Amansan Nhyiamu
Kristo Nkyerɛkyerɛ Abrabɔ pa Kyinhyia a Tumi wom
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Kristo Nkyerɛkyerɛ Abrabɔ pa Kyinhyia a Tumi wom

Meto nsa frɛ mo sɛ mommɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no bra daa daa, mpɛn pii, na mohyɛ da na mommoa afoforɔ wɔ wɔn kwan so.

Mfeɛ bi a atwam no, me ne me yere Ruth ne yɛn babaa Ashley kɔkaa nsrahwɛfoɔ afoforɔ ho wɔ kayak akwantuo bi mu wɔ Hawaii mantam mu wɔ United States. Kayak yɛ suhyɛn a ɛba fam wɔ nsuo mu, a ɛte sɛ kodoɔ a nea ɔtwie no tena mu a n’ani kyerɛ n’anim na ɔde tabono a ɛwɔ afa mmienu twe anim kɔ akyire wɔ ɔfa baako na afei ɔfa foforɔ. Na nhyehyɛeɛ no ne sɛ wɔbɛka akɔ nsuo nketewa mmienu a ɛwɔ Oahu mpoano so na wɔasan aba bio. Na mewɔ ahotɔsoɔ ɛfiri sɛ, berɛ a na meyɛ aberanteɛ no, na mede kayak ahodoɔ atwa mmepɔ so atadeɛ. Ahantan nkyerɛ adepa da, ɛnte saa?

Yɛn kwankyerɛfoɔ no maa yɛn akwankyerɛ na ɔkyerɛɛ yɛn po so kayak a yɛde bɛdi dwuma. Na ɛyɛ sononko firi deɛ na mede atwa asuo pɛn ho. Na ɛsɛ sɛ metena kayak no atifi, sene sɛ mɛkɔ fam wɔ mu. Berɛ a meforoo kayak no, na baabi a metumi gyina tintim no wɔ soro sene sɛnea na metaa nim, na na mentumi nnyina nsuo no mu yie.

Berɛ a yɛfirii aseɛ no, mekɔɔ ntɛntɛm sene Ruth ne Ashley. Berɛ kakra bi akyi no, na medi wɔn anim koraa. Na m’ani gye m’akokoɔduro mmirika no ho deɛ, nanso megyaee ɛhyɛn ka na metwɛnee sɛdeɛ wɔbɛto me. Asorɔkye kɛseɛ bi—kɛseɛ sei, bɛyɛ sɛntimita 13—bɔɔ me kayak no nkyɛn na ɛdanee me kɔɔ nsuo no mu. Eduruu berɛ a medanee kayak no gyinaa hɔ na meperee sɛ mɛsan akɔ soro no, na Ruth ne Ashley atwam wɔ me nkyɛn, nanso na menni ahome sɛ mɛsan afiri aseɛ aka. M’ahome anwie, na asorɔkye foforɔ, yei deɛ kɛseɛ ankasa —kɛseɛ pa ara, anyɛ koraa bɛyɛ sɛntimita 20—bɔɔ me kayak no na ɛsan danee me bio. Ɛduruu berɛ a metumi siesiee kayak no, na me home rete ara ma na mesuro sɛ merentumi mforo soro.

Ɔkwankyerɛfoɔ no hunuu me tebea no, ɔkaa ɛhyɛn baa hɔ na ɔmaa me kayak no gyinaeɛ, na ɛmaa ɛyɛɛ mmerɛ maa me sɛ mɛforo akɔ soro. Berɛ a ɔhunuu sɛ menni ahome a m’ankasa mɛtumi aka kodoɔ no, ɔde ahoma bi a wɔde twe nneɛma kyekyeree me kayak no na ɔfirii aseɛ twee me. Ankyɛre koraa menyaa ahome na m’ankasa mefirii aseɛ kaa kodoɔ no yie. Ɔgyaee ahoma no, na meduruu supɔ a ɛdi kan no so a m’anhia mmoa foforɔ biara. Berɛ a meduruu hɔ no, mehwee ase wɔ anwea no mu, a na mabrɛ.

Berɛ a ekuo no gyee wɔn ahome wieeɛ no, ɔkwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ me komm sɛ, “Owura. Renlund, sɛ wokɔ so ara de w’ahoɔden ka a, mesusu sɛ wo ho bɛtɔ wo.” Medii n’afotuo no so berɛ a yɛka kɔɔ supɔ a ɛtɔ so mmienu no so na afei yɛsan kɔɔ baabi a yɛfirii aseɛ no. Ne mprɛnu so no, ɔkwankyerɛfoɔ kaasɛ merebɔ mmɔden paa. Asorɔkye akɛseɛ mpo firii nkyɛn bɔɔ me kayak no, nanso annane me.

