Amansan Nhyiamu
Nneɛma Nyinaa Ma Yɛn Yiedie
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Nneɛma Nyinaa Ma Yɛn Yiedie

Wɔ berɛ ne nkwa a ɛnniawieeɛ mu no, adebɔ tirimpɔ ne Onyankopɔn ankasa su ne sɛ ɔbɛka nneɛma nyinaa abom ama yɛn yiedie.

Ɛnnɛ yɛ Oforisuol 6 ,Yesu Kristo a ɔsan de Ne nna a ɛdi akyire Asɔre no afeda—ne Easter berɛ no fa bi a yɛde anigyeɛ di Yesu Kristo abrabɔ a ɛyɛ pɛ, mpata afɔrebɔ, ne animuonyam Wusɔreɛ ho adanseɛ.

Chinafoɔ asɛm bi firi aseɛ bere a ɔbarima bi ba nyaa pɔnkɔ fɛfɛ bi no.

Afipamfoɔ no ka sɛ: “Hwɛ anigyeɛ a ɛyɛ.

Ɔbarima no ka sɛ: “Yɛbɛhwɛ.

Afei ɔba no firi pɔnkɔ no so hwe ase na opirae koraa.

Afipamfoɔ no ka sɛ: “Hwɛ awerɛhoɔ a ɛyɛ.”

Ɔbarima no ka sɛ: “Yɛbɛhwɛ.

Asraafoɔ a wɔrehwehwɛ asraafoɔ dɔm bae nanso wɔmfa ɔba a wapira no.

Afipamfoɔ no ka sɛ: “Hwɛ anigyeɛ a ɛyɛ.

Ɔbarima no ka sɛ: “Yɛbɛhwɛ.

Saa wiase a ɛsakrasakra yi taa te nka sɛ ahum abɔ no, ɛnsi pi, ɛtɔ mmerɛ bi a ɛyɛ anigye, na—mpɛn pii no—ɛyɛ awerɛhoɔ. Nanso, wɔ ahohiahia wiase yi mu, “yɛnim sɛ nneɛma nyinaa bom yɛ papa ma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn.” berɛ a yɛnam tenenee na yɛkae yɛn apam no, “nneɛma nyinaa bɛyɛ adwuma ama mo yiedie.”

Nneɛma nyinaa ma yɛn yiedie.

Bɔhyɛ sononko! Awerɛkyekyerɛ awerɛhyem a efiri Onyankopɔn ankasa hɔ! Anwanwa kwan bi so, abɔdeɛ botaeɛ ne yɛn Agya Nyankopɔn ne, sɛ yɛbɛhunu mfitiaseɛ ne awieeɛ, na wɔde nea ɛyɛ ma yɛn nyinaa ba, na wɔgye na wɔboa yɛn ma yɛn ho te yɛ yɛnkronkron ɛnam Yesu Kristo adom ne Mpata so.

Yesu Kristo Mpata no bɛtumi agye na adi ama yɛn afiri bɔne mu. Nanso Yesu Kristo nso te yɛn yaw, amanehunu, yareɛ, awerɛhoɔ, ntetemu. Berɛ ne daapem mu no, Ne nkonimdie wɔ owuo so ne asamando no bɛtumi ama nneɛma nyinaa atotɔ yie. Ɔboa sa wɔn a wɔabubuo na wɔabu wɔn animtiaa, ɔpata wɔn a wɔn bo afuo na wɔn mu apaapae, ɔkyekyere wɔn a wɔyɛ ankonam ne wɔn a wɔate wɔn ho werɛ, ɔhyɛ wɔn a wɔntumi nsi pi na wɔnyɛ pɛ nkuran, na ɔde anwanwadeɛ ahoro a ɛbɛtumi aba wɔ Onyankopɔn nko ara mu ba.

