Twerɛnsɛm
1 Nifae 17


Ti 17

Awurade hyɛ Nifae sɛ ɔmpam ɛhyɛn—Ne nuanom tia no—Ɔka abakɔsɛm a ɛfa sɛdeɛ Onyankopɔn si ne Israel nante kyerɛ wɔn de tu wɔn fo—Onyankopɔn tumi hyɛ Nifae ma—Onyankopɔn hyɛ ne nuanom sɛ mma wɔmmfa wɔn nsa nka no, anyɛ saa a wɔbɛte agu sɛ ahaban wuɛ. Bɛyɛ mfinhyia 592–591 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ yɛtoaa yɛn akwantuo no so bio wɔ ɛserɛ no so; na ɛfiri saa mmerɛ no derekɔ no yɛde yɛn ani kyerɛɛ apueɛ fa mu. Na yɛnantee na yɛfaa amanehunu pii mu wɔ ɛserɛ no so; na yɛn mmaa no wowoo mma wɔ ɛserɛ no so.

2 Na Awurade nhyira a ɛbaa yɛn so no yɛɛ kɛseɛ, na na yɛgu so redi ɛnammono wɔ ɛsrɛ no so saa mmerɛ no nti no yɛn mmaa no nyaa nufusuo pii maa wɔn mma, na wɔn ho yɛɛ den, aane tesɛ marima mpo; na wɔhyɛɛ aseɛ tuu wɔn kwan a wɔn anwiinwii.

3 Na saa nti yɛhunu sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mmaransɛm hyɛ ma. Na sɛ ɛba sɛ nnipa mma di Onyankopɔn mmaransɛm so a, ɔma wɔn yɛ frɔmfrɔm na ɔhyɛ wɔn den, na ɔkyerɛ wɔn kwan a wɔbɛtumi afa so de adi dwuma a wahyɛ wɔn no; ɛno nti, ɔno ara na ɔkyerɛɛ yɛn kwan maa yɛfaa so tuu yɛn kwan wɔ mmerɛ a na yɛwɔ ɛserɛ no so no.

4 Na yɛtenaa ɛserɛ no so mfie kakra, aane mpo mfinhyia nnwɔtwe.

5 Na yɛbaa asaase bi a ɛnam sɛ nnuaba pii ne ɛwoɔ nso wɔ hɔ no nti yɛtoo no din Dodoɔ na Awurade siesiee saa nneɛma yi nyina ara maa yɛn na amma yɛn ansɛe. Na yɛhunu ɛpo, na yɛtoo ne din Irreantum, a n’asekyerɛ ne sɛ nsuwa bebree.

6 Na ɛbaa sɛ yɛsisii yɛn ntomadan wɔ mpoano hɔ; na ɛwɔ mu sɛ yɛhyiaa ɔhaw ne ahokyerɛ bebree deɛ, aane mpo na ɛdɔɔso paa ara a, yɛntumi ntwerɛ ne nyina ara, nanso yɛn ahurisie borooso wɔ mmerɛ a yɛduruu mpoano hɔ no; na yɛfrɛɛ baabi korɔ no sɛ Dodoɔ, ɛnam nnuaba pii a ɛwɔ hɔ no nti.

7 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, metenaa Dodoɔ asaase no so nna bebree akyire yi no, Awurade nne kasa kyerɛɛ me sɛ: Sɔre na kɔ bepɔ no so. Na ɛbaa sɛ mesɔree na mekɔɔ bepɔ no so, na me sufrɛɛ Awurade.

8 Na ɛbaa sɛ Awurade kasa kyerɛɛ me, sɛ: Wobɛfa kwan a merebɛkyerɛ wo yi so apam ɛhyɛn ama mede wo nkurɔfoɔ atwa nsuo yi.

9 Na mekaa sɛ: Awurade ɛhe na mɛkɔ akɔnya dadefuturo na mede ayɛ adwendideɛ de apam saa ɛhyɛn yi a wakyerɛ me sɛ me mpam yi?

