Twerɛnsɛm
1 Nifae 5


Ti 5

Saraya kasa tia Lihae—Wɔn mmienu di ahurisie sɛ wɔn mmammarima no asan aba—Wɔbɔ afɔreɛ—Mose ne nkɔmhyɛfoɔ no ntwerɛ gu yaawa mprɛte no so—Mprɛte no kyerɛ sɛ, Lihae firi Yosef ase—Lihae hyɛ nkɔm fa n’asefoɔ ne sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔkora mprɛte no ho. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ yɛduruu ɛserɛ no so wɔ yɛn agya nkyɛn no, hwɛ ɛyɛɛ no dɛ, ɛne me maame Saraya nso anigyeɛ mmorosoɔ, ɛfiri sɛ nokware na wasu wɔ yɛn ho.

2 Ɔsusuu sɛ yɛawuwu wɔ ɛserɛ no so hɔ; na afei ɔbɔɔ m’agya soboɔ sɛ ɔyɛ anisoadehunu nipa, ɔse; Hwɛ wayi yɛn afiri yɛn agyapadeɛ asaase so, na me mmammarima nni hɔ bio, ama yeahye wɔ ɛserɛ yi so.

3 Na saa kasa yi na me maame fa bɔɔ m’agya soboɔ.

4 Na na aba sɛ m’agya akasa akyerɛ no sɛ, menim sɛ meyɛ anisoadehunu nipa mapa, na sɛ Onyankopɔn anna ne nneɛma adi ankyerɛ me wɔ anisoadehunu mu a, anka manhunu Onyankopɔn papayɛ, na anka ɛbɛma m’atena Yerusalem, na me ne me nuanom ayera.

5 Na hwɛ manya bɔhyɛ asaase, yei mu na midii dɛ ampa, aane na menim sɛ Awurade bɛgye me mmammarima no afiri Laban nsa mu na ɔde wɔn abrɛ yɛn bio wɔ ɛserɛ no so.

6 Na saa kasa yi na m’agya Lihae, de kyekyeree me maame Saraya werɛ wɔ yɛn ho wɔ mmerɛ a yɛtuu kwan wɔ ɛserɛ no so kɔɔ Yerusalem asaase so sɛ yɛrekɔgye Yudafoɔ ho ntwerɛtohɔsɛm no.

7 Na yɛsan baa m’agya ntomadan mu bio no, hwɛ wɔn dɛ hyɛɛ mma na me maame werɛ kyekyereeɛ.

8 Na ɔkasa kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Awurade na ɔhyɛɛ mekunu sɛ ɔnwane mmra ɛserɛ yi so; ampa na mahunu nso sɛ Awurade na wagye me mmammarima yi afiri Laban nsa mu, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa nni dwuma a Awurade ahyɛ wɔn no. Na saa nsɛm yi na ɔkaaɛ.

9 Na ɛbaa sɛ wɔn ahurisie borooso, na ɔbɔɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ maa Awurade; na wɔde naaseɛ maa Israel Nyankopɔn.

10 Na wɔde aseda maa Israel Nyankopɔn wieeɛ no, agya Lihae faa twerɛtohɔsɛm a wakrukyire agu yaawa mprɛte so no, ɔhwehwɛɛ mu firii ahyɛaseɛ.

11 Na ɔhunuu sɛ Mose nwoma num no a ɛkyerɛ sɛdeɛ wosi bɔɔ wiase, ne Adam ne Hawa, a wɔn yɛ yɛn awofoɔ a wɔdi kan no ho nsɛm wɔ so.

12 Afei twerɛtohɔsɛm a ɛfa Yudafoɔ ho, ɛfiri Sedekia, Yudahene no ahennie ahyɛaseɛ wɔ so.

13 Na afei nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nso nkɔmhyɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ dekɔsi Sedekia mmerɛ so ahyɛaseɛ, ɛna nkɔmhyɛ pii nso a ɛfiri Yeremia ano mu nso wɔ so.

14 Na ɛbaa sɛ m’agya Lihae hunuu n’agya abusuasantene no nso wɔ yaawa mprɛte no so; ɛno nti ɔhunuu sɛ ɔyɛ Yosef aseni; aane, mpo saa Yosef no a ɔyɛ Yakob babarima no a wɔtɔnn no kɔɔ Misraim no, ɔno a Awurade de ne nsa koraa no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nso bɛkora n’agya Yakob ne ne fiefoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkɔm nhye wɔn ase.

15 Na ɔsan yii wɔn nso firii nnɔmum mu firii Misraim asaase so a ɛno nti Onyankopɔn korɔ no ara na ɔkoraa wɔn.

16 Na ɛno nti m’agya, Lihae, nam so de hunuu n’agyanom abusuasantene no. Na Laban nso yɛ Yosef aseni, ɛno nti na ɔno ne n’agyanom de twerɛtohɔsɛm no sieeɛ.

17 Na mmerɛ a m’agya hunuu saa nneɛma yi nyina ara no, Honhom no hyɛɛ no ma, na ɔhyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm a ɛfa n’asefoɔ ho.

18 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa yaawa mprɛte no bɛkɔ aman, mmusuakuo, kasa hodoɔ ne nnipa nyina ara a wɔn firi n’ase no hɔ.

19 Ɛno nti, ɔkaa sɛ saa yaawa mprɛte yi, ɛnsɛ sɛ ɛsɛe; na ɛnsɛ sɛ wɔsɛe no dabiarada. Na ɔhyɛɛ nkɔm pii a ɛfa n’asefoɔ ho.

20 Na ɛbaa sɛ mmerɛ tentene yi nyina ara no, me ne m’agya, dii mmaransɛm a Awurade de hyɛɛ yɛn no so.

21 Na yɛnyaa twerɛtohɔsɛm no a Awurade ama yɛn ho mmaransɛm no, na yɛahwehwɛ mu ahunu sɛ ɛho hia; anna, ɛsombo kɛseɛ ma yɛn, ɛno nti yɛbɛkora Awurade mmaransɛm no ato hɔ ama yɛn mma.

22 Ɛno nti ɛyɛ adeɛ a ɛtene wɔ Awurade hɔ sɛ yɛde bɛtu yɛn kwan wɔ ɛserɛ no so akɔ asaase a ɔhyɛɛ yɛn bɔ no so.