Twerɛnsɛm
1 Nifae 15


Ti 15

Lihae asefoɔ nsa bɛka asɛmpa no firi Amanamanmufoɔ no hɔ wɔ nna a ɛdi akyire yi no mu—Wɔde Israel anoboaboa no toto ngodua no a wɔde ne mman no ankasa afra bɛsan abata ne ho bio—Nifae kyerɛ anisoadehunu a ɛfa nkwadua no ho ase, na ɔka Onyankopɔn atɛntenenee a ɛsɛ sɛ ɛte atirimuɔdenfoɔ firi ateneneefoɔ no ho asɛm. Bɛyɛ mfinhyia 600–592 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, Honhom no de me kɔɔeɛ no akyire yi no, a mehunu saa nneɛma yi nyina ara no, mesan baa m’agya ntomadan no mu.

2 Na ɛbaa sɛ mehunu me nuanom no, na wɔregye akyinnyeɛ wɔ nneɛma a magya kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn no ho.

3 Na nokware mu, ɔkaa nneɛma akɛseɛ bebree ho nsɛm kyerɛɛ wɔn, a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte aseɛ, gye sɛ obi bisa firi Awurade hɔ; na ɛnam wɔn akomaden nti, wɔn antumi ammisa Awurade deɛ ɛwɔ sɛ anka wɔyɛ.

4 Na afei me, Nifae, medii anibereɛ ɛnam wɔn akomaden nti, na afei nso, ɛnam nneɛma a mahunu nti, na menim sɛdeɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛbɛba mu, ɛnam nnipa mma atirimuɔdensɛm kɛseɛ nti.

5 Na ɛbaa sɛ meyɛɛ mmrɛ ɛnam mamanehunu nti, na medwenee sɛ mamanehunu no boro ne nyina ara so, ɛnam me nkurɔfoɔ sɛee nti, ɛfiri sɛ mehunuu wɔn ahweaseɛ.

6 Na ɛbaa sɛ menyaa ahoɔden akyire yi no, mekasa kyerɛɛ me nuanom, na mepɛɛ sɛ mehunu deɛ nti a wɔregye akyinnye firi wɔn hɔ.

7 Na wɔsee me sɛ: Hwɛ yɛntumi nnte nsɛm no a yɛn agya kaeɛ a ɛfa ngodua no mman papa ne deɛ ɛfa Amanamanmufoɔ no nso ho no.

8 Na me see wɔn sɛ: Na moabisa afiri Awurade hɔ?

9 Na wɔsee me sɛ: Yɛmmisaa no; na Awurade rennyɛ biribi saa nkyerɛ yɛn.

10 Hwɛ, me see wɔn sɛ: Adɛn nti na monni Awurade mmaransɛm so? Ɛyɛɛ dɛn nti na ɛnam mo akomaden nti morebɛsɛe yi?

11 Anaa monnkae nsɛm a Awurade aka no?—Sɛ morennyɛ mo akoma den a, na mo bɛbisa me wɔ gyedie mu, na mogyedi sɛ mo nsa bɛka, na modi me mmaransɛm so sɛdeɛ ɛsɛ a, ampa ara Awurade bɛda saa nneɛma yi adi akyerɛ mo.

12 Hwɛ, mese mo sɛ, wɔde Israel fiefoɔ toto ngodua no ho, ɛnam Awurade Honhom a na ɛwɔ yɛn agya mu no; na hwɛ wɔmpanee yɛn mfirii Israel fiefoɔ ho, anaa yɛnnyɛ Israel fiefoɔ mman?

13 Na afei, adeɛ a na yɛn agya pɛ sɛ ɔkyerɛ ɛfa nnua mman no ankasa mfahyɛm wɔ Amanamanmufoɔ mmahyɛ no, ne sɛ, nna a ɛdi akyire yi no a yɛasefoɔ bɛtɔ sini wɔ gyedie mu no, aane, wɔ mfie bebree mu, ne awoɔntoatoasoɔ bebree akyire yi a Mesaia no bɛyi ne ho adi akyerɛ nnipa mma no, ɛna Mesaia no asɛmpa no a mahyɛ no ma no bɛba Amanamanmufoɔ no hɔ, na afiri Amanamanmufoɔ no hɔ aba yɛn asefoɔ nkaɛfoɔ no hɔ—

