2010–2019
Honhom mu Agyapadeɛ
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Honhom mu Agyapadeɛ

Berɛ a wonya gyedie wɔ Awurade ne N’asɔfodie tumi no mu no, w’ahoɔden a wode bɛgye saa honhom mu agyapadeɛ a Awurade de ama wo no bɛyɛ kɛseɛ.

Yɛda mo ase wɔ dwom hwamhwam a mode ama yɛn. Berɛ a yɛn nyinaa sɔre too adantam dwom, “We Thank Thee, O God, for a Prophet” no, nneɛma mmienu a ɛkyɛnso baa m’adwene mu. Baako fa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, saa berɛ yi nkɔmhyɛni no ho. Sɛdeɛ medɔ no na mepɛ n’asɛm kɔ nkan adekyeeɛ biara. Adwene a ɔtɔ so mmienu no baa berɛ a mehwɛɛ me yere, me mmammaa, me nananom, ne me nanakansoanom. Ɛyɛɛ me sɛ menye mo mu biara sɛ ɔka m’abusua ho.

Abosome bebree bi a atwam, tɛmpol akyɛdeɛ kronkrongyeɛ som bi akyi, meka kyerɛɛ me yere Wendy sɛ, “megye di sɛ anuanom mmaa no te honhom mu agyapadeɛ a ɛyɛ wɔn dea wɔ tɛmpol no ase.” Anuanom mmaa, metaa dwennwene mo ho, ebi ne abosome mmienu a atwam berɛ a me ne Wendy kɔɔ Harmony, Pennsylvania.

Mfoni
Aaron Asɔfodie Mmaeɛ Bio

Wei yɛ ne mprɛnu so a yɛkɔɔ hɔ. Mprenu no nyinaa yɛnyaa atenka kɛseɛ berɛ a yɛnantee saa asase kronkron no so. Harmony nkyɛn na Yohane Osubɔni no yii ne ho adi kyerɛɛ Joseph Smith na ɔsan de Aaron Asɔfodie baeɛ.

Mfoni
Melkisedek Asɔfodie Mmaeɛ Bio

Ɛhɔ na Asomafoɔ Petro, Yakobo ne Yohane yii wɔn ho adi san de Melkisedek Asɔfodie baeɛ.

Harmony na Emma Hale Smith somm sɛ ne kunu twerɛtwerɛfoɔ a ɔdi kan berɛ a Nkɔmhyɛni no kyerɛɛ Mormon Nwoma no mu kɔɔ kasa foforɔ mu.

Ɛyɛ Harmony hɔ ara nso na Joseph nyaa adiyie a ɛfa Awurade pɛ a ɔwɔ ma Emma ho. Awurade hyɛɛ Emma sɛ ɔnkyerɛkyerɛ twerɛnsɛm no mu, nhyɛ Asɔre no nkuran, nnya Honhom Kronkron, na ɔnnya berɛ “nsua adeɛ.” Ɔtuu Emma fo nso sɛ “ɔmfa wiase yi mu nneɛma nto nkyɛn na ɔnhwehwɛ nneɛma a ɛyɛ papa,” na ɔnsɔ n’apam a ɔne Onyankopɔn wɔ mu den. Saa anika nsɛm yi na Awurade de wiee N’akwankyerɛ no: “Me nne kɔ ma obiara.”1

Biribiara a ɛsii wɔ mpɔtam ha wɔ nsunsuansoɔ kɛseɛ ma mo abrabɔ. Asɔfodie a asan aba, ne Awurade afotuo a ɔde maa Emma, bɛtumi akyerɛ mo kwan na ahyira mo mu biara. Deɛ merehwehwɛ ne sɛ mobɛte aseɛ sɛ asɔfodie a asan aba no ho hia wo sɛ ɔbaa, sɛdeɛ ɛhia ɔbarima biara. Esiane sɛ Melkisedek Asɔfodie no asan aba nti, mmaa ne mmarima a wɔyɛ apam-korafoɔ wɔ “honhom mu nhyira a ɛwɔ asɔre no mu” nyinaa ho kwan,2 anaasɛ, yɛbɛka no sɛ, wɔ honhom mu agyapadeɛ a Awurade wɔ ma Ne mma nyinaa ho kwan.

