2010–2019
Mmrasɛm Kɛseɛ a Ɛtɔ so Mmienu
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Mmrasɛm Kɛseɛ a Ɛtɔ so Mmienu

Yɛn anigyeɛ kɛseɛ paa ba wɔ berɛ a yɛresom afoforɔ.

Menuanom mmaa ne mmarima adɔfoɔ, meda mo ase wɔ dea moyɛ nyinaa de boaboa Israel ano wɔ nkatanim no anim ne akyire nyinaa, de hyɛ moabusua den, na mode boa ahiafoɔ. Meda mo ase sɛ moyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ mapa.1 Wonim na wodɔ sɛ wobɛdi Ne mmransɛm akɛseɛ mmienu no so, sɛ wobɛdɔ Nyankopɔn na wadɔ ne wo yɔnko.2

Wɔ bosome nsia atwam no, Onuabaa Nelson ne me hyiaa Ahoteɛfoɔ mpempem berɛ a yɛtuu kwan kɔɔ Central ne South America, Pacific Islands, ne nkuro ahodoɔ wɔ America. Berɛ a yɛretu kwan no, yɛn anidasoɔ ne sɛ yɛbɛhyɛ wo gyedie den. Nanso aberɛ biara no asɔremma ne ayɔnkofoɔ a yɛhyia no hyɛ yɛn gyedie den. Mɛtumi ne mo akyɛ suahunu mmeɛnsa bi a ɛtɔ aso mu?

Mfoni
Titenani Nelson wɔ New Zealand
Mfoni
Titenani Nelson wɔ New Zealand

Wɔ Kɔtɔnimaa mu, Onuabaa Nelson ne me ne Ɛlda ne Onuabaa Gerrit W. Gong tuu kwan kɔɔ South Pacific. Berɛ a na yɛwɔ Auckland, New Zealand no, yɛnyaa akwanya ne imamfoɔ mmienu hyiaaɛ wɔ Christchurch, New Zealand, baabi a bosome mmienu a ɛdikan no, wɔkuum asɔrefoɔ a na wɔn nnyɛɛ bɔne biara.

Yɛmaa yɛnuanom a ɛsono wɔn gyedie no hyɛden na yɛsii so dua kyerɛɛ wɔn ahofama a yɛwɔ ma ɔsom mu faahodie.

Yɛsan nso yɛɛ atohoakyɛ som na yɛboaa wɔn sika fam sɛ wɔmmfa nsi wɔn nsɔredan. Yɛne muslemi mpanyinfoɔ nhyiam kyerɛɛ onuadɔ mapa.

Mfoni
Wɔn a wɔnyaa abubuafoɔ nkonnwa wɔ Argentina
Mfoni
Wɔn a wɔnyaa abubuafoɔ nkonnwa wɔ Argentina

Wɔ Ɔsanaa mu, Ɛlda Quentin L. ne Onuabaa Mary Cook, Onuabaa Nelson ne me hyiaa nnipa bi wɔ Buenos Aires, Argentina--na dodoɔ no ara nka yɛn gyedie ho--a wɔn abrabɔ asesa ɛnam abubuafoɔnkonwa bi a Latter-Day Saint Charities de maa wɔn. Na ɛyɛ nkuranhyɛ ma yɛn berɛ wɔn kyerɛɛ anigyeɛ-anisɔ wɔ afidie a ɛbɛma wɔn anante ho.

Deɛ ɛtɔ so mmeɛnsa a ɛsomboɔ sii nnawɔtwe kakra bi a atwam wɔ Salt Lake Kuropɔn mu. Na ɛfiri krataa sononko bi a menyaa wɔ m’awoda firii abayewa bi a wadi mfeɛ 14--mɛfrɛ no Mary hɔ.

Mary twerɛɛ nneɛma a mene wɔ bom: Yɛwɔ mma 10. Woka Mandarin kasa. Mmofra nson a me ka ho wɔ m’abusua mu, wɔtee yɛn firii China nti Mandarin yɛ yɛn kasa a ɛdikan. Woyɛ akoma dɔkita. Wayɛ menuabaa akoma mu [opirehyɛn] mmienu. Wopɛ nnɔnhwire mmienu asɔre. Yɛpɛ nnɔnhwire mmienu asɔre. Wowɔ nne kama. Menuabarima nso wɔ nne kama. N’ani afira tesɛ me.”

Mary nsɛm no kaa me, na ɛyikyerɛɛ me sɛdeɛ ne honhom yɛ kɛseɛ ne afɔreɛ a ne maame ne ne papa abɔ.

Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ, te sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ a aka no rehwehwɛ akwan a wɔbɛboa, apegya, na wɔn adɔ afoforɔ. Wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfrɛ wɔn Awurade nkorɔfoɔ no “wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsoa wɔnhowɔnho adesoa, ne wɔn a wɔresu asu; na wɔakyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ.”3

Wɔn hwehwɛ sɛ wɔbɛdi mmransɛm akɛseɛ mmienu no so wɔ nokorɛ mu. Sɛ yɛdɔ Nyankopɔn ne yɛakoma nyinaa a, Ɔdane yɛn akoma kɔ afoforɔ yiedie so wɔ kwan fɛfɛɛfɛ a ɛhoteɛ so.

Yɛn ntumi nsese ɔsom ahodoɔ a Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ de ma da biara wɔ afe biara mu wɔ wiase afanan nyinaa, nanso ɛyɛ adeɛ a yɛbɛtumi ayɛ sɛ yɛbɛsese papa a Asɔre no yɛ de hyira mmaa ne mmarima--mmranteɛ ne mmayewa--a wɔhyia ɔgyeɛ nsa.

Asɔre no fa a wɔyɛ adɔeɛ no hyɛɛ aseɛ wɔ 1984. Saa berɛ no Asɔre no nyinaa kyeree kɔm yɛɛ ntoboa de boaa Africa apueɛ baabi a na ɛkɔm asi no. Asɔremma no yii ntoboa $ 6.4 million wɔ da koro akɔmkyere no.

Mfoni
Saa berɛ no-Ɛlda Ballard wɔ Ethiopia

Wɔsomaa saa berɛ no-Ɛlda M. Russell Ballard ne Onuabarima Glenn L. Pace kɔɔ Ethiopia kɔhwɛɛ kwan a wɔbɛfa so de saa sika kronkron no aboa. Saa mmɔdemmɔ yi bɛyɛɛ mfiaseɛ maa deɛ ɛnnɛ yɛfrɛ no sɛ Latter-Day Saint Charities.

Ɛfiri saa berɛ no, Latter-Day Saint Charities ama bɛboro dollar sika billion mmienu sɛ adɔeɛ de boa wɔn a ahia wɔn wɔ wiase afanan nyinaa. Saa mmoa yi, wɔde ma obiara mfa ho ne asɔre a ɔkɔ, ɔman a ɔfi mu, amanyɔ kuo a ɔdɔm anaa sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa barima.

Ɛnnyɛ ne nyinaa no no. Sɛdeɛ yɛbɛtumi aboa Awurade Asɔremma a wɔwɔ ahokyerɛ mu no, yɛdɔ na yɛdi tete akɔmkyene mmra no so.4 Yɛkyene kɔm de boa wɔn a ɛkɔm de wɔn. Dakoro wɔ bosome biara mu, yɛkyene kɔm na yɛde aduane sika no (ne mmorosoɔ) aboa wɔn a ahia wɔn.

Me werɛ mfi berɛ a mekɔɔ Africa Atɔeɛ fa mu deɛ ɛdikan wɔ 1986. Ahoteɛfoɔ no dodoɔ no ara na wɔbaa nhyiam no. Ɛwom sɛ na dodoɔ no ara nni ahonyadeɛ pii nanso, dodoɔ noara na na wɔhyɛ ataadeɛ fitaa.

Mebisaa stake president no kwan a ɔfa so hwɛ asɔremma a wɔnni hwee no. Ɔyii ano sɛ ahwɛfoɔ no nim wɔn nkorɔfoɔ yie. Sɛ asɔremma tumi nya aduane mmienu di a, wɔnnhia mmoa. Nanso sɛ wɔn ntumi nya aduane koraa anaa wɔnya baako pɛ--mpo sɛ abusua boa wɔn a--ahwɛfoɔ ma wɔn aduane a ɛfiri akɔmkyene sika mu. Afei ɔkaa nokorɛ asɛm yi kaa ho sɛ: wɔn akɔmkyene sika no taai boro sika a wɔdi so. Wɔde akɔmkyene sika a ɛbɛka no kɔma nkorɔfoɔ baabi foforɔ a wɔn ahiadeɛ wɔ soro kyɛn wɔn. Saa Abibirem Ahoteɛfoɔ mapa yi kyerɛɛ me adeɛ kɛseɛ fa tumi ɛwɔ akɔmkyene mmra no ne honhom mu.