Mekɔɔ so ara kaa kayak no, menyaa ahoɔden ne nkɔsoɔ a ɛkɔ anim, na mebrɛɛ nkɛntɛnsoɔ a asorɔkye a ɛfiri nkyɛn bɔ me no ase. Nnyinasosɛm korɔ no ara fa yɛn honhom fam asetena mu ho. Yɛbɛyɛ mmrɛ berɛ a yɛtwentwɛn yɛn nan ase na ne titire no berɛ a yɛgyae koraa. Sɛ yɛkura honhom mu ahoɔden mu berɛ a yɛkɔ so “ka nhyɛma” no de kɔ Agyenkwa no nkyɛn a, yɛwɔ ahotɔ ne banbɔ kɛseɛ ɛfiri sɛ yɛn daa nkwa gyina yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Ne mu no so.

Wɔbɔ honhom mu ahoɔden “wɔ nkwa nna nyinaa mu berɛ a yɛkɔ so gye Kristo nkyerɛkyerɛ no tom.” Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, ɛde “abrabɔ pa kyinhyia a tumi wom.” Nokorɛ mu, Kristo nkyerɛkyerɛ no mu neɛmma—te sɛ gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo mu, adwensakyera, apam abusuabɔ a wɔne Awurade nam asubɔ so pam mu, Honhom Kronkron akyɛdeɛ a wɔgye, na wɔtena hɔ kɔsi ewieɛ—nyɛ adeɛ a wɔayɛ no sɛ wobɛfa mu prɛko pɛ, awie na woagya hɔ. Ne titire no, “boasetɔ kɔsi awieeɛ” nyɛ anammɔn a ɛte ne ho wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu—te sɛ deɛ yɛwie nneɛma nnan a ɛdi kan no na afei yɛgye yɛn ahome, kyerɛ akokoɔduro, na yɛtwɛn sɛ yɛbɛwu. Daabi, boasetɔ kɔsi awieeɛ no yɛ sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ no mu nneɛma foforɔ no bɛdi dwuma mpɛn pii na yɛayɛ no mpɛn pii, abɔ “tumi, suban pa kyinhyia” a Titenani Nelson kaa ho asɛm no.

Mpɛn pii kyerɛ sɛ yɛnya Kristo nkyerɛkyerɛ no mu nneɛma no mu osuahunu mpɛn pii wɔ yɛn asetena nyinaa mu. Sɛnea kyerɛ sɛ yɛtoa so na yɛtu mpɔn wɔ berɛ biara a yɛsan yɛ no mu. Ɛwom sɛ yɛsan ti nneɛma a ɛwɔ hɔ no mu deɛ, nanso ɛnyɛ sɛ yɛredi akɔneaba kɛkɛ a yɛnkɔ yɛn anim. Mmom, yɛbɛn Yesu Kristo yie berɛ biara wɔ kyinhyia no mu.

Mmirika ne akwankyerɛ nyinaa ka animkɔ ahoɔden ho. Sɛ mede ahoɔden kaa kayak no kɔɔ ɔkwan a ɛnyɛ so a, anka mɛtumi ama ahoɔden kɛsɛe aba, nanso anka merennu baabi a na mepɛ sɛ mekɔ no. Saa ara nso na wɔ abrabɔ mu no, ɛhia sɛ “yɛka kodoɔ no” kɔ Agyenkwa no nkyɛn na yɛaba Ne nkyɛn.

Ɛhia sɛ yɛma gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu no yɛ den da biara. Ɛyɛ den berɛ a yɛbɔ mpaeɛ da biara, sua twerɛnsɛm no da biara, dwene Onyankopɔn papayɛ ho dabiara, sakyera da biara, na yɛdi Sunsum Kronkron no nkanyan akyi da biara. Sɛdeɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛgyae yɛn aduane nyinaa di akɔsi Kwasiada na afei yɛafa yɛn nnawɔtwe no mu nnuanennuro aboro so no, saa ara na ɛnyɛ honhom fam apɔmuden sɛ yɛbɛma nneyɛɛ a ɛma yɛn adansedie aduane no ayɛ da koro wɔ nnawɔtwe no mu.

