Asɛmpatrɛ Frɛ
Ti 3 Adesua 3: Adesua 4—Rebɛyɛ Yesu Kristo Asuafoɔ Mo Nkwa Nna Nyinaa


“Ti 3: Adesua 4—Rebɛyɛ Yesu Kristo Asuafoɔ Mo Nkwa Nna Nyinaa,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Ti 3: Adesua 4,” Ka Me Nsɛmpa

Ti 3: Adesua 4

Rebɛyɛ Yesu Kristo Asuafoɔ Mo Nkwa Nna Asuafoɔ

Mfoni
Adwaammaa a Wayera, ɛfiri Del Parson hɔ

Worekyerɛ Saa Adesua yi

Asubɔ yɛ anigyeɛ ayɛyɛdeɛ a anidasoɔ wɔ mu. Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛkyerɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn akyi na yɛafa kwan a ɛkɔ nkwa a ɛnniawieeɛ no so. Yɛsan nso kyerɛ yɛn ahofama sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ yɛn nkwa nna nyinaa.

Wɔahyehyε saa adesua yi sɛdeɛ apam a yɛyɛ no asubɔ berɛ no teɛ. Ɛnonom ne afa a ɛdidi soɔ yi, ɛmu biara wɔ afa nketewa:

  • Yɛn Apam sɛ Yɛwɔ Ɔpɛ sɛ Yɛbɛfa Yesu Kristo Din ato Yɛn so.

  • Yɛn Apam sɛ Yɛbɛdi Onyankopɔn Mmaransɛm so.

  • Yɛn Apam sɛ Yɛbɛsom Onyankopɔn ne Afoforɔ.

  • Yɛn Apam sɛ Yɛbɛyina Akɔsi Awieeɛ

Boa nkorɔfoɔ ma wɔnte aseɛ sɛ nnyinasosɛm ne mmaransɛm a wokyerɛ no ka apam a wɔbɛyɛ wɔ asubɔ berɛ ho. Kyerɛ wɔn sɛdeɛ adesua yi fa biara bɛboa wɔn wɔ “bra Kristo hɔ … na bɛnya ne nkwangyeɛ” (Omni 1:26; san hwɛ 1 Nephi 15:14).

Wobɛpɛ sɛ wokyerɛ saa adesua yi mpɛn pii. Ɛntaa nsi sɛ adesua baako boro sima 30. Ɛtaa yɛ papa sɛ wobɛtaa asra, a ɛyɛ ntiantia na ɛfa adesuadeɛ no fa kumaa bi.

Hyehyɛ deɛ wobɛkyerɛ, berɛ a wobɛkyerɛ, ne berɛ dodoɔ a wobɛfa. Dwene nkorɔfoɔ a worekyerɛ wɔn adeɛ no ahiadeɛ ho, na hwehwɛ Honhom no akwankyerɛ. Wowɔ akwanya sε wokyerε adesua wɔ kwan papa biara so sɛdeɛ εbɛboa nkorɔfoɔ yie ama wɔsiesie wɔn ho ma asubɔ ne denhyε.

Afa bi a ɛwɔ saa adesua yi mu ma ɔfrɛ pɔtee bi. Hwehwɛ nkanyan berɛ a woresi gyinaeɛ wɔ kwan ne berɛ a wobɛto nsa afrɛ. Yɛ ahwɛyie wɔ onipa biara nteaseɛ mpɛmpɛnsoɔ ho. Boa no ma ɔnni nsɛmpa no so nkakrankakra.

Mfoni
ɔbaa a ɔrefa adidi kronkron

Yɛn Apam sɛ Yɛwɔ Ɔpɛ sɛ Yɛbɛfa Yesu Kristo Din ato Yɛn so.

Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛkɔ apam sɛ yɛde yɛn “akoma nyinaa” bɛdi Yesu Kristo akyi. Yɛsan di adanseɛ sɛ yɛwɔ “ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Kristo din ato [yɛn] so” (2 Nephi 31:13; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37).

Yɛrefa Yesu Kristo din to yɛn ho so kyerɛ sɛ yɛkae No na yɛpere sɛ yɛbɛbɔ bra sɛ N’asuafoɔ yɛn nkwa nna nyinaa. Yɛma Ne hann hyerɛn fa yɛn mu ma afoforɔ. Yɛhunu yɛn ho sɛ Ne dea na yɛde No di kan wɔ yɛn abrabɔ mu.

