ no ahyeɛ so a ɛbɛn ɛpo kɔkɔɔ no, na ɔne n’abusuafoɔ tuu kwan wɔ ɛserɛ no so, wɔn ne me maame Saraya, ne me nuanom mpanimfoɔ Laman, Lemuel ne Sam.

6 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔtuu kwan nansa wɔ ɛserɛ no so no, ɔsii ne ntomadan wɔ bɔnhwa bi mu wɔ asubɔntene nsuo bi nkyɛn.

7 Na ɛbaa sɛ ɔde aboɔ sii afɔrebokyea, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Awurade, na ɔde aseda maa Awurade yɛn Nyankopɔn.

8 Na ɛbaa sɛ ɔtoo asubɔntene no din Laman, na ɛkɔbɔ Po Kɔkɔɔ no mu; na bɔnhwa no wɔ ɛhyeɛ a ɛbɛn asubɔntene no atifi.

9 Na mmerɛ a m’agya hunuu sɛ asubɔntene no ano bɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, ɔkasa kyerɛɛ Laman see no sɛ: O wo a anka mepɛ sɛ wo yɛ sɛ asubɔntene yi na aberɛ biara watene akɔbɔ nsuo a tenenee nyina ara firi mu.

10 Na ɔkasa kyerɛɛ Lemuel nso sɛ: O wo a anka mepɛ sɛ woyɛ sɛ bɔnhwa yi, na wo gyina pintinn a worenhinhim da na wokora Awurade mmaransɛm no a ɛgyina faako!

11 Na ɔkaa yei ɛnam Laman ne Lemuel akyinnyeɛ nti; na hwɛ wɔnwiinwii tiaa wɔn agya wɔ nneɛma bebree ho, ɛfiri sɛ na ɔyɛ anisoadehunufoɔ nti, na wayi wɔn afiri Yerusalem asaase so ama w’agya wɔn agyapadeɛ asaase, ne wɔn sika kɔkɔɔ, ne wɔn dwetɛ ne wɔn nneɛma a ɛsombo, sɛ wɔmmɛhye wɔ ɛserɛ no so. Na wɔkaa sɛ ɛnam nkwasea nsusuɛ a ɔsusuu wɔ n’akoma mu nti na ama no aba no saa.

12 Na ɛnam sɛ Laman ne Lemuel yɛ mpaninfoɔ nti wɔnwiinwii tiawa wɔn agya. Na wɔnwiinwii ɛfiri sɛ, na wɔnnim Onyankopɔn no a wabɔ wɔn no akwan.

13 Na wɔanye anni nso sɛ Yerusalem, saa kuropɔn no bɛtumi asɛe sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ aka no. Na wɔte sɛ Yudafoɔ no a wɔwɔ Yerusalem no, a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛyi m’agya nkwa afiri hɔ no.

14 Na ɛbaa sɛ m’agya kasa kyerɛɛ wɔn wɔ tumi mu wɔ Lemuel bɔnhwa no mu, mmerɛ a na Honhom ahyɛ no ma kosii sɛ wɔn nnipadua wosoo wɔ n’anim. Na ɔmaa wɔn ho yeraa wɔn, ɛmaa wɔantumi ankasa antia no; nti wɔdii deɛ wɔn agya hyɛɛ wɔn biara so.

15 Na m’agya tenaa ntomadan mu.

16 Na ɛbaa sɛ me Nifae, na me sua koraa, nanso na me ho soso yie, na afei menyaa ɔpɛ kɛseɛ bi sɛ mɛhunu Onyankopɔn asumasɛm, ɛno nti me sufrɛɛ Awurade, na hwɛ ɔbaa me nkyɛn, na ɔbɛbubuu m’akoma na megyee nsɛm a m’agya kaeɛ no nyina ara diiɛ; ɛno nti mante ne so atua sɛdeɛ me nuanom no yɛeɛ no.

17 Na meka kyerɛɛ Sam maa ɔhunuu nneɛma a Awurade nam ne Honhom Kronkron so ada no adi akyerɛ me no. Na ɛbaa sɛ ɔgyee me nsɛm no dii.

18 Nanso hwɛ, Laman ne Lemuel antie m’asɛm; na medii ho anibereɛ, ɛnam wɔn akoma den no nti mesu frɛɛ Awurade maa wɔn.

19 Na ɛbaa sɛ Awurade kasa kyerɛɛ me, kaa sɛ: Nhyira ne wo, Nifae, ɛnam wo gyedie nti, ɛfiri sɛ wabɔ mmɔden de akoma a ɛdwoɔ ahwehwɛ me.

20 Na mmerɛ dodoɔ a wobɛkɔso adi me mmaransɛm so no, wobɛyɛ frɔmfrɔm, na wɔbɛgye wo akɔ bɔhyɛ asaase no so; aane, mpo asaase a masiesie ama wo no so, aane, asaase a ɛyɛ kyɛn nsaase nyina ara no.

21 Na mmerɛ dodoɔ a wo nuanom no bɛkɔ so ate wo so atua no, wɔbɛtwa wɔn afiri Awurade anim.

22 Na mmerɛ dodoɔ a wo bɛkɔ so adi me mmaransɛm so no, wɔbɛyɛ wo ɔhwɛsofoɔ ne ɔkyerɛkyerɛni wɔ wo nuanom so.

23 Na hwɛ, ɛda a wɔbɛte me so atua no mɛdome wɔn de nnomee kɛseɛ aba wɔn so, na wɔrennya tumi wɔ w’asefoɔ so gye sɛ wɔn nso te me so atua.

24 Na sɛ ɛba sɛ wɔte me so atua a, ɛbɛyɛ asotweɛ ama w’asefoɔ, de akanyan wɔn ama wɔn akae m’akwan.