Amansan Nhyiamu
Momfa Awurade Yesu Kristo Nto Mo ho So
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Momfa Awurade Yesu Kristo Nto Mo ho So

Sɛ yɛdi yɛn apam nni a, yɛma Onyankopɔn hwie nhyira mmorosoɔ a wɔahyɛ ho bɔ a ɛka saa apam no ho.

“Berɛ a na me mma nkumaa pa ara baanu renyini no, mehunuu nwoma ahodoɔ a na ɛyɛ anika na ɛtwe adwene na ɛde mfatoho yɛ adwuma wɔ wɔn ayɛsɛm ahodoɔ mu. Berɛ a na yɛbom kenkan no anwummerɛ anwummerɛ no, medɔɔ sɛ mɛboa me mma ma wɔate mfatoho a na ɔtwerɛfoɔ no de rekyerɛ nnyinasonsɛm a ɛmu dɔ, mpo asɛmpa nnyinasonsɛm no ase.

Mehunuu sɛ na ɛrekɔ yie, wɔ da bi, berɛ a na me babarima kumaa wɔ ne mmerantewaa mfeɛ mu foforɔ. Na wahyɛ nwoma foforɔ bi ase a na ɔpɛ sɛ n’ani gye ayɛsɛm no ho, nanso na n’adwene kɔso ara pɛ sɛ ɔhunu nteaseɛ pa ara a ɛwɔ deɛ na ɔrekenkan no mu. N’aba mu buuiɛ, na na meresre wɔ me mu.

Yesu nam ayɛsɛm ne mfatoho so kyerɛkyerɛeɛ—ɔde sinapi aba kyerɛkyerɛ tumi a ɛwɔ gyedie mu, de odwan a wayera kyerɛkyerɛ sɛdeɛ akra som boɔ, ɔba desɛefoɔ de kyerɛkyerɛ Onyankopɔn su. Na N’abebusnsɛm no yɛ mfatoho a ɔde kyerɛkyerɛ adesuadeɛ a ɛmu dɔ mu kyerɛ wɔn a na wɔwɔ “aso sɛ wɔbɛtie.” Nanso na wɔn a wɔnhwehwɛ nteaseɛ a ɛmu dɔ no nte aseɛ, sɛdeɛ dodoɔ a wɔkenkanee nwoma korɔ no a mekenkan kyerɛɛ me mma no anhunu da sɛ na nteaseɛ a ɛmu dɔ ne pii a na wɔbɛtumi anya afiri saa ayɛsɛm ahodoɔ no mu wɔ hɔ no.

Berɛ a Onyankopɔn Agya de Ne Ba a Ɔwoo No Koro no maa sɛ afɔrebɔdeɛ no, Yesu Kristo Ankasa bɛyɛɛ mfatoho a ɛso pa ara wɔ yɛn Soro Agya dɔ a ɛte hɔ daa ma yɛn mu biara no mu. Yesu Kristo bɛyɛɛ Onyankopɔn adwammaa.

Yɛwɔ akwanya ne nhyira sɛ wɔafrɛ yɛn akɔ yɛne Onyankopɔn abusuabɔ apam mu, a yɛn ankasa abrabɔ bɛtumi abɛyɛ sɛnkyerɛnneɛ ama saa apam no. Apam yɛ abusuabɔ bi a ɛma Onyankopɔn kwan ma ɔnwene na ɔsesa yɛn wɔ berɛ a ɛsɛ mu na ɔpagya yɛn ma yɛbɛyɛ te sɛ Agyenkwa no, twe yɛn bɛn Ɔno ne Agya no yie na awieeɛ no ɔsiesie yɛn ma yɛkɔ Wɔn anim.

