Amansan Nhyiamu
Soro Anigyeɛ
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Soro Anigyeɛ

Momma yɛn nyinaa nhwehwɛ na yɛnhunu soro anigyeɛ a ɛfiri yɛn abrabɔ a yɛde ma yɛn Soro Agya ne Ne dɔ Ba no hɔ ba no.

Manya nhyira kɛseɛ akasa wɔ amansan nhyiamu ase mfeɛ aduasa nie. Wɔ saa berɛ no mu, bebree a wɔwɔ wiase baabiara abisa me nsɛm a ɛfa saa nkransɛm yeinom ho. Nansa yi, asɛmmisa baako bi kɔso ara ba. Ɛtaa kɔ biribi te sei: “Elder Uchtdorf, metiee wo kasa a ɛtwa toɔ no yie pa ara nanso mante biribiara fa ewiem akwantuo ho?”

Ɛnneɛ, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ebia mente saa asɛmmisa no wɔ berɛ kakra bi mu.

Ɛwɔ “Owia-Nkyɛmu Mununkum mu Ahweaseɛ Sereɛ”

Ɛyɛ den sɛ wobɛgye adi sɛ mfeɛ 120 a atwam yi ara na Wilbur ne Orville Wright dii kan tu firii fam na wɔfaa Kitty Hawk, North Carolina anwea so. Ewiem akwantuo ntiantia ɛnan wɔ saa Ɔpɛnima da no sesaa wiase na ɛbuee pono kɔɔ nneɛma akɛseɛ a wɔayɛ wɔ wiase abakɔsɛm mu baako ho.

Na ewiem akwantuo yɛ hu wɔ saa kane nna no mu. Na anuanom no nim yei. Na wɔn agya Milton nso nim. Nokorɛ mu, na ɔsuro yie sɛ ɔbɛhwere ne mma mmarima mmienu nyinaa wɔ ewiem akwanhyia mu maa wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔntu mmɔ mu da.

Na wɔanyɛ da—gye sɛ baako pɛ. Saa abakɔsɛm da wɔ Kitty Hawk no mfeɛ nson akyi, afei Milton Wright penee so na ɔhwɛeɛ sɛ Wilbur ne Orville bɔɔ mu tuiɛ berɛ a na ɛdi kan. Wɔsii fam no, Orville dɛfɛdɛfɛɛ n’agya sɛ ɔmforo ne wiemhyɛn a ɛdi kan na ɛbɛyɛ ɛno nko ara, na n’nkasa nhunu sɛdeɛ ɛteɛ.

Berɛ a wiemhyɛ no tu firii fam no, Milton a na wadi mfeɛ 82 no ani gyee ewiem akwantuo no ho ara maa ehu no nyinaa yeraeɛ. Orville ani gyeeɛ berɛ a n’agya de anigyeɛ teaam sɛ, “Soro, Orville, soro!”

Yei yɛ ɔbarima a na me ne n’akoma yɛ pɛ!

Ebia deɛ enti a ɛwom a mekasa fa ewiem akwantuo ho ne sɛ menim biribi fa atenka a Wrightfoɔ no nyaeɛ ho. Me nso “matra Asase hyeɛ na masa wɔ dadeɛ ntaban so wɔ ewiem.”

Wright anuanom no wiem akwantuo, a ɛsiiɛ mfeɛ 37 pɛ na wɔrewo me no, buee akokoɔduro, anwanwadeɛ, ne anigyeɛ kann apono baa m’abrabɔ mu.

Nanso, sɛdeɛ na anigyeɛ no nwanwa teɛ biara no, anigyeɛ bi a ɛwɔ soro mpo sene saa wɔ hɔ. Ɛnnɛ, wɔ Milton Wright anigyeɛ nteam, “Soro, Orville, soro” mu, mepɛ sɛ mekasa fa saa soro anigyeɛ yi ho—baabi a ɛfiri, sɛdeɛ ɛwura yɛn akoma mu, ɛne sɛdeɛ yɛbɛtumi anya ne kɛseɛ pa ara.

