Twerɛnsɛm
1 Nifae 14


Ti 14

Ɔbɔfoɔ bi ka nhyira ne nnomee a ɛrebɛba Amanamanmufoɔ so kyerɛ Nifae—Asɔre mmienu pɛ na ɛwɔ hɔ: Onyankopɔn Adwammaa no Asɔre ne ɔbonsam asɔre–Asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no taataa Onyankopɔn Ahoteɛfoɔ a wɔwɔ aman nyina ara mu—Osuafoɔ Yohane bɛtwerɛ nneɛma a ɛfa ewiase awieɛ ho. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbɛba sɛ, sɛ Amanamanmufoɔ no bɛtie Onyankopɔn Adwammaa no wɔ ɛda no a ɔbɛda ne ho adi akyerɛ wɔn no wɔ nkasaɛ mu, ne tumi nso mu ne nneyɛɛ nso mu, derebɛyi wɔn suntidua no afiri hɔ—

2 Na wɔanyɛ wɔn akoma denden antia Onyankopɔn Adwammaa no a, wɔbɛkan wɔn afera w’agya asefoɔ; aane, wɔbɛkan wɔn afera Israel fiefoɔ; na wɔbɛyɛ nnipa a wahyira wɔn wɔ bɔhyɛ asaase no so afebɔɔ; wɔrenkɔ nnɔmum mu bio; na Israel fie no nnyɛ basabasa bio.

3 Na saa amena kɛseɛ no a asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no a, ɔbonsam ne ne mma teeɛ no, atu sɛ wɔde bɛtwe nnipa akra akɔ asamando no—aane, saa amena kɛseɛ no a wɔatu sɛ wɔde rebɛsɛe nnipa no, wɔn a wɔtuuɛ no ara na wɔbɛhyɛ no ma, wɔ wɔn ɔsɛeekɛseɛ mu, Onyankopɔn Adwammaa no na ɔseɛ; ɛnyɛ ɔkra no sɛe, gye sɛ wato no atwene asamando a ɔnni awieɛ no mu.

4 Na hwɛ, saa ara na ɔbonsam no nnɔmumfa teɛ, ɛna ɛsono sɛdeɛ Onyankopɔn nso nokware teɛ wɔ wɔn a wɔbɛyɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwasɛm wɔ n’anim no.

5 Na ɛbaa sɛ ɔsoro bɔfoɔ no kasa kyerɛɛ me Nifae, sɛ: Wahunu sɛ Amanamanmufoɔ no sakyera wɔn adwene a ɛbɛsi wɔn yie, na wonim deɛ ɛfa apam a Awurade ne Israel fiefoɔ afa no nso ho; na wate nso sɛ obiara a wansakyeraɛ no ɔbɛsɛe.

6 Ɛno nti, mmusuo nka Amanamanmufoɔ no sɛ ɛkɔba no sɛ wɔyɛ wɔn akoma denden tia Onyankopɔn Adwammaa no.

7 Na mmerɛ no reba, Onyankopɔn Adwammaa no na ɔseɛ, sɛ mɛyɛ nwuma a ɛso na ɛyɛ nnwanwa wɔ nnipa mma mu; nwuma a ɛbɛtena hɔ daa, wɔ ɛfa bi anaa ɛfa baako no—sɛdeɛ ɛbɛyɛ nkuranhyɛ a ɛde asomdwoeɛ ne nkwa a ɛnniawieɛ bɛbrɛ wɔn, anaa sɛ, sɛdeɛ ɛbɛgye wɔn afiri wɔn akomaden ne wɔn adwene a ɛso akata no a ɛde wɔn kɔ nnɔmum mu no, ɛna ɔsɛe nso mu, honam ne sunsum afam nyina ara, sɛdeɛ ɔbonsam nnɔmumfa no a maka ho asɛm teɛ no.

8 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔsoro bɔfoɔ no kaa saa nsɛm yi akyire yi no ɔsee me sɛ: Wokae apam no a Agya no ne Israel fiefoɔ diiɛ no? Meka kyerɛɛ no sɛ, Aane.

9 Na ɛbaa sɛ ɔsee me sɛ: Hwɛ, na hunu asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no a ɛyɛ akyiwasɛm nyina ara maame no, a ne fapem ne ɔbonsam no.

10 Na ɔsee me sɛ: Hwɛ aka asɔre mmienu pɛ; baako ne Onyankopɔn Adwammaa no asɔre no, ɛna baako no nso ne ɔbonsam asɔre no, ɛno nti obiara a ɔnnɔm Onyankopɔn Adwammaa no asɔre no, na ɛneɛ na ɔdɔm asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwasɛm nyina ara maame no; na ɔyɛ ɔdwamammɔni wɔ asaase so nyina ara no.

11 Na ɛbaa sɛ mehwɛɛe na mehunu asaase nyina ara so ɔdwamammɔni no, na ɔte nsuwa bebree so; na ɔwɔ tumi wɔ asaase nyina ara so, wɔ aman, mmusuakuo, kasa hodoɔ ne nnipa nyina ara mu.