Yɛto halleluya na yɛteam hosanna! Wɔ ɛnniawieeɛ tumi ne papayɛ a ɛnni ano, wɔ Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ mu no, nneɛma nyinaa tumi bom yɛ adwuma ma yɛn yiedie. Yɛbɛtumi de akokoɔduru ahyia abrabɔ na ɛnyɛ ehu.

Ɛkaa yɛn nko ara a, anka yɛnhu yɛn ankasa yiedie. Sɛ “meyi me ho” a, na mereyi m’ankasa sintɔ ahoroɔ, mmerɛyɛ ahoroɔ, nea ɛmfata nso. Awieeɛ koraa no, sɛ yɛbɛyɛ nea ɛyɛ sene biara a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ papa. Esiane sɛ obiara nyɛ papa gye Onyankopɔn nko ara nti, yɛhwehwɛ pɛpɛyɛ wɔ Yesu Kristo mu. Yɛbɛyɛ yɛn ankasa nokwafoɔ papa berɛ a yɛde nnipa su to nkyɛn na yɛbɛyɛ abɔfra wɔ Onyankopɔn anim.

Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so na yɛwɔ gyidie a, yɛbɛtumi ahyira sɔhwɛ ne amanehunu so ama yɛn yiedie. Joseph a wɔtɔnn no nkoasom mu wɔ Misraim no, awieeɛ no ɔbɛgyee n’abusua ne nkorɔfoɔ. Nkɔmhyɛnyi Joseph Smith n’afiase wɔ Liberty Afiase no kyerɛkyerɛɛ no ​​saa nneɛma yi a “ɛbɛma wo suahu, na ayɛ ama wo yiedie.” Sɛ yɛde gyidie, sɔhwɛ ne afɔrebɔ a yɛrenpo da tena ase a, ɛbɛtumi ahyira yɛn ne afoforo wɔ akwan horoɔ a yɛnsusu ho da so.

Yɛma gyedie ne ahotosoɔ kɔ soro wɔ Awurade mu sɛ nneɛma nyinaa bɛtumi abom ayɛ adwuma ama yɛn yiedie berɛ a yɛnya ɛnniawieeɛ adwene; te yɛn sɔhwɛ ahoroɔ ase a ɛbɛtumi ayɛ “nanso bere tiaa bi”; hu amanehunu betumi ahyira so ama yɛn mfasoɔ; gye tom sɛ akwanhyia, owuo a ɛba bere a ɛsɛ mu, yareɛ a ɛma obi yɛ mmerɛ ne nyarewa yɛ owuo fa; na yɛnya awerɛhyɛmu sɛ yɛn Soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mfa nsɔhwɛ mma mfa ntwe aso anaasɛ ɔmfa mmu atɛn. Ɔremfa ɛboɔ mma obi a ɔresrɛ aduane, anaasɛ ɔwɔ mma obi a ɔresrɛ apataa.

Sɛ sɔhwɛ ba a, mpɛn pii no nea yɛpɛ paa ne sɛ obi bɛtie yɛn na ɔne yɛn atena. Seesei yi, mmuaeɛ a ɛyɛ tiawa bɛtumi ayɛ nea ɛmmoa, ɛmfa ho sɛnea ɛkyekyere wɔn adwene no werɛ. Ɛtɔ da bi a, yɛhia obi a ɔne yɛn bɛdi awerɛhoɔ, adi yea, na ɔne yɛn asu; momma yɛnkyerɛ yea, abammuo, abufuo; na yɛnhunu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a yɛnnim.

Sɛ yɛgyeOnyankopɔn ne Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn no di a, awieeɛno yɛn akoma a emu abubuo kɛseɛ mpo bɛtumi ayɛ adwuma abom ama yɛn yiedie.

Mekae da a me nsa kaa kaa akwanhyia a emu yɛ den ho asɛm a ɛfa wɔn a medɔ wɔn no ho. Mmere a ɛte saa mu, wɔ awerɛhoɔ ne gyidie mu no, nea yɛbɛtumi ne Hiob aka ara ne sɛ, “Awurade mae, na Awurade agye; nhyira nka Awurade no din.”