Onipa biara a ɔwɔ asase so yɛ Onyankopɔn babarima anaa babaa dɔfoɔ. Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛka apam bi ho a, ɛma yɛne No abusuabɔ di mu na ɛmu dɔ. Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛyi sɛ yɛne Onyankopɔn bɛyɛ apam a, yɛne No abusuabɔ mu bɛtumi abɛyɛ den yie asene sɛdeɛ na ɛteɛ ansa na yɛreyɛ apam no, na ɛma No de Ne dɔ ne ahummɔborɔ a ɛso yie hyira yɛn, apam dɔ a wɔfrɛ no sɛ hese wɔ Hebrifoɔ kasa mu. Apam kwan no nyinaa fa yɛne Onyankopɔn abusuabɔ ho—yɛne No hese abusuabɔ.

Yɛn Agya pɛ sɛ ɔne Ne mma mmarima ne mma mmaa nyinaa nya abusuabɔ a ɛmu dɔ, nanso ɛyɛ yɛn yɛ pɛ. Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛfa apam abusuabɔ so abɛn No yie a, ɛma No bɛn yɛn yie na Ɔhyira hyira yɛn kɛseɛ pa ara.

Onyankopɔn na ɔyɛ apam a yɛyɛ no nhyehyɛeɛ ne mmara no. Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛwura saa abusuabɔ no mu a, yɛfa apam biara mfatoho nneyɛɛ so di adanseɛ kyerɛ No sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛdi nhyehyɛeɛ a Wayɛ no so. Sɛ yɛdi yɛn apam nni a, yɛma Onyankopɔn hwie nhyira mmorosoɔ a wɔahyɛ ho bɔ a ɛka saa apam no ho, a tumi kɛseɛ a yɛde sesa na yɛbɛyɛ te sɛ Agyenkwa no yie ka ho. Yesu Kristo na ɔyɛ ade titire pa ara wɔ apam a yɛyɛ nyinaa mu, na apam ho nhyira ba mu nam Ne mpata afɔrebɔ no so.

Asubɔ a wɔnu nsuo mu yɛ mfatoho pono a yɛfa so ne Onyankopɔn wura apam abusuabɔ mu. Wɔde wo renu nsuo mu na woresan apue bio yɛ mfatoho ma Agyenkwa no wuo ne Wusɔreɛ ba asetena foforɔ mu. Sɛ wɔbɔ yɛnasu a, yɛwu na wɔsan wo yɛn bio wɔ mfatoho mu kɔ Kristo abusua mu na yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Ne din ato yɛn so. Yɛn ankasa gyina hɔ ma saa apam mfatoho no. Yɛkenkan wɔ Apam Foforɔ mu sɛ, “Mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no moahyɛ Kristo.” Yɛn asubɔ nti mfatoho mu yɛhyɛ Kristo.

Adidi kronkron ayɛyɛdeɛ no nso twe adwene kɔ Agyenkwa no so. Paanoo ne nsuo no yɛ Kristo honam ne mogya a ɔhwie gu maa yɛn no mfatoho. Wɔde Ne Mpata akyɛdeɛ no yɛ mfatoho ma yɛn nnawɔtwe biara berɛ a asɔfodie kurafoɔ bi, a ɔgyina hɔ ma Agyenkwa no Ankasa, de paanoo ne nsuo no ma yɛn. Berɛ a yɛyɛ adidie ne ɔnom nneyɛɛ a ɛfa Ne honam ne mogya sɛnkyerɛnneɛ ho no, Kristo bɛyɛ yɛn fa bi wɔ mfatoho mu. Yɛsan hyɛ Kristo berɛ a yɛyɛ apam foforɔ nnawɔtwe biara.

Sɛ yɛne Onyankopɔn yɛ apam wɔ Awurade fie a, yɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne No abusuabɔ mu kɔ anim. Biribiara a yɛyɛ wɔ tɛmpol mu twe adwene kɔ Agya no nhyehyɛeɛ ma yɛn so, a deɛ ɛyɛ titire pa ara wɔ mu ne Agyenkwa no ne Ne mpata afɔrebɔ. Awurade bɛkyerɛkyerɛ yɛn firi nkyerɛkyerɛ so akɔ nkyerɛkyerɛ so nam ayɛyɛdeɛ ne apam ahodoɔ mfatoho so berɛ a yɛbue yɛn akoma mu na yɛde mpaebɔ hwehwɛ sɛ yɛbɛnya nteaseɛ a ɛmu dɔ.