Nnipa Asetena Nyinaa Botaeɛ

Ɛnhia mpo sɛ yɛbɛka sɛ obiara pɛ sɛ ɔnya anigyeɛ. Nanso, ɛnhia nso sɛ yɛbɛka sɛ ɛnyɛ obiara na ɔwɔ anigyeɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, ayɛ sɛ ɛyɛ den ma nnipa dodoɔ no ara sɛ wɔbɛnya anigyeɛ.

Adɛn nti na ɛte saa? Sɛ anigyeɛ ne adeɛ baako a yɛn nnipa hwehwɛ kɛseɛ pa ara a, adɛn nti na yɛntumi nnya? Sɛ mɛka ɔman dwom bi wɔ nsɛm foforɔ mu a, ebia yɛahwehwɛ anigyeɛ wɔ mmeaeɛ nyinaa a ɛnyɛ papa.

Ɛhefa na Yɛbɛtumi Anya Anigyeɛ?

Ansa na yɛbɛsusu sɛdeɛ yɛbɛnya anigyeɛ ho no, momma menka sɛ adwennwene ne adwene ne atenka mu ɔhaw afoforɔ a ɛyɛ den wɔ hɔ ankasa, na anoyie no nyɛ kɛkɛ sɛ, “Bɔ mmɔden ma w’ani nnye.” Ɛnnɛ ɛnyɛ me botaeɛ ne sɛ mɛma adwene mu apɔmuden ho nsɛm ayɛ ketewa anaasɛ mɛbu no abomfiaa. Sɛ wohyia saa ɔhaw no bi a, mesu bi ma wo na meka wo ho. Nnipa binom fa mu no, anigyeɛ hwehwɛ bɛtumi ayɛ worehwehwɛ mmoa afiri adwene mu apɔmuden adwumayɛfoɔ abenfoɔ a wɔtu wɔn ho si hɔ yɛ wɔn adwuma a ɛhia. Ɛwɔ sɛ yɛda ase ma mmoa a ɛte saa.

Asetena nyɛ atenka a ɛwɔ soro nnidisoɔ a ɛtoɔ ntwa da. “Na ɛhia sɛ biribiara nya deɛ ɛko tia no.” Na sɛ Onyankopɔn ankasa su, sɛdeɛ twerɛnsɛm ka sɛ Ɔyɛ no a, ɛnneɛ na me ne wo nso bɛsu saa ara. Awerɛhoɔ nyɛ nkoguo sɛnkyerɛnneɛ. Wɔ saa asetena yi mu, anigyeɛ ne awerɛhoɔ yɛ ahokafoɔ a wɔntumi ntete mu. Te sɛ mo nyinaa no, me nso manya m’abamubuo, awerɛhoɔ, ne ahonu atenka.

Nanso, me ara masan ahunu mfitiaseɛ animuonyam a ɛde anigyeɛ kɛseɛ hyɛ ɔkra no ma a ɛyɛ den sɛ mpo ɛbɛtumi akora no wɔ mu. Me ara mahunu sɛ saa asomdwoeɛ akokoɔduro yi ba berɛ a yɛdi Agyenkwa no akyi na yɛnante wɔ Ne Kwan so.

Asomdwoeɛ a Ɔde ma yɛn no nte sɛ deɛ wiase de ma. Ɛyɛ sene saa. Ɛwɔ soro na ɛho te yie. Yesu kaa sɛ, “Mebaeɛ, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.”

Nokorɛ mu, Yesu Kristo asɛmpa no yɛ “asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii”! Ɛyɛ anidasoɔ nkrasɛm a ɛnni nsɛsoɔ! Ɛyɛ nkrasɛm a ɛyi kɔnnua na ɛma adesoa mu yɛ hare. Ɛboaboa hann ano. Ɛma ɔsoro adom, nteaseɛ a ɛwɔ soro, apam kronkron ahodoɔ, banbɔ a ɛnni awieeɛ, ne animuonyam a ɛtoɔ ntwa da!