10 Na ɛbaa sɛ Awurade kyerɛɛ me baabi a menkɔ nkɔhwehwɛ dadefuturo na memfa nyɛ adwendideɛ.

11 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mede mmoa nwoma yɛɛ afa a, mede behu egya no mu; na meyɛɛ afa a mede behu egya no wieeɛ no, mede aboɔ mmienu twerɛɛe ho ama mede asɔ egya.

12 Ɛnam sɛ na Awurade mmaa yɛn kwan sɛ yɛnsɔ egya dodoɔ wɔ mmerɛ a na yɛnam ɛserɛ no so no; na waka sɛ: mɛma mo aduane ayɛ dɛ, ama moannoa.

13 Na mɛsan ayɛ mo kanea wɔ ɛserɛ no so; na mɛsiesie ɛkwan wɔ mo anim ama mo, sɛ ɛba sɛ modi me mmaransɛm so a; mmerɛ dodoɔ biara a mobɛdi me mmeransɛm so no wɔbɛdi moanim akɔ bɔhyɛ asaase no so; na mobɛhunu sɛ ɛyɛ me na medii mo anim demo kɔɔɛ.

14 Aane, na Awurade kaa bio sɛ: sɛ moduru bɔhyɛ asaase no so a, ɛna mo bɛhunu sɛ me, Awurade, meyɛ Onyankopɔn; na me, Awurade na megyee mo firii ɔsɛee mu; aane sɛ me na meyii mo firii Yerusalem asaase so.

15 Saa nti, me, Nifae, mepɛɛ sɛ mɛdi Awurade mmaransɛm so na metuu me nuanom fo wɔ gyedie mu ne mmɔdenmɔ mu.

16 Na ɛbaa sɛ meyɛɛ adwendideɛ firii dadefuturo no a me nane firii ɛboɔ no mu no.

17 Na me nuanom hunu sɛ mere bɛpam ɛhyɛn no, wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa me, kaa sɛ: Yɛn nua yi yɛ kwasea, na ɔdwene sɛ ɔbɛtumi apam hyɛn; aane, na ɔdwene nso sɛ ɔbɛtumi atwa saa nsuo kɛseɛ yi.

18 Na saa na menuanom kasa tiaa me, na wɔampɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma, ɛnam sɛ wɔn anye anni sɛ mɛtumi apam ɛhyɛn; na wɔanye anni nso sɛ Awurade na ɔmaa me akwankyerɛ no.

19 Na afei ɛbaa sɛ me Nifae, me werɛhooe dodo ɛnam wɔn akoma a na apirim nti; na mmerɛ a wɔhunuu sɛ meredi awerɛhoɔ no, anigyeɛ hyɛɛ wɔn akoma ma na wɔhyɛɛ aseɛ dii ahurisie kɛseɛ, na wɔkaa sɛ: Yɛnim sɛ worentumi mpam hyɛn no ɛnam sɛ yɛnim sɛ, wotɔsin wɔ atɛmmuo mu; ɛno nti, worentumi nnyɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sei.

20 Na wo te sɛ yɛn agya a wadi n’akoma nsusuɛ hunu akyiri no; aane, wadi yɛn anim de yɛn afiri Yerusalem asaase so: na yɛanenam ɛserɛ yi so mfie dodoɔ yi mu; na mmaa berɛɛe wɔ mmerɛ a wɔnyenyem na wawowo mma wɔ ɛserɛ yi so, na wɔahunu amane wɔ nneɛma nyina ara mu, gye owuo nkoa ara; na sɛ wɔwuwuui mpo ansa na wɔrefiri Yerusalem a anka ɛyɛ sen sɛ wɔkɔɔ saa ahohiahia yi mu.

21 Hwɛ, saa mfie bebree yi a yɛahunu amane wɔ ɛserɛ yi so yi yɛ mmerɛ no a, anka yɛbɛtumi asɛpɛ yɛn ho wɔ yɛn ahodeɛ ne yɛn agyapadeɛ asaase so; aane, anka yɛn anibɛgye.

