Twerɛnsɛm
1 Nifae 12


Ti 12

Nifae nya yikyerɛ wɔ bɔhyɛ asaase no ho; teneneeyɛ, amumuyɛ no ne emu nnipa ahweaseɛ; Onyankopɔn Adwammaa no mmaeɛ wɔ wɔn mu; ɛkwan a Akyidifoɔ Dumienu no ne Asuafoɔ Dumienu no bɛfa so abu Israel atɛn; ne wɔn a wɔtɔsini wɔ gyedie mu no nwuma ne efii tebea a wɔwɔ mu. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ ɔbɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ, na hunu w’asefoɔ, ne wo nuanom nso asefoɔ. Na mehwɛɛe, na mehunu bɔhyɛ asaase no, ɛna mehunu nkurɔfoɔ akuokuo, aane, na wɔn dodoɔ dɔɔso kyɛ ne mpoano anwea mpo.

2 Na ɛbaa sɛ mehunu nkurɔfoɔ akuokuo sɛ waboa wɔn ano rekɔko atia wɔn ho; na mehunu ako, na metee akokoakoko nka, ne awudie pii a wɔde afena dii wɔ me nkurɔfoɔ no mu.

3 Na ɛbaa sɛ me hunu awoɔntoatoasoɔ bebrebee a atwa mu kɔ, ɛnam akokoakoko ne apereapereɛ a ɛwɔ asaase no so nti; na mehunu nkuropɔn bebree, aane, a mantumi ankan mpo.

4 Na ɛbaa sɛ mehunu esum wisiwisi wɔ bɔhyɛ asaase no ani so; na mehunu anyinam ɛna metee apranaa ne asaase wosoɔ ne dede denden ahodoɔ nyina ara bi nka; na mehunu asaase ne mmotan sɛ apaepaee; na mehunuu mmepɔ sɛ ɛredwiridwiri gu; na mehunu asaase sɛ apaepaee; na mehunu nkuropɔn bebree a amemem; na mehunuu bebree a egya ahye wɔn; na mehunuu bebree nso a asaase wosoɔ nti adwiridwiri agu asaase so.

5 Na ɛbaa sɛ mehunu saa nneɛma no akyire yi no, me hunu tutuo kumɔɔ, sɛ ɛfiri asaase aniso rekɔ; na hwɛ, mehunuu nkurɔfoɔ akuokuo a wɔnhwehwee asɛe, ɛnam Awurade ntɛmmuo kɛseɛ huhuu no nti.

6 Na mehunu sɛ ɛsoro abue, na Onyankopɔn Adwammaa no firi soro resane; na ɔbaa fam bɛyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn.

7 Na mehunui nso na medii adanseɛ sɛ Honhom Kronkron no baa dumienu afoforɔ nso so; na Onyankopɔn hyɛɛ wɔn asɔfoɔ na ɔpaa wɔn.

8 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ Adwammaa no akyidifoɔ dumienu no a wayi wɔn sɛ wɔmmɛsom wasefoɔ no.

9 Na ɔsee me sɛ: Na wokae Adwammaa no asuafoɔ dumienu no? Hwɛ ɛyɛ wɔn na wɔbɛbu Israel abusua dumienu no atɛn; ɛno nti wɔbɛbu w’asefoɔ asɔfoɔ edumienu no atɛn; ɛfiri sɛ moyɛ Israel fiefoɔ.

10 Na saa asomafoɔ dumienu a wohunu wɔn yi na wɔbɛbu wasefoɔ atɛn. Na hwɛ wɔyɛ tenenee afebɔɔ; na ɛnam wɔn gyedie wɔ Onyankopɔn Adwammaa no mu no nti, wasi wɔn ntoma ama ayɛ fitaa wɔ ne mogya no mu.

11 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ! Na mehwɛɛe, na mehunuu awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa a atwa mu kɔ wɔ teneneeyɛ mu no: na wɔn ntoma yɛ fitaa mpo te sɛ Onyankopɔn Adwammaa deɛ no. Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Wayɛ yeinom fitaa wɔ Onyankopɔn Adwammaa no mogya no mu ɛnam wɔn gyedie a ɛwɔ ne mu no nti.

12 Na me, Nifae, me nso me hunu awoɔntoatoasoɔ a ɛtɔ so nan no mu bebree a wɔn atwa mu kɔ wɔ tenenee mu.

13 Na ɛbaa sɛ mehunu asaase no so nkurɔfoɔ akuokuo a wɔaboa wɔn ano.

14 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ w’asefoɔ, ne wo nuanom nso asefoɔ.

15 Na ɛbaa sɛ mehwɛɛe na mehunu me nuanom asefoɔ sɛ wɔaboaboa wɔn ano nkurɔfoɔ akuokuo sɛ wɔrebɛko.

16 Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ, nsuo potɔɔ asubura no a w’agya hunu no nie; aane, asubɔntene no a ɔkaa ho asɛm no; na ne bunu no ne asamando bunu no.

17 Na ɛbɔ kumɔɔ no yɛ ɔbonsam nsɔhwɛ a efira ani, na ɛma nnipa mma akoma yɛ den, na ɛde wɔn fa ɛkwan a ɛtrɛ mu ma wɔwu na wɔsɛe.

18 Na ɛdan kɛseɛ a emu baeɛ no a w’agya hunuuɛ no yɛ nsusuhunu ne nnipa mma ahomasoɔ. Ekuu kɛseɛ a ɛyɛ hu bi da wɔn ntam; aane, Ɔnniawieɛ Nyankopɔn tenenee no ne Mesaia no a ɔyɛ Onyankopɔn Adwammaa no a Honhom Kronkron di ne ho adanseɛ firi wiase ahyɛaseɛ de besi ɛnɛ, na ɛfiri saa mmerɛ yi derekɔsi afebɔɔ.

19 Na mmerɛ a ɔsoro bɔfoɔ no kaa nsɛm yi no, mehwɛɛe na mehunu sɛ me nuanom asefoɔ no ne m’asefoɔ no redi apereapereɛ sɛdeɛ ɔsoro bɔfoɔ no asɛm no teɛ no; na ɛnam m’asefoɔ ahomasoɔ, ne ɔbonsam no nsɔhwɛ nti, mehunu sɛ me nuanom asefoɔ no ahyɛ m’asefoɔ no so.

20 Na ɛbaa sɛ mehwɛɛe na mehunu sɛ me nuanom asefoɔ no adi m’asefoɔ no so nkunim; na nkurɔfoɔ akuokuo no kɔhyɛɛ asaase ani ma.

21 Na mehunu sɛ wɔn aboaboa wɔn ano nkurɔfoɔ akuokuo; na mehunu ako na metee akokoakoko nka wɔ wɔn mu; na ako mu ne akokoakoko nka na mehunuu awoɔntoatoasoɔ bebree a atwa mu kɔ.

22 Na ɔsoro bɔfoɔ no see me sɛ: Hwɛ yeinom nyina ara bɛtɔ sini wɔ gyedie mu.

23 Na ɛbaa sɛ wɔtɔɔ sini wɔ gyedie mu akyire yi no, me hunu sɛ wɔn bɛyɛɛ tumm, yɛɛ anihafoɔ ne nnipa a wɔyɛ fii, na akwadworɔ ne akyiwasɛm ahodoɔ nyina ara ahyɛ wɔn mma.