Afa a ɛdidi soɔ yi kyerɛkyerɛ akwan mmienu a yɛnam so kae na yɛdi Yesu Kristo akyi.

Taa Bɔ mpaeε

Mpaebɔ bɛtumi ayɛ yɛne Ɔsoro Agya nkutahodie tiawa a ɛfiri akoma mu. Mpaebɔ mu no, yɛne No kasa petee mu ne nokorɛ mu. Yεkyerε ɔdɔ ma No ne aseda wɔ yɛn nhyira ho. Yεsan bisa mmoa, ahobanmmɔ ne akwankyerε. Sɛ yɛbɔ yɛn mpaeɛ wie a, ɛwɔ sɛ yɛnya berɛ twɛn na yɛtie.

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛsɛ sɛ mobɔ mpaeɛ da biara kyerɛ Agya no wɔ me din mu” (3 Nephi 18:19, wɔasi so dua; san hwɛ Moses 5:8). Sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu a, yɛkae Ɔno ne Ɔsoro Agya nyinaa.

Yesu yɛɛ nhwɛsoɔ maa yɛn sɛ yɛnni so berɛ a yɛbɔ mpaeɛ. Yɛbɛtumi asua bebree afa mpaeɛ ho berɛ a yɛsua Agyenkwa no mpaeɛbɔ wɔ twerɛnsɛm no mu (hwɛ Mateo 6:9–13; John 17).

Yɛn mpaebɔ bɛtumi ayɛ afa a ɛdidi soɔ yi:

  • Di kan bɔ Ɔsoro Agya din.

  • Kyerɛ atenka a ɛwɔ yɛn akoma mu, te sɛ anisɔ ma nhyira a yɛanya.

  • Bisa nsɛm, hwehwɛ akwankyerɛ, na srɛ nhyira.

  • Yεka “Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.”de wie.

Twerɛsɛm no tu yɛn fo sɛ yεmmɔ mpaeε anɔpa ne anwummerɛ. Nanso, yɛbεtumi abɔ mpaeε berɛ ne tebea biara mu. Wɔ yɛn ankasa ne yɛn abusua mpaebɔ mu no, ɛho bɛtumi ahia sɛ yɛbu nkotodwe berɛ a yɛbɔ mpaeɛ. Ɛwɔ sɛ da biara yɛnya mpaeɛ wɔ yɛn akoma mu. (Hwɛ Alma 34:27; 37:36–37; 3 Nephi 17:13; 19:16.)

Ɛwɔ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nnweneho na ɛfiri akoma mu. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ a, ɛwɔ sɛ yɛkwati sɛ yɛka nsɛm korɔ no wɔ akwan korɔ no ara so.

Yεbɔ mpaeε wɔ gyedie, nokorε, ne adwene pa mu sɛ yɛn nneyɛɛ bɛgyina mmuaeɛ a yɛnya so. Sɛ yɛyɛ yei a, Onyankopɔn bεma yεn akwankyerɛ na waboa yεn ma yεasi gyinaeε pa. Yεbεte sε yεabεn No. Ɔbɛma yɛn nteaseɛ ne nokorɛ. Ɔde awerεkyekyerε, asomdwoeɛ, ne ahoɔden bɛhyira yɛn.

Twerεsεm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Mpaeɛ

  • Twerɛ Kronkron mu Nsɛm Nkyerɛaseɛ: “Mpaeɛ

  • Nsɛmpa Tinsɛm: “Mpaeɛ

Sua Twerεsεm no

Nephi kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Momma Kristo anom nsɛm mmee mo; ɛfiri sɛ [nsɛm no] bɛka nneɛma nyinaa mu deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ” (2 Nephi 32:3; san hwɛ 31:20).

Twerɛnsɛm sua yɛ kwan a ɛhia a yɛnam so kae na yɛdi Yesu Kristo akyi. Yεsua fa N’abrabɔ, som adwuma ne nkyerɛkyerɛ ho wɔ twerɛnsɛm no mu. Yɛsua nso fa Ne bɔhyɛ ho. Sɛ yɛkenkan twerɛnsɛm no a, yɛnya Ne dɔ atenka. Yɛn akra nyini, yɛn gyedie wɔ Ne mu yɛ kɛseɛ, na yɛn adwene mu bue. Yɛn adansedie fa Ne botaeɛ kronkron ho mu bɛyɛ den.

