Twerɛnsɛm
1 Nifae 18


Ti 18

Wɔwie hyɛn no pam—Wɔka Yakob ne Yosef awoɔ ho nsɛm—Ɛdɔm no si mu sɛ wɔrekɔ bɔhyɛ asaase no so—Ismael mmammarima ne wɔn Yerenom ka ho ma wɔdi ahurisie na wɔte atua—Wɔkyekyere Nifae, na ahum kɛseɛ bi tu ma ɛbɔ hyɛn no san n’akyiri—Wɔsane Nifae ma ɔnya fawohodie, na ɛnam ne mpaebɔ so ma ahum no gyae tu—Nkurɔfoɔ no duru bɔhyɛ asaase no so. Bɛyɛ mfinhyia 591–589 ansaa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ wɔsomm Awurade na wɔne me kɔɔe; na yɛde nnua senee nneɛma a ɛyɛ nnwanwa. Na Awurade kyerɛɛ me sɛdeɛ mensi mfa enua no mpam hyɛn no mmerɛ ano mmerɛ ano.

2 Afei me, Nifae mamfa nua no anyɛ adwuma sɛdeɛ nnipa suaa ne nimdeɛ yɛ no, ɛna mamfa ɔkwan nso a nnipa fa so pam ne hyɛn nso; na mmom mefaa ɔkwan a Awurade kyerɛɛ me no so pamooe; ɛno nti ɛnyɛ nnipa kwan so a.

3 Na me, Nifae, mekɔɔ bepɔ no so mpɛn bebree, kɔbɔɔ mpaeɛ mpɛn bebree kyerɛɛ Awurade; ɛno nti Awurade daa nneɛma akɛseɛ adi kyerɛɛ me.

4 Na ɛbaa sɛ me wiee ɛhyɛn no pam akyire yi no, sɛdeɛ Awurade asɛm kyerɛ no, me nuanom hwɛɛe na wɔhunu sɛ ɛyɛ, na wɔhunu sɛ ne nsa ano adwuma no yɛ ahomeka dodo; ɛno nti wɔbrɛɛ wɔn ho ase wɔ Awurade anim.

5 Na ɛbaa sɛ Awurade nne baa m’agya hɔ, sɛ yɛnsɔre na yɛnkɔ ɛhyɛn no mu.

6 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no a yɛsiesiee yɛn nneɛma wieeɛ no, nnuaba bebree ne ɛnam wɔ ɛserɛ no so, ɛna ɛwoɔ a abuso, ɛne nnuane ahodoɔ a Awurade ahyɛ yɛn sɛ yɛmfa no nyina ara de kɔɔ ɛhyɛn no mu, yɛde yɛn adesoadeɛ, ne yɛn aba, ɛne biribi ara a yɛde baae, obi ara adesoadeɛ sɛdeɛ ne mfie teɛ; na yɛ ne yɛn yerenom ne yɛn mma nyina ara kɔɔ ɛhyɛn no mu.

7 Na afei m’agya awo mmammarima mmienu wɔ ɛserɛ no so; panin no wɔfrɛ no Yakob ɛna ketewa no nso wɔfrɛ no Yosef.

8 Na ɛbaa sɛ yɛn nyina ara de yɛn nnuane ne nneɛma a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛmfa no kɔ guu ɛhyɛn no mu akyire yi no, yɛn nyina ara kɔɔ mu na yɛ pia too ɛpo no ani na mframa bɔɔ yɛn kɔɔ asaase a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no so.

9 Na mframa no bɔɔ yɛn kɔɔ anim bɛyɛ nna bebree akyire yi no, hwɛ, me nuanom ne Ismael mmammarima ɛne wɔn yerenom nso ani gyee ara maa wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔreto nwom na wɔasa, na wɔakasa ahantan mu, aane, wɔn werɛ frii tumi a ɛde yɛn aba saa asaase no so no; aane, ahantanyɔ maa wɔmemaa wɔn ho so mmorosoɔ.

10 Na me, Nifae, mehyɛɛ aseɛ suroe yie ɛfiri sɛ anyɛ a, na Awurade abufuo aba yɛn so na watwa yɛn antwenee ɛnam yɛn amumuyɛ nti, ama ɛpo no bunu no amene yɛn, ɛno nti, me, Nifae, mekasa kyerɛɛ wɔn anidahɔ mu; mmom hwɛ wɔn bo fuu me, na wɔkaa sɛ: Yeremma kwan mma yɛn nua ketewa nni yɛn so.

11 Na ɛbaa sɛ Laman ne Lemuel faa me de ntampehoma kyekyeree me na wɔyɛɛ me ayakayakadeɛ kɛseɛ; na yeinom nyina ara mu no, Awurade maa kwan maa yei nyina ara kɔɔ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne tumi bɛda adi, ama deɛ waka a ɛfa atirimuɔdenfoɔ ho no aba mu.

12 Na ɛbaa sɛ wɔkyekyeree me akyire yi no a na mentumi nka me ho no, afidie kwankyerɛ no a Awurade yɛɛe no anyɛ adwuma bio.

