2010–2019
Yɛn Gyedie Nsɔhwɛ Akyi
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Yɛn Gyedie Nsɔhwɛ Akyi

Berɛ a yɛtie Onyankopɔn ne na yɛnante napam kwan so no, ɔbɛhyɛ yɛn den wɔ yɛn nsɔhwɛ nyina ara mu.

Berɛ a na meyɛ akwadaa no, Asɔreba yamyɛfoɔ bi maa me akwanya sɛ ɔde me ne me abusuafoɔ bɛfa ɔno ara ne wiemhyɛn afri Puerto Rico akɔ Salt Lake City sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anka yɛbetumi asɔ yɛnho ano wɔ tempol. Me nuammaa no mu baako,Maravid yareeɛ. Berɛ a na wɔnsii gyinaɛ no, mawofoɔ bɔɔ mpaeɛ faa deɛ wɔnyɛ ho nanso wɔkɔɔ so ara nyaa kasakyerɛ sɛ wɔntu kwan no. Wɔnyaa awerɛhyem sɛ wɔde gyedie di Awurade kasakyerɛ akyiri sɛ wɔnkɔ tɛmpol no a, ɔbɛhwɛ yɛn abusua no so na wahyira yɛn - na ɔhyiraa yɛn .

ɛnfaho ne akwansideɛ a yɛhyia wɔ asetena mu, yɛbetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu Kristo betumi asiesie kwan wɔ yanim wɔ berɛ a yɛnam gyedie mu yɛ nadwuma Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obiara a ɔnam gyedie so di napam a ɔne no akɔ so wɔ ne din mu no benya ne nhyira biara a wabɔ ho anohoba. Ɔpanin Holland kaa sɛ, “nhyira bi ba ntɛm, ebi mma ntɛm,na ebi mma kɔsi awieɛ; nanso, ma wɔn a wɔgye Yesu Kristo asɛmpa no deɛ, ɛyɛdɛn ara a ɛbɛba,1

Moronae kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “gyedie yɛ nneɛma a yɛn anidasoɔ yɛnnhunu; ɛno nti, mma monnye ho akyinnyeɛ, ɛfirisɛ mo nhunuui, na monnya adanseɛ biara kɔsi sɛ wɔbɛsɔ mo gyedie ahwɛ.”2

ɛsɛ sɛ yasɛmmisa yɛ sɛ: ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ paa ara a ɛbetumi ama yɛadi nsɔhwɛ a ɛba yɛakan mu so nkunim?

Ɔpɛpɔn da a ɛtɔso 16, 2018 wɔ ne badwam kasa a edikan sɛ Titenani ma Asɔre no, Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ: “Sɛ Atetinafoɔ foforɔ yi yɛmpɛsɛ yɛhyɛ aseɛ wɔ mmrɛa yɛredwene awieɛ wɔ yadwene mu. Ne saa nti, yɛne wo rekasa nnɛ firi tɛmpol mu. Awieɛ a ɛno nti na yɛn mu biara pere no, ne sɛ yɛbɛnya tumi wɔ Awurade fie, asɔ yɛn abusua ano, adi nokorɛ ama apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol a ɛma yɛn kwan wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ kɛseɛ no ho—a ɛyɛ daa nkwa. Ayɛyɛdeɛ ne apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol no boa hyɛ yɛn abrabɔ, yɛn awareɛ ne yɛn abusua den, ɛne sɛdeɛ yɛtumi gyina berɛ a ɔtamfo no ba yɛn so. Wo sɔreɛ wɔ tɛmpol ne asɛdeɛ a woyɛ wɔ hɔ ma wo nkorɔfoɔ a wɔawuwuo bɛhyira wo, ama wo nkutahodie ne asomdwoeɛ a ɛkɔ nkan, na abɔ w’ahofama a wode nante apam kwan no so ho ban.3

Berɛ a yɛtie Onyankopɔn ne na yɛnante napam kwan so no, ɔbɛhyɛ yɛn den wɔ yɛn nsɔhwɛ nyina ara mu.