Yɛkae na yɛdi Yesu akyi berɛ a yɛdi Ne nsɛm so wɔ yɛn abrabɔ mu. Ɛwɔ sɛ yɛsua twerɛnsɛm no, nkankaa Mormon Nwoma no.

Twerεnsεm a ɛwɔ Yesu Kristo Asɔre ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Aklyire Ahotefoɔ ne Twerε Kronkron, Mormon Nwoma no, Nkyerεkyerε ne Apam, ne Ɔbohene a Ɛsom boɔ. Wɔsan frɛ yeinom sɛ “nnwuma susudua.”

Twerεsεm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Twerɛnsɛm

  • Nsɛmpa Tinsɛm: “Twerɛnsɛm

Mfoni
Yesu Kristo rekyerɛkyerɛ ɛdɔm

Yɛn Apam sɛ Yɛbɛdi Onyankopɔn Mmaransɛm so.

Atwerɛ: Akwan bebree wɔhɔ a wɔfa so kyerεkyerε mmaransεm no wɔ saa ɔfa yi mu. Nhwɛsoɔ, ebia wobɛkyerɛ no wɔ nsrahwɛ kakrabi mu. Anaa wobɛtumi akyerɛkyerɛ ɛmu bi sε adesua mmiɛnsa a ɛdi kan no fa bi. Sɛ worekyerɛkyerɛ mmaransɛm no a, hwɛ sɛ wode bɛtoto asubɔ apam ne nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ho.

Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛne Onyankopɔn kɔ apam sɛ yɛbɛ “di ne mmaransɛm so” (Mosiah 18:10; Alma 7:15).

Onyankopɔn ama yɛn mmaransɛm ɛfiri sɛ Ɔdɔ yɛn. Ɔpɛ deɛ ɛyɛ paa ara ma yɛn, wɔ seesei ne daapem nyinaa. Ɔyɛ yɛn Soro Agya yi, Ɔnim deɛ yɛhia ma yɛn honhom ne honam mu yiedie. Ɔsan nso nim deɛ ɛde anigyeɛ kɛseɛ bɛbrɛ yɛn. Mmarasɛm baako biara yɛ ɔsoro akyɛdeɛ, a wɔde ma de tenetene yɛn gyinaeɛsie, bɔ yɛn ho ban, na ɛboa ma yɛnyini.

Botaeɛ baako a yɛbaa asase so ne sɛ yɛbɛsua na yɛanyini berɛ a yɛde yɛn pɛ di dwuma wɔ nyansa mu (hwɛ Abraham 3:25). Yɛreyi sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so—na yɛasakyera berɛ a yɛhwe ase—boa yɛn ma yɛtwa ɛwuo tebea akwantuo a ɛtaa yɛ den yi.

Onyankopɔn mmaransɛm yɛ ahoɔden ne nhyira fibea (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 82:8-9). Sɛ yɛdi mmaransɛm no so a, yɛhunu sɛ ɛnyɛ mmara dennen a ɛsi yɛ fahodie kwan. Fahodie ankasa firi mmaransɛm so die mu na ɛba. Setie yɛ ahoɔden fibea a ɛnam Sunsum Kronkron no so ma yɛn hann ne nimdeɛ. Ɛde anigyeɛ kɛseɛ brɛ yɛn na ɛboa ma yɛduru yɛn soro tumi ho sɛ Onyankopɔn mma.

Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ Ɔbɛhyira yɛn berɛ a yɛdi Ne mmaransɛm so. Nhyira binom yɛ mmaransɛm pɔtee bi dea. Ne nhyira kɛseɛ pa ara ne asomdwoeɛ wɔ saa asetena yi mu ne daa nkwa wɔ wiase a εbεba no mu. (Hwɛ Mosiah 2:41; Alma 7:16; Nkyerɛne Apam 14:7; 59:23; 93:28; 130:20–21.)