Sɛ tɛmpol akyɛdeɛ kronkron no fa bi no, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ asɔfodie kronkron ataadeɛ kronkron no. Ɛyɛ ahyɛdeɛ kronkron ne akwanya kronkron nyinaa.

Wɔ nyamesom amammerɛ ahodoɔ bebree mu no, wɔhyɛ ataadeɛ soro sononko sɛ ahyɛnsodeɛ ma onipa bi gyedie ne ahofama ma Onyankopɔn, na wɔn a wɔredi ɔsom ahodoɔ anim no taa hyɛ dwumadie aduradeɛ. Saa asɔfo-ntaadeɛ no wɔ nteaseɛ a ɛmu dɔ ma wɔn a wɔhyɛ no. Yɛkenkan wɔ twerɛnsɛm mu sɛ tete mmerɛ mu no, na wɔhyɛ dwumadie aduradeɛ kronkron nso ka tɛmpol amanneɛ ho.

Sɛ yɛyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma yi, yɛn a yɛayi sɛ yɛne Onyankopɔn bɛyɛ apam wɔ Awurade fie no hyɛ dwumadie aduradeɛ wɔ soro wɔ tɛmpol som mu, a ɛyɛ aduradeɛ a na wɔhyɛ wɔ tete tɛmpol amanneɛ mu no mfatoho. Yɛsan hyɛ asɔfodie kronkron ataadeɛ no wɔ tɛmpol som mu ne yɛn daa daa asetena mu nyinaa.

Asɔfodie kronkron ataadeɛ kronkron no yɛ mfatoho a ɛmu dɔ na ɛsan twe adwene kɔ Agyenkwa no so. Berɛ a Adam ne Hawa dii aduaba no a na ɛwɔ sɛ wɔfiri Eden Turo no mu no, wɔmaa wɔn mmoa nwoma ntaadeɛ sɛ wɔn akatasoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ wɔde aboa bi bɔɔ afɔdeɛ de yɛɛ saa mmoa nwoma ntaadeɛ no—a ɛyɛ mfatoho ma Agyenkwa no ankasa afɔrebɔ ma yɛn. Kaphar yɛ asɛntitire wɔ Hebrifoɔ kasa mu ma mpata, na ne nkyerɛaseɛ baako ne “nkatasoɔ.” Yɛn tɛmpol ataadeɛ kronkron no kae yɛn sɛ Agyenkwa no ne Ne Mpata no kata yɛn so wɔ yɛn abrabɔ mu nyinaa. Sɛ yɛhyɛ tɛmpol ataadeɛ kronkron no da biara a, saa ahyɛnsodeɛ fɛɛfɛ no bɛka yɛ yɛn ho.

Yɛkenkan wɔ Apam Foforɔ nwoma Romafoɔ mu sɛ: “Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma no ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ. Monhyɛ Awurade Yesu Kristo.”

Ɛyɛ me anisɔ pii sɛ mewɔ akwanya sɛ mehyɛ asɔfodie kronkron ataadeɛ no na ɛkae me sɛ Agyenkwa no ne Ne Mpata a ɛtoɔ ntwa da no nhyira kɔso kata me so wɔ me honam mu asetena akwantuo mu nyinaa. Ɛsan nso kae me sɛ, sɛ medi apam ahodoɔ a me ne Onyankopɔn ayɛ wɔ Awurade fie so a, mahyɛ Kristo wɔ mfatoho mu, deɛ N’ankasa yɛ hann akodeɛ no. Ɔbɛbɔ me ho ban afiri bɔne ho, ama me tumi ne ahoɔden kɛseɛ, na wayɛ me hann ne me kwankyerɛfoɔ wɔ asase yi so sum ne ɔhaw ahodoɔ mu.

Asɔfodie kronkron ataadeɛ no wɔ mfatoho asekyerɛ a ɛmu dɔ na ɛyɛ fɛ ne abusuabɔ a ɛne Kristo wɔ. Megye di sɛ ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛhyɛ ataadeɛ kronkron no bɛyɛ me mfatoho ma No. Ɛyɛ m’ankasa sɛnkyerɛnneɛ ma Onyankopɔn, ɛnyɛ sɛnkyerɛnneɛ ma foforɔ.