Wɔ wiase nyinaa Asɔre no nyinaa mu no, stake ne amansin bɛyɛ 3,500 ne ward ne brankye ahoroɔ 30,000 ma dwankɔbea ne ahobammɔ. Nanso wɔ yɛn stake ne wards mu no, mmusua ne ankorankoro nokwafoɔ bebree hyia haw a ɛyɛ den, mpo berɛ a wɔnim sɛ (wɔnnya nhunuu sɛdeɛ) nneɛma bɛbom ayɛ adwuma ama wɔn yiedie.

Wɔ Huddersfield, England, wohunuu sɛ Onua Samuel Bridgstock anya kokoram a ɛto so anan berɛ tiawa bi ansa na wɔrefrɛ stake titenani foforɔ. Esiane sɛ na wahunu yareɛ a ɛyɛ hu nti, obisaa ne yere Anna nea enti a ɔbɛkɔ ama wɔabisabisa no nsɛm.

“Ɛnam sɛ,” Onuabaa Bridgstock kaa sɛ, “wɔbɛfrɛ wo sɛ stake titenani.”

Mfoni
Bridgstock abusua.

Mfitiaseɛ no wɔmaa no afe anaasɛ mmienu sɛ ɔntena ase, Titenani Bridgstock (a ɔwɔ ha ɛnnɛ) wɔ n’afe a ɛtɔ so nnan wɔ ɔsom adwuma mu. Ɔwɔ nna pa ne nna a emu yɛ den. Ne stake de gyidie, ɔsom, ne ayamyɛ a ɛkɔ soro reboaboa ano. Ɛnyɛ mmerɛ, nanso ne yere ne n’abusua de gyidie, aseda, ne awerɛhoɔ a nteaseɔ wom tena ase a wɔwɔ ahotosoɔ sɛ ɛnam Yesu Kristo Mpata a wɔasan de aba no so bɛyɛ anigye a ɛnniawieeɛ.

Sɛ yɛyɛ komm, bue yɛn ani, na yɛwɔ obuo a, yɛbɛtumi ate apam a ɛyɛ Awurade dea no fɛ, tirimpɔ, ne kommyɛ nka. Wɔ mmerɛ kronkron mu, fa baabi a nneɛma nketewa ne mmerɛ bom yɛ adwuma ma akyɛdeɛ ne wɔn a wɔgye no yiedie.

Rebekah, m’asɛmpatrɛ titenani a ɔdi kan no babaa, kaa sɛnea Awurade buaa ne mpaebɔ a ɔde hwehwɛɛ awerɛkyekyerɛ denam akwanya a na ɔnhwɛ kwan sɛ obɛbua obi foforɔ mpaebɔ.

Mfoni
Rebeka maa ɔbaa no ne maame afidie ketewa a ɛma oxygen no.

Anwummere bi, Rebekah a na ɔredi awerɛhoɔ wɔ ne maame wuo ho nnansa yi no nyaa adwene a emu da hɔ sɛ ɔbɛkɔ akɔtotɔ gas ama ne kaa. Berɛ a ɔduruu gyinabea hɔ no, ɔhyiaa ɔbaa bi a ne mfeɛ akɔ anim a ɔrehome na ɔrepere ne ho wɔ ɔksegyen tanke kɛseɛ bi ho. Akyire yi, Rebeka tumi maa ɔbaa no ne maame afidie ketewa a ɛma oxygen no. Onuabaa yi de anisɔ kaa sɛ, “Woasan de m’ahofadie ama me.” Nneama kabom yɛ adwuma ma yiedie berɛ a yɛsom sɛdeɛ anka Yesu Kristo bɛsom no.

