Amansan Nhyiamu
Momma mo ani nnye wɔ Asɔfodie Safoa Akyɛdeɛ no mu
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Momma mo ani nnye wɔ Asɔfodie Safoa Akyɛdeɛ no mu

Asɔfodie nsafoa na ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi de Onyankopɔn asɔfodie adi dwuma de Awurade atirimpɔ aba na wɔahyira wɔn a wɔgye Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no tom nyina ara.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, ɛnnɛ yɛ da sononko ma Titenani Dallin H. Oaks ne me. Na ɛyɛ mfeɛ aduanan a atwam, wɔ Oforisuo 7, 1984, berɛ a wɔfrɛɛ yɛn kɔɔ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mu. Yɛn ani agye wɔ amansan nhyiamu biara mu firi saa berɛ no, a yei nso ka ho. Wɔde Honhom a wɔhwie guiɛ kronkron ahyira yɛn bio. Mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛsua nhyiamu yi nkrasɛm no mpɛn pii wɔ bosome a ɛreba no nyina ara mu.

Berɛ a wɔwoo me no, . na tɛmpol ahodoɔ nsia a ɛyɛ adwuma wɔ Asɔre no mu —baako biara wɔ St. George, Logan, Manti, ne Salt Lake Kuropɔn, Utah; saa nso na ɛwɔ Cardston, Alberta, Canada; ne Laie, Hawaii. Na tɛmpol mmienu a atwam no ayɛ adwuma berɛ tiawa bi wɔ Kirtland, Ohio, ne Nauvoo, Illinois. Berɛ a Asɔre no kuo no retu akɔ atɔeɛ fam no, wɔhyɛɛ Ahotefoɔ no ma wɔgyaa saa tɛmpol mmienu no.

Ogya a wɔde hye nneɛma sɛee hyee Nauvoo Tɛmpol no. Akyire yi wɔsan siiɛ na Titenani Gordon B. Hinckley hyiraa so. Asɔre no atamfoɔ guu Kirtland tɛmpol no ho fĩ. Akyire yi, Kristo Kuo no gyee Kirtland Tɛmpol no, na wɔanya bi mfeɛ pii.

Bosome a ɛtwaam no, yɛbɔɔ amanneɛ sɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no atɔ Kirtland Temple no, ne abakɔsɛm mu mmeaeɛ a ɛho hia dodoɔ bi wɔ Nauvoo. Yɛn ani sɔ nkɔmmɔdie a ɛyɛ anigyeɛ ne mfasoɔ ma yɛn nyinaa a yɛne akanifoɔ a wɔfiri Kristo Kuo no mu bɔeɛ a ɛde saa apam yi baeɛ no.

Mfoni
Kirtland Temple.

Kirtland Tɛmpol no wɔ nteaseɛ sononko wɔ Yesu Kristo asɛmpa no Sanba mu. Na wɔahyɛ nsɛm pii a ɛsisii wɔ hɔ ho nkɔm mfirihyia mpempem pii na na ɛho hia ma Awurade Asɔre a wɔasan de aba no sɛ ɛbɛdi ne nna a ɛdi akyire asɛmpatrɛ adwuma no ho dwuma.

Nsɛm yi mu nea ɛho hia sene ne nyinaa no sii Easter Kwasiada, Oforisuo 3, 1836. Saa da no, Joseph Smith ne Oliver Cowdery nyaa nsrahwɛ a ɛyɛ nwanwa toatoaa so. Nea edi kan no, Awurade Yesu Kristo yii ne ho adi. Nkɔnhyɛni no twerɛɛ sɛ Agyenkwa no “aniwa te sɛ ogyaframa; na ne tiri nwin yɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma kronkron; n’anim hyerɛn sene owia hann no; na ne nne te sɛ nsuo akɛseɛ a ɛrewosoɔ nne.”

Wɔ saa nsrahwɛ yi mu no, Awurade sii Ne nipasu so dua. Ɔkaa sɛ, “Mene deɛ ɔdi kan ne deɛ ɔdi akyire; Mene deɛ ɔte aseɛ, mene deɛ wɔkumm no; Mene mo ɔtemmufoɔ wɔ Agya no nkyɛn.”

