Amansan Nhyiamu
Nokorɛdie: Su a Ɛsɛ Kristo
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnyetom.


Nokorɛdie: Su a Ɛsɛ Kristo

Yɛrebɔ nokorɛdie bra hwehwɛ sɛ yɛdi nokorɛ ma Onyankopɔn, ma yɛn ho yɛn ho, ne yɛn ɔsoro nipasu.

Agyenkwa no som adwuma mu dɔnhwere a na ɛtwa toɔ mu no, Ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so wɔ turo bi a wɔfrɛ no Getsemane mu na ɔka kyerɛɛ N’asuafoɔ no sɛ wɔntwɛn. Ɛkaa Ɔno nko ara no, Ɔsrɛɛ N’Agya sɛ, “Sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so.” Ɔwɔ yea mu nti, N’amanehunu no maa Ɔno, “Onyankopɔn mpo, ɔkɛseɛ kyɛn obiara no, ho wosooɛ ɛnam yea nti, na mogya tuu no wɔ honam tokuro biara mu, na [Ɔ]pɛɛ sɛ anka ɔnnom kuruwa nwononwono no ano, na watwe ne ho.” Nanso wɔ abamubuo a ɛmu dɔ berɛ mu no, Agyenkwa no antwe ne ho “na mmom ɔnomee na ɔwiee [N’]ahosiesie ma nnipa mma no.”

Sɛ deɛ oAgya no No woo No Koro no, na Yesu Kristo wɔ owu, yea, ne amanehunu so tumi nanso wantwe ne ho. Ɔmaa apam a Ɔne N’agya ayɛ no baa mu, na ɔnam saayɛ so daa Su a ɛsɛ Kristo a ɛho hia kɛse wɔ wiase a yɛte mu no adi—nokorɛdie su. Ɔkɔɔ so dii nokorɛ maa Onyankopɔn, yɛn mu biara, ne Ne ɔsoro nipasu.

Nokorɛdie

Yesu Kristo yɛ yɛn nhwɛsofoɔ. Yɛrebɔ nokorɛdie bra hwehwɛ sɛ yɛdi nokorɛ ma Onyankopɔn, ma yɛn ho yɛn ho, ne yɛn ɔsoro nipasu. Nokorɛdie firi mmara kɛseɛ a ɛdi kan a ɛne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn no mu. Esiane sɛ wodɔ Onyankopɔn nti, wodi no nokorɛ ma No mmerɛ nyinaa. Wote aseɛ sɛ papa ne bɔne wɔ hɔ, ɛna nokorɛ kann—Onyankopɔn nokorɛ wɔ hɔ. Nokorɛdie kyerɛ sɛ yɛmmmrɛ yɛn gyinapɛn anaa yɛn nneyɛɛ ase de asɔ afoforɔ ani anaasɛ ama wɔagye yɛn ntom. Wo “yɛ deɛ ɛtene” na “woma ne nsunsuansoɔ di akyire.” Nnansa yi nsakrae a wɔyɛe wɔ Ka Me Nsɛmpa asɛmpatrɛ nwoma no mu titire de nokorɛdie kaa ho sɛ su a ɛsɛ Kristo.

Mfeɛ dodoɔ bi a atwam no, wɔmaa Elder Uchtdorf adwuma sɛ ɔnsan nhyehyɛ yɛn stake. Wɔ yɛn nsɛmmisa mu no, ɔbisaa me asɛm bi a me werɛ mfiriiɛ: “Biribi wɔ w’abrabɔ mu a, sɛ wɔde bɛto dwa a, ɛbɛyɛ aniwuo ama wo anaa Asɔre no?” Ɛyɛɛ me nwanwa, na ntɛm so m’adwene kɔɔ m’abrabɔ nyinaa mu, bɔɔ mmɔden sɛ mɛkae berɛ a ebia na matɔ fam na mebisaa me ho sɛ, “sɛ afoforɔ nim biribiara a mayɛ a, deɛn na wɔbɛdwene afa me anaa Asɔre no ho?”

Saa berɛ no mu, mesusuu sɛ Elder Uchtdorf rebisa mfata nko ara ho asɛm, nanso mabɛte aseɛ sɛ na ɛyɛ asɛmmisa a ɛfa nokorɛdie ankasa ho . Medii nokorɛ wɔ deɛ mekaeɛ no ho anaa? Nnipa bɛhunu sɛ me nsɛm ne me nneyɛɛ hyia anaa? Afoforɔ nam m’abrabɔ so bɛhunu Onyankopɔn anaa?

Titenani Spencer W. Kimball kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Nokorɛdie” yɛ yɛn “pɛ ne tumi sɛ yɛde yɛn gyedie ne yɛn ahofama bɛbɔ bra.”