Sɛyɛyɛ Asɔremma yi, yɛwɔ tema atenka ma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu.5 Yɛnyinaa yɛ anuanom, Nyankopɔn mma mmaa ne mmarima. Yɛtie Apam Dadaa afotuo: “Bie wo nsam ma wo nuanom ahiafoɔ ne wɔn a wɔnni bie, no yɛ adwuma.”6

Yɛsan nso bɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi Awurade Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ so wɔ Mateo 25:

“Na ɛkɔm dee me, na momaa me aduane: na sukɔm de me, na momaa me nsuo nomee: na meyɛ hɔhoɔ, na momaa me baabi tenaaɛ:

“Meho da hɔ, na momaa me ataadeɛ: na meyare, na mobɛsraa me.

“ Sɛ moayɛ ama menuanom nkuma yi no, moayɛ ama me.”7

Mame nka nhwɛsoɔ kakrabi mfa sɛdeɛ Asɔre no di Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ so.

Mfoni
Ɔhwɛfoɔ koradan

Asɔre no wɔ ahwɛfoɔ akoradan ahodoɔ 124 wɔ wiase afanan nyinaa a wɔde tu ɛkɔm ase. Ɛnam so ma aduane bɛyɛ sɛ 400,000 na wɔde ma wɔn a ahia wɔn. Wɔ mmeaɛ a saa akoraden no bi nni no, ahwɛfoɔ ne atitenafoɔ no nam Asɔre no akɔmkyene sika so tɔ aduane ne nneɛma ma asɔremma a ahia wɔn.

Nanso, Ɛkɔm ho haw boro Asɔre no ahoɔden so bebiree. Ɛrekɔ soro wɔ wiase nyinaa. Nansa yi, United Nationfoɔ de nhwehwɛ mu bi too dwa a ɛkyerɛ sɛ nnipa a ɛkɔm de wɔn wɔ wiase boro 820 million--anaa yɛkyɛ nnipa a wɔwɔ asaase so mu nkoron a, ɛmu baako.8

Ahodwiri nseseɛ paa nie! Yɛn anisɔ mo ntoboa paa. Meda woase ne w’ayemyɛ, nnipa mpempem bɛnya aduane, ntaadeɛ, abubuafoɔ akodwa, nnuro, nsuo pa ne deɛ ɛkeka ho.

Yadeɛ pii na aba wiase afanan nyinaa ɛnam nsuo fin. Ɛbɛ si ɛnɛ, Asɔre no nam adɔeɛ so ama nnipa mpempem nsuo pa wɔ aman bɛyɛ sɛ76 mu.

Nhwɛsoɔ kɛseɛ baako ne deɛ yɛyɛɛ no wɔ Luputa, Democratic Republic Congo. Kuro a na wɔn dodoɔ bɛboro 100,000 no nni nsuo pa. Na ɔmanfoɔ no nante twa kwan tenten ansa na wɔn anya nsuo a ɛyɛ. Ɛwom sɛ wɔn huu bepɔ so nsuo bi wɔ kwansin 18 (29 km) akyi, nanso na kuromma no ntumi nkɔ hɔ nsuo dabiara.

Mfoni
Wɔretu abula

Berɛ a yɛn adɔeɛ asomfoɔ no huu saa ɔhaw yi, wɔne Luputa mpanyinfoɔ ka bɔɔ mu maa wɔn nneɛma ne nteteiɛ a wɔde bɛtwe nsuo aba kuro no mu. Luputa kuromma no de mfeɛ mmeɛnsa tuu amena bɔnka faa kwaiɛ ne mmotan mu. Wɔn yɛɛ adwuma bɔɔm, na anigyeɛ da no baaɛ berɛ a nsuo pa baa kuro no nyinaa mu.

Mfoni
Wɔresoa nsuo

Asɔre no san so boa ananafoɔ, mfa ho sɛ ntokwa na asi, atoyerɛnkyɛm na asi, anaa sɛ nyamesom mu ɔtan na apam wɔn. Nnipa bɛboro ɔpepepem 70 na wɔn nni baabi da.9

Mfoni
Anannafoɔ som

Wɔ afe 2018 nkoa mu, Asɔre no de ɔgyeɛ nneɛma pii maa ananafoɔ wɔ aman 56 mu. Asɔremma pii nso yɛ atuhoakyɛ som de baoa ananafoɔ ma wɔtumi tena wɔn atenaeɛ afoforɔ. Yɛda obiara a ɔboa wɔn a afei na wɔrekyekyere afie afoforɔ.