M’ani sɔ m’Agyenkwa Yesu Kristo yie. Ne mpata afɔrebɔ ma yɛn no bɛyɛɛ Ɔno ne yɛn Agya a Ɔwɔ Soro dɔ a ɛtoɔ ntwa da ma yɛn mu biara no ahyɛnsodeɛ a ɛyɛ kɛseɛ pa ara, ɔdɔ ne afɔrebɔ a ɛho ahyɛnsodeɛ ahodoɔ da adi—ahyɛnso ahodoɔ a ɛwɔ Agyenkwa no nsam, nan, ne mfe mu—a ɛka hɔ mpo wɔ Ne Wusɔreɛ akyi.

Sɛ medi me tɛmpol apam ne ahyɛdeɛ ahodoɔ, a asɔfodie kronkron ataadeɛ kronkron hyɛ ka ho so a, me ara m’abrabɔ bɛtumi abɛyɛ ankasa ahyɛnsodeɛ ama me dɔ ne anisɔ a ɛmu dɔ ma Agyenkwa Yesu Kristo, ne me pɛ sɛ mɛnya No aka me ho mmerɛ nyinaa.

Sɛ wonyɛɛ saa dada a, meto nsa frɛ wo sɛ yi wo ne Onyankopɔn abusuabɔ a ɛmu dɔ berɛ a wo ne No yɛ apam wɔ Awurade fie. Sua nkɔnhyɛni no kasa ahodoɔ (ne nkyerɛkyerɛ kamakama a ɛwɔ ne kasa no aseɛ ntwerɛeɛ mu, a nhyiamu kasa ahodoɔ dodoɔ no ara wɔ no). Wakɔ so akasa afa apam ho mfeɛ bebree nkanka ne firi berɛ a ɔbɛyɛɛ Asɔre no Titenani. Sua firi ne nkyerɛkyerɛ mu fa nhyira fɛɛfɛ ne tumi ne ahoɔden kɛseɛ a ɛbɛtumi ayɛ wo dea ɛnam apam a wo ne Onyankopɔn yɛ na wodi so no.

A mansan Kwankyerɛ nwoma no ka sɛ ɛnhia sɛ yɛnya asɛmpatrɛ adwuma frɛ anaasɛ yɛhyehyɛ awareɛ ansa na yɛayɛ tɛmpol apam. Ɛsɛ sɛ onipa bi nya firi mfeɛ 18 rekɔ, a ɔnkɔ ntoasoɔ sukuu anaa deɛ ɛte saa bio, na wayɛ Asɔre no ba firi afe baako rekɔ. Ankasa kronkroyɛ susudua nso wɔ hɔ a wɔhwehwɛ. Sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛma wo ne w’Agya a ɔwɔ Soro ne Yesu Kristo abusuabɔ mu adɔ berɛ a woreyɛ apam wɔ Awurade fie a, meto nsa frɛ wo sɛ wo ne wo bishop anaasɛ branch prɛsidɛnte nkasa na ma no nhunu wo pɛ no. Ɔbɛboa ma woahunu sɛdeɛ wobɛsiesie wo ho agye na woadi saa apam no so.

Ɛnam yɛne Onyankopɔn apam abusuabɔ so, yɛn ankasa abrabɔ bɛtumi abɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛte ase ama yɛn ahofama ne ɔdɔ a ɛmu dɔ ma yɛn Agya a ɔwɔ Soro, yɛn hese ma No, ne yɛn pɛ sɛ yɛbɛtu mpɔn na awieeɛ no yɛabɛyɛ te sɛ Agyenkwa no, a wɔasiesie yɛn sɛ da bi yɛbɛkɔ Wɔn anim. Medi adanseɛ sɛ nhyira kɛseɛ a ɛwɔ saa apam abusuabɔ no ho fata ɛboɔ no. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.