Anigyeɛ ne Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma Ne mma no botaeɛ. Ɛno na wɔbɔɔ wo maeɛ—“sɛdeɛ [wo] bɛnya anigyeɛ”! Wɔyɛɛ wo maa yei!

Yɛn Agya a ɔwɔ Soro mfaa kwan a ɛkɔ anigyeɛ mu no nsieeɛ. Ɛnyɛ kokoam adeɛ. Ɛwɔ hɔ ma obiara!

Wɔde hyɛ bɔ ma wɔn a wɔnante wɔ suaniyɛ kwan so, di Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ ne nhwɛsoɔ akyi, di Ne mmaransɛm so, na wɔdi apam ahodoɔ a wɔne Onyankopɔn yɛ so. Bɔhyɛ nwanwasoɔ bɛn nie!

Onyankopɔn wɔ Biribi Kɛseɛ a Ɔde Bɛma

Yɛn nyinaa nim nkorɔfoɔ a wɔka sɛ wɔnhia Onyankopɔn ansa na wɔn ani agye, na wɔn ani gye berɛ a wɔnni nyamesom.

Megye tom na mebu saa atenka no. Yɛn Agya a ɔwɔ Soro dɔfoɔ pɛ sɛ Ne mma nyinaa nya anigyeɛ pii sɛdeɛ ɛbɛtumi, enti ɔde nneɛma a ɛde anigyeɛ ba a ɛyɛ fɛ ahyɛ wiase yi ma, “sɛ ɛbɛyɛ aniwa fɛ na akoma ani agye.” Me deɛ, ewiem akwantuo brɛɛ me anigyeɛ kɛseɛ. Afoforɔ nya no wɔ nnwom, mfoninyɛ, anigyedeɛ ahodoɔ, anaasɛ abɔdeɛ mu.

Sɛ yɛrekyɛ Agyenkwa no asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ no a, yɛnyi saa anigyeɛ fibea yi mu biara mfiri mu. Deɛ yɛreka tiawa ne sɛ Onyankopɔn wɔ biribi kɛseɛ de ma. Anigyeɛ kɛseɛ a ɛwɔ soro yie—anigyeɛ a ɛtra adeɛ biara a wiase yi de ma. Ɛyɛ anigyeɛ a ɛtumi gyina akomateɛ ano, wura awerɛhoɔ mu, na ɛte ankonamyɛ so.

Wiase anigyeɛ, sɛ wode toto ho a, ɛnkyɛre. Ɛrentumi. Ɛyɛ nneɛma a ɛwɔ wiase nyinaa su sɛ ɛbɛnyini, aporɔ, atete, anaasɛ ɛbɛnyinya. Nanso nyamesu anigyeɛ yɛ daapem, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ daapem. Yesu Kristo baa sɛ ɔbɛpagya yɛn afiri deɛ ɛnkyɛre na atwam mu na ɔde deɛ ɛmporɔ ahyɛ porɔeɛ ananmu. Ɔno nko ara na ɔwɔ saa tumi no, na N’anigyeɛ nko ara na ɛtena hɔ daa.

Sɛ wote nka sɛ saa anigyeɛ yi bebree bɛtumi aba w’asetena mu a, meto nsa frɛ wo sɛ hyɛ Yesu Kristo ne Ne Kwan akyiridie akwantuo ase. Ɛyɛ nkwa nna nyinaa akwantuo—ne akyire. Mesrɛ momma mensusu mfitiaseɛ anammɔn kakra bi wɔ saa akwantuo a ɛfata a wɔde hunu anigyeɛ mapa yi ho.

Bɛn Onyankopɔn

Wokae ɔbaa no a ɔwɔ Apam Foforɔ mu a ɔfaa mogyatuo yareɛ mu mfeɛ 12 no? Na wasɛe deɛ ɔwɔ nyinnaa wɔ nnuyɛfoɔ so, nanso nneɛma kɔɔso sɛeɛ. Na wate Yesu nka; Na obiara nim N’ayaresa tumi. Na na Ɔbɛtumi asa no yadeɛ anaa? Na sɛn mpo na na ɔbɛtumi abɛn No? Na ne yadeɛ no ama ne ho “nte” sɛdeɛ na Mose mmara teɛ, ne saa nti na ɛnni sɛ ɔbɛn afoforɔ.