Nokorɛ ma Onyankopɔn

Nokorɛdie asetena hwehwɛ sɛ, deɛ ɛdi kan na ɛyɛ titire pa ara, yɛbɛdi nokorɛ ama Onyankopɔn.

Yɛsuaa Daniel a ɔda gyata amena mu ho asɛm firii yɛn mmɔfraseɛ mu. Na Daniel di nokorɛ ma Onyankopɔn berɛ biara. N’atipɛnfoɔ a na wɔyɛ ahoɔyaa “hwehwɛɛ sɛ wobɛnya kwan atia [no]” na wɔyɛɛ mmara sɛ wɔmmɔ mpaeɛ nkyerɛ wɔn anyame no nko ara. Na Daniel nim mmara no nanso ɔkɔɔ fie na—na “ne mpoma abue”—ɔkoto bɔɔ Israel Nyankopɔn mpaeɛ mprɛnsa da biara. Ɛnam so maa wɔtoo Daniel too gyata buo me. Adeɛ kyeeɛ no, ɔhene no hunuu sɛ Daniel Nyankopɔn agye no na ɔhyɛɛ mmara foforɔ sɛ obiara “ho mpopo na wɔnsuro wɔ Daniel Nyankopɔn anim: ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ.”

Ɔhene no nam Daniel nokorɛdie so bɛhunuu Onyankopɔn. Afoforɔ nam yɛn deɛ so hunu Onyankopɔn—nsɛm ne nneyɛɛ. Te sɛ Daniel no, nokorɛ a yɛbɛdi ama Onyankopɔn no bɛkɔ so ate yɛn ho afiri wiase.

Agyenkwa no kae yɛn sɛ, “Mo ho bɛhiahia mo wɔ wiase deɛ: nanso momma mo bo ntɔ mo yam; Madi wiase so nkonim” Titenani Nelson tuu fo sɛ “[Woredi wiase so nkonim] kyerɛ sɛ woredi nsɔhwɛ a ɛma wodwene wiase yi mu nneɛma ho kɛse sene Onyankopɔn nneɛma ho no so. Ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto Kristo nkyerɛkyerɛ so asene nnipa nyansapɛ ahodoɔ.” Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛko tia nsɔhwɛ a ɛne sɛ yɛbɛnante “wɔ [yɛn] ankasa kwan so, ne [yɛn] ankasa nyame a ne suban wɔ wiase nsɛsoɔ no suban so.”

Wiase yi mu ɔsɔretia no yɛ Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no fa titire. Sɛdeɛ yɛbua deɛ ɛtwetwe no yɛ adeɛ titire a ɛkyerɛ sɛdeɛ yɛteɛ—yɛn nokorɛdie susudua. Wiase twetwe no bɛtumi ayɛ tee te sɛ deɛ ɛsɛe awareɛ mu nokorɛdie anaa adeɛ ketewa bi te sɛ nsɛm a yɛde yɛn ho sie ka a ɛtia Asɔre nkyerɛkyerɛ anaa amammerɛ. Nokorɛdie a yɛbɛda no adi wɔ yɛn pɛ mu no yɛ abɔntene so nneyɛɛ a ɛkyerɛ yɛn mu ahofama a yɛde bɛdi Agyenkwa Yesu Kristo akyi.

Nokorɛ ma Afoforɔ

Sɛdeɛ nokorɛdie firi mmara kɛseɛ a ɛdi kan a ɛne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn no, saa ara na nokorɛ a yɛbɛdi ama yɛn ho yɛn ho no firi deɛ ɛtɔ so mmienu no mu, sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. Asetena a nokorɛdie wom nyɛ asetena a ɛwie pɛ; ɛyɛ asetena a yɛbɔ mmɔden da biara sɛ yɛbɛdi kan adi nokorɛ ama Onyankopɔn na wɔ saa tebea no mu no yɛadi nokorɛ ama afoforɔ. Titenani Oaks kae yɛn sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛn nsiyɛ a yɛde di mmaransɛm a ɛtɔ so mmienu no so ma yɛn werɛ firi deɛ ɛdi kan no.”