M’abusua tempol akwantuo no mfie kakra a atwamu no na ɛyɛ den, nanso ɛmmrɛa yɛduruu tempol wɔ Salt Lake City wɔ Utah no, me maa anigyeeɛ wɔ gyedie mu, na wɔkaasɛ “Biribiaa bɛyɛ yie; na Awurade bɛbɔ yɛn ho ban. Yɛsɔɔ yɛn abusua ano, na menua baano nyaa ayaresa. Wei tumi siiɛ wɔ mawofoɔ gyedie nsɔhwɛ akyiri ne berɛ a mawofoɔ tiee Awurade kasakyerɛ no .

M’awofoɔ nhwɛso pa yi daso wɔ nsunsuansoɔ wɔ m’abrabɔ ɛnɛ. Wɔn nhwɛso pa yi kyerɛɛ yɛn Deɛ nti a ɛwɔ nsɛmpa nkyerɛkyerɛ na wɔboaa yɛn maa yɛtee aseɛ botaeɛ ne nhyira a nsɛmpa no de berɛ yɛn aseɛ Yɛrete deɛn nti a ɛwɔ Yesu Kristo nsɛmpa mu no nso bɛtumi aboa ama yɛde gyedie agyina yɛn nsɔhwɛ ano

Deɛ ɛkɔwie nyina ara ne sɛ,biribiara a Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no kyerɛ ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn ɛne hwehwɛ a ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛma yɛn nhyira a ɔde twɛn ne mma. Yɛrentumi nfa no sɛ yɛn mmɔfra no ara bɛsua sɛdeɛ wɔdɔ nsɛmpa no; ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ awofoɔ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn. Berɛ a yɛboa yɛn mma ma wɔsua sɛdeɛ wɔde wɔn pɛ yɛ adwuma wɔkwan so no, yɛn nhwɛsopa bɛtumi akanyan wɔn ama wɔn ankasa asi tenenee agyinaɛ. Wɔn gyidie abrabɔ nso bɛma wɔn mma ankasa atumi ahunu nokorɛ a ɛwɔ nsɛmpa no mu.

Mmeranteɛ ne Mmaabunu, montie nkɔnhyɛni no ne ɛnɛ da yi a ɔnemo rekasa yi. Monhwehwɛ sɛ mo besua nokorɛ no, na monhwɛ sɛ mobɛte asɛmpa no ase . Ɛnkyɛree biara, titenani Nelson tuu fo: sɛ ɛdeɛn nyansa na ako woɔ? Di nkɔmhyɛni Joseph Smith anammɔn akyi Hwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Berɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim Fa w’akoma nyinaa to Ɔsoro Agya anim. Dane wani ma no hwehwɛ mmuaeɛ.”4 Berɛ a wonam mpaebɔ so, woretie nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ afotuo, na worehwɛ awofoɔ ateneefoɔ nhwɛsoɔ so no, wobɛtumi abɛyɛ gyedie mu ntɛmgyinafoɔ kɛseɛ wɔ wabusua mu.

Awofoɔnom nso a mo afiri apam ne kwan no so no, monsan ɛnkɔ mo akyi dwoodwoo. Mo moa wɔn ma wonsua Asɛmpa no mu nokorɛ Hyɛaseɛ seesei ara; ɛnkaa akyiri dabiarada.

