Amansan Nhyiamu
Ne Nyinaa Bɛyɛ Yie Ɛnam Tɛmpol Apam ahodoɔ nti
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Ne Nyinaa Bɛyɛ Yie Ɛnam Tɛmpol Apam ahodoɔ nti

Biribiara nni hɔ a ɛho hia sene sɛ mobɛdi apam a moayɛ anaasɛ mobɛyɛ wɔ tɛmpol no ni.

Me nuanom adɔfoɔ mmarima ne mmaa, amansan nhyiamu yi ayɛ mmerɛ kronkron ama me. M’ani sɔ wɔ dwumadie a wɔde ama me sɛ menkasa nkyerɛ Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ ɔpepe ne yɛn nnamfonom a wɔwɔ wiase baabiara. Medɔ mo, na menim sɛ Awurade dɔ mo.

Mfeɛ 50 ne akyire a atwam no, menyaa akwanya sɛ mesom sɛ titenani ma Ricks College wɔ Rexburg, Idaho. Wɔ Ayɛwohomumu 5, 1976 anɔpa, me ne me yere Kathy de kaa firii Rexburg kɔɔ Idaho Falls Tɛmpol kɔhwɛɛ yɛn adamfo pa ara bi nsɔano. Nokorɛ mu, na mmarimaa nkumaa nan wɔ yɛn fie saa berɛ no nti, na mmɔfra hwɛfoɔ kokoɔdurofoɔ mmoa nko ara na ɛbɛtumi aboa yɛn tɛmpol akwantuo no! Yɛde yɛn mma a wɔsom bo yi hyɛɛ ne nsa, na yɛtwaa kwan sima 30.

Yɛn suahunu wɔ tɛmpol saa da no yɛɛ nwanwa, sɛdeɛ ɛtaa yɛ no. Mmom, tɛmpol nsɔano no awieeɛ no—ne berɛ a yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsane akɔ fie no—yɛhunuu sɛ tɛmpol adwumayɛfoɔ ne ahɔhoɔ bebree de ahopopoɔ rebɔ nkɔmmɔ wɔ tɛmpol no asaso. Berɛ tiawa bi mu, tɛmpol adwumayɛfoɔ no mu baako bɔɔ yɛn amaneɛ sɛ Teton Dam a wɔasi no foforɔ wɔ Idaho apueɛ fam no adwiri! Na nsuo bɛboro galɔn ɔpepe 80 (cubic mita ɔpepe 300) na ɛretene fa abura no mu rekɔ akwansin 300 dam mu kɔ bonhwa a ɛbemmɛn hɔ a ne kɛseɛ yɛ (kilomita ahinanan 775) no mu. Na nsuo amene Rexburg kuropɔn no fa kɛseɛ, a nsuyire de afie ne ahyɛn ahodoɔ kɔ. Nnipa 9,000 nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu hweree wɔn fie.

Sɛdeɛ wobɛtumi asusu no,yɛn nsusuiɛ ne adwennwene kɔɔ yɛn mma a yɛdɔ wɔn no so, kɔlegyi adesuafoɔ ne nneɛma a wɔsua, ne mpɔtam a na yɛdɔ no ahobammɔ ne yiedie so. Na yɛwɔ beaeɛ a ɛnnuru kwansini 30 (mita 50) firi fie, nanso wɔ saa da yi, a na mobaa foonu ne nkransɛm atwerɛ nnya mmaeɛ no, na yɛnni ɛkwan biara a yɛbɛtumi afa so ne yɛn mma no adi nkutaho ntɛm so, anaasɛ na yɛbɛtumi atu kaa afiri Idaho Falls asan akɔ Rexburg, berɛ a na akwan ahodoɔ nyinaa asisi.

