Amansan Nhyiamu
Nea Mahu ne Nea Mate Nyinaa Ho Twerɛtohɔ
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Nea Mahu ne Nea Mate Nyinaa Ho Twerɛtohɔ

Berɛ biara nni hɔ a ɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo Asɔre no muni sen nnɛ.

Berɛ a mewiee mmaranimfoɔ sukuu no, me ne me yere Marcia pɛɛ sɛ yɛbɛkɔ akɔka mmra adwumakuo bi a ɛyɛ mmra a wɔde di asɛm ho adwuma titiriw ho. Berɛ a mefirii m’adwuma nteteɛ ase no, mede me berɛ pii siesiee adansefoɔ a wɔbɛdi adanseɛ wɔ asɛnnibea. Mehunuu no ntɛm sɛ wɔkyerɛ nokorɛ wɔ asɛnnibea dan bi mu berɛ a adansefoɔ, wɔ ntam ase, dii adanseɛ sɛ nea wɔahu ne nea wɔate nyinaa yɛ nokorɛ. Sɛnea adansefoɔ dii adanseɛ no, wɔtwerɛɛ wɔn nsɛm no nyinaa na wɔkoraeɛ. Na hia a adansefoɔ a wotumi gye wɔn di ho hia no di kan wɔ m’ahosiesie mu berɛ nyinaa.

Ankyɛ koraa na merehu sɛ nsɛmfua koro no ara na mede di dwuma da biara da sɛ mmaranimfoɔ no nso yɛ nsɛmfua a mede di dwuma wɔ m’asɛmpa nkɔmmɔdie mu. “Adanseɛ” ne “adansedie” yɛ nsɛmfua a yɛde di dwuma berɛ a yɛkyɛ yɛn nimdeɛ ne yɛn atinka a ɛfa Yesu Kristo asɛmpa no nokorɛ ho no.

Berɛ a wɔhyɛɛ me den sɛ Amansan Aduɔson nii foforɔ no, mebuee Twerɛsɛm no mu sɛ mɛsua m’asɛdeɛ na makenkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:25, a ɛka sɛ, “Wɔfrɛ Aduɔson no nso sɛ wɔnyɛ adansefoɔ titire mma Amanamanmufoɔ ne wiase nyina ara.” Sɛnea wobɛtumi asusu ho no, wɔtwee m’ani kɔɔ asɛmfua “adansefoɔ titiriw” no so. Ɛbɛdaa adi pefee maa me sɛ mewɔ asɛdeɛ ne asodie sɛ medi m’adanseɛ, sɛ mɛdi Yesu Kristo din ne N’asɛmpa no ho adanseɛ, baabiara a mɛtu kwan wɔ wiase.

Nhwɛsoɔ bebree wɔ twerɛsɛm mu a wɔn a wɔyɛɛ adansefoɔ a wɔde wɔn ani hunuu na wɔdii adanseɛ wɔ deɛ wɔn mmienu nyinaa hunuui na wɔtee no ho.

Berɛ a tete nkɔnhyɛni Mormon hyɛɛ ne twerɛtohɔ ase no, ɔtwerɛɛ sɛ, “Na afei me, Mormon, meyɛ deɛ mahunu na mateɛ no ho twerɛtohɔ, na mefrɛ no Mormon Nwoma.”

Agyenkwa no Somafoɔ Petro ne Yohane saa ɔbarima bi yareɛ wɔ Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret din mu na afei wɔde wɔn too afiase esiane sɛ wɔyɛɛ saa nti. Berɛ a wɔhyɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkasa wɔ Yesu din mu no, wɔbuae sɛ:

“Sɛ ɛyɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ wɔtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn.

“Ɛfiri sɛ yɛrentumi nka nea yɛahunu na yɛate no.”

Adansedie foforɔ a ɛhyɛ den firi Mormon Ahotefoɔ Nwoma a wɔdii Agyenkwa Yesu Kristo nsrahwɛ no ho adanseɛ. Tie wɔn adansedie ho nkyerɛkyerɛmu yi “Na saa kwan yi so na wɔdi adanseɛ Aniwa nhunuu da, na aso nso nteɛ, dada, nneɛma akɛseɛ ne anwanwadeɛ sɛdeɛ yɛhunuu na yɛtee sɛ Yesu rekasa akyerɛ Agya no.”