Ɔbaa anaa ɔbarima biara a ɔne Onyankopɔn yɛ apam na ɔkora saa apam no, na ɔyɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ wɔ ahoteɛ kwan so, wɔ kwan tee wɔ Onyankopɔn tumi no ho. Wɔn a wɔagye akyɛdeɛ kronkron wɔ Awurade fie anya asɔfodie tumi akyɛdeɛ ka nimdeɛ akyɛdeɛ a ɛma wohunu sɛdeɛ wɔgye saa tumi no ho.

Wɔabue ɔsoro ama mmaa a wɔama wɔn asɔfodie tumi akyɛdeɛ kronkron sɛdeɛ wɔabue ama mmarima a wɔwɔ asɔfodie no. Mebɔ mpaeɛ sɛ saa nokorɛ no bɛtɔ mo mu biara akoma so ɛfiri sɛ megye di sɛ ɛbɛsesa mo abrabɔ. Anuanom mmaa, mowɔ ho kwan bebree sɛ mogye Agyenkwa no hɔ tumi de boa mo abusuafoɔ ne wɔn a modɔ wɔn.

Ebia woreka kyerɛ wo ho sɛ, “Wei yɛ anikasɛm, nanso mɛyɛ no sɛn? Mɛyɛ deɛn agye Agyenkwa no hɔ tumi aba m’abrabɔ mu?

Worenhunu saa nhyehyɛeɛ yi wɔ nwoma biara mu. Honhom kronkron no bɛyɛ wo kyerɛkyerɛfoɔ berɛ a wohwehwɛ sɛ wobɛte deɛ Awurade pɛ sɛ wohunu na woyɛ ase. Saa nhyehyɛeɛ yi mma ntɛm, anaa ɛnnyɛ fo, nanso ɛma honhom mu ahoɔden. Deɛn na ɛbɛtumi ayɛ anika mmorosoɔ kyɛn sɛ yɛne Honhom no bɛyɛ adwuma ate asɔfodie tumi a—Onyankopɔn tumi ase?

Deɛ mɛtumi aka akyerɛ mo ne sɛ woregye Onyankopɔn tumi wɔ w’abrabɔ mu hia nneɛma korɔ a Awurade hyɛɛ Emma, ne mo mu biara sɛ ɔnnyɛ no ara.

Enti, meto nsa frɛ wo sɛ fa mpaebɔ sua ɔfa 25 Nkyerɛkyerɛ ne Apam na hunu deɛ Honhom Kronkron no bɛkyerɛkyerɛ wo. Wankasa, wo honhom mu mmɔdemmɔ de anigyeɛ bɛbrɛ wo berɛ a wonya nteaseɛ, na wode tumi a wɔde akyɛ wo no yɛ adwuma.

Saa mmɔdemmɔ yi fa bi bɛhia sɛ wode wiase yi mu nneɛma pii bɛto nkyɛn. Ɛtɔ da bi a na ɛrekame ayɛ sɛ yɛka, nso yɛfa no biarabiara sɛ yɛretwe yɛn ho afiri wiase ɛne n’akasakasa, nsɔhwɛ a ate atese, ne atorɔ nkyerɛkyerɛ ho. Nanso nokorɛ mu saa yɔ hia sɛ wobɛhwehwɛ w’abrabɔ mu yie, berɛ-ano berɛ-ano. Berɛ a woyɛ saa no, Honhom Kronkron no bɛkae wo wɔ deɛ ɛho nhia bio, deɛ ɛmfata wo berɛ ne w’ahoɔden bio.