12 Na ɛbaa sɛ mehunu Onyankopɔn Adwammaa no asɔre no, na emu nnipa no sua, ɛnam ɔdwamammɔni no a ɔtenaa nsuwa bebree so no atirimuɔdensɛm ne n’akyiwasɛm, nanso, mehunu sɛ Adwammaa no asɔre no a ɛmu nnipa yɛ Nyankopɔn ahoteɛfoɔ no nso wɔ asaase no nyina ara ani so, na wɔn tumi a wɔwɔ wɔ asaase ani so no sua, ɛnam ɔdwamammɔni kɛseɛ no awudie no a mehunu no.

13 Na ɛbaa sɛ mehunu sɛ akyiwasɛm nyina ara maame no aboaboa nkurɔfoɔ akuokuo a ɛwɔ asaase nyina ara ani no ano wɔ Amanamanmufoɔ no aman aman no nyina ara mu, sɛ wɔrebɛko atia Onyankopɔn Adwammaa no.

14 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mehunuu Onyankopɔn Adwammaa no tumi, sɛ asane aba Adwammaa no asɔremma a wɔyɛ ahoteɛfoɔ no so ne Awurade apam nkurɔfoɔ no a wapete wɔ asaase nyina ara ani so no; na na wɔde tenenee akodeɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu.

15 Na ɛbaa sɛ mehunu Onyankopɔn abufuo sɛ ahwie agu asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no so ama akokoakoko ne ako nka ahyɛ amanaman nyina ara ne mmusuakuo a ɛwɔ asaase nyina ara so ma.

16 Na mmerɛ a akokoakokoɔ ne ako nka hyɛɛ aseɛ wɔ aman nyina ara a ɛyɛ akyiwasɛm maame no deɛ no, ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn abufuhyeɛ aba adwamammɔfoɔ maame no so; na hwɛ, wahunu saa nneɛma yi nyina ara—

17 Na ɛda no bɛba a Onyankopɔn bɛhwie n’abufuhyeɛ agu adwamammɔfoɔ maame no so, ɔno a ɔyɛ asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no a ɛwɔ asaase nyina ara so no, deɛ ɔbonsam yɛ ne fapem no, ɛda no na Agya no bɛhyɛ n’adwuma ase, de asiesie kwan ama n’apam no aba mu, deɛ ɔne ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ Israel fiefoɔ yɛɛe no.

18 Na ɛbaa sɛ ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ!

19 Na mehwɛɛe na mehunu ɔbarima bi, a na ɔhyɛ ataadeɛ fitaa.

20 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ Adwammaa n’asuafoɔ dumienu no mu baako.

21 Hwɛ, ɔbɛhunu na watwerɛ nneɛma yi mu deɛ aka akyire no; aane, ɛne nneɛma bebree nso a asi nyina ara.

22 Na ɔbɛtwerɛ deɛ ɛfa wiase awieɛ nso ho.

23 Ɛno nti, deɛ ɔbɛtwerɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware; na hwɛ wɔatwerɛ no wɔ nwoma no a wohunu sɛ ɛfiri Yudani no ano mu no mu; na mmerɛ no a ɛfirii Yudani no ano mu no anaa sɛ mmerɛ a nwoma no firii Yudani no anom no, nneɛma no a na wɔatwerɛ no yɛ pefee na efii biara nni ho na ɛsombo mapa na ɛmu yɛ mmerɛ sɛ nnipa nyina ara bɛte aseɛ.

24 Na hwɛ, nneɛma a Adwammaa no suafoɔ yi bɛtwerɛ no yɛ nneɛma bebree a wo ara wahunu; na hwɛ deɛ aka no nyina ara nso wo bɛhunu.

25 Mmom nneɛma a wo bɛhunu no akyire yi no ntwerɛ; na Awurade Nyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ ama Onyankopɔn Adwammaa suafoɔ no sɛ ɔno na ɔntwerɛ.

26 Na ebinom nso wɔ hɔ a wɔayi nneɛma nyina ara akyerɛ wɔn ama wɔatwerɛ; na wasɔ ano ara de akɔsi sɛ wɔbɛyi apue wɔ ahoteɛ mu sɛdeɛ nokware no teɛ wɔ Adwammaa no mu, na Awurade no ara ne mmerɛ a ɛsɛ mu na ɔde bɛma Israel fiefoɔ.

27 Na me, Nifae, metee na medi ho adanseɛ sɛ Adwammaa no suafoɔ no din de Yohane, sɛdeɛ ɔsoro bɔfoɔ no asɛm no teɛ.

28 Na hwɛ, me, Nifae wabra me sɛ mma mentwerɛ nneɛma a aka no a me hunu na meteeɛ no; saa nti deɛ matwerɛ yi so me; na matwerɛ nneɛma a mehunu no fa kakraa bi.

29 Na medi adanseɛ sɛ mehunuu nneɛma a m’agya hunu no, na Awurade bɔfoɔ no na ɛmaa me hunu.

30 Na afei mede me kasa no aba awieɛ wɔ deɛ ɛfa nneɛma a mehunu wɔ mmerɛ no a honhom no de mekɔeɛ no; na sɛ nneɛma a me hunu nyina ara no, wɔantwerɛ a, deɛ matwerɛ yi yɛ nokware. Na sei na ɛteɛ. Amen.