Onyankopɔn nhyira yɛ honhom ne honam fa mu nyinaa. Ɛtɔ da bi a, ɛhia sɛ yɛnya aboterɛ twɛn, na yɛnya gyedie sɛ ɛbɛba wɔ sɛdeɛ Ne pɛ ne berɛ teɛ (hwɛ Mosiah 7:33; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:68). Sɛ yɛbɛhunu nhyira binom a, ɛhia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ honhom mu. Yei yɛ nokorɛ pa ara fa nhyira a ɛba tiawa ne kwan a ayɛsɛ ani nna so.

Nhyira bi wɔ hɔ a yɛhunu no berɛ a aba atwam. Ebi nso ɛremma gye sɛ saa asetena yi akyi. Ɛmfa ho ne Onyankopɔn nhyira berɛ anaa su no, yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba berɛ a yɛpere sɛ yɛbɛbɔ Yesu Kristo asɛmpa no bra (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 82:10).

Onyankopɔn dɔ Ne mma nyinaa pɛpɛɛpɛ. Ɔwɔ yɛn mmerɛyɛ ho aboterɛ, na sɛ yɛsakyera a Ɔde kyɛ.

Mmaransɛm Akɛseɛ Mmienu no

Wɔbisaa Yesu sɛ, “Mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he” no? Ɔbuaa sɛ, “Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.”

Afei Yesu kaa sɛ mmaransɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu te sɛ deɛ ɛdi kan no: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” (Mateo 22:36–39). “Mmarasɛm biara nni hɔ a ɛkyɛne yeinom” (Mark 12:31).

Sɛ Onyankopɔn honhom mu mma no, yɛwɔ tumi kɛseɛ ma ɔdɔ. Ɛka yɛn honhom mu agyadeɛ ho. Yɛde mmaransɛm akɛseɛ mmienu no reyɛ adwuma—sɛ yɛdi kan dɔ Onyankopɔnna yɛdɔ yɛn yɔnko—su nkyerɛkyerɛmu ma Yesu Kristo asuafoɔ.

Onyankopɔn dɔ

Akwan bebree wɔ hɔ a yɛbɛtumi akyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn. Yɛbɛtumi adi Ne mmaransɛm so (hwɛ Yohane 14:15, 21). Yɛbɛtumi de No adi kan wɔ yɛn abrabɔ mu, berɛ a yɛbrɛ yɛn ho ase ma Ne pɛ. Yɛbɛtumi ama yɛn pɛ, adwene, ne akoma nyinaa akɔ Ne so (hwɛ Alma 37:36). Yɛbɛtumi akyerɛ anisɔ wɔ nhyira a Ɔde ama yɛn ho—na yɛde ayamyɛ akyɛ saa nhyira no (hwɛ Mosiah 2:21–24; 4:16–21). Ɛnam mpaeɛ ne afoforɔ a yɛsom wɔn so, yɛbɛtumi akyerɛ na yɛama ɔdɔ a yɛwɔ ma No ayɛ kɛse.

Te sɛ mmaransɛm nkaeɛ no, mmarasɛm sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn no wɔ hɔ sɛ ɛbɛboa yɛn. Deɛ yɛdɔ kyerɛ deɛ yɛhwehwɛ. Deɛ yɛhwehwɛ kyerɛ deɛ yɛdwene na yɛyɛ. Ɛna deɛ yɛdwene na yɛyɛ kyerɛ deɛ yɛteɛ—ne deɛ yɛbɛba abɛyɛ.

Afoforɔ Dɔ

Yɛredɔ afoforɔ yɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ntrɛmu. Agyenkwa no kyerɛɛ yɛn akwan bebree a yɛbɛtumi adɔ afoforɔ (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Luka 10:25–37 and Mateo 25:31–46). Yɛbɛn na yɛgye wɔn ba yɛn akoma ne abrabɔ mu. Yɛdɔ sɛ yɛresom—berɛ a yɛde yɛn ho ma mpo wɔn akwan nketenkete so. Yɛdɔ afoforɔ berɛ a yɛde akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no hyira wɔn.

Yɛredɔ afoforɔ bi ne yɛwɔ aboterɛ, ayamyɛ, ne nokorɛdie. Ɛbi ne sɛ yɛde kyɛ. . Ɛkyerɛ sɛ yɛrekyerɛ obuo ama nnipa nyinaa.