Sɛ wotwe wadwene firi wiase nneɛma a ɛtwintware akwan mu ho a, nneɛma bi a anka ɛho hia wo seesei no bɛkɔ akyiri wɔ ahiadeɛ mu. Wobɛhia sɛ wobɛka daabi akyerɛ nneɛma binom, ɛwom sɛ ɛnsɛ deɛ ɛbɛtumi apira wo deɛ. Sɛ wohyɛ aseɛ, na wotoa saa daadaa nhyehyɛeɛ a wode rete w’abrabɔ ho ama Awurade yi so a, nsakraeɛ a ɛbɛba w’adehunu, w’atenka, ne honhom mu ahoɔden mu bɛyɛ wo nwanwa!

Afei kɔkɔbɔ nsɛm kakra. Wɔn a wɔbɛbrɛ w’ahoɔden a wode bɛsrɛ Onyankopɔn hɔ tumi ase wɔ hɔ. Ebinom a wɔbɛma wonnye wo ho nni na ate wo honhom ahoɔden sononko a ɛma wotumi yɛ ɔbaa ɔhotefoɔ so wɔ hɔ.

Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, ɔbɔnefoɔ no mpɛ sɛ wobɛte apam a woyɛɛ no asubɔ berɛ no ase, anaasɛ nimdeɛ ne tumi akyɛdeɛ kronkron kɛseɛ a woanya anaa wobɛnya wɔ tɛmpol—Awurade fie no ase. Na nokorɛ, Satan mpɛ sɛ wobɛte aseɛ sɛ berɛ biara a wosom na wosɔre (Awurade) wɔ ahoteɛ mu wɔ tɛmpol no, Onyankopɔn tumi banbɔ na wode firi adi, a N’abɔfoɔ na “wɔhwɛ” wo so.3

Satan ne n’apamfoɔ bɛkɔ so berɛ biara, ahyɛda ayɛ akwansideɛ a ɛbɛsi wo kwan wɔ wo nteaseɛ a wowɔ wɔ honhom mu akyɛdeɛ a ama woanya, na wobɛtumi akɔ so anya nhyira ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, akwansideɛ no bi bɛtumi ayɛ ɔfoforɔ subammɔne ho nsunsuansoɔ. Ɛyɛ me awerɛho kɛse sɛ mɛdwene sɛ mo mu bi te nka sɛ wɔabu no animtia anaa asɔfodie kandifoɔ bi annye no anni, anaasɛ okunu bi, agya bi, anaa obi a wafa no sɛ ɔyɔnkoɔ de no afa atirimuɔden kwan so, anaa ayi no ama. Mete yea kɛseɛ nka sɛ mo mu bi te nka sɛ wɔayi mo mu, abu mo animtia, anaa ntɛnkyea. Bɔne a ɛtete sei nni gyinabea wɔ Onyankopɔn aheman mu.

Mmom, ɛyɛ me anigyeɛ sɛ mɛhunu asɔfodie akandifoɔ a wɔde ɔpɛ hwehwɛ sɛ mmaa bɛdi akotene wɔ ward ne stake afotukuo mu. Ɛhyɛ me nkuran sɛ mɛhunu sɛ okunu biara kyerɛ sɛ n’asɔfodie asɛdeɛ a ɛhia no kɛseɛ ne sɛ ɔbɛhwɛ ne yere so yie.4 Mebɔ ɔbarima a ɔde obuo kɛseɛ ma tumi a ne yere wɔ, a ɛma no nya adiyie na ɛboa wɔn awareɛ, na ɔhunu sɛ wɔyɛ pɛ no, aba so.

Sɛ ɔbarima hunu mudie ne tumi a Nna a ɛdi Akyire Ɔhoteni baa a ɔhwehwɛ tenenee ne akyɛdeɛ kronkron wɔ a, ɛyɛ nwanwa sɛ ɔte nka sɛ ɔnsɔre berɛ a ɔbaa no wura dan mu anaa?

Fiti adebɔ mfitiaseɛ, na wɔde akyerɛkyerɛkwan sononko a ɛyɛ papa ahyira mmaa—tumi a wɔdekyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛntene mu. Wɔhyɛ saa akyɛdeɛ yi mu kena wɔ wɔn a wɔyɛ apam na wɔdi so mu. Na wɔn a wɔfiri wɔn pɛ mu po Onyankopɔn mmaransɛm no, ɛso te wɔ mu.

