2010–2019
Redi Ne Din nni
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Redi Ne Din nni

Ɛno nti, apam su ne ka a yɛka ho no nti, wɔde Yesu Kristo din na ɛfrɛ yɛn.

Sɛdeɛ awofoɔ de ahoperepereɛ anigyeɛ twɛn sɛ wɔwo abɔfra no, wɔn wɔ asodie sɛ wɔyi din ma wɔn ba foforɔ yi. Ebia berɛ a wɔwoo wo no, wonyaa edin bi a asiane aba wɔ w’abusua awoɔntoatoasoɔ mu. Anaa ɛbɛtumi ayɛ sɛ wɔmaa wo din a na saa afe no anaa bea hɔ no obiara pɛ bie berɛ a wɔwoo wo no.

Nkɔmhyɛni Helaman ne ne yere maa wɔn mma mmarima nkɔkoaa, abusua din a nteaseɛ wɔ mu Nephi ne Lehi. Helaman see ne mma mmarima sɛ:

“Mede yɛn awofoɔ a wɔdii kan no din ama mo … na sɛ mokae mo din a moakae wɔn; na sɛ mokae wɔn a moakae wɔn nnwuma; sɛ wɔaka sɛ, na wɔatwerɛ nso sɛ, na wɔyɛ papa.”

“Ɛno nti, me mma mmarima, mɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ.”1

Nefaenom ne Lehinom din boa ma wɔkaee wɔn nananom nnwuma papa na ɛhyɛɛ wɔn nkuran maa wɔn nso yɛɛ papa.

Nua mmaanom, ɛmmfa ho baabi a yɛteɛ, kasa a yɛka, anaa sɛ yɛadi mfeɛ 8 anaa 108, yɛkyɛ edin sononko a ɛwɔ saa botae korɔ no.

“Sɛdeɛ dodoɔ ayɛ no [yɛn] abɔ asu kɔ Kristo mu, de Kristo ato yɛn ho so … ɛfiri sɛ [yɛn] nyinaa yɛ baako wɔ Yesu Kristo mu.”2

Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ asafomma yi, “yɛdi kan de yɛn pɛ ka ntam de Kristo din to yɛn ho so, nam asubɔ ayɛyɛdeɛ no so.”3 Ɛfa saa ayɛyɛdeɛ yi so no, yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛkae No berɛbiara, adi Ne mmaransɛm so, na yɛasom afoforɔ. Yɛyɛ no foforɔ Homeda biara, yɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛdi saa apam yi so berɛ a yɛfa Adidi Kronkron no, na yɛdi ahurisie bio wɔ nhyira mu sɛ “yɛbɛnante abrabɔ foforɔ mu.”4

Wɔwo yɛn a, edin a wɔde ma yɛn no hran yɛn ankorɛankorɛ su na ɛma yɛka ho bi wɔ yɛn waise yi mmusua mu. Nanso, berɛ a yɛnya “awoɔ bio” wɔ asubɔ mu no, yɛn nteaseɛ fa, hwan ne yɛn, no yɛ kɛseɛ. “Ɛnam apam a moakɔ yi nti wɔbɛfrɛ mo Kristo mma, … na hwɛ, … wawo mo honhom mu; na moka sɛ moakoma asesa ɛnam gyedie a ɛwɔ ne din mu nti; ɛno nti, ɔno na wawo mo.”5

Ɛno nti, apam su ne ka a yɛka ho no nti, wɔde Yesu Kristo din na ɛfrɛ yɛn. Na “edin foforɔ biara nni hɔ a wɔde ama anaa ɔkwan foforɔ biara nni hɔ a wɔbɛfa so ama nkwagyeɛ aba nnipa mma so, gye sɛ ɛnam Kristo din nkoaa so, Awurade Kokuroko no.”6