Afei Yesu Kristo paee mu kaa sɛ wagye tɛmpol no atom sɛ Ne fie na ɔhyɛɛ bɔ a ɛyɛ nwanwa yi: “Mɛda me ho adi akyerɛ me nkurɔfoɔ mmɔborɔhunu mu wɔ fie yi mu.”

Saa bɔhyɛ a ɛho hia yi fa tɛmpol biara a wɔahyira so nnɛ ho. Meto nsa frɛ wo sɛ dwendwene ho deɛ Awurade bɔhyɛ kyerɛ ma wo ankasa.

Wɔ Agyenkwa no nsrahwɛ akyi no, Mose yii ne ho adi. Moses maa Joseph Smith nsafoa a wɔde bɛboaboa Israel ano ne mmusuakuo du no sanba.

Berɛ a anisoadehunu yi baa awieɛ no, “Elia yii ne ho adi, na ɔde Abraham asɛmpa no berɛ” hyɛɛ Yosef nsa.

Afei nkɔnhyɛni Elia yii ne ho adi. Ne pue no maa Malaki bɔhyɛ no baa mu sɛ ansa na Mmae a Ɛto so Mmienu no bɛba no, Awurade bɛsoma Elia sɛ “ɔndane agyanom akoma mma mma, na mma akoma mma wɔn agyanom.” Afei Elia de nsɔano tumi no nsafoa maa Joseph Smith

Wɔrentumi nka nea ɔsoro abɔfoɔ mmiɛnsa a wɔsan de saa nsafoa yi ba asase so wɔ Awurade akwankyerɛ ase no ho asɛm ntra so. Asɔfodie nsafoa na ɛyɛ tumi ne ahoɔden wɔ atitenafoɔ mu. Asɔfodie nsafoa na ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi de Onyankopɔn asɔfodie adi dwuma de Awurade atirimpɔ aba na wɔahyira wɔn a wɔgye Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no tom nyinaa.

Ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nso sɛ ansa na wɔrehyehyɛ Asɔre no, na ɔsoro abɔfoɔ de Aaron ne Melkisedek Asɔfodie no ama Nkɔmhyɛni Yosef na wɔama no asɔfodie mmienu no nyinaa nsafoa. Saa nsafoa yi maa Joseph Smith tumi sɛ ɔhyehyɛ Asɔre no wɔ afe 1830 mu.

Afei wɔ Kirtland Tɛmpol mu wɔ afe 1836 mu no, na asɔfodie nsafoa mmiɛnsa foforɔ yi a wɔde bɛma—a ɛne sɛ, Israel anoboaboa nsafoa, Abraham asɛmpa no nsafoa, ne nsɔano tumi no nsafoa—no ho hia. Saa nsafoa yi maa Joseph Smith tumi—ne Awurade Asɔre no Titenani a wɔdii n’akyi nyina ara—sɛ wɔnboaboa Israel ano wɔ nkatanim no afanu nyinaa, sɛ wɔmfa Abraham nhyira, nhyira apam mma nyina ara, wɔmfa nsɔano a ɛgye tom nhyɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ ne apam so, na wɔmfa nsɔano nsɔ mmusua mu daa. Saa asɔfodie nsafoa yi tumi yɛ nea ɛnni ano na ɛyɛ ahomegyeɛ.

Susu senea w’abrabɔ bɛyɛ sononko sɛ wɔansan amfa asɔfodie nsafoa amma asaase so. Sɛ wonni asɔfodie nsafoa a, wɔrentumi mfa Onyankopɔn tumi mma wo. Sɛ ɛnyɛ asɔfodie nsafoa a, Asɔre no bɛtumi asom sɛ nkyerɛkyerɛ ne nnipa mmoa ahyehyɛdeɛ a ɛho hia nko ara nanso ɛnyɛ pii. Sɛ ɛnyɛ asɔfodie nsafoa a, anka yɛn mu biara nnya kwan nnya ayɛyɛdeɛ ne apam a ɛho hia a ɛkyekyere yɛn ma yɛn adɔfoɔ daa na ɛma yɛn kwan ma awieeɛ koraa no yɛne Onyankopɔn tena.