13 Ɛno nti, na wɔnnhunu baabi a wɔmmfa ɛhyɛn no ani nkyerɛ, ɛno enti ɛmaa ahum kɛseɛ bi tuui, aane, ahum kɛseɛ bi a ano yɛ den, na ɛbɔɔ yɛn sanee akyire wɔ ɛpo no so bɛyɛ nansa; na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ hu papaapa, ɛfiri sɛ na wɔsuro sɛ anyɛ a, na ɛpo no amene wɔn, nanso wɔn ansane me.

14 Na ɛda a ɛtɔ so nan no a na abɔ yɛn asane akyire no, ahum no hyɛɛ aseɛ yɛɛ dendennden.

15 Na ɛbaa sɛ anka ɛpo no rebɛme ne yɛn akɔ ebunu mu. Na ɛbɔɔ yɛn sanee akyire wɔ ɛpo no so bɛyɛ nna nan akyiri no, me nuanom hunu sɛ Onyankopɔn ntɛmmuo aba wɔn so, na sɛ wɔansakyera amfiri wɔn amumuyɛ ho a wɔnbɛsɛe; ɛno nti wɔbaa me nkyɛn bɛsanee ntampehoma no firi m’abakɔn, na hwɛ na ahonhono ara yie, na me nan ntini nso ahonhono kɛseɛ, na na ɛyɛ ya yie.

16 Yei nyina ara akyire yi no, me maa m’ani so hwɛɛ me Nyankopɔn, na meyii no ayɛ ɛdamu no nyina ara; na manwiinwii Awurade wɔ m’amanehunu a me hunu no ho.

17 Afei na m’agya, Lihae, aka nsɛm bebree akyerɛ wɔn ne Ismael mmammarima no nso; mmom, hwɛ, wɔbɔɔ obiara a, ɔbɛkasa akyerɛ wɔn ɛnam me nti no ahupo na ɛnam sɛ mawofoɔ mfie akɔ nkan no nti, ɛne wɔn mma ho anibereɛ kɛseɛ a wadi nti, wɔtɔɔ fam, aane, mpo wɔ wɔn yareɛ mpa so.

18 Ɛnam wɔn yea ne anibereɛ dodoɔ a wɔdiiɛ, ɛne me nuanom amumuyɛ nti, ɛmaa saa mmerɛ yi wɔbɛnee owuo, mpo anka wɔrekɔhyia wɔn Nyankopɔn; aane, ɛwɔ wɔn tirinwii a ayɛ ɛdwene no deakɔda owummena mu; aane, anka yerebɛto wɔn funu atwene ɛpo no mu wɔ awerehoɔ mu.

19 Na Yakob ne Yosef nso a na wɔyɛ mmɔfra nketewa a na wɔhia aduane pa pii no, anibereɛ ɛnam wɔn maame amanehunu nti; na me yere ne me mma nso anisuo ne mpaebɔ antumi adwodwo me nuanom akoma sɛ wɔbɛsane me.

20 Na biribi ara nnihɔ gye sɛ Onyankopɔn tumi nko ara a ɔnam ɔsɛeɛ kwan so hunahunaa wɔn na ɛtumi dwodwo wɔn akoma; na mmerɛ a wɔhunu sɛ ɛpo no reyɛ ame ne wɔn akɔ ebunu mu no, wɔsakyeraae firii adeɛ a wayɛ no ho, na wɔsanee me.

21 Na ɛbaa sɛ wɔsanee me no akyire yi no, hwɛ me faa kyerɛkwan afidie no na ɛhyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma sɛdeɛ merehwehwɛ no pɛpɛɛpɛ. Na ɛbaa sɛ mebɔɔ mpeaɛ kyerɛɛ Awurade; na mebɔɔ mpeaɛ wieeɛ no, mframa no gyaee bɔ na ahum no nso gyaee ma ɛpo no daa dinn.

22 Na ɛbaa sɛ, me, Nifae, medanedanee ɛhyɛn no maa yɛtoaa yɛn akwantuo no so bio sɛ yɛrekɔ bɔhyɛ asaase no so.

23 Na ɛbaa sɛ yɛnantee ɛpo no so nna bebree ara akyire yi no, yɛduruu bɔhyɛ asaase no so; na yɛkɔɔ asaase no so, na yɛsisii yɛn ntomadan; na yɛfrɛɛ ɛhɔ sɛ bɔhyɛ asaase.

24 Na ɛbaa sɛ yɛhyɛɛ aseɛ sɛ yɛreyɛ asaase no so adwuma, na yɛhyɛɛ aseɛ duaduaa nnuaba, aane, yɛduaa yɛn nnuaba a yɛde firii Yerusalem baaɛ no nyina ara wɔ asaase no so. Na ɛbaa sɛ ne nyina ara yɛɛ yie maa ɛboroo so; nti Awurade hyiraa yɛn mmorosoɔ.

25 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a yɛnam ɛserɛ no so no yɛhunu wɔ bɔhyɛ asaase no so sɛ kwaeɛ mu mmoa ahodoɔ nyina ara bi wɔ so; nantwinini ne nantwibedeɛ, afunum, pɔnkɔ, apɔnkye, ɛne nkakaragya, ɛne kwaɛe mu mmoa akɛseɛ ahodoɔ nyina ara a wɔn ho hia ma nnipa. Na yɛhunu aboɔ ahodoɔ deɛ ɛyɛ sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ ne kɔɔbere.