Sɛ yɛfa yɛn ankasa adansedie ho asodie to yɛn ho so a, yɛnya honhom mu ahoɔden na yɛde nkakrankakra nya gyedie nnyinasoɔ wɔ Yesu Kristo mu, na Kristo nkyerɛkyerɛ no bɛyɛ ade titire wɔ asetena botaeɛ mu. Saa ara nso na ahoɔden yɛ kɛseɛ berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn mmara so na yɛasakyera. Adwensakyera yɛ anigyeɛ na ɛma yɛtumi sua biribi firi yɛn mfomsoɔ mu, na ɛno ne ɔkwan a yɛfa so nya nkɔsoɔ daa. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛnya mmerɛ bi a yɛn kayak ahodoɔ bɛdane na yɛatɔ nsuo a ɛmu dɔ mu. Ɛnam adwensakyera so, yɛbɛtumi asan aba soro na yɛatoa so, ɛmfa ho ne mpɛn dodoɔ a yɛahwe ase. Deɛ ɛhia ne sɛ yɛmpa aba.

Kristo nkyerɛkyerɛ no mu adeɛ a ɛdi hɔ ne asubɔ, a nsuo mu asubɔ ne, ɛnam denhyɛ so, Honhom Kronkron asubɔ ka ho. Berɛ a asubɔ yɛ adeyɛ baako pɛ no, yɛyɛ yɛn asubɔ apam no foforɔ mpɛn pii berɛ a yɛfa adidikronkron no. Adidikronkron no nsi asubɔ ananmu, na mmom ɛka mfitiaseɛ nneɛma a ɛwɔ Kristo nkyerɛkyerɛ mu—gyidie ne adwensakyera—ne Honhom Kronkron a wɔgye no bom. Berɛ a yɛde ahonim fa adidikronkron no, yɛto nsa frɛ Honhom Kronkron no ba yɛn abrabɔ mu, te sɛ berɛ a wɔbɔɔ yɛn asu na wɔhyɛɛ yɛn den no ara pɛ. Sɛ yɛdi apam a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ adidikronkron mpaebɔ mu so a, Sunsum Kronkron no bɛyɛ yɛn hokafoɔ.

Sɛ Sunsum Kronkron no nya nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ wɔ yɛn abrabɔ so a, yɛkɔ so na yɛsan ti Kristo su ahodoɔ a yɛnya mu. Yɛn akoma sesa. Su a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ bɔne no so te. Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ papa no kɔ soro kɔsi sɛ yɛbɛpɛ “sɛ yɛyɛ papa daa”. Na yɛnam saayɛ so nya ɔsoro tumi a ɛhia na yɛatumi agyina akɔduru awieeɛ. Yɛn gyidie akɔ soro, na yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsan ati papayɛ kyinhyia a tumi wom no mu.

Honhom mu ahoɔden nso ma yɛkɔ anim ma yɛne Nyankopɔn yɛ apam afoforɔ wɔ Ne fie. Apam ahodoɔ pii ma yɛbɛn Kristo na ɛka yɛn bata Ne ho kɛse. Ɛnam saa apam yinom so, yɛnya kwan kɛseɛ kɔ Ne tumi ho. Sɛ yɛbɛma emu ada hɔ a, asubɔ ne tɛmpol apam no nyɛ, wɔ ne ankasa mu, tumi farebae. Tumi farebae ne Awurade Yesu Kristo ne yɛn Soro Agya. Apam a yɛyɛ na yɛdi so no ma kwan ma Wɔn tumi wɔ yɛn abrabɔ mu. Sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛdeɛ saa apam yinom teɛ a, awieeɛ koraa no yɛbɛyɛ adedifoɔ wɔ deɛ Ɔsoro Agya wɔ nyinaa ho. Ahoɔden a ɛnam Kristo nkyerɛkyerɛ a yɛde bɔ bra so ba no mma yɛn ɔsoro su nsakyeraeɛ a ɛkɔ yɛn daapem nkrabea mu nko ara, na mmom ɛsan kanyan yɛn ma yɛboa afoforɔ wɔ akwan a ɛfata so.