14 Na saa da no mu na yɛn asefoɔ nkaɛfoɔ no bɛhunu sɛ wɔyɛ Israel fiefoɔ, na wɔyɛ Awurade apam nkurɔfoɔ, na saa mmerɛ no na wɔbɛhunu na wɔn anya wɔn nananom ho nsɛm ne wɔn Dimafoɔ no nso asɛmpa no ho nsɛm sɛdeɛ ɔde kyerɛɛ wɔn agyanom no; ɛno nti, wɔbɛnya wɔn Dimafoɔ no ho nsɛm ne ne nkyerɛkyerɛ ankasa ama wɔahunu sɛdeɛ wɔbɛsi aba ne nkyɛn ama wagye wɔn nkwa.

15 Na ɛbɛyɛ dɛn na saa da no wɔn ani nnye na wɔremfa ayɛyie mma wɔn Nyankopɔn a ɔtehɔ daa no a ɔyɛ wɔn botan ne wɔn nkwagyeɛ no? Aane, nti wɔrenkɔnya ahoɔden ne ɔmeeɛ mmfiri nokware bobe no mu da no? Aane, nti wɔrenkɔka Onyankopɔn fɛkuo no ho anaa?

16 Hwɛ, mese mo sɛ, Aane, wɔbɛkae wɔn bio wɔ Israel fiefoɔ mu; wɔde wɔn bɛfra ahyehyɛ ngodua no ara ankasa mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ ngodua no mman nti.

17 Na saa na yɛn agya kyerɛ; na ɔkyerɛ sɛ yei remma mu gyesɛ Amanamanmufoɔ no abɔ wɔn apete ansa; na ɔkyerɛ sɛ yei bɛdua Amanamanmufoɔ no so aba mu ama Awurade atumi ada ne tumi adi akyerɛ Amanamanmufoɔ no, ɛfiri sɛ Yudafoɔ, anaa sɛ Israel fiefoɔ no bɛpo no.

18 Ɛno nti yɛn agya anka yɛn nko ara yɛn ho asɛm, na mmom Israel fiefoɔ nso nyina ara; ɔsii apam no so dua a ɛbɛba mu wɔ nna a edi akyire no mu; apam a Awurade ne yɛn agya Abraham yɛɛe sɛ: W’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asaase mmusuakuo nyina ara.

19 Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mekasaae pii kyerɛɛ wɔn wɔ deɛ ɛfa saa nneɛma yi ho; aane, mekasa faa Yudafoɔ gyeɛ a wɔbɛsan agye wɔn bio wɔ nna a edi akyire no mu.

20 Na mesan mebobɔɔ nsɛm a Yesaia kaeɛ a ɛfa Yudafoɔ anaa sɛ Israel fiefoɔ gyeɛ bio a wɔbɛgye wɔn bio ato mu no ho kyerɛɛ wɔn; na wɔsan gye wɔn to mu bio wie a, wɔrenha wɔn ɛna wɔremma wɔn nnyɛ basabasa bio. Na ɛbaa sɛ mekaa nsɛm bebree kyerɛɛ me nuanom maa wɔn nyaa asomdweɛ na wɔbrɛɛ wɔn ho ase wɔ Awurade anim.

21 Na ɛbaa sɛ wɔne me kasae bio see me sɛ: Deɛ yɛn agya hunu wɔ daeɛso mu no, aseɛ ne sen? Dua no a ohunu no aseɛ ne sɛn?

22 Na me see wɔn sɛ: Egyina hɔ ma nkwadua.

23 Na wɔn see me sɛ: Dadepoma no a yɛn agya hunu sɛ ɛsa hɔ derekɔ dua no ho no aseɛ ne sɛn?

24 Na me see wɔn sɛ: Na ɛyɛ Onyankopɔn asɛm; na wo a wobɛtie Onyankopɔn asɛm no, na wobɛsɔ mu den no, wɔrensɛe da; ɛna nsɔhwɛ ne ɔtan agyan hetewa no gyamframa no ntumi nnhyɛ wɔn so mma wɔn ani mmfira mmfa wɔn nnkɔ ɔsɛee mu.