Wiase ne nokorɛdie di aperepereɛ kɛse berɛ a wɔde suban ho mmara anaa abrabɔ pa ho mmara a ɛkyerɛ nnipa ne nnwuma ahodoɔ ntam abusuabɔ so. Berɛ a ɛyɛ no, wɔntaa mfa mmara ahodoɔ yi nnyina nokorɛdie kann so na ɛtaa gyina amammerɛ mu nnyetom so. Te sɛ asɛmmisa a Elder Uchtdorf bisaeɛ no, nnwuma binom tete adwumayɛfoɔ ma wɔsusu sɛdeɛ wɔn gyinaeɛsie anaa gyinaeɛsie nhyehyɛeɛ bɛyɛ, sɛ wɔtintim wɔ intanɛt so anaa dawurubɔ krataa kɛseɛ bi anim a. Berɛ a Asɔre no firi nkatasoɔ ne sum mu ba no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre, te sɛ Daniel, boro wiase akwanhwɛ so na yɛbɛyɛ nokorɛ ne teasefoɔ Nyankopɔn no anim wɔ mmerɛ nyinaa ne mmeaeɛ nyinaa.

Yɛreka sɛ yɛwɔ nokorɛdie no nko ara nnɔɔso berɛ a yɛn nneyɛɛ ne yɛn nsɛm nhyia. Saa ara na Kristofoɔ ayamyɛ nyɛ adeɛ a wɔde hyɛ nokorɛdie ananmu. Sɛ apam nkorɔfoɔ, ne akannifoɔ wɔ N’Asɔre mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ animtiabuo nni mu na yɛne susudua ahodoɔ a Awurade de asi hɔ no hyia.

Sɛ yɛde nokorɛdie yɛ a, ɛma gyedie ne ahotosoɔ na ɛma afoforɔ awerɛhyɛmu sɛ yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ Awurade apɛdeɛ nko ara. Wɔ yɛn agyinatuo mu no, yɛko tia abɔnten nkɛntɛnsoɔ na yɛdi Awurade nhyehyɛeɛ a wada no adi no akyi, hwehwɛ nhumu firi ɔbaa ne ɔbarima biara hɔ na yɛyɛ deɛ ɛne nkanyan afotuo a yɛnyaeɛ no hyia.

Yɛn adwene si Agyenkwa no so, na yɛhwɛ yie sɛ yɛbɛkwati nneyɛɛ a wɔbɛtumi abu no sɛ ɛresom yɛn ankasa anigyeɛ, ɛboa yɛn abusua, anaa yɛreboa obi berɛ a ɛtia ɔfoforɔ. Yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara sɛ yɛbɛkwati adwene biara a ɛkyerɛ sɛ nnipa animuonyam bɛtumi anya yɛn nneyɛɛ so nkɛntɛnsoɔ, sɛ yɛbɛnya abasobɔ, bebree bɛdi yɛn akyi, wɔafa yɛn asɛm aka anaa atintim.

Nokware ma Yɛn Ɔsoro Nipasu

Deɛ ɛtwa toɔ, nokorɛdie asetena hwehwɛ sɛ yɛdi nokorɛ ma yɛn ɔsoro nipasu.

Yɛnim ebinom a na wɔnyɛ saa. Deɛ ɛho hia titire ne Kristo-sɔretiafoɔ Korihor, a ɔsɛee nnipa bebree akoma, twee wɔn “honam mu adwene”. Nanso, wɔ n’asetena mu mmerɛ a ɛtwa toɔ mu no, ɔkaa ne bɔne sɛ, “Na menim mmerɛ nyinaa sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ.” Titenani Henry B. Eyring akyerɛkyerɛ sɛ atorɔdie “ne yɛn honhom su bɔ abira,” yɛn ɔsoro nipasu. Korihor daadaa ne ho, na na nokorɛ no nni ne mu.

N’abirabɔ mu no, Nkɔnhyɛni Joseph Smith de ahotoso bɔɔ dawuru sɛ, “Na menim, na na menim sɛ Onyankopɔn nim, na merentumi mpo.”

Na Awurade dɔ Joseph nuabarima Hyrum “esiane n’akoma mu nokorɛdie nti.” Ɔne Yosef kɔɔ so dii nokorɛ kɔsii awieeɛ—nokorɛ ma wɔn ɔsoro nipasu, hann ne nimdeɛ a wɔnyaeɛ, ne nokorɛ ma onipa a na wɔnim sɛ wɔbɛtumi abɛyɛ no.

Awieeɛ

Momma yɛnsan mfa yɛn ho “mma Onyankopɔn pɛ” na yɛnnya Kristosu a ɛyɛ nokorɛdie. Momma yɛnni yɛn nhwɛsofoɔ, wiase Agyenkwa no akyi, na yɛnntwe yɛn ho na mmom yɛmmɔ bra a ɛyɛ nokorɛ ma Onyankopɔn, ma yɛn ho yɛn ho, ne yɛn ɔsoro nipasu.

Sɛdeɛ Hiob kaeɛ no, “Ma wɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn ahunu me mudie no.” Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.