Agya bi a wɔde ne babarima kyerɛkyerɛfoɔ panin hyɛɛ dwumadie mu sɛ asomfoɔ ayɔnkofoɔ kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Ɔsom yɛ berɛ a yɛfiri sɛ yɛyɛ afipamfoɔ a yɛde kukisi brɛ nnamfoɔ a yɛgye wɔn die, honhom mu wɔn a wɔdi kan yɛ ho biribi.” Apam ahoroɔ a ɛyɛ Kristo dea no kyekyere werɛ, kabom, hyira so.

Wɔ awerɛhosɛm mu mpo no, honhom mu ahosiesie bɛtumi akae yɛn sɛ yɛn Soro Agya nim yɛn tebea berɛ a yɛtee nka sɛ yɛyɛ mmerɛ na yɛyɛ ankonam. Nhwɛsoɔ, abusua bi a wɔde wɔn ba kɔɔ ayaresabea akyire yi nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ deɛ Sunsum Kronkron no adi kan aka sɛ wɔnhwɛ kwan no.

Ɛtɔ da bi a ɛnniawieeɛ nokwasɛm kɛseɛ a Awurade ma yɛte nka no ka abusua a ɛwɔ nkatanim no akyi ho. Onuabaa bi nyaa anigyeɛ wɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no nsakyeraeɛ mu. Na awerɛhosɛm mmienu anya nsunsuansoɔ kɛseɛ wɔ n’asetena mu—ɔrehunuu sɛ nkwanhyia bi ama wahwere ne maame wɔ awerɛhoɔ mu esiane sɛɔkumm ne ho nti.

Mfoni
Onuabaa dii ne hu so nkonim na ɔbɔɔ asu.

Nanso onuabaa yi dii nsuo ho suro a na ɔwɔ no so nkonim maa wde no nuu nsuom bɔɔ no asu. Na ɛda a ɛbɛyɛɛ anigyeɛ da kɛseɛ no, ɔhunuu sɛ wɔrebɔ obi a ɔyɛ ne maame a wawuo no ananmusifoɔ asu wɔ tɛmpol mu. Onuabaa no kae sɛ: “Tɛmpol asubɔ saa me maame yareɛ, na ɛmaa medee me ho.” “Ɛyɛ berɛ a ɛdi kan a metee asomdwoeɛ nka firi berɛ a me maame wuiɛ no.”

Yɛn nnwom kronkron no ka N’awerɛhyem sɛ nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ adwuma abom ama yɛn yiedie.

Yɛ komm, me kra: Wo Nyankopɔn na ɔhyɛ

Sɛ ɔbɛkyerɛ daakye kwan sɛnea wayɛ dada no.

W’anidasoɔ, w’ahotosoɔ mma biribiara nwoso wo;

Seesei ahintasɛm nyinaa bɛhyerɛn awieeɛ.

Bra, bra, mo Ahotefoɔ, monnsuro ɔbrɛ anaa adwuma biara;

Na momfa anigyeɛ nkɔ mo kwan.

Ɛwom sɛ akwantuo yi bɛtumi ayɛ den ama mo,

Mo nna bɛyɛ adom.

Na sɛ yɛwu ansa na yɛn akwantuo no aba awieeɛ a.

Anigyeɛ da! Ne nyinaa yɛ!

Mormon Nwoma no yɛ adanseɛ a yɛbɛtumi akura mu wɔ yɛn nsam sɛ Yesu ne Kristo no na Onyankopɔn hyɛ Ne nkɔmhyɛ ma. Nkɔmhyɛfoɔ a wɔkanyan wɔn a wɔhunuu yɛn mmerɛ yi no na wɔtwerɛɛ Mormon Nwoma no de ahwɛgorɔ na ɛhyɛ aseɛ—abusua a wɔdi nsonsonoeɛ a emu dɔ ho dwuma. Nanso, berɛ a yɛresua na yɛadwene 1 Nifae 1 kɔsi Moroni 10 ho no, wɔde adansedie a ɛyɛ pintinn twe yɛn kɔ Yesu Kristo nkyɛn sɛ deɛ ɛsiiɛ wɔ hɔ na afei ɛbɛtumi ahyira yɛn wɔ ha ne seesei.