Yɛn tenenee abrabɔ nhwɛsopa betumi de nsakraeɛ kɛseɛ aba. Titenani Russell M. Nelson aka sɛ: “Sɛ yɛyɛ Nna A Edi Akyire Yi Ahoteefoɔ yi, abɛka yɛn ho sɛ biribi a ɛkɔso wɔ yɛn asɔredan mu, a deɛ ɛsi wɔ fie no boa no. Yehia nsakraɛ ma saa kwan yi. Berɛ aso ama Asɔre-a, ɛkɔso wɔ fie, a deɛ ɛkɔso wɔ yɛn nkorabata, wɔɔd ne yɛn stake adan mu nso bɛboa.”5

Twerɛns ne kyerɛsɛ “Kyerɛ abɔfra no ɔkwan a ɔmfa soɔ: na sɛ onyini a ɔremfiri so.”6

“Na afei ɛnam sɛ wɔka asɛm no a ɛtumi ma nkurɔfoɔ no yɛ deɛ ɛyɛ nokware—aane, na ɛnya tumi kɛseɛ wɔ nkurɔfoɔ no adwene so kyɛn akofena, anaa biribifoforɔ biara a ato wɔn—ɛno nti Alma dwenee sɛ ɛbɛhia sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm no mu tumi no bɛyɛ adwuma ahwɛ.”7

Asɛm bi wɔ hɔ a ɛfa ɔbaa bi a ɔwɔ India a ne bo fuui sɛ na ne ba redi asikyire dodo. Ɛnfa ho ne sɛdeɛ ɔkaa nanim no ɔkɔɔso ara maa ne se ase yɛɛ no dɛ. Ɔhunu deɛ ɔnyɛ koraa no ɔyɛ n’adwene sɛ ɔde ne babarima bɛkɔ akɔhunu nyansafoɔ a ɔwɔ anidie ma no.

Ɔbɛnee ɔkandifoɔ kɛseɛ yi wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Me wura, meba barima di asikyire dodo. Mepa wokyɛw wobetumi apa no kyɛw sɛ ɔnnyae di anaa?”

Gandi tiee no dinn, ɔdanee ne ho na ɔkakyerɛɛ ne ba no sɛ, kɔ fie na bra bio naawɔtwe mmienu akyi.

Wɔde ne ba no kɔɔ fie, wɔnwinwii sɛ adɛn nti wanka ankyerɛ akwadaa ne sɛ wonyae asikyire no di.

Nawɔtwe mmienu akyi no wɔsan kɔɔe Ɔhwɛɛ ɔbarima no ntentensoɔ na ɔkaasɛ, “Ɔbarima, ɛwɔsɛ wogyae asikyiredi. Ɛnnyɛ mma n’anpɔmuden.”

Abaamua no wosoo ne ti na wɔkaasɛ woni.

Abarimaa no maame danee n’ani hwɛɛ ɔbarima nyansafoɔ no na ɔbisaa sɛ, adɛn nti na woamma saa “naawɔtwe mmienu no akyiri?”

Barima nyansafoɔ no sereeɛ. “Naawɔtwe mmienu a atwam no na me ara me gu so redi asikyire mmorosoɔ.”

Saa ɔbarima yi de nokorɛdie a ɛte sei bɔɔ bra nti na ɔnim sɛ, sɛ na n’afotuo no bɛkura tumi wɔ berɛ a ɔredi ɔno ara n’afotuo soɔ.

Nkɛntɛnsoɔ no a yɛwɔ wɔ yɛn mma so no wɔ tumi paa, wɔ berɛ a wɔhunu yɛn wɔ apam kwan no so. Mormon Nwoma no mu Ɔkɔmhyɛni Yakob yɛ saa teneneeyɛ nhwɛsoɔ no bia. Ne babarima Enos twerɛɛ nsuansoɔ a ɛnam ne papa nkyerɛkyerɛ mu:

“Me, Enos, menim sɛ m’agya yɛ nnipa tenenee—ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ me wɔ ne kasa mu, ɔtetee me nso wɔ Awurade kasakyerɛ mu—na nhyira nka me Nyankopɔn din wɔ ho—

“… Na nsɛm a daa mete sɛ m’agya reka a ɛfa nkwa a ɛnniawieɛ ho, ne ahoteɛfoɔ ɛdɛ sianee m’akoma mu.8

Mmeranteɛ akofoɔ maamenom redi saa nsɛmpa yi wɔ kwan bi so a na wɔn mma de ahotɔsoɔ bɔ gyee so. Wɔn sahene no bɔɔ amaneɛ.

aane, wɔn nanom akyerɛkyerɛ wɔn sɛ sɛ wɔnya gyedie a Onyankopɔn bɛgye wɔn.