Na deɛ aka yɛn ara ne sɛ yɛbɛda ahɔhodan bi a ɛwɔ Idaho Falls mpɔtam hɔ anadwo no. Me ne Kathy bɔɔ mu kotoo wɔ yɛn ahɔhodan dan no mu na yɛko srɛɛ Ɔsoro Agya sɛ ɔmma yɛn mma adɔfoɔ no ne afoforɔ mpempem pii a awerɛhosɛm a ɛsiiɛ no aka wɔn no ahobammɔ. Mekae sɛ Kathy dii akɔneaba kɔsii anɔpatutuutu, wɔ dadwene mu fa ne mma ho. Ɛmfa ho ne m’ankasa me haw no, metumi gyaee adwennwene na medaeɛ.

Ankyɛre koraa na me ɛnniawieeɛ hokafoɔ dɔfoɔ nyanee me kaa sɛ, “Hal, wobɛyɛ dɛn atumi ada wɔ berɛ a ɛte sɛɛ mu?”

Afei saa nsɛm yi baa m’akoma ne m’adwene mu pefee. Meka kyerɛɛ me yere sɛ: “Kathy, ɛmfa ho ne deɛ ɛbɛsi biara , ne nyinaa bɛyɛ yie ɛnam tɛmpol no nti. Yɛne Onyankopɔn ayɛ apam na wɔasɔ yɛn ano sɛ ɛnniawieeɛ abusua.”

Saa berɛ no, ɛyɛɛ te sɛ deɛ Awurade Honhom no sii deɛ na yɛn baanu nim dada sɛ ɛyɛ nokorɛ no so dua wɔ yɛn akoma ne yɛn adwene mu: nsɔano ayɛyɛdeɛ a wɔhunu wɔ Awurade fie nko ara, na wɔde asɔfodie tumi a ɛfata na ɛhwɛ so no, de yɛn abom sɛ okunu ne ɔyere, na wɔasɔ yɛn mma ano ama yɛn. Nokorɛ mu na ɛho nhia sɛ yɛsuro, na yɛn ani sɔee akyire yi a yɛtee sɛ yɛn mmarimaa no ho yɛ.

Ebia saa asɛm yi a ɛfiri Titenani Thomas S. Monson hɔ no kyerɛ deɛ me ne Kathy faa mu saa anadwo a yɛn werɛ remfiri da no yie. “Sɛ yɛkɔ tɛmpol a, honhom mu nkanyan ne asomdwoeɛ atenka bi bɛtumi aba yɛn so asomdwoeɛ mu. Yɛbɛnya nteaseɛ mapa afa Agyenkwa no nsɛm no ho berɛ a Ɔkaa sɛ: ‘Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo. Mommma mo akoma ntutu, na mommma no mmɔ hu [Yohane 14:27].’”

Wɔahyira me sɛ mete saa asomdwoeɛ no nka berɛ biara a mewura tɛmpol mu. Mekae da a medii kan kɔɔ Salt Lake Tɛmpol mu. Na meyɛ aberanteɛ.

Memaa m’ani so hwɛɛ dan no nsamsoɔ fitaa a ɛma dan no mu yɛ hyerɛnn a ɛte sɛ deɛ wɔabue ɛsoro no. Na saa berɛ no mu no, nsusuiɛ baa m’adwene mu wɔ nsɛm a ɛmu da hɔ mu: “Maba hann beaeɛ yi pɛn.” Afei ntɛm ara na nsɛm yi baa m’adwene mu, na ɛnyɛ m’ankasa me nne mu: “Dabi, wommaa ha da. Worekae berɛ bi ansa na wɔrewo wo. Na wowɔ beaeɛ kronkron te sɛ yei a Awurade bɛtumi aba hɔ.”

Anuanom mmarima ne mmaa, mede ahobrɛaseɛ di adanseɛ sɛ yɛrekɔ tɛmpol a, yɛbɛtumi akae yɛn honhom mu ɛnniawieeɛ su, yɛne Agya no ne Ne ɔsoro Ba no ntam abusuabɔ, ne yɛn pɛ sɛ yɛbɛsane akɔ yɛn soro fie.