22 Na yɛnim sɛ nkurɔfoɔ a wɔn wɔ Yerusalem asaase no yɛ ateneneefoɔ; ɛfiri sɛ wɔdi Awurade nhyehyɛeɛ ne ntɛmmuo so, ɛne ne mmaransɛm nyina ara so, sɛdeɛ Mose mmara no teɛ; saa nti yɛnim sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔtene; na yɛn agya abu wɔn atɛn, na ɔde yɛn afiri hɔ aba ɛnam sɛ yɛtie n’asɛm nti; aane, na yɛn nua no tesɛ ɔno ara. Na saa kasa yi na me nuanom kaae de nwiinwii debɔɔ yɛn soboɔ.

23 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mekasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Mogyedi sɛ yɛn agyanom a wɔyɛ Israelmma no sɛ anka wɔantie Awurade asɛm a anka wɔbɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ no nsa mu?

24 Aane, modwene sɛ, sɛ Awurade anhyɛ Mose sɛ ɔnyi wɔn mfiri nkoasom mu a, anka ɔbɛyi wɔn afiri nkoasom mu?

25 Afei monim sɛ na Israelmma wɔ nkoasom mu; na monim sɛ nwuma a wɔde maa wɔn no yɛ den, na ne yɔ yɛ anibereɛ; ɛno nti na ɛbɛhia sɛ wɔyi wɔn firi nkoasom mu.

26 Afei monim sɛ Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ saa adwuma kɛseɛ yi; na monim sɛ ɛnam n’asɛm so na Ɛpo Kɔkɔɔ mu paee mmienu na ɛfa wɔ ha, na ɛfa nso wɔ ha maa wɔtumi nantee asaase pɛsɛɛ so.

27 Nanso monim sɛ Misraimfoɔ no a wɔyɛ Farao asraafoɔ no, ɛpo kɔkɔɔ no faa wɔn.

28 Na monim nso sɛ wɔde mana maa wɔn dii wɔ ɛserɛ no so.

29 Aane, na monim nso sɛ ɛnam n’asɛm ne Onyankopɔn tumi a ɛwɔ Mose mu no nti, ɔde poma kaa botan no maa nsuo firii mu baae ma Israelmma nomoe mmerɛ a nsukɔm dee wɔn no.

30 Ɔdii wɔn anim nyina ara akyire yi no, Awurade wɔn Nyankopɔn, wɔn Dimafoɔ no dii wɔn anim kan kyerɛɛ wɔn kwan adekyeɛ na ɔmaa wɔn han anadwo, na adeɛ biara a nnipa hia sɛ ɔbɛnya no ɔyɛ maa wɔn, nanso wɔyɛɛ wɔn akoma den danee wɔn adwene, na wɔtee atua wɔ Mose ne Onyankopɔn nokwarefoɔ ne teasefoɔ no so.

31 Na ɛbaa sɛ ɔnam n’asɛm so sɛee wɔn; na ɔnam n’asɛm so dii wɔn anim; na ɔnam n’asɛm so yɛɛ nneɛma nyina ara maa wɔn; na biribi ara nni hɔ a wɔkwatii n’asɛm yɛɛe.

32 Na wɔtwaa asubɔntene Yordan wieeɛ no, ɔmaa wɔn nyaa ahoɔden de pamoo asaase no so nnipa, aane, wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ ɔsɛeɛ mu.

33 Na afei mosusu sɛ asaase yi so nnipa a na wɔwɔ bɔhyɛ asaase no so no, wɔn a yɛn agyanom pamoo wɔn no, mo susu sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ? Hwɛ, mese mo sɛ, Daabi.

34 Na mosusu sɛ, sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ a anka yɛn agyanom bɛyɛ akyɛn wɔn? Mese mo sɛ, Daabi.

35 Hwɛ, Awurade bu honam nyina ara pɛ; deɛ ɔtene no ɔsɔ Nyankopɔn ani. Mmom hwɛ, saa nkurɔfoɔ yi poo Onyankopɔn asɛm biara, na wɔnyinii wɔ amumuyɛ mu; na Onyankopɔn abufuhyeɛ nyina ara baa wɔn so, na Awurade domee wɔn asaase no tiaa wɔn, na ɔhyiraa so maa yɛn agyanom; aane ɔdomee no tiaa wɔn ara kɔsii sɛ wɔkɔɔ ɔsɛeɛ mu na ɔhyiraa so maa yɛn agyanom maa wɔn nyaa tumi wɔ so.