“Na wɔtoaa so kaa wɔn nanom nsɛm, kaa sɛ: Yɛnnye akyinnye sɛ yɛn na nom nim no”.9

Enos ne Lamanfoɔ mmabunu akofoɔ nyaa ahoɔden nam wɔn awofoɔ gyedie a ɛboa maa wɔdii wɔn ara wɔn gyedie nsɔhwɛ mu nkonim.

Wɔahyira yɛn nam Yesu Kristo nsɛmpa a wasan de aba bio wɔ yɛn mmerɛ mu, a ɛpagya yɛn wɔ berɛ a yɛn abamu abuo anaasɛ yɛwɔ amaneɛ mu. Wɔn nhwɛsoɔ ahodoɔ a ɛfa ankorankorɛbinom gyedie a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no, wɔama yɛn ahotɔsoɔ sɛ yɛnpem kɔ yɛn anim wɔ yɛn gyedie nsɔhwɛ mu a yɛn brɛ bɛso.

Wɔ ɛbɔ bosome no mu no, me ne me yere kɔgyaa Otitenani David A. Bednar wɔ berɛ a na wɔde Haiti Port-au-Prince Tempol no rehyɛ Onyankopɔn nsa no. Yɛbabarima Jorge, a wɔne yɛn baa yɛ no, kaa ne suahunu, na wɔse “Nenwanwaa, Paapa! Berɛ a Elder Bednar hyɛɛ aseɛ bɔɔ tutuhyɛnsa mpaeɛ no, menyaa atenka sɛ ɔhyeɛ ne hann bi ahyɛ ɛdan no ma. Mpaebɔ no de pii kaa me nhunumu wɔ tempol botaeɛ mu. Ɛyɛ Awuradeno ahyɛdeɛ.

Wɔ Mormon Nwoma no mu no, Nefae kyerɛkyerɛ sɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛ yɛhunu Onyankopɔn pɛa, ɔbɛhyɛ yɛn den. Na ɛbaa sɛ me Nifae, na me sua koraa, nanso na me ho soso yie, na afei menyaa ɔpɛ kɛseɛ bi sɛ mɛhunu Onyankopɔn asumasɛm, ɛno nti me sufrɛɛ Awurade, na hwɛ ɔbaa me nkyɛn, na ɔbɛbubuu m’akoma na megyee nsɛm a m’agya kaeɛ no nyina ara diiɛ; ɛno nti mante ne so atua sɛdeɛ me nuanom no yɛeɛ no.”10

Nnuamarimma ne nnuammaanom, momma yɛn mmoa yɛn mma ne wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa ara ma wɔnnante Onyankopɔn apam kwan no so, sɛdeɛ honhom no bɛtumi aboto wɔn akoma ama wɔahwehwɛ sɛ wɔbɛdi n’akyiri wɔ wɔn abrabɔ nyinaa mu.

Sɛ mehwɛ mawofoɔ nhwɛsoɔ, a mehunu sɛ yɛn gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo mu no bɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛde yɛn bɛsan akɔ yɛn soro fie bio. Menim sɛ nsɛnkyerɛni ba wɔ yɛn gyedie mu nsɔhwɛ akyiri.

Medi Yesu Kristo ne wuma afɔrebɔ no ho adasneɛ. Menim sɛ ɔyɛ yɛn agyenkwa ne ɔgyefoɔ. Ɔno ne yɛn Agya a ɔwɔ soro baa abarimaa Joseph Smith 1820 ɛbɔ bosome mu a ɔyɛ nkɔmhyɛni a ɛnam ne so a Awurade asɛm a ɛyeraeɛ no san baa bio. Titenani Russell M. Nelson yɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.