Anuanom mmarima ne mmaa, ɛnnɛ mebɔ m’adansedie ho dawuro na meyɛ deɛ mahunu na mate wɔ me som adwuma kronkron no mu sɛ Awurade Yesu Kristo Aduɔson no ho twerɛtohɔ. Meyɛ saa mu no, medi Ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ ne Ne Ba a ɔyɛ yamyɛfoɔ, Yesu Kristo, a ohuu amane, wuuiɛ, na ɔsɔree sɛ ɔde daa nkwa bɛma Onyankopɔn mma no ho adanseɛ kyerɛ mo. Medi adanseɛ fa “adwuma nwanwasoɔ a ɛyɛ nwanwa” na sɛ Awurade ama Ne nsa so bio de Nasɛmpa asan aba ɛnam N’adiyifoɔ ne asomafoɔ so. Medi adanseɛ sɛ ɛgyina nea mahu ne deɛ mate no so no, biribiara nni hɔ dɛ sɛ ɔbɛyɛ Ysu Kristo N’Asɔre no mu nii sene nnɛ. Menim yei firi m’ankasa nimdeɛ mu, a ɛde ne ho firi fibea foforɔ biara ho, esiane nea mahu ne nea mate nyinaa nti.

Wɔ m’afe a etwa toɔ wɔ ntoaso sukuu mu no, sɛ mɛwie seminary no, na ɛsɛ sɛ mehu Asɔre no tɛmpol 15 no nyinaa. Na tɛmpol biara mfonini wɔ yɛn adesuadan no anim, na na ɛsɛ sɛ mehu baabi a emu biara wɔ. Afei, mfeɛ akyi no, na ɛbɛyɛ asɛmdenden kɛseɛ, a tɛmpol 335 na ɛreyɛ adwuma na wɔabɔ ho amanneɛ, sɛ wɔbɛhunu emu biara. M’ankasa mahunu Awurade afie yi mu bebree na medi adanseɛ sɛ Awurade de Ne nhyira ne ayɛyɛdeɛ rema Ne mma dodoɔ no ara wɔ wiase nyinaa.

Me nnamfonom a wɔwɔ FamilySearch akyerɛkyerɛ me sɛ wɔde edin foforo bɛboro ɔpepem biako ka FamilySearch ho da biara. Sɛ woanhu wo nana nnora a, meto nsa frɛ wo sɛ ɔkyena hwehwɛ bio. Sɛ ɛba sɛ wɔbɛboaboa Israel ano wɔ nkatanim no fa foforɔ a, berɛ biara mmae da sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo Asɔre no muni sen nnɛ.

Berɛ a yɛtetee yɛn mma wɔ Twin Falls, Idaho no, na yɛn adwene wɔ wiase nyinaa Asɔre no ho sua. Berɛ a wɔfrɛɛ me sɛ menyɛ Amansan Sodifoɔ no, wɔmaa me ne Marcia sɛ yɛnsom wɔ Pacific Area, beaeɛ a yɛnkɔɔ hɔ da. Yɛn ani gyeeɛ sɛ yɛhunuu firii Zealand atifi kɔsi aseɛ, a tɛmpol bi a wɔhyiraa so wɔ 1958 mu ka ho. Na ɛyɛ saa 15 a na ɛsɛ sɛ mekyere gu me tirim wɔ asɔfo sukuu mu no mu baako. Yɛhunuu tɛmpol ahodoɔ wɔ Australia kuropɔn kɛseɛ biara mu, a na stakes wɔ saa asasepɔn no so. Na yɛwɔ dwumadie ahodoɔ wɔ Samoa, baabi a stake 25 wɔ hɔ, ne Tonga, baabi a ɛkame ayɛ sɛ nnipa dodoɔ no mu fa yɛ Asɔre no mma. Na yɛwɔ dwumadie bi wɔ Kiribati supɔ so, na yɛhuu nnua mmienu wɔ hɔ. Na yɛwɔ dwumadie ahodoɔ sɛ yɛnkɔsra stake ahodoɔ a ɛwɔ Ebeye a ɛwɔ Marshall Nsupɔ so ne Daru a ɛwɔ Papua New Guinea no.