Wɔ nnansa yi nhyiamu kasa mu no, Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ:

“Beaeɛ a ahotɔ wɔ a wobɛtena honhom mu ne sɛ wobɛtena wo tɛmpol apam mu!”

Biribiara a yɛgye die ne bɔhyɛ biara a Onyankopɔn ayɛ ama N’apam nkorɔfoɔ no ba bom wɔ tɛmpol mu.”

“Onipa biara a ɔyɛ apam wɔ tɛmpol mu—na ɔdi soɔ no—wɔ akwanya pii de kɔ Yesu Kristo tumi mu.”

Ɔsane nso kyerɛɛ sɛ “berɛ a yɛne Onyankopɔn yɛ apam no, yɛtena tebea foforɔ mu afebɔɔ. Onyankopɔn nto N’abusuabɔ a ɔne wɔn a wɔapere ne no ayɛ saa apam no asaworam. Nokorɛ, wɔn a wɔne Onyankopɔn ayɛ apam no wɔ ɔdɔ ne ahummɔborɔ sononko ho akwanya.”

Wɔ Titenani Nelson nkuranhyɛ akannie ase no, Awurade ayɛ ntɛm, na ɔbɛkɔ so ayɛ ntɛm, wɔ tɛmpol sie mu wɔ wiase nyinaa. Yei bɛma Onyankopɔn mma nyinaa akwanya de agye nkwagyeɛ ne mpagya ayɛyɛdeɛ no na wɔayɛ apam kronkron na wɔadi so. Sɛ yɛbɛfata sɛ yɛyɛ apam kronkron no nyɛ prɛko pɛ mmɔdemmɔ na mmom ɛyɛ nkwa nna nyinaa nhyehyɛeɛ. Awurade aka sɛ ɛbɛfa yɛn akoma, tumi, adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa.

Sɛ yɛtaa de yɛn ho hyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ mu a ɛbɛtumi ayɛ ahofama ho nhwɛsoɔ ama Awurade. Sɛ wodi wo tɛmpol apam so na wokae a, woto nsa frɛ Honhom Kronkron no afekubɔ sɛ ɛnhyɛ wo den na ɛnte wo ho.

Afei wobɛtumi anya hann ne anidasoɔ atenka a ɛdi adanseɛ sɛ bɔhyɛ no yɛ nokorɛ. Wobɛba abɛhunu sɛ apam biara a wo ne Onyankopɔn ayɛ no yɛ akwanya a wode bɛbɛn No, a ɛno akyi ɛbɛma ɔpɛ aba w’akoma mu sɛ wobɛdi tɛmpol apam so.

Wɔahyɛ yɛn bɔ, “Ɛnam yɛne Onyankopɔn apam no nti, Ɔremmerɛ da wɔ Ne mmɔdemmɔ mu sɛ ɔbɛboa yɛn, na yɛrenhwere N’ahummɔborɔ aboterɛ ma yɛn no da.”

Wɔ tɛmpol nsɔano ayɛyɛdeɛ mu na yɛbɛtumi anya abusua ho dɔ nkabom ahotosoɔ a ɛbɛtoa so wɔ owuo akyi na atoa so akɔ ɛnniawieeɛ mu. Awareɛ ne abusua apam a wɔayɛ wɔ Onyankopɔn tɛmpol mu no nidie bɛma ahobammɔ afiri pɛsɛmenkomenya ne ahantan bɔne ho.

Anuanom mmarima ne mmaa so ahwɛyie papa wɔn ho daa no bɛba berɛ a wobɔ mmɔden sɛ wobɛdi w’abusua anim wɔ Awurade kwan so. Momma nkwadaa no kwan ma wɔmmɔ mpaeɛ mmema wɔn ho. Monhunu akasakasa ahyɛaseɛ ntɛm so, na monhunu nneyɛɛ papa a ɛnyɛ pɛsɛmenkominya som, titire de ma mo ho. Sɛ anuafoɔ bɔ mpaeɛ ma wɔn ho na wɔsom wɔn ho a, akoma bɛdwo na adane akɔ wɔn ho ne wɔn awofoɔ so.

