2010–2019
Sɛ yɛredi Yɛn Bɔhyɛ ne Apam so
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Sɛ yɛredi Yɛn Bɔhyɛ ne Apam so

Meto nsa frɛ wo sɛ dwene apam ne bɔhyɛ a wo ne Awurade no, ne afoforɔ yɛ ho, wɔ nokorɛdie kɛseɛ mu, a wonim sɛ w’asɛm yɛ wo mpokyerɛ.

Anuanom mmaa ne mmarima, yɛde ɔfa yi reba awieɛ no, mo mma yɛnkora Yesu Kristo nsɛmpa no ho nokorɛ a yɛdii ho adanseɛ nnɛ yi wɔ y’akoma mu. Wɔahyira yɛn sɛ yɛanya mmerɛ kronkron yi abom na yɛahyɛ bɔ a yɛhyɛɛ Awurade Yesu Kristo sɛ yɛyɛ Ne nkoa na Ɔyɛ yɛn Agyenkwa no mu kena.

Hia a ɛhia sɛ yɛdi yɛn bɔhyɛ ne apam so no haw m’adwene yie. Sɛn na ɛhia wo sɛ wobɛdi w’asɛm so? na wɔagye wo adie? na wobɛyɛ deɛ waka sɛ wobɛyɛ no? wo ho bɛpere wo sɛ woyɛ w’apam kronkron? na wobɛyɛ nokwafoɔ? Sɛ yɛdi bɔ a yɛahyɛ Awurde ne afoforɔ so a, na yɛnam apam kwan no so de asan akɔ yɛn Agya a ɔwɔ Soro no nkyɛn na yɛate Ne dɔ no nka wɔ y’abrabɔ mu.

Yɛn Agyenkwa Yesu Kristo, yɛ yɛn nhwɛsoɔ kɛseɛ sɛ ɛba sɛ yɛredi bɔhyɛ ne apam so a. Ɔbaa asaase so hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Agya no pɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ nsɛmpa no mmara wɔ asɛm ne adwuma mu. Ɔdi maa yɛn bɔne sɛ yɛbɛnya nkwa bio. Wadi Ne bɔhyɛ biara so.

Wɔbɛtumi aka asɛm korɔ yi afa yɛn mu biara ho? Asotwe bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ yɛyɛ asisie kakra, hwease kakra, anaasɛ yɛanni yɛahyɛdeɛ so a? Na sɛ yɛtwe yɛn ho firi y’apam ho a? Afoforɔ bɛhwɛ yɛn so aba Kristo nkyɛn? W’ano asɛm yɛ wo mpokyerɛ? Bɔhyɛ so die ɛnnyɛ suban; ɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ nneyɔeɛ.

Awurade no a ɔnim honam mu abrabɔ sintɔ hyɛɛ bɔ, “Momma mo bo ntɔ mo yam, na mma mo nsuro, ɛfiri sɛ Me Awurade no me ka mo ho, na mɛgyina mo akyi.”1 Mate Ne nka berɛ a me hia anohobanbɔ, awerɛkyekyerɛ, honhom mu nhunumu anaa ahoɔden, na mabrɛ me ho ase na meda no ase wɔ N’ayɔnkofa kronkron no ho.

Awurade aka sɛ, “Ɔkra biara a ɔpo ne bɔne na ɔba me hɔ, na ɔbɔ me din, na ɔyɛ setie ma me nne, na ɔdi me mmaransɛm soɔ no, ɔbɛhunu m’anim na wahunu sɛ me tease.”2 Ebia yei ne Ne bɔhyɛ kɛseɛ no.

Mesuaa sɛdeɛ mɛdi me bɔhyɛ so wɔ me mmabunu berɛ mu. Nhwɛsoɔ baako ne berɛ a megyinaa me nanso kaa Scout Ntam no. Yɛ ne Amerika Boy Scout no ayɔnkofa, sɛdeɛ ɛteɛ seesei no, bɛyɛ agyapadeɛ a ɛho hia ma me ne Asɔre no. Scout kuo no, mmarima ne mmaa dodoɔ a wɔsomm yie sɛ akandifoɔ, ɛnanom—abasobɔ kɛseɛ kɔ hɔ—ne mmranteɛ a wɔasom wɔ scout dwumadie mu, me se mo sɛ, “Meda mo ase.”