Bere a yɛsom wɔ Pacific Nsupɔ so wieɛ no, wɔmaa yɛn dwumadie sɛ yɛnkɔsom wɔ Philippines. Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ Philippines no renya nkɔsoɔ asen biribiara a na mahunu. Seesei stake 125, asɛmpatrɛ 23, ne tɛmpol 13 a wɔabɔ ho dawuro wɔ hɔ. Mehuu asɔre bi a emufoɔ bɛboro 850,000. Ɛyɛɛ deɛn na na mapa Kristo Asɔre a wɔde sii hɔ wɔ wiase nyinaa no?

Berɛ a medii mfeɛ mmiɛnsa wɔ Philippines no, wɔka kyerɛɛ me sɛ mensom wɔ Asɛmpatrɛ Dwumadibea. Me dwumadie no de yɛn kɔɔ asɛmpatrɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. M’adwene wɔ Agyenkwa no wiase nyinaa Asɔre no ho retrɛ kɛse paa. Wɔmaa me ne Marcia sɛ yɛnkɔsra asɛmpatrɛfoɔ wɔ Asia. Yɛhunuu stake center fɛɛfɛ bi wɔ Singapore, a asɔremma a wɔn ho yɛ nwanwa, anokwafoɔ ka ho. Yɛsraa asɔremma ne asɛmpatrɛfoɔ wɔ asɔredan bi mu wɔ Kota Kinabalu, Malaysia. Yɛhyiaa asɛmpatrɛfoɔ wɔ Hong Kong na yɛnyaa kyɛfa wɔ stake nhyiamu a ɛyɛ nwanwa a yɛne Ahotefoɔ anokwafoɔ, a wɔatu wɔn ho ama no mu.

Wɔsan sii saa suahunu yi berɛ a yɛhyiaa asɛmpatrɛfoɔ ne asɔremma wɔ Europa nyinaa, wɔ Latin Amerika, Caribbean, ne Afrika no. Yesu Kristo Asɔre no renya nkɔsoɔ kɛseɛ wɔ Afrika.

Meyɛ obi a ɔde n’ani huu Yesu Kristo asɛmpa no sanba a ɛkɔ so ne Awurade diyifoɔ nkɔmhyɛ no mmamu sɛ “Onyankopɔn nokorɛ no bɛkɔ akokoɔduro, animuonyam, ne ahofadie mu, akɔsi sɛ ɛbɛhyɛn asasepɔn biara so, akɔsra wiem tebea biara.”

Yɛm asɛmpatrɛfoɔ a wɔn ho yɛ nwanwa a ɛwɔ wiase nyinaa no dodoɔ yɛ 74,000. Wɔne asɔremma bom yɛ adwuma no, wɔbɔ nnipa bɛboro 20,000 asu bosome biara. Nnansa yi ara na ɛyɛ mmeranteɛ ne mmabaa a wɔadi mfeɛ 18, 19, ne 20 a ɛnam Awurade mmoa so ayɛ saa anwanwadeɛ a ɛyɛ den yi a ɛfa nhyiamu ho. Yɛhu mmabaa ne mmeranteɛ yi wɔ Vanuatu nkuraa nketewa ne New York, Paris, ne London nkuro akɛseɛ mu. Mahwɛ wɔn sɛ wɔrekyerɛkyerɛ Agyenkwa no ho asɛm na wɔde N’Asɔre asi hɔ wɔ asafo ahodoɔ a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Fiji ne nhyiamu akɛseɛ a wɔyɛ wɔ mmeae te sɛ Texas, California, ne Florida.wɔ United States no.