25 Ɛno nti me, Nifae, metuu wɔn fo sɛ wɔntie Awurade asɛm; aane, mede me kraa ahoɔden nyina ara, ne tumi a mewɔ nyina ara hyɛɛ wɔn sɛ wɔbɛtie Onyankopɔn asɛm na wɔakae sɛ wɔbɛdi ne mmaransɛm no so mmerɛ nyina ara wɔ adeɛ nyina ara mu.

26 Na wɔbisaa me sɛ: Asubɔntene no a yɛn agya hunu no kyerɛ sɛn?

27 Na mesee wɔn sɛ nsuo no a m’agya hunu no gyina hɔ ma ɛfii; na ɛnam sɛ na nneɛma pii ahyɛ n’adwene ma nti no, wanhunu nsuo no fii a ɛyɛ.

28 Na mesee wɔn sɛ ɛyɛ ekuu huhuu bi a ɛtete atirimuɔdenfoɔ firi nkwadua no ho, ɛne Onyankopɔn ahoteɛfoɔ nso ho.

29 Na mesee wɔn sɛ ɛgyina hɔ ma asamando huhuu no a ɔsoro bɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ wasiesie ama atirimuɔdenfoɔ no.

30 Na mesee wɔn sɛ yɛn agya nso hunu sɛ Onyankopɔn atɛntenenee no nso atete atirimuɔdenfoɔ no afiri ateneneefoɔ no ho; na ne han no hyerɛn te sɛ ogyatanaa han; ɛno na ɛforo kɔ Onyankopɔn nkyɛn afebɔɔ kɔsi afebɔɔ, na enni awieɛ.

31 Na wɔsee me sɛ: Saa adeɛ yi kyerɛ honamdua yi ateetee wɔ yɛn nsɔhwɛ nna yi mu, anaa sɛ ɛkyerɛ sɛ, sɛ nnipadua no wu a tebea a etwatoɔ a ɔkra no bɛkɔ mu, anaa sɛ ɛka nneɛma a ɛbɛsi wɔ mmerɛ tiawa yi mu anaa?

32 Na ɛbaa sɛ mesee wɔn sɛ saa nneɛma yi gyina hɔ ma honam ne honhom mu nneɛma nyina ara; ɛfiri sɛ mmerɛ bi bɛba a wɔbɛbu wɔn atɛn wɔ wɔn nwuma ho, aane, nwuma a wɔde wɔn honam yɔɔe wɔ wɔn nsɔhwɛ nna mu.

33 Ɛno nti, sɛ wɔwu wɔ wɔn atirimuɔden mu a, wɔbɛtwa wɔn atwene nso, sɛdeɛ honhom mu nneɛma a ɛfa tenenee ho teɛ no; ɛno nti ɛsɛ sɛ wɔde wɔn begyina Onyankopɔn anim na wɔbu wɔn atɛn wɔ wɔn nwuma ho; na sɛ wɔn nwuma no yɛ nneɛmafiisɛm a, ɛsɛ sɛ wɔbɛyɛ nneɛmafii, na sɛ wɔbɛyɛ nneɛmafii a, na ɛbɛhia sɛ wɔntumi ntena Onyankopɔn aheman no mu, anyɛ saa deɛ a, na Onyankopɔn aheman nso yɛ nneɛmafii.

34 Na hwɛ, mese mo sɛ, Onyankopɔn aheman no nnyɛ nneɛmafii, na adeɛ biara a ɛho nteɛ no ntumi nwura Onyankopɔn aheman no mu; ɛno nti ɛbɛhia sɛ wɔnya baabi a ɛhɔ yɛ efii a wɔasiesie ama adeɛ a ɛyɛ efii.

35 Na baabi wɔ hɔ a wɔasiesie, aane, ɛno ne asamando huhuu no a maka ho asɛm dada no, na ɔbonsam na wasiesie no; ɛno nti nnipa akra tebea a etwa toɔ no ne sɛ wɔbɛtena Nyankopɔn aheman no mu, anaa sɛ wɔbɛyi wɔn mu, ɛnam saa teneneesɛm a maka ho asɛm no nti.

36 Ɛno nti Onyankopɔn apo atirimuɔdenfoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu, ne nkwadua no nso ho, deɛ n’aduaba sombo, na ɛyɛ akɔnnɔ dodo sen nnuaba nyina ara, aane, ɛno ne Onyankopɔn akyɛdeɛ nyina ara mu kɛseɛ. Na sei na mekasa kyerɛɛ me nuanom no. Amen.