Na wɔnim edin Yesu dadaada ansa na wɔrebɛwo No. Ma Ohene Benjamin no, ɔsoro bɔfoɔ hyɛɛ nkɔm, “Na wɔbɛfrɛ no Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, … na wɔbɛfrɛ ne na Maria.”7 N’adwuma a ɛyɛ “ɔgyeɛ ɛdɔ”8 no nso wɔmaa Onyankopɔn mma hunuui berɛ biara a asɛmpa no tenaa asase so, firi Adam ne Hawa nna mu bɛsi ɛnnɛ yɛn da yi, sɛdeɛ wɔbɛhunu “fibea a wɔbɛhwehwɛ wɔn bɔne fafire.”9

Afe a atwa mu yi, Titenani Russell M. Nelson de nkɔmhyɛ adesrɛ maa anuanom mmaa sɛ “wɔmoa mmoaboa Israel a abɔ apetee mfa ntenetene daakye.” Ɔtoo nsa frɛɛe sɛ yɛnkenkan Mormon Nwoma no na “sensan nkyerɛkyerɛmu biara a ɛkasa fa anaa ɛkyerɛ Agyenkwa no.” Ɔkaae sɛ yɛn, nhyɛda nkasa mfa Kristo ho, nni Kristo mu ahurisie, mmɔ Kristo asɛmpa no ho dawuro [yɛn] mmusuafoɔ ne nnamfonom. Ebia wahyɛ aseɛ rehunu ne bɔhyɛ no so aba sɛ, “wɔbɛtwe mo abɛn Agyenkwa no. Na afei nsesaɛ, mpo nsɛnkyerɛnee, bɛhyɛ aseɛ asisi.”10

Yɛn bɔhyɛ sɛ yɛkae Agyenkwa no berɛbiara ma yɛn ahoɔden gyina ma nokorɛ ne tenenee—sɛ yɛwɔ ɛdɔm kɛseɛ mu anaa bea a ate neho komm a, obiara nnim yɛn nneyɛɛe gye sɛ Onyankopɔn. Sɛ yɛkae No ne Ne din a yɛkura a, yɛnni kwan ma sɛ yɛn ankasa toto yɛn ho ase mfantoho mu anaa ahupoo atemmuo mu, Yɛn ani a ɛwɔ Agyenkwa no so no, ma yɛhunu yɛn ho yɛn ho sɛdeɛ yɛte ankasa---Onyankopɔn ba a n’ani gye ne ho.

Yɛn apam a yɛkae, dwodwo waise haw, dane moakyinnye kɔ akokoɔduro mu, na ɛma anidasoɔ wɔ ɔhaw berɛ mu.

Na sɛ yɛsunti, hwease berɛ a yɛrekɔ yɛanim wɔ apam kwan no so a, yɛwɔ sɛ yɛkae Ne din ne Ne dɔ-ayamye a ɔwɔ ma yɛn no. “Ɛfiri sɛ ɔwɔ tumi nyinaa, nyansa nyinaa, ne nteaseɛ nyinaa; ɔte nneɛma nyinaa ase, na ɔyɛ Mmɔborɔhunufoɔ … ma wɔn a wɔsakyera na wɔgye ne din di no.”11 Nokorɛ mu, nnyegyeɛ dɛɛdɛ biara nni hɔ sɛ Yesu din ma obiara a, ɔde akoma a abubuo ne honhom a aboto, hwehwɛ sɛ “ɔbɛyɛ papa na wayɛ papa.”12

Titenani Nelson kyerɛkyerɛ sɛ: “Ɛda no kɔ a na wotumi yɛ Kristoni dinn na wodwodwo wo ho. Wo nyamesom nnyɛ deɛ ɛfa sɛ wokɔ Asɔre Kwasiada kwa. Ɛfa deɛ worekyerɛ nokorɛ akyidini, firi Kwasiada anɔpa kɔsi Memeneda anadwo. Biribiara nni hɔ, sɛ Yesu Kristo akyidini a ɔnnyɛ adwuma nwie.”13