Wɔ saa ɔfa yi mu, yɛn nkɔmhyɛni a yɛdɔ no, President Russell M. Nelson, ne Elder Quentin L. Cook aka nsakyeraeɛ a ɛbɛboa ama y’ani akɔ mmabunu akuo ho na yɛde nokorɛ a wɔada no adie no atoto ho. Bio, Kwasiada a ɛtwaa mu yi ara, President Nelson ne President M. Russell Ballard kyerɛɛ Nkwadaa ne Mmabunu foforɔ a wɔwɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu. Ɛyɛ wiase afanaa nyinaa anamɔntuo a ɛfa y’Awurade ne y’Agyenkwa, Yesu Kristo ho. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no yɛ koro wɔ saa akwankyerɛ foforɔ yi mu, na medi adanseɛ sɛ Awurade no akyerɛ kwan wɔ anamɔntuo biara mu. M’ani agye ama nkwadaa ne mmabunu a wɔwɔYesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ho wɔ suahunu yi a ɛfa wɔn ho wɔ efie ne asɔre mu—ɛnam nsɛmpa sua, ɛsom ne dwumadie ne ankasa mpontuo so.

Mmabunu asɛntire a ɛwɔ hɔ ma afe, 2020, kasa fa Nifae bɔhyɛ a ɛsom bo yie ”kɔ na kɔyɛ” Ɔtwerɛe, “Na ɛbaa sɛ, me Nifae, meka kyerɛɛ m’agya sɛ mɛkɔ akɔyɛ nneɛma a Awurade ahyɛ no, ɛfiri sɛ menim sɛ Awurade mfa mmaransɛm biara mma nnipa mma, gye sɛ wasiesie ɛkwan ama wɔn a wɔnam so bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.”3 Ɛwom sɛ wɔaka no dadaada, yɛn a yɛ wɔ Asɔre no mu gye saa bɔhyɛ no di ɛnnɛ.

“Kɔ na kɔyɛ” asekyerɛ ne sɛ yɛbɛtra wiase nkyerɛkyerɛ so, yɛanya na yɛadi yɛn ankasa adiyisɛm so, abɔ bra a ɛtene wɔ anidasoɔ ne gyedie mu daakye, yɛayɛ na yɛadi apam so adi Yesu Kristo akyi, na afei yɛato ɔdɔ a yɛwɔ ma No no mu, ewiase Agyenkwa no.

Apam yɛ anofa-nu bɔhyɛ a ɛda yɛ ne Awurade no ntam. Sɛ yɛyɛ asɔremma yi, yɛyɛɛ apam asubɔberɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din ato yɛn ho so, na yɛabɔ bra sɛdeɛ Ɔbɔeɛ no. Te sɛ wɔn a wɔbɔɔ asu wɔ Mormon nsuwa mu no, yɛapam sɛ yɛbɛyɛ ne nkorɔfoɔ, “yɛbɛsoa obiara nnesoa, na ayɛ hare ama no; “yɛ ne wɔn a wɔsu no nsu; kyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ, na yɛgyina sɛ Onyankopn adansefoɔ wɔ mmerɛ nyinaa ne adeɛ nyinaa mu, ne baabiara.”4 Yɛn som a yɛsom yɛ ho yɛn ho wɔ Asɔre no mu kyerɛ yɛn ahofama a yɛdehyɛ saa bɔ no mu kena.

Sɛ yɛfa adididkronkron no a, yɛyɛ apam a yɛayɛ sɛ yɛde Ne din bɛto yɛn ho so no foforɔ na yɛyɛ apam foforɔ de tu mpɔn. Yɛn daadaa adwendwene ne nneyɔeɛ, akɛseɛ ne nketewa kyerɛ yɛn ahofama de ma No. Ne bɔhyɛ kronkron a ɛba ne sɛ, “Sɛ motaa kae me a mobyɛnya me honhom aka mo ho.”5