Berɛ a Awurade nam Ne nkɔnhyɛni teasefoɔ so de Awurade afie bebree bɛn wɔ mmeaeɛ pii no, tɛmpol nhyira ahoroɔ yɛ adwuma bom ma yɛn yiedie. Yɛnam apam ne ayɛyɛdeɛ so ba Onyankopɔn yɛn Agya ne Yesu Kristo nkyɛn na yɛnya ɛnniawieeɛ adwene wɔ owuo ho. Mmaako mmaako, din ne din,yɛma abusuafoɔ—nananom— kɛseɛ bom berɛ a yɛde Yesu Kristo apam nhyira ma wɔ Awurade nhyehyɛeɛ agyenkwa wɔ Bepɔ Sion so.

Sɛ tɛmpol bɛn yɛn wɔ mmeaeɛ bebree no, tɛmpol afɔrebɔ a yɛbɛtumi abɔ ne sɛ yɛbɛhwehwɛ kronkronyɛ wɔ Awurade fie mpɛn pii. Mfeɛ bebree, yɛagye nkwa, ayɛ nhyehyɛɛ, na yɛabɔ afɔreɛ sɛ yɛbɛba tɛmpol. Afei, sɛdeɛ tebea ma kwan no, mesrɛ mo, mommra Awurade nkyɛn mpɛn pii mpo wɔ Ne fie kronkron no mu. Ma daadaa tɛmpol som ne ɔsom nhyira, mmɔ ban, na ɛnhyɛ wo ne w’abusua nkuran—abusua a mowɔ ne abusua a mobɛnya ne deɛ mobɛyɛ daakye.

Mfoni
Nananbaa wɔ tɛmpol abɔntene.

Bio, berɛ a wo tebea ma ho kwan no, yɛsrɛ mo susu nhyira a ɛwɔ mo tɛmpol ntaadeɛ a mo ankasa mowɔno ho. Nanabaa bi a ɔfiri ahobrɛaseɛ abusua mu kaa biribiara a ɛwɔ wiase ho asɛm sɛ nea ɔpɛ paa yɛ n’ankasa tɛmpol ntaadeɛ. Ne nanababarima kaa sɛ, “Nanabaa kaa no brɛɛ sɛ, ‘Mɛsom wɔ m’ankasa m’asɔrefie ntaadeɛ mu, na sɛ mewu a, wɔbɛsie me wɔ mu.” Na berɛ duruui no, ɔyɛeɛ.

Sɛ Titeenani Russell M. Nelson kyerɛ no, “Biribiara a yɛgye die ne bɔhyɛ biara a Onyankopɔn ayɛ ama Napam nkorɔfoɔ bɛkabom wɔ tɛmpol mu.”

Wɔ berɛ ne nkwa a ɛnniawieeɛ mu no, adebɔ tirimpɔ ne Onyankopɔn ankasa su ne sɛ ɔbɛka nneɛma nyinaa abom ama yɛn yiedie.

Yei yɛ Awurade ɛnniawieeɛ adwuma. Ɛyɛ N’adwene a ɛnniawieeɛ. Ɛyɛ Ne bɔhyɛ a ɛnniawieeɛ.

Sɛ asetena yɛ basabasa, berɛ a tirimpɔ mu nna hɔ, berɛ a wopɛ sɛ wotena ase yie nanso wunnim sɛdeɛ wonyɛ no no, bra Onyankopɔn yɛn Agya ne Yesu Kristo nkyɛn. Gye di sɛ Wɔte ase, wɔdɔ wo, na wɔpɛ nneɛma nyinaa ma wo yiedie. Medi adanseɛ Wɔyɛ, a enniawieeɛ ne daa, wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Yohane 16:33.

  2. Romanfoɔ 8:28.

  3. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 90:24. Kasasin a agye din “Ne nyinaa yɛ” taa kyerɛ sɛ nneɛma yɛ OK na ɛkɔ so nnidisoɔ nnidisoɔ, a ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ yɛn yiedie ankasa.