Mede ka ho ntɛm so sɛ mennyi mmarima mfiri mu kwan biara so wɔ deɛ Onyankopɔn hwehwɛ firi wɔn nso hɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛtene ne deɛ ɛntene. Nanso me nuanom mmaa, tumi a mode hunu nokorɛ firi mfomsoɔ ho, sɛ mobɛyɛ suban pa so ahwɛfoɔ wɔ mo mpɔtam, ho hia yie wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu. Na mo so na yɛbɛgyina de akyerɛ afoforɔ sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. Momma me nkyerɛ wei mu yie: sɛ wiase yi hwere ne mmaa tenenee suban pa a, wiase nsan nsɔre bio da.

Yɛn Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ nnyɛ wiase dea; yɛyɛ Israel apam asefoɔ. Wɔafrɛ yɛn sɛ yɛmmɛsiesie nkorɔfoɔ bi mma Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no.

Afei, momma me nkyerɛ nsɛnhia ahodoɔ bi a ɛkeka ho, na ɛfa mmaa ne asɔfodie ho mu. Sɛ obi a ɔwɔ asɔfodie nsafoa te wo ho si hɔ sɛ som wɔ ɔfrɛ bi mu—te sɛ wo bishop anaa stake titenani a—wɔma wo asɔfodie tumi a wode bɛdi dwuma wɔ saa ɔfrɛ no mu.

Saa ara nso na, wɔ tɛmpol mu, wɔma wo tumi a wode bɛyɛ, na woahwɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ so berɛ biara a wokɔ hɔ. Wo tɛmpol akyɛdeɛ kronkron siesie wo ma saa.

Sɛ woagye akyɛdeɛ kronkron na wonnwaree obi a ɔwɔ asɔfodie tumi mprempren yi na obi ka kyerɛ wo sɛ, “mepa wo kyɛw wonni asɔfodie tumi no wɔ wo fie a,” mesrɛ te aseɛ sɛ saa asɛm no nnyɛ nokorɛ. Ebia wonni obi a ɔwɔ asɔfodie tumi wɔ wo fie, nanso woanya w’akyɛdeɛ kronkron, na wo ne Onyankopɔn ayɛ apam kronkron wɔ Ne tɛmpol mu. N’asɔfodie tumi hwie firi saa apam yi mu ba wo so. Na kae sɛ, sɛ wo kunu wu a, wo na wobɛhwɛ wo fie so.

Sɛ woyɛ Nna a ɛdi Akyire Ɔhoteni baa a wotene na woanya akyɛdeɛ kronkron a, Onyankopɔn tumi ne ahoɔden na wode kasa, kyerɛkyerɛ. Sɛ nkuranhyɛ anaa nkɔmmɔtwetweɛ mu no, yɛhia mo nne a ɛreka Kristo nkyerɛkyerɛ nsɛm. Yɛhia mo mmoa wɔ efie, ward, ne stake afotukuo mu. Ɛyɛ adehia sɛ moyɛ bi, na ɛnnyɛ afɛfɛdeɛ bi kɛkɛ da!

Me nuanom mmaa, mo tumi bɛyɛ kɛseɛ berɛ a mosom afoforɔ. Mo mpaebɔ, akɔmkyene, berɛ a mode sua twerɛnsɛm mu, ne abusua abakɔsɛm adwuma a moyɛ bɛbue ɔsoro ama mo.

Mesrɛ sɛ momfa mpaebɔ nsua nokorɛ biara a mobɛtumi ahunu fa asɔfodie tumi ho. Mobɛtumi de Nkyerɛkyerɛ ne Apam ɔfa 84 ne 107ahyɛ aseɛ. Saa afa no de mo bɛkɔ afa afoforɔ mu. Saa nokorɛ yinom ahyɛ ɛnnɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ ne adiyifoɔ twerɛnsɛm ne nkyerɛkyerɛ ma. Berɛ a wo nteaseɛ yɛ kɛseɛ na wonya gyedie wɔ saa asɔfodie tumi no mu no, w’ahoɔden a wode gye saa honhom mu agyapadeɛ a Awurade de ama wo no bɛyɛ kɛseɛ. Sɛ woyɛ saa a, wobɛhunu wo ho sɛ wobɛtumi aboa yie ayɛ ɛnniawieɛ abusua a ɛwɔ nkabom, wɔasɔ ano wɔ Awurade tɛmpol mu, na yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo ho dɔ ahyɛ ma.