Na ayɛ sɛ ɔrekɔ Ne nkyɛn wɔ petee mu akɔbisa ayaresa renyɛ yie.

Nanso, ɔdwenee sɛ, “Sɛ mede me nsa ka n’ataadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”

Awiieɛ no, ne gyedie dii ne suro so nkonim. Ɔnyaa akokoɔduro wɔ afoforɔ animka so na ɔpem kɔɔ Agyenkwa no nkyɛn.

Ne korakora no, ɔbɛnee no pa ara. Ɔtenee ne nsa.

Na ɔnyaa ayaresa.

Yɛn nyinaa nte sɛ sa ɔbaa yi kakra?

Ebia botaeɛ bebree wɔ hɔ a enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛn Agyenkwa no. Yɛbɛtumi ahyia atweetwee anaasɛ animtiabuo afiri afoforɔ hɔ. Wɔ yɛn ahomasoɔ mu no, yɛbɛtumi ato adeɛ ketewa bi a ɛbɛtumi asom boɔ yie atwene. Ebia yɛbɛdwene sɛ kwan bi so no yɛn tebea nti yɛmfata N’ayaresa—na yɛn ntam kwan ware yie anaasɛ yɛn bɔne dɔɔso dodo.

Te sɛ saa ɔbaa yi, masua sɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn na yɛtene yɛn nsa sɔ Ne mu a, nokorɛ mu yɛbɛtumi anya ayaresa, asomdwoeɛ, ne anigyeɛ.

Hwehwɛ

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Monhwehwɛ, na mobɛhunu.”

Megye di sɛ saa kasasin tiawa yi nyɛ honhom mu bɔhyɛ nko ara; ɛyɛ asɛm a ɛyɛ nokorɛ.

Sɛ yɛhwehwɛ deɛ ɛbɛma yɛn b afuo, agye akyinnyeɛ, ayɛ awerɛhoɔdie anaasɛ ayɛ ankonam a, yɛbɛhunu wɔn nso.

Nanso, sɛ yɛhwehwɛ anigyeɛ—sɛ yɛhwehwɛ botaeɛ a ɛnti yɛn ani gyeɛ na yɛde anigyeɛ di Agyenkwa no akyi a, yɛbɛhunu bi.

Yɛntaa nhunu adeɛ a yɛnhwehwɛ.

Worehwehwɛ anigyeɛ anaa?

Monhwehwɛ na mobɛhunu.

Monsoa Mo ho Mo ho Nnesoa

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.”

Ɛbɛtumi ayɛ sɛ, wɔ yɛn anigyeɛ hwehwɛ mu no, kwan papa pa ara a yɛde bɛhunu ne sɛ yɛbɛma afoforɔ ani agye afoforɔ anaa?

Anuanom mmarima ne mmaa, yɛn nyinaa nim sɛ yei yɛ nokorɛ! Anigyeɛ te sɛ ankorɛ a esiam wom anaasɛ kuruwa a ngo wom a ɛnsa da. Nokorɛ anigyeɛ yɛ mmɔho berɛ a wɔkyɛ.

Ɛnhwehwɛ sɛ ɛyɛ biribi kɛse anaasɛ ɛyɛ den.

Yɛbɛtumi ayɛ nneɛma a ɛnyɛ den.

Te sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa rebɔ mpaeɛ ama obi.

Yɛfiri koma mu rekamfo.

Yɛreboa ma obi ate nka sɛ wɔagye no atom, wɔbu no, ɔsom bo, na wɔdɔ no.

Yɛrekyɛ twerɛsɛm a yɛn ani gye ho ne deɛ ɛkyerɛ ma yɛn.

Anaasɛ mpo yɛretie kɛkɛ.

“Sɛ mosom mo mfɛfoɔ nnipa a na Onyankopɔn ara na moresom no,” na Onyankopɔn bɛtua mo adɔeɛ ka wɔ ayamyɛ mu. Anigyeɛ a mode ma afoforɔ no bɛsan aba mo nkyɛn wɔ “susukoraa pa, a wɔamia soɔ, na wɔawosoɔ, na abu soɔ.”