  4. Hwɛ Moses 1:3.

  5. Hwɛ Alma 7:11.

  6. Hwɛ 2 Nifae 9:10–12. Onyankopɔn bu abrabɔ pa a wɔyi, na ɛtɔ mmerɛ bi a ɔma kwan ma afoforɔ nneyɛɛ a ɛho nteɛ mpo ka yɛn. Nanso berɛ a yɛfiri yɛn pɛ mu hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara no, Yesu Kristo adom ne Ne tumi ne mpata tumi no bɛtumi ate, asa yareɛ, akyekyere yɛn, apata yɛne yɛn ho, wɔ nkatanim no afa nyinaa.

  7. Hwɛ Moroni 7:6, 10–12. Ɔbenefoɔ Terry Warner de nhunumu kyerɛɛ asɛntire yi ase.

  8. Hwɛ Romanfoɔ 3:10; Moroni 10:25.

  9. Hwɛ Moroni 10:32.

  10. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:4, 7

  11. Yɛde suahunu ahodoɔ a yɛmpɛ sua adeɛ. Ɛtɔ da bi a, sɛ yɛde Awurade mmoa soa nnesoa a ɛbɛtumi ama yɛn tumi a yɛde bɛsoa saa nnesoa no akɔ soro; Mosiah 24:10–15 kyerɛkyerɛ Awurade bɔhyɛ ho mfatoho a ɛka sɛ “ɔbɛkɔ akɔsra me nkorɔfoɔ wɔ wɔn amanehunu mu” na “ɔbɛhyɛ wɔn den ma wɔasoa wɔn nnesoa no.” Alma 33:23 kyerɛkyerɛ sɛ yɛn “nnesoa bɛyɛ hare, ɛnam ne Ba no anigye so.” Mosiah 18:8 kae yɛn sɛ sɛ “yɛpɛ sɛ yɛsoa yɛn ho yɛn ho nnesoa” a, “ɛbɛtumi ayɛ hare.”

  12. Nkɔnhyɛni Yesaia ka Mesia no ho asɛm: “Awurade Nyankopɔn Honhom wɔ me so; ɛfiri sɛ Awurade asra me ngo sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefoɔ; wasoma me sɛ menkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo, sɛ menkyekyere wɔn a wɔredi awerɛhoɔ nyinaa werɛ; sɛ wɔayi wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Sion no, sɛ ɔmfa ahoɔfɛ mma wɔn nso, anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔ ananmu, ayɛyie ataadeɛ mma ɛmu duru honhom” (Yesaia 61:1–3). Saa ara nso na ɔdwontofoɔ no de N’adwene a wahyɛ ho bɔ no ma: “Osu bɛtumi awɔ hɔ anadwo, na anigyeɛ ba anɔpa” (Nnwom 30:5). Yei ka animuonyam bɔhyɛ ahoroɔ a wɔde bɛma teneneefoɔ wɔ Owusɔre a Edi Kan no anɔpa no mu.

  13. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:4. Sɛ yɛgye di sɛ nsɔhwɛ ahodoɔ bɛtumi ayɛ nea ɛyɛ daapem “berɛ ketewaa bi” no nkyerɛ sɛ yɛbɛbrɛ yea anaa amanehunu a ɛyɛ yea a yɛbɛtumi anya da biara da wɔ asetena yi mu, anadwo a yɛntumi nna a yɛntumi nnyina ano, anaasɛ adwenem naayɛ a ɛyɛ yea a yɛwɔ no animtia anaasɛ yɛbɛma yɛanyɛ mmɔdemmɔ anaasɛ yɛbɛkasa atia wɔ da foforɔ biara mu. Ebia bɔhyɛ sɛ yɛbɛtumi ahwɛ yɛn akyi na yɛahunu yɛn honam mu amanehunu wɔ Onyankopɔn ayamhyehyeɛ ne daapem adwene mu no de adwene bi ka yɛn nteaseɛ a yɛwɔ wɔ owuo ho ne yɛn anidasoɔ sɛ yɛde gyedie ne Ne mu ahotosoɔ bɛgyina ano akɔsi awieeɛ. Afei nso, sɛ yɛwɔ aniwa a yɛde hunu adeɛ a, mpɛn pii no, papa bi wɔ seesei yi mu; a ɛho nhia sɛ yɛtwɛn daakye berɛ bi ansa na yɛahu nneɛma pa.