Mfoni
Ntaadeɛ kyɛ

Ɛnam ayemyɛ adɔeɛ a ɔmanfoɔ yɛ ma Deseret Industries wɔ United States nti, ntaadeɛ mpempem na yɛyiyi afe biara. Sɛ yɛyi deɛ ahwɛfoɔ ahodoɔ yɛ de boa wɔn asɔremma a ahia wɔn a, adwuma no kɛseɛ paa kɔ so wɔ adɔeɛ nnwumakuo ahodoɔ a wɔde nneɛma no kɔ mmeammeaɛ kɔkyekyɛ.

Afe a ɛtwaam yi, Asɔre no yɛɛ ani ho adwuma maa nnipa bɛboro 300,000 wɔ aman 35 mu, mmofra ne abaatanfoɔ wɔ aman 39 mu, ne abubuafoɔ nkonnwa maa nnipa bɛboro 50,000 wɔ aman dodoɔ pii mu.

Wɔnim sɛ Asɔre no ka wɔn a wɔdikan tu anammɔn sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a. Mpo ansa na atoyerɛnkyɛ hurrican bɛsi no, na Asɔre mpanyinfoɔ ahyia ayɛ ntotoeɛ a wɔde bɛboa agye ɔmanfoɔ na wɔde nneɛma ama wɔn a wɔn ho bɛka.

Mfoni
Fa nsa a ɛboa som

Afe a ɛtwaam nkoa, Asɔre no yɛɛ ɔgyeɛ adwuma bɛboro 100 wɔ wiase nyinaa, boa wɔn a hurrican too wɔn, egya hyehyeɛ, nsuyiri, asaase wosoɔ ne deɛ ɛkeka ho. Sɛ ɛberɛ ma ho kwan a, yɛAsɔremma no hyɛ akokɔsradeɛ ahosu ataadeɛ ka wɔn ho bɔm boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Saa ɔsom a momo pii yɛyi, ne ɔsom nhini.

Menuanom adɔfoɔ, dwumadie ahodoɔ a maka ho asɛm yi yɛ yiedie ne adɔeɛ fa kumaa bi a Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no yɛ.10 Na mo na moma yɛtumi yɛ wei nyinaa. Ɛnam mo nhwɛso pa abrabɔ nti, moakoma pa, ne ɔgyeɛ nsa nti ɛnyɛ nwanwa sɛ aman mpanyinfoɔ pii yi mo ayɛ.11

Ɛfiri berɛ a me bɛyɛɛ Asɔre titenani, ɛyɛ me nwanwa aman mpanyinfoɔ, atitenafoɔ, prime ministerfoɔ, ne ambassadorfoɔ ahodoɔ a wɔda me ase ɛnam adɔeɛ a yɛyɛ ma wɔn nkorɔfoɔ. Na wɔn anisɔ ahoɔden a asɔremma nokorɛdiefoɔ de som wɔn man.

Ɛsan so yɛ me nwanwa sɛdeɛ aman mpanyinfoɔ abɛsra Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no sɛ wɔwɔ anidasoɔ sɛ yɛde Asɔre no bɛba wɔn aman mu. Adɛn? Ɛsiane sɛ wɔnim sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ bɛboa akyekyere mmusua ne mpɔtam papa, ama abrabɔ ayɛ merɛ ama afoforɔ wɔ baabiara a wɔbɛtena.

Ɛmfa ho ne baabi a yɛfrɛ no efia, Asɔremma wɔ atenka mapa fa Nyankopɔn ho sɛ Agya ne nnipa nyinaa sɛ wɔyɛ anuanom. Ɛno nti, yɛn anigyeɛ kɛseɛ paa yɛ sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom mmaa ne mmarima, ɛmfa ho ne baabia yɛwɔ wɔ wiase fɛfɛɛfɛ yi mu.

Yɛreboa afoforɔ--yɛɛbɔ mmɔden aboa afoforɔ akyɛn yɛn ho--ne yɛn anigyeɛ. Netitiri, sɛ mede ka ho a, ɛberɛ a ɛnyɛ ahogonn mma yɛn na ɛma yɛn ho kyere yɛn.. yɛredi mmrasɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu no so yɛ safoa a ɛbɛma yɛabɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ mapa.

Menuanom mmaa ne mmarima, mo yɛ nhwɛsoɔ a ɛtease sɛ aba ba wɔ mu sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so. Me da moase! Me dɔ wo!

Menim sɛ Nyankopɔn tease Yesu ne Kristo no Wasan de N’Asɔre no aba wɔ nna a ɛdi akyire yi mu sɛ ɛmɛyɛ ne botaeɛ. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.