“Afei Deɛn na Yɛnyɛ?”

Nna, nnawɔtwe, ne abosome ahodoɔ a ɛreba no mu, meto nsa frɛ wo sɛ:

  • Fa berɛ firi akoma pa nyinaa mu bɔ mmɔden bɛn Onyankopɔn.

  • Fa nsiyɛ hwehwɛ da biara berɛ tiawa a anidasoɔ, asomdwoeɛ, ne anigyeɛ wom.

  • Fa anigyeɛ berɛ wɔn a wɔwɔ wo ho.

Me nuanom adɔfoɔ mmarima ne mmaa, ayɔnkofoɔ adɔfoɔ, sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn asɛm mu pɛ nteaseɛ a ɛmu dɔ fa Onyankopɔn ɛnniawieeɛ nhyehyɛeɛ ho, gye saa nsatofrɛ yinom tom, na wopere sɛ wobɛnante wɔ Ne Kwan so a, wobɛnya “Onyankopɔn asomdwoeɛ, a ɛtra nteaseɛ nyinaa no,” mpo wɔ awerɛhoɔ mu. Wobɛte nka sɛ Onyankopɔn dɔ a ɛnni ano no fa kɛseɛ bi renyini wɔ w’akoma mu. Ɔsoro hann mfitiaseɛ bɛwura wo haw ahodoɔ no sunsum mu, na wobɛhyɛ aseɛ aka anuonyam ne anwanwadeɛ a wɔntumi nka ho asɛm a ɛwɔ ɔsoro ahemman a wɔnhunu, a ɛwie pɛyɛ no, ahwɛ. Wobɛte nka sɛ wo honhom refiri wiase yi nneɛma ho.

Na te sɛ Milton Wright pa no, ebia wobɛma wo nne so wɔ anigyeɛ mu na woateam, “Soro, Agya, soro!”

Momma yɛn nyinaa nhwehwɛ na yɛnhunu soro anigyeɛ a ɛfiri yɛn abrabɔ a yɛde ma yɛn Soro Agya ne Ne dɔ Ba no hɔ ba no. Yei ne m’anibere mpaebɔ ne nhyira wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. John Gillespie Magee Jr., “Higher Flight,” poetryfoundation.org.

  2. Hwɛ Christopher Klein, “Nneɛma 10 a Ebia Wonnim Fa Wright Anuanom Ho,” Abakɔsɛm, Ɔbɛnem 28, 2023, history.com.

  3. Magee, “Wiem Akwantuo.”

  4. Mfeɛ aduonu-nan a atwam nie, Aristotle hunuu sɛ anigyeɛ ne adeɛ baako a nnipa nyinaa hwehwɛ no kɛseɛ pa ara. Wɔ n’apam ahodoɔ mu no Nikomakea Abrabɔ pa Ho Mmara, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ adepa kɛseɛ pa ara a ɛwɔ abrabɔ mu yɛ adeɛ a yɛdi akyire sɛ botaeɛ ankasa (deɛ ɛne saa nneɛma a yɛdi akyire a ɛyɛ akwan a yɛfa so nya botaeɛ foforo bi bɔ abira). Anigye, deɛ ɛsene ne nyinaa no, yɛ adeɛ a ɛte saa ara. “Yɛpɛ anigyeɛ berɛ biara esiane n’ankasa yiedie nti, ɔkaeɛ, “na ɛnyɛ sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya biribi foforɔ da” (The Nicomachean Ethics of Aristotle, nkyerɛaseɛ J. E. C. Weldon [1902], 13–14).

  5. Hwɛ Harry Enten, “Amerikafoɔ Anigyeɛ Te Kɔ Fam Koraa,” CNN, Ɔgyefuo 2, 2022, cnn.com; Tamara Lush, “Berɛ a Amerikafoɔ Wɔnni Anigyeɛ Koraa wɔ Mfeɛ 50 mu” Associated Press, Ayɛwohomumɔ 16, 2020, apnews.com; “Awerɛhoɔ Kɛseɛ no: Afe 2023 mu, Adwumayɛfoɔ Ani Nnye Sene Berɛ Biara. Adɛn ntira?” BambooHR, bamboohr.com.