Yɛn pɛ sɛ yɛfa Yesu Kristo din to yɛn ho so no kyɛn ka-ma-menka nsɛm Ɛnyɛ bɔhyɛ hunu anaa bɔtirimka amammerɛ. Ɛnyɛ amanneɛ a wɔyɛ anaa edin krataa a ɛtare yɛn ho. Ɛnyɛ nkasaeɛ a yɛde to pata so kwa anaa yɛde sɛn ban ho. Ne deɛ no yɛ din a wɔde “hyɛ,”14 twerɛ no wɔ yɛn akoma mu, na “akurukyire wɔ [yɛn] hwɛbea so.”15

Ɛwɔ sɛ yɛkae Agyenkwa no mpata afɔreɛ no, berɛbiara, nam yɛadwennwene so, nneyɛɛe, ne afoforɔ nkitahodie mu. Ɛnyɛ korɔ na Ɔkae yɛn din, mmom Ɔkae yɛn berɛbiara. Agyenkwa no kaa sɛ:

Nti ɔbaa bɛtumi ama ne werɛ afiri ne nufoba, a ne yam nhyehye no wɔ n’awotwaa mu ba ho anaa? Aane, wɔn werɛ bɛtumi afiri, nso me deɛ me werɛ remmfiri mo, O Israel fiefoɔ.

“Hwɛ, makurukyire wo wɔ me nsa yamu.”16

Titenani George Albert Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Di edin a ekura mo no nni, ɛfiri sɛ dabi mobɛnya akwanya na ayɛ asɛdeɛ sɛ moka ho asɛ akyerɛ mo Agya a ɔwɔ soro deɛ wode [saa] din no yɔɔe.”17

Tesɛ Nefae ne Lehi din a wɔde ahwɛyie ayi no, wɔbɛtumi aka na wɔatwerɛ afa yɛn ho sɛ yɛyɛ nokorɛ akyidifoɔ ma Awurade Yesu Kristo? So yɛdi Yesu Kristo din no nni deɛ yɛde ɔpɛ afa ato yɛn ho so no? Yɛka bɔ mu yɛ “ɔsomfoɔ ne dansedifoɔ”18 fa Ne dɔ-ayamye ne Ne gyeɛ tumi no ho?

Ɛnnkyɛree, na na meretie Mormon Nwoma no. Ti a ɛtwa toɔ wɔ 2 Nefae no, me tee Nefae sɛ ɔka biribi a menn kenkanee no saa kwan korɔ no so da. Ne twerɛ-to-hɔ nyinaa mu no, ɔkyerɛkyerɛ na ɔdi adanseɛ fa “Ɔgyefoɔ” no ho, “Israel Kronkronni” no, “Onyankopɔn Adwammaa” no ne “Deɛ wɔasra no” no. Nanso ɔrewie n’asɛm no, metee sɛ ɔreka saa nsɛm yi: “m’anigye wɔ pefeeyɛ mu; m’anigye wɔ nokorɛ mu; m’anigye wɔ me Yesu mu, ɛfiri sɛ ɔno na wadi ama me kra.”19 Berɛ a metee saa nsɛm yi no, m’akoma dii ahurisie na metiee no bio ne bio. Mehunuui na mebuaa saa nkyekyɛmu no tesɛ deɛ mehunu na mebua me ankasa me din no.

Awurade see sɛ, “Aane, nhyira ne saa nkorɔfoɔ yi a wɔpɛ sɛ wɔde me din to wɔn ho so; na me din mu na wɔbɛfrɛ wɔn; na wɔyɛ me dea.”20

Sɛ yɛyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ asafomma yi, yɛde “anigyeɛ [fa to yɛn ho so] Kristo din no”21 de ɔdɔ, ahofama, ne nnwuma papa bɛdi Ne din no nni. Medi adanseɛ sɛ Ɔno ne “Onyankopɔn Adwammaa no, aane, mpo Onniawieɛ Agya Babarima no.”22 Wɔ Ne ba kronkron Yesu Kristo din mu, amen.