Ɛnnɛ m’asɛmbisa ne sɛ yɛredi yɛn bɔhyɛ ne apam so anaasɛ yɛdi so afa-afa, yɛ no biara biara na yɛbu so ntɛm? Sɛ yɛkakyerɛ obi sɛ, “yɛbɛbɔ mpaeɛ ama no a,” yɛbɔ? Sɛ yɛhyɛ bɔ sɛ, “Mɛba hɔ abɛboa wo a,” yɛyɛ? Sɛ yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛtua yɛaka a, yɛyɛ? Sɛ yɛma yɛn nsa so kɔ soro sɛ yɛtaa asɔreba a wɔama no dwumadie foforɔ akyi, a ɛkyerɛ sɛ yɛbɛboa no a, yɛyɛ?

Dakoro anwummerɛ bi wɔ me mme ranteberɛm me ne me maame tenaa ne mpa so kasa pii faa hia a Word of Wisdom ho hia kyerɛɛ me. “Wɔ mfeɛ a atwam, manya suahunu afiri afoforɔ hɔ,” ɔkaeɛ, “honhom ne tema a yɛhwere no firi sɛ yɛnni Word of Wisdom no so.” Ɔhwɛɛ m’anim tee na metee nka sɛ ne nsɛm no wura m’akoma mu: “ Hyɛ me bɔ, Ronnie. ɛnnɛ (ɔfrɛɛ me Ronnie), sɛ berɛ biara wobɛdi Word of Wisdom no so.” Mede nokorɛdie hyɛɛ no saa bɔ no, na madi so mfeɛ pii nie.

Saa bɔhyɛ no aboa me yie wɔ me mmeranteberɛm na akyire yi berɛ a na mereyɛ adwuma na nneɛma abu soɔ kwa. Mefaa adwene ntɛm sɛ mɛdi Onyankopɔn mmara so, na me nsane nkɔɔ ho bio. Awurade no aka sɛ, “Me, Awurade, ɛkyekyere me, sɛ moyɛ deɛ meka a; nanso, sɛ moannyɛ deɛ meka a, monni bɔhyɛ biara.”6 Deɛn na Ɔreka akyerɛ wɔn a wɔdi Word of Wisdom no so? Sɛ yɛbɛnya apɔmuden, ahoɔden, nyansa, nimdeɛ bɔhyɛ, ne soroabɔfoɔ banbɔ.7

Mfeɛ bi a atwam, na me ne Onuabaa Rasband wɔ Salt Lake Tɛmpol mu sɛ yɛrekɔ sɔ yɛn babaa baako ano. Berɛ a na yɛ ne yɛn babaa kumaa, a ɔnsoo saa dwumadie no gyina abɔntene no, yɛdii nkɔmmɔ faa hia a ɛhia sɛ yɛnya nsɔano wɔ Onyankopɔn tɛmpol kronkron no mu. Sɛdeɛ na me maame akyerɛ me dada no, yɛsee yɛn babaa no sɛ, “Yɛpɛ sɛ wonya nsɔano wɔ tɛmpol, na yɛpɛ sɛ wohyɛ yɛn bɔ sɛ berɛ a wobɛnya wo nna a enniawieɛ hokani no, wobɛhyɛ ɛda na wo ne no abɛsɔ mo ho ano wɔ tɛmpol mu.” Ɔhyɛɛ yɛn bɔ.

Mfoni
Elder Rasband ba baa ne ne kunu

Waka dada sɛ yɛn kasakyerɛ ne ne bɔhyɛ no abɔ ne ho ban na akae no “adeɛ a na ɛho hia yie.” Akyire yi ɔyɛɛ apam kronkron berɛ a ɔne ne kunu yɛɛ nsɔano wɔ tɛmpol mu.