  6. Hwɛ Wanda Mallette, Patti Ryan, ne Bob Morrison, “Rehwehwɛ Ɔdɔ (wɔ Mmeaeɛ a Ɛnyɛ Nyinaa)” (1980).

  7. 2 Nephi 2:11.

  8. Hwɛ Yohane 11:35; Moses 7:28–37.

  9. Hwɛ 2 Nephi 2:11.

  10. Hwɛ Yohane 14:27.

  11. Yohane 10:10.

  12. Luka 2:10, New Revised Standard Version.

  13. Hwɛ Mateo 11:28–30.

  14. 2 Nephi 2:25.

  15. Sɛ wowɔ ɔhaw bi wɔ sɛ ebia w’Agya a ɔwɔ Soro bɛgye wo atom na wama wo kwan ma woanya N’anigyeɛ ho a, meto nsa frɛ wo sɛ fa mpaebɔ kenkan Kristo abɛbuo a ɛfa ɔba hohwini no ho (hwɛ Luka 15:11–32. Wɔ saa abɛbuo no mu no, yɛsua sɛdeɛ yɛn Soro Agya te nka wɔ Ne mma ho ne sɛdeɛ Ɔtwɛn na N’ani gye yɛn akyirisan ho wɔ berɛ a yɛayera afiri Ne nkyɛn akyi! Ɛfiri berɛ a yɛn ani “ba yɛn ho so” ( hwɛ nkyekyɛmu 17) na yɛhyɛ akwantuo no ase kɔ fie no, Ɔbɛhunu yɛn, ɛfiri sɛ Ɔgyina hɔ rehwɛ na ɔretwɛn. Na deɛn na Ɔretwɛn? Ɛyɛ yɛn! Berɛ a yɛrebɛn No no, N’ani bɛgye yɛn akyirisan no ho na wafrɛ yɛn Ne ba.

  16. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:18. Saa adiyisɛm yi nso kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Ɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔde yeinom nyinaa ama onipa; ɛfiri sɛ yei nti na wɔyɛɛ wɔn” . (nkyekyɛmu 20).

  17. Wɔn a wɔbɛn Onyankopɔn no, Ɔde bɔhyɛ kɛse yi ma: “Mɛbɛn mo” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:63; san hwɛ Yakobo 4:8).

  18. Hwɛ Marko 5:24–34.

  19. Hwɛ Twerɛ Kronkron Nsɛm asekyerɛ nwoma, “Ɛho Teɛ ne Ɛho Nteɛ.”

  20. Marko 5:28.

  21. Mateo 7:7.

  22. Sɛ yɛsoa yɛn ho yɛn ho nnesoa a, yɛma “Kristo mmara no ba mu.” (Galatiafoɔ 6:2; san hwɛ Mosiah 18:8).

  23. Asomafoɔ Nnwuma 20:35.

  24. Hwɛ 1 Ahemfo 17:8–16.

  25. Mosiah 2:17.

  26. Wɔ ne krataa kɔma Romafoɔ no mu no, Paulo ka sɛ Onyankopɔn “bɛma onipa obiara sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ: ma wɔn a wɔde boasetɔ wɔ papayɛ mu kɔso hwehwɛ animuonyam ne nidie ne ɛnwuo tebea, nkwa a ɛnniawieeɛ no, animuonyam, nidie, ne asomdwoeɛ, ma onipa biara a ɔyɛ adwuma pa” (Romans 2:6–7, 10).

  27. Luka 6:38. Yɛn nkwagye ankasa ne daa anigyeɛ bɛtumi agyina ayamhyehyeɛ ne ayamyɛ a yɛwɔ ma afoforɔ so (hwɛ Mateo 25:31–46).

  28. Luka 3:10.

  29. Filipifoɔ 4:7.