Sɛ yɛdɔ obi a, na wɔahyira yɛn ne saa onipa no nyinaa. Yɛn akoma di ahurisie, yɛn abrabɔ bɛyɛ mfasoɔ, na yɛn anigyeɛ yɛ kɛse.

Nhyira

Mmaransɛm akɛseɛ mmienu no—sɛ yɛdɔ Onyankopɔnna na yɛdɔ yɛn yɔnko—yɛ Onyankopɔn mmaransɛm no nyinaa fapem (hwɛ Mateo 22:40). Sɛ yɛdi kan dɔ Onyankopɔn, na yɛdɔ afoforɔ nso a, biribiara a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu bɛda ne kwan mu. Saa ɔdɔ yi bɛnya nkɛntɛnsoɔ wɔ yɛn nhumu, sɛdeɛ yɛde yɛn berɛ di dwuma, nneɛma a yɛn ani di akyire, ne yɛn adehia nnidisoɔ so.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Ɔdɔ kann,” “Ɔdɔ

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Ɔdɔ kann,” “Ɔdɔ

Di Nkɔmhyεni no akyi

Onyankopɔn frɛ nkɔmhyɛfoɔ sɛ wɔnyɛ N’ananmusifoɔ wɔ asase so. Ɛnam Ne nkɔmhyɛfoɔ so, Ɔda nokorɛ adi na Ɔma akwankyerɛ ne kɔkɔbɔ.

Onyankopɔn frɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnyɛ nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛni a ɔdi kan (hwɛ adesua 1). Wɔn a wɔdi Joseph Smith akyi nso Onyankopɔn afrɛ wɔn saa ara sɛ wɔnni N’Asɔre anim, a nkɔmhyɛni a ɔdi anim ɛnnɛ yi ka ho. Ɛwɔ sɛ yɛnya gyedie kɛseɛ wɔ nkɔmhyɛni a ɔte ase yi mu sɛ wɔafrɛ no firi soro na yɛdi ne nkyerɛkyerɛ so.

Nkɔmhyεfoɔ a wɔte ase ne asomafoɔ nkyerεkyerε yε fapem ma nokorε a ɛnniawieeɛ wɔ wiase a abrabɔ pa redane mu. Sɛ yɛdi Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ akyi a, basabasayɛ ne nitan a ɛwɔ wiase remmene yɛn. Yɛbɛnya anigyeɛ kɛseɛ wɔ saa asetena yi mu na yɛanya akwankyerɛ ama saa yɛn daapem akwantuo fa yi.

Twerεsεm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Di Mmaransεm Du no so

Onyankopɔn daa Mmaransεm Du no adi kyerεε tete nkɔmhyɛni bi a wɔfrɛ no Mose sε εnkyerε Ne nkorɔfoɔ kwan. Saa mmaransɛm yi yɛ adwuma saa ara wɔ yɛn mmerɛ yi mu. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnsom na yɛnkyerɛ anidie mma Onyankopɔn Wɔsan nso kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛne yɛnhoyɛnho bɛtena.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛsɛm mu: “Mmaransɛm, Du no

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Mmaransɛm Du

Mfoni
ɔbarima a ɔturu ɔbaa

Di Nna mu Ahonidie Mmara no so.

Ahonidie mmara no yɛ ɔfa a ɛho hia wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn nkwagyeɛ ne mpagya no ho. Onyankopɔn ahyira okunu ne ɔyere ntam nna mu nkutahodie so sɛdeɛ wɔbɛwo mma na wɔakyerɛ ɔdɔ wɔ awareɛ mu. Saa nkutahodie yi ne tumi a wɔde yɛ onipa no wɔayɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ fɛ na ayɛ kronkron.

Onyankopɔn nna mu ahonidie mmara ne sɛ yɛyi yɛn ho firi nna mu nkutahodie a ɛnyɛ ɔbarima baako ne ɔbaa baako a wɔnam mmara so aware. Saa mmara yi san kyerɛ nokorɛdie kann ma obi hokafoɔ wɔ awareɛ akyi.