Susu sɛdeɛ akwantufoɔ kwankyerɛfoɔ no boaa me berɛ a mebu faa so wɔ kayak no mu akyire no. Wanteɛm amfi akyirikyiri anka asɛmmisa a ɛnyɛ mmoa te sɛ, “Owura. Renlund, deɛn na woreyɛ wɔ nsuo no mu?” Wamfa nsuo no mu ammɛka m’anim sɛ, “Owura. Renlund, sɛ wowɔ honam mu ahoɔden kɛse a, anka worenkɔ tebea yei mu.” Wanfiri aseɛ antwe me kayak no berɛ a na merebɔ mmɔden sɛ mɛforo. Na wantenetene me wɔ kuo no anim. Mmom, ɔmaa me mmoa a mehia wɔ berɛ a na mehia no mu. Ɔmaa me afotuo berɛ a na megye tom no. Na ɔyɛɛ nea ɔbɛtumi biara de hyɛɛ me nkuran.

Berɛ a yɛsom afoforɔ no, ɛnhia sɛ yɛbisa nsɛm a ɛmmoa anaa yɛka deɛ ɛda adi pefee. Nnipa dodoɔ no ara a wɔrebrɛ no nim sɛ wɔrebrɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛbu atɛn; yɛn atemmuo nyɛ mmoa na ɛnyɛ akwaaba, na mpɛn pii no ɛyɛ nea wonni ho nimdeɛ.

Sɛ yɛde yɛn ho toto afoforɔ ho a, ɛbɛtumi ama yɛayɛ mfomsoɔ akɛseɛ, nkanka sɛ yɛsusu sɛ yɛtene sene wɔn a wɔreberɛ no. Ntotoho a ɛte saa te sɛ nsuo a ɛyɛ mita aduonu-mmiɛnsa a ɔremem a anidasoɔ biara nni mu, sɛ wobɛhunu obi foforɔ sɛ ɔremem wɔ nsuo a ɛyɛ mita aduonu-nan mu, abu no atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ kɛseɛ, na wote nka sɛ wo ho yɛ. Ne nyinaa akyi no, yɛn nyinaa repere wɔ yɛn ankasa kwan so. Yɛn mu biara nnya nkwagyeɛ. Yɛrentumi nyɛ da. Yakob, wɔ Mormon Nwoma mu no, kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Kae, wɔ [yɛn] ne Nyankopɔn nkabom akyi, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn adom mu na ɛnam so nko ara na [yɛn] nya nkwagyeɛ.” Yɛn nyinaa hia Agyenkwa no Mpata a ɛnni ano, ɛnyɛ ne fa bi kɛkɛ.

Yɛhia yɛn ayamhyehyeɛ, tema, ne ɔdɔ nyinaa ampa berɛ a yɛne wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no redi nkitaho no. Wɔn a wɔrebrɛ no “hia sɛ wɔnya Yesu Kristo dɔ kann a ɛda adi wɔ [yɛn] nsɛm ne yɛn nneyɛɛ mu no mu suahunu.” Berɛ a yɛresom no, yɛtaa hyɛ afoforɔ nkuran na yɛde mmoa ma. Sɛ obi nnye ntom mpo a, yɛkɔ so som sɛdeɛ wɔma kwan. Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ “wɔn saa na mobɛkɔ so asom; na monnim mmom deɛ wɔbɛsan na wɔasakyera, na wɔde akoma pa aba me nkyɛn, na mɛsa wɔn yareɛ; na mobɛyɛ ɔkwan a wɔfa so de nkwagyeɛ brɛ wɔn.” Agyenkwa no adwuma ne sɛ ɔbɛsa yareɛ. Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛdɔ—yɛbɛdɔ na yɛasom wɔ kwan a ɛbɛma afoforɔ aba Yesu Kristo nkyɛn. Yei yɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no kyinhyia a tumi wom na ɛyɛ papa no aba no mu baako.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no bra daa daa, mpɛn pii, na mohyɛ da na mommoa afoforɔ wɔ wɔn kwan so. Medi adanseɛ sɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no yɛ ade titire wɔ Ɔsoro Agya ne nhyehyɛɛ mu; ɛno ne, ne nyinaa akyi no, Ne nkyerɛkyerɛ. Berɛ a yɛda gyedie adi wɔ Yesu Kristo ne Ne Mpata no mu no, wɔkanyan yɛn wɔ apam kwan no so na wɔhyɛ yɛn nkuran ma yɛboa afoforɔ ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ anokwafoɔ. Yɛbɛtumi abɛyɛ adedifoɔ wɔ Ɔsoro Agya n’ahennie mu, a ɛyɛ Kristo nkyerɛkyerɛ a yɛde nokorɛdie tena ase no awieɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.