President Nelson akyerɛ sɛ: “Yɛhyɛ Agyenkwa no tumi a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu kena berɛ a yɛyɛ apam kronkron na yɛdi saa apam no so pɛpɛɛpɛ. Y’apam no kyeyere yɛn bɔ Ne ho na ɛma yɛn nyamesu tumi.”8

Sɛ yɛdi yɛn bɔhyɛ so ma yɛn ho yɛn ho a ɛkyerɛ sɛ yɛbɛdi bɔ a yɛahyɛ Awurade no so. Kae Awurade nsɛm no: “Sɛdeɛ moyɛ maa menuanom nketewa yi mu baako yi moyɛ maa me.”9

Ɛne me nnwendwene bɔhyɛ ho nhwɛsoɔ a ɛwɔ twerɛnsɛm no mu. Ammon ne Mosaya mma mmarima wɔ Mormon Nwoma no mu “fa too wɔn ho so sɛ wɔbɛka Onyankopn asɛm no.”10 Berɛ a Lamanite akofoɔ kyeree Ammon no wɔde no kɔɔ Ɔhene Lamoni anim. Ɔhyɛɛ ɔhene no bɔ, “Mɛyɛ w’akoa.”11 Berɛ a akrɔnfoɔ bɛwiaa ɔhene no nnwan no, Ammon twitwaa wɔn nsa firii hɔ. Ɔhene no ho dwirii no, na ɔtiee Ammon nsɛmpa na ɔsakyeraeɛ.

Ruth, a ɔwɔ Apam Dada mu, hyɛɛ n’ase baa bɔ, “Deɛ wokorɔ na, mɛkorɔ.”12 Na ɔdii nokorɛ n’asɛm mu. Wɔ Apam Foforɔ no abasɛm mu, Samariani pa no hyɛɛ ahɔhodan mu panin no bɔ sɛ sɛ ɔbɛhwɛ ɔpirani no a, “Biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesane meba a, mɛhyɛ wo ananmu.”13 Wɔ Mormon Nwoma no mu, Zoram, hyɛɛ bɔ sɛ ɔne Nifae ne ne nuanom bɛkɔ ɛserɛ no so. Nifae kaeɛ, “Berɛ a Zoram dii nse kyerɛɛ yɛn wieeɛ no ɛsuro a na yɛwɔ wɔ ne mu no firii hɔ.”14

Na tete hɔ bɔhyɛ a “wɔhyɛɛ agyanom” sɛdeɛ wɔakyerɛm wɔ twerɛnsɛm sɛ “mma no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom so”?15 Wɔ berɛ a yɛmmaa asaase so no yɛfaa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ, yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛboa Yesrae anoboaboa wɔ nkatanim no akyi ne n’anim. “Yɛ ne Awrade no kɔɔ apam,” Elder John A. Widtsoe akyerɛ mu mfeɛ pii a atwam. “Nhyehyɛeɛ no mmaeɛ no ammɛyɛ Agya, no ne Awurade no adwuma, mmom yɛn adwuma.”16

“Anoboaboa [no] yɛ ade kɛseɛ a ɛrekɔ so wɔ asaase so nnɛ,”18President Nelson aka berɛ a ɔtukwa kɔ ewiase baabiara. “Sɛ yɛka anoboaboa, no ho asɛm a, na tiawa asɛm a yɛreka ne nokorɛ fapem no: yɛn Soro Agya ba biara, a ɔwɔ nkatanim no afa mmienu no fata sɛ ɔte Yesu Kristo nsɛmpa a wɔasane de aba no nka.”17

Sɛ Yesu Kristo Somafoɔ no, mede ɔfrɛ ne bɔhyɛ de wie. Ɛdi kan, ɔfrɛ no: Meto nsa frɛ wo sɛ dwene apam ne bɔhyɛ a wo ne Awurade no, ne afoforɔ yɛ ho, wɔ nokorɛdie kɛseɛ mu, a wonim sɛ w’asɛm yɛ wo mpokyerɛ. Ɛtɔ so mmienu, mehyɛ wo bɔ, berɛ a woyɛ yei no, Awurade no bɛhyehyɛ wo nsɛm, na wapene wo nnwuma so berɛ a worepere asiesie w’abrabɔ, w’abusua, ne Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Ɔbɛka wo ho, menuanom mmaa ne mmarima, na wobɛtumi, wɔ akokoɔdurom, hwɛ kwan sɛ “wɔbɛgye wo wɔ aheman mu, na ɛhɔ no [wo] ne Onyankopɔn bɛtena wɔ anigyeɛ a ɛnni awieɛ tebea mu na Awurade Nyankopɔn na waka.”18

Yei nom na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.