Mmɔden a yɛbɔ hwɛ yɛn ho yɛn ho so, pae mu ka asɛmpa no, toto Ahotefoɔ yie, na yɛgye awufoɔ nyinaa twahyia wɔ tɛmpol kronkron mu. Seesei yɛwɔ tɛmpol ahodoɔ 166 wɔ wiase afanan nyinaa, na dodoɔ no ara nso reba.

Sɛdeɛ monim no, Salt Lake Tɛmpol, Tɛmpol Hyiadan, ne dwadibea a ɛtoa so, a ɛbɛn Asɔre Ɔfese Dan no wɔbɛyɛ no foforɔ wɔ dwumadie bi a ɛbɛhyɛ aseɛ afe yi awieɛ. Ɛwɔ sɛ wɔbɔ Tɛmpol kronkron wei ho ban na wɔsiesie de hyɛ daakye nkyirimma nkuran, sɛdeɛ anya nsunsuansoɔ wɔ yɛn so yi.

Sɛ Asɔre no kɔ so nyini a, wɔbɛsisi tɛmpol pii aka ho sɛdeɛ abusuafoɔ pii bɛnya kwan akɔ saa nhyira kɛseɛ a ɛkyɛn so, a ɛyɛ daa nkwa no mu.5 Yɛhunu tɛmpol sɛ ɛno ne ɛdan kronkron pa ara a ɛwɔ Asɔre no mu. Berɛbiara a wɔbɛbɔ nkaeɛ sɛ wɔrebɛsi tɛmpol foforɔ no, ɛbɛyɛ adeɛ a ɛho hia wɔ yɛn abakɔsɛm mu. Sɛdeɛ yɛadwennwene ho wɔ ha anadwo yi, mo anuanom mma ho hia yie wɔ tɛmpol adwumayɛ mu, na tɛmpol no mu na mobɛnya mo honhom mu agyapadeɛ a ɛyɛ kɛseɛ pa ara.

Mesrɛ sɛ fa nidie tie no yie berɛ a mede nhyehyɛeɛ a ɛfa tɛmpol nwɔtwe a wɔrebɛsi ho rebɛto dwa. Sɛ wɔde ebi a ɛwɔ baabi a ɛho bɛhia wo din to dwa a, mesusu sɛ wode aseda wɔ w’akoma mu bɛbɔ wo mu ase kakra wɔ mpaebɔ mu. Yɛde anigyeɛ de to dwa sɛ wɔayɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛsi tɛmpol wɔ mmea a ɛdidi soɔ yi: Freetown, Sierra Leone; Orem, Utah; Port Moresby, Papua New Guinea; Bentonville, Arkansas; Bacolod, Phlippines; McAllen, Texas; Coban, Guatemala; ne Taylorsville, Utah. Meda mo ase, anuanom mmaa. Yɛn ani sɔ nhyehyɛeɛ a moagye atom ne nidie a mode agye so yie pa ara.

Afei, merewie no, mepɛ s megya nhyira wɔ mo so, sɛ mobɛtumi ate asɔfodie tumi a wɔde ama mo akyɛdeɛ kronkron no ase, na moayɛ saa tumi no kɛseɛ berɛ a mode gyedie a ɛwɔsaa tumi no mu yɛ adwuma wɔ Awurade no ne Ne tumi mu.

Anuanom mmaa, mede obuo ne anisɔ a ɛmu dɔ, ka sɛ medɔ mo. Ahobrɛaseɛ mu, mepae mu ka sɛ Onyankopɔn te ase! Yesu, ne Kristo no. Wei yɛ N’Asɔre Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.