Asɔfodie nsafoa ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no da nnso wɔ ahyehyɛdeɛ foforɔ biara a ɛwɔ asaase so. Ahyehyɛdeɛ afoforɔ pii bɛtumi ama w’asetena ayɛ yie wɔ ha wɔ owuo mu na wɔyɛ saa. Nanso ahyehyɛdeɛ foforɔ biara nni hɔ a ɛbɛtumi anya w’asetena so nkɛntɛnsoɔ wɔ owuo akyi, na ɛbɛka wo.

Asɔfodie nsafoa ma yɛn tumi sɛ yɛbɛtrɛ nhyira a wɔhyɛɛ Abraham bɔ no mu akɔ ɔbarima ne ɔbaa biara a wɔdi apam so. Tɛmpol mu adwuma ma Onyankopɔn mma nyinaa nya nhyira a ɛyɛ fɛ yie, ɛmfa ho baabi a na wɔte anaa berɛ a wɔte, anaa seesei wɔte. Momma yɛn ani nnye sɛ asɔfodie nsafoa wɔ asaase so bio!

Meto nsa frɛ wo sɛ mo nsusu nsɛm mmiɛnsa a ɛdidi so yi ho yie:

  1. Israel a wɔaboaboa wɔn ano no yɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ Ne mma nyinaa wɔ baabiara.

  2. Abraham asɛmpa no yɛ adanseɛ foforɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ Ne mma nyinaa wɔ baabiara. Ɔto nsa frɛ obiara sɛ wɔmmra Ne nkyɛn—“tuntum ne fitaa, nkoa ne adehyeɛ, ɔbarima ne ɔbaa;wɔn nyinaa yɛ pɛ ma Onyankopɔn.”

  3. Nsɔano tumi no yɛ ɔsoro adanseɛ a ɛkyerɛ sɛdeɛ Onyankopɔn dɔ Ne mma nyinaa na ɔpɛ sɛ wɔn mu biara fa sɛ ɔbɛsan akɔ fie akɔ Ne nkyɛn.

Asɔfodie nsafoa a wɔnam Nkɔnhyɛni Joseph Smith so san de baeɛ no ma ɛyɛ yie sɛ ɔbarima ne ɔbaa biara a wɔkura apam mu no bɛnya ankorankoro honhom mu ho kwan a ɛyɛ nwanwa. Ɛha nso, pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi asua afiri Kirtland Tɛmpol no abakɔsɛm kronkron no mu.

Joseph Smith ahosohyira mpaebɔ a ɔbɔeɛ wɔ Kirtland Tɛmpol ho no yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɛnea tɛmpol no ma me ne wo tumi honhom mu ma yɛdi abrabɔ mu nsɛmdenden ho dwuma wɔ saa nna a edi akyiri yi mu. Mehyɛ wo nkuran sɛ sua saa mpaebɔ a wɔakyerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ɔfa 109. Saa ahosohyira mpaebɔ a wɔnam adiyisɛm so gyee no kyerɛkyerɛ sɛ tɛmpol no yɛ “mpaebɔ fie, mmuadadie fie, gyedie fie, adesua fie, animuonyam fie, nhyehyɛeɛ fie, Onyankopɔn fie.”

Saa su ahodoɔ a wɔahyehyɛ yi kyɛn tɛmpol bi ho nkyerɛkyerɛmu koraa. Ɛyɛ bɔhyɛ a ɛfa deɛ ɛbɛtumi ato wɔn a wɔsom na wɔsom wɔ Awurade fie no ho. Wɔbɛtumi ahwɛ kwan sɛ wobɛnya mpaebɔ, ankorankoro adiyisɛm, gyedie kɛseɛ, ahoɔden, awerɛkyekyerɛ, nimdeɛ a ɛkɔ soro, ne tumi a ɛkɔ soro ho mmuaeɛ.

Berɛ a wode bɛtena tɛmpol no bɛboa wo ama woadwene ɔsoro ho na woakyerɛ anisoadehunu bi a ɛfa onipa a woyɛ ankasa, onipa a wobɛtumi abɛyɛ, ne asetena korɔ a wobɛtumi anya daa. Tɛmpol mu som a wobɛyɛ daa no bɛma ɔkwan a wofa so hu wo ho ne sɛnea wofata Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɛyɛ nwanwa no ayɛ kɛseɛ. Mehyɛ wo bɔ saa.