Ɔfa bi mu, ɛno ne deɛ Malaki akyerɛ mu sɛdeɛ ɔkaa odiyifoɔ Elia mmaeɛ no: “Ɔbɛdua wɔ nkwadaa no akoma mu bɔhyɛ a ɔhyɛɛ agyanom, na nkwadaa no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom so. Na sɛ ɛnte saa a, wɔbɛsɛe asase no nyinaa korakora wɔ ne mmaeɛ mu.”

Sɔhwɛ, ɔhaw, ne tipaeɛ bɛba yɛn nyinaa so nokorɔ mu. Yɛn mu biara nni hɔ a “honam [mu] nkasɛɛ” ntumi no. Nanso, sɛ yɛkɔ tɛmpol na yɛkae yɛn apam no a, yɛbɛtumi asiesie yɛn ho anya yɛn ankasa akwankyerɛ afiri Awurade hɔ.

Berɛ a me ne Kathy wareeɛ na wɔsɔɔ yɛn ano wɔ Logan Utah Tɛmpol mu no, Elder Spencer W. Kimball na ɔyɛɛ nsɔano no. Wɔ nsɛm kakraa bi a ɔkaeɛ no mu no, ɔde afotuo yi maeɛ: “Hal ne Kathy, montena ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔfrɛ no ba a, mobɛtumi anante akɔ ntɛm.”

Mfitiaseɛ no, yɛante deɛ saa afotuo no ase kyerɛ maa yɛn, nanso yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden wɔ ɔkwan bi so sɛyɛbɛsiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsom Awurade berɛ a ɔfrɛ no bɛba. Yɛwaree bɛyɛ mfeɛ 10 akyi no, ɔfrɛ bi a na yɛnhwɛ kwan firii Asɔre Nwomasua Sohwɛfoɔ, Neal A. Maxwell hɔ baeɛ.

Ɔdɔ afotuo a Titenani Kimball de maeɛ wɔ tɛmpol mu sɛ yɛbɛtumi “anante akɔ ntɛm” no bɛyɛɛ nokorɛ. Me ne Kathy nsa kaa ɔfrɛ sɛ yɛmfiri deɛ na ɛte sɛ abusua tebea a ɛyɛ anigyeɛ wɔ California nkɔsom wɔ dwumadie bi mu ne beaeɛ a mennim ho hwee. Nanso, na yɛn abusua no ayɛ krado sɛ wɔbɛfiri hɔ ɛfiri sɛ odiyifoɔ bi, a ɔwɔ tɛmpol kronkron bi mu, hunuu daakye adeɛ bi a na yɛasiesie yɛn ho ama.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, medi adanseɛ sɛ biribiara nni hɔ a ɛho hia sene sɛ moredi apam a moayɛ anaasɛ mobɛyɛ wɔ tɛmpol no ni. Ɛmfa ho ne baabi a wowɔ wɔ apam kwan no so, mehyɛ wo nkuran sɛ fata sɛ wobɛtumi akɔ tɛmpol. Taa kɔ hɔ sɛdeɛ tebea no bɛma kwan. Wo ne Onyankopɔn nyɛ apam kronkron na di so. Mɛtumi ama mo awerɛhyem wɔ nokorɛ korɔ no ara a me ne Kathy kyɛɛ no anadwo dasuom bɛyɛ mfeɛ aduonum a atwam wɔ Idaho Falls ahɔhodan dan bi mu: “Ɛmfa ho ne deɛ ɛbɛba biara, ne nyinaa bɛyɛ yie ɛnam tɛmpol apam no nti.”

Mede me nokorɛ adansedie ma mo sɛ Yesu ne Kristo no. Ɔte ase na Ɔdi N’Asɔre anim. Tɛmpol ahodoɔ no yɛ Awurade afie ahodoɔ. Titenani Russell M. Nelson yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni wɔ asase so. Medɔ No, na medɔ mo mu biara. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.