Sɛdeɛ ɛbɛboa ma yɛadi nna mu ahonidie mmara so no, nkɔmhyɛfoɔ atu yɛn fo sɛ yɛmma deɛ yɛdwene ne yɛn nsɛm ho nte. Ɛwɔ sɛ yɛkwati adwaman mfonin sɛdeɛ ɛte biara. Yɛredi nna mu ahonidie mmara so no, ɛwɔ sɛ yɛma yɛn suban ne ahofadeɛ ho te.

Ɛwɔ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ asu di nna mu ahonidie mmara no so.

Adwenesakyera ne Bɔnefakyɛ

Onyankopɔn ani so no, nna mu ahonidie mmara a wɔbu so yɛ adeɛ a ɛyɛ hu yie (hwɛ Eksodos 20:14; Efesofoɔ 5:3). Ɛsɛe tumi kronkron a Ɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ onipa no. Nanso Ɔkɔ so dɔ yɛn mpo berɛ a yɛbu saa mmara yi so. Ɔfrɛ yɛn sɛ yɛnsakyera na yɛmfa Yesu Kristo afɔrebɔ mpata no so nte yɛn ho. Wɔbɛtumi de Onyankopɔn bɔnefakyɛ ho anigyeɛ dɛɛdɛ no ahyɛ bɔne ho abamubuo ananmu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:42-43).

Nhyira

Onyankopɔn de nna mu ahonidie mmara no ama sɛdeɛ ɛbɛhyira yɛn ne honhom mu mma a Ɔsoma wɔn ba asase so. Saa mmara yi so die ho hia yie ma ankasa asomdwoeɛ na yɛanya ɔdɔ, ahotosoɔ, ne koroyɛ wɔ yɛn abusua mu ayɔnkofa mu.

Sɛ yɛdi nna mu ahonidie mmara no so a, wɔbɛbɔ yɛn ho ban afiri honhom mu pira a nna mu nkutahodie a ɛnyɛ awarefoɔ de ba ho. Yɛbɛsan akwati atenka ne honam mu ɔhaw a ɛtaa ka saa ayɔnkofa yi ho no. Yɛbɛnya akokoɔduro kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ne 121:45). Yɛbɛnya Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ ho kwan bebree. Yɛbɛsiesie yɛn ho yie de ayɛ apam kronkron a ɛka yɛn mmusua bom ma daapem wɔ tɛmpol mu.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Ahonidie

  • Nsɛmpa Tinsɛm: “Ahonidie

Di Ntotosoɔ du du mmara no so

Asɔre yi asafobayɔ mu nhyira kɛseɛ baako ne kwan a wɔnya de tua ntotosoɔ du du. Sɛ yɛtua ntotosoɔ du du a, yɛboa Onyankopɔn adwuma kankɔ na yɛhira Ne mma.

Ntotosoɔ du du mmara firi Apam Dada berɛ so. Nhwɛsoɔ, nkɔmhyɛni Abraham tuaa ntotosoɔ du du wɔ n’agyapadeɛ nyinaa so (hwɛ Alma 13:15; Genesis 14:18–20).

Asɛm ntotosoɔ du du asekyerɛ pa ara ne nkyɛmu-du mu baako. Sɛ yɛtua ntotosoɔ du du a, yɛde yɛn akatua nkyɛmu-du mu baako ma Asɔre no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 119:3–4; mfasoɔ yɛte aseɛ sɛ akatua). Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Sɛ yɛtua ntotosoɔ du du a, yɛdekyerɛ anisɔ ma No berɛ a yɛde deɛ Ɔde ama yɛn no fa bi san kɔma no.

Ntotosoɔ du du tua kyerɛ gyedie. Ɛsan so yɛ kwan a yɛde kyerɛ anidie ma Onyankopɔn. Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ “yɛhwehwɛ … Onyankopɔn ahemman kane” (Mateo 6:33), na ntotosoɔ du du yɛ kwan a yɛfa so yɛ saa.

Mfoni
Kakra a mewɔ nie, ɛfiri Sandra Rast hɔ

Sɛdeɛ wɔde Ntotosoɔ du du Sika Yɛ Adwuma

Ntotosoɔ du du sika yɛ kronkron. Yɛde yɛn ntotosoɔ du du ma ɔhwɛfoɔ titenafoɔ no mu baako, anaa