Wɔahyɛ yɛn bɔ nso sɛ wɔ tɛmpol no mu no, yɛbɛtumi “anya Honhom Kronkron no ma.” Susu nea saa bɔhyɛ no kyerɛ wɔ ɔsoro a wɔbɛma abue ama obiara a ɔde aniberɛ hwehwɛ daa nokorɛ no ho hwɛ.

Wɔkyerɛ yɛn nso sɛ wɔn a wɔsom wɔ tɛmpol hɔ nyinaa mfiri hɔ a Onyankopɔn tumi ne abɔfoɔ a “wɔahyɛ wɔn so.” Sɛ wobɛhu sɛ, sɛ ɔbaa anaa ɔbarima a wɔde Onyankopɔn tumi ahyɛ no ma no, ɛnhia sɛ wo nkutoo wohyia asetena no yɛ kɛse sɛn? Akokoɔduro bɛn na ɛma wohu sɛ abɔfoɔ bɛboa wo ankasa?

Nea ɛtwa toɔ no, wɔahyɛ yɛn bɔ sɛ “bɔnefosɛm a wɔaka abom” rentumi nni wɔn a wɔsom wɔ Awurade fie no so.

Honhom mu kwan ahodoɔ a yɛtumi nya wɔ tɛmpol no mu a yɛbɛte aseɛ no ho hia yɛn mu biara nnɛ.

Me nuanom adɔfoɔ mmarima ne mmaa, me bɔhyɛ ni. Biribiara nni hɔ a ɛbɛboa wo sene sɛ ɛbɛboa wo ama woakura dadeɛ poma no mu den sen sɛ wobɛsom wɔ tɛmpol mu daa sɛnea wo tebea ma ho kwan. Biribiara nni hɔ a ɛbɛbɔ wo ho ban kɛse berɛ a wohyia wiase sum a ɛyɛ sum no. Biribiara renhyɛ wo adansedie a ɛfa Awurade Yesu Kristo ne Ne Mpata ho no den anaa ɛbɛboa wo ama woate Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɛyɛ nwanwa noase. Biribiara remma wo honhom dwoo kɛse wɔ ɛyaw berɛ mu. Biribiara mmue ɔsoro bio. kɛse. Hwee!

Tɛmpol no ɔkwan a ɛkɔ nhyira akɛseɛ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn mu biara no mu, ɛfiri sɛ tɛmpol no nko ara ne beaeɛ wɔ asase so a yɛbɛtumi anya nyinaa nhyira a wɔhyɛɛ Abraham bɔ. Yei nti na yɛreyɛ yeinom nyina ara wɔ yɛn tumi mu, wɔ Awurade akwankyerɛ ase, sɛ yɛbɛma tɛmpol nhyira ayɛ yie ama Asɔre mma. Enti, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka sɛ yɛayɛ nhyehyɛeɛ sɛ yɛbɛsi tɛmpol foforɔ wɔ mmeaɛ 15 yi mu biara:

  • Uturoa, French Polynesia

  • Chihuahua, Mexico

  • Florianópolis, Brazil

  • Rosario, Argentina

  • Edinburgh, Scotland

  • Brisbane, Australia south area

  • Victoria, British Columbia

  • Yuma, Arizona

  • Houston, Texas south area

  • Des Moines, Iowa

  • Cincinnati, Ohio

  • Honolulu, Hawaii

  • West Jordan, Utah

  • Lehi, Utah

  • Maracaibo, Venezuela

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, medi adanseɛ sɛ yei ne Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Ɔgyina ne ti. Yɛyɛ N’asuafoɔ.

Momma yɛn ani nnye wɔ asɔfodie nsafoa a wɔasan de aba a ɛma ɛyɛ yie ma me ne wo sɛ yɛbɛnya nhyira biara honhom fam na yɛwɔ ɔpɛ na yɛfata sɛ yɛbɛnya mu anigyeɛ. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.