  14. Hwɛ 2 Nephi 2:2

  15. Hwɛ Mateo 7:9–10. Yɛrema Onyankopɔn adi anim wɔ yɛn asetena mu nyɛ sɛ yɛbɛgye biribiara a ɛbɛba no atom biara biara. Ɛyɛ nsiyɛ mu gyedie sɛ Ɔsoro Agya ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, pɛ nea berɛ nyinaa ɛyɛ ma yɛn nko ara. Sɛ awerɛhosɛm si a, yɛbɛtumi de gyedie abisa, na ɛnyɛ “deɛn nti na me?” mmom “deɛn na mɛtumi asua afiri mu?” Na yɛbɛtumi de akoma a abubuo ne ahonhom a wɔanu wɔn ho adi awerɛhoɔ a yɛnim sɛ, wɔ Ne berɛ ne Ne kwan so, nhyira ne akatua akwanya ahoroɔ bɛba.

  16. Yɛayɛ apam sɛ wɔn a wɔsu no yɛne wɔn bɛsu na yɛakyekyere wɔn a wɔn werɛ ahoɔ no werɛ (hwɛ Mosiah 18:9).

  17. Hiob 1:21

  18. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115:6.

  19. Gyedie ɔhaw mu yɛ asetena mu awerɛhoɔ ne abamubuo a Mormon Nwoma no ka ho asɛm fa wɔn a “wɔdome Onyankopɔn, na wɔpɛ sɛ wɔwuwuo,” nanso “ne nyinaa akyi no anka wɔde nkrantɛ bɛpere wɔn nkwa” no bɔ abira.(Mormon 2:14).

  20. “Yɛ Komm, Me Kra,” Nnwom, no. 124.

  21. “Bra, Bra, Mo Ahotefoɔ,” Nnwom,, no. 30. Dwene ho nso:

    Sɛnea nyansa ne ɔdɔ kɛseɛ teɛ.

    Ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ,

    Faako a atɛntenenee, ɔdɔ, ne ahummɔborɔ hyia

    Wɔ ɔsoro koroyɛ mu!

    (“Hwɛ sɛnea Nyansa ne Ɔdɔ Kɛseɛ teɛ,” Nnwom, no. 195.)

    Wɔ asetena mu nsɛm a wontumi nsi pi mu no, yɛnim sɛ ɔgyeɛ nhyehyɛe kɛseɛ no de atɛntenenee, ɔdɔ, ne mmɔborɔhunu bɛka abom ama yɛn yiedie.

  22. Hwɛ Obadiah 1:21. Nkɔnhyɛnyi Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ɔkwan bɛn so na wɔn [Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ] bɛtumi ayɛ agyenkwa wɔ Sion Bepɔ so? Ɛnam wɔn tɛmpol a wɔbɛsie, wɔn asubɔ nkyɛnsee a wɔbɛsi, na wɔakɔ anim akɔgye ayɛyɛdeɛ no nyinaa ama wɔn nananom a wɔawuwuo nyinaa” (Asɔre no Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith [2007]: Joseph Smith [2007], 473).

  23. Asɔremma a wɔba tɛmpol nea ɛdi kan no bɛtumi atɔ tɛmpol ntaadeɛ a wɔate so kɛseɛ.

  24. Russell M. Nelson, “Tɛmpol ne Wo Honhom mu Fapem,” Liahona, Obubuo 2021, 94.