Wobɛhunu asɛmpatrɛfoɔ wɔ asaase ntwea biara a wɔreka kasa ahodoɔ 60 na wɔredi Agyenkwa no ahyɛdeɛ kɛseɛ a ɛwɔ Mateo 28 no so: “Enti monkɔ nkɔkyerɛkyerɛ aman nyinaa, mommɔ wɔn asu Agya no ne Ɔba no ne ne din mu.” Mehyɛ Asɔre no asɛmpatrɛfoɔ a atwam ne wɔn a wɔwɔ hɔ seesei no animuonyam na mekae yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreforo no Titenani Russell M. Nelson nsatoɔ sɛ wɔmra mmɛboaboa Israel ano.

Medi adanseɛ nnɛ sɛ mede m’ankasa m’ani ahwɛ saa Agyenkwa no asɛmpa no sanba a emu dɔ yi na mede m’ankasa m’aso ate Meyɛ Onyankopɔn adwuma ho dansefoɔ wɔ wiase nyinaa. Berɛ biara nni hɔ a ɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo Asɔre no muni sen nnɛ.

Ebia anwanwadeɛ a ɛhyɛ nkuran paa wɔ sanba no mu a madi ho adanseɛ ne mo, Asɔre no mufoɔ anokwafoɔ a mowɔ asaase biara so Mo, Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ, Yesu Kristo n’asuafoɔ, Nifae aka ho asɛm wɔ Mormon Nwoma no mu, sɛdeɛ ɔhunuu yɛn da no na ɔdii adanseɛ sɛ, “Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mehunuu tumi no Onyankopɔn Adwamaa no ho, sɛ ɛsiane kɔɔ Adwamaa no asɔre no ahotefoɔ so, ne Awurade apam nkorɔfoɔ no so, a wɔahwete wɔ asaase no ani nyina ara na wɔde tenenee ne Onyankopɔn tumi ahyɛ wɔn akodeɛ.”

Medi adanseɛ sɛ mede m’ankasa m’ani ahunu deɛ Nifae hunuu no—mo, apam mu Ahotefoɔ a mowɔ asaase biara so, a mokura tenenee ne Onyankopɔn tumi. Berɛ a na mewɔ asɛnka adwa so wɔ wiase aman akɛseɛ yi mu baako mu no, Awurade de biribi a Ɔhene Benjamin kyerɛkyerɛɛ mu hyɛɛ m’adwene mu Mosiah 2 wɔ Mormon Nwoma no mu. Brent “ mɛpɛ sɛ mo bɛdwendwene nhyira ne anigyeɛ tebea a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm so. Na hwɛ, wɔwɔ honam, ne honhom fam nneɛma nyinaa.”

Medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ mede m’ankasa m’ani ahunu yei na mede m’aso ate no berɛ a mahyia mo, Onyankopɔn Ahotefoɔ anokwafoɔ wɔ asaase no nyinaa so a wɔdi mmaransɛm no so. Moyɛ Agya no apam mma. Moyɛ Yesu Kristo asuafoɔ. Monim deɛ menim nso ɛfiri sɛ moanya mo ankasa adanseɛ a ɛfa Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no nokorɛ ho. Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Nanso nhyira ne mo aniwa, ɛfiri sɛ ɛhunu, na mo aso, ɛfiri sɛ wɔte.”

Wɔ Awurade akwankyerɛ ne Ne nkɔnhyɛfoɔ ne N’asomafoɔ akandifoɔ ase no yɛbɛkɔ so asiesie asɛmpatrɛfoɔ, ayɛ apam kronkron na yɛadi so, de Kristo Asɔre no asi hɔ wɔ wiase nyinaa, na yɛanya nhyira a ɛba berɛ a yɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so. Yayɛ baako. Yɛyɛ Onyankopɔn mma. Yenim No na yɛdɔ No.

Meka mo nyinaa ho, me nnamfonom, berɛ a yɛka bom di adanseɛ sɛ saa nneɛma yi yɛ nokorɛ. Yɛyɛ nea yɛahu ne nea yɛate nyinaa ho twerɛtohɔ. Me ne wo yɛ adansefoɔ a yɛdi adanseɛ. Ɛnam saa adansedie a wɔaka abom yi tumi so na yɛkɔ so de gyedie kɔ yɛn anim wɔ Awurade Yesu Kristo ne N’asɛmpa no mu. Mepae mu ka m’adanseɛ sɛ Yesu Kristo te ase. Ɔno ne yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.