36 Hwɛ, Awurade abɔ asaase yi sɛ yɛntena so; ɛna wabɔ ne mma sɛ wɔmfa.

37 Na ɔma ɔman a ɛtene so, ɛna ɔsɛe atirimuɔdenfoɔ aman.

38 Na ɔgye ateneneefoɔ kɔ nsaase pa so, na ɔsɛe atirimuɔdenfoɔ no, na wɔn nti ɔdome asaase no.

39 Ɔdi hene wɔ ɔsorosoro, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’ahennwa, na asaase yɛ ne nan ntiasoɔ.

40 Na ɔdɔ wɔn a wɔde no bɛyɛ wɔn Nyankopɔn. Hwɛ, ɔdɔɔ yɛn agyanom, na ɔne wɔn kɔɔ apam, aane, mpo Abraham, Isak ne Yakob; na ɔkae apam a ɔne wɔn kɔɔɛ no; ɛno so na ɔde yii wɔn firii Misraim asaase so baae no.

41 Na ɔde n’abaa twee wɔn aso wɔ ɛserɛ no so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ wɔn akoma den sɛdeɛ moreyɛ yi ara; na Awurade twee wɔn aso ɛnam wɔn amumuyɛ nti. Ɔmaa egya mmoatea a wotu baa wɔn mfimfini; na wɔkekaa wɔn wieeɛ no, ɔsiesiee kwan a wɔmmfa so nsa wɔn ho yareɛ; na dwuma a ɛwɔ sɛ wɔdie ne sɛ wɔnhwɛ; na ɛnam sɛ adwuma no nnyɛ den na ɛyɛ merɛ nti, dodoɔ no ara na wɔyeraaɛ.

42 Na wɔyɛɛ wɔn akoma den mmerɛ ano mmerɛ ano, na wɔkasa tiaa Mose ne Onyankopɔn; nanso monim sɛ ɔde ne tumi a ɛtwa tumi biara mu no faa wɔn kɔɔ asaase a wɔde hyɛɛ wɔn bɔ no so.

43 Na afei yei nyina ara akyiri no, mmerɛ aso ama wɔadane atirimuɔden, aane, aka kakra ama wɔn twaberɛ aduru; na mennim deɛ, nanso me wɔ gyedie sɛ ɛnɛ da yi wɔn sɛeɛ aduru; na menim sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara no ɛda a wɔn sɛeɛ bɛba no bɛduru hɔ, aane, gye sɛ kakraa bi a wɔbɛka a wɔde wɔn bɛkɔ nnɔmum mu no.

44 Ɛno nti, na Awurade hyɛɛ m’agya sɛ ɔmfiri hɔ nkɔ ɛserɛ no so no; na Yudafoɔ no nso pɛɛ sɛ wɔyi ne nkwa firi hɔ; aane, ɛna mo nso mo pɛɛ sɛ moyi ne nkwa firi hɔ; ɛno nti moyɛ awudifoɔ wɔ mo akoma mu na mote sɛ wɔn pɛpɛɛpɛ.

45 Moyɛ ntɛm yɛ amumuyɛ, na moyɛ nyaa wɔ Awurade mo Nyankopɔn nkaeɛ ho. Moahunu ɔsoro ɔbɔfoɔ, na ɔkasa kyerɛɛ mo; aane, moate ne nne mmerɛ ano mmerɛ ano; na ɔde nne ketewa brɛɛ kasa kyerɛɛ mo, na mmom ɛnam sɛ mo ani nwu adeɛ bio nti no, mo werɛ afiri ne nsɛm; ɛno nti wakasa akyerɛ mo ɔde nne a ɛbobɔ mu, na ɛmaa asaase wosoɛ te sɛdeɛ ɛrebɛpaepae ama emu apae mmienu no.

46 Na monim nso sɛ ɔnam n’asɛm no tumi ahoɔden so bɛtumi ama asaase atwa mu akɔ; aane, na monim nso sɛ ɔnam n’asɛm so bɛtumi ama baabi a ɛyɛ kurukyirekurukyire ayɛ tromtrom na baabi a ɛyɛ tromtrom nso no apaepae. O, na adɛn nti na mo tumi ma mo akoma yɛ den saa?

47 Hwɛ, ɛnam mo nti, ahometeɛ ahyɛ me kra ma na m’akoma redi yea; mesuro sɛ wɔbɛyi mo totwene akɔsi afebɔɔ. Hwɛ, Onyankopɔn Honhom ahyɛ me ma ara ama ahoɔden mpo nni me nkasɛɛ mu.

48 Na afei ɛbaa sɛ me kaa saa nsɛm yi akyire yi no, wɔn bo fuu me, na wɔpɛɛ sɛ anka wɔto me twene ɛpo no bunu mu; na mmerɛ a ɛbaa sɛ wɔde wɔn nsa rebɛsɔ me mu no, mekasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Otumfoɔ Nyankopɔn din mu nti, mehyɛ mo sɛ mma monnsɔ me mu, na Onyankopɔn tumi ahyɛ me ma ara ama me honamdua mpo rebɛyɛ ahye; na obiara a ɔde ne nsa bɛka me no bɛwoso agu fam sɛ demire a awo akyenkyene; na ɔrensɛe hwee wɔ Onyankopɔn tumi anim, na Onyankopɔn bɛtwa no atwene.

49 Na ɛbaa sɛ me Nifae, meka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nwiinwii wɔn agya bio; na mma wɔnnyɛ wɔn adwene bi sɛ wɔn remmoa me, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wahyɛ me sɛ me mpam hyɛn no.

50 Na mesee wɔn sɛ: sɛ Onyankopɔn na ahyɛ me sɛ me nyɛ biribi deɛ a, mɛtumi ayɛ. Sɛ ɔse me sɛ menkasa nkyerɛ nsuo yi ma ɛnane asaase a, ɛbɛdane asaase; na sɛ meka a ɛbɛyɛ hɔ.

51 Na afei, sɛ Awurade wɔ saa tumi kɛseɛ yi, na wayɛ nkɔnyaa bebree wɔ nnipa mma mu a, ɛdeɛn nti na ɔrentumi nkyerɛ me kwan a memfa so mpam ɛhyɛn no?

52 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mekaa nsɛm bebree kyerɛɛ me nuanom no, ɛmaa wɔn aniwuwuuɛ nti wɔantumi ankasa antia me; ɛna wɔantumi ansi wɔn bo amfa wɔn nsa anka me anaasɛ wɔamfa wɔn nsatea mpo anka me wɔ nna bebree mu. Afei wɔantumi anyɛ yei amma wɔankyenkyene wɔ m’anim, na Onyankopɔn Honhom no tumi no so yie, na saa dwuma yi na edii wɔ wɔn so.

53 Na ɛbaa sɛ Awurade see me sɛ: Tene wo nsa bio kyerɛ wo nuanom so, na wɔrennwoso ngu fam wɔ w’anim, mmom merebɛma wɔn ho adwiri wɔn, Awurade na ɔseɛ, na saa ara na merebɛyɛ, ama wɔahunu sɛ me ne Awurade wɔn Nyankopɔn.

54 Na ɛbaa sɛ me tenee me nsa wɔ me nuanom so no, na wɔn anwoso angu fam wɔ m’anim, mmom Awurade wosoo wɔn sɛdeɛ ɔkaaɛ no ara.

55 Na afei wɔkaa sɛ: Yɛnim sɛ Awurade ka woho ampa, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ Awurade tumi na awoso yɛn yi. Na wɔtwahwee m’anim, sɛ wɔrebɛsom me, na mmom mamma wɔn kwan, na mekaa sɛ: Meyɛ mo nua, aane, mo nua ketewa; ɛno nti monsom Awurade mo Nyankopɔn, na monni mo agya ne mo na ni, ama mo nna aware wɔ asaase a Awurade mo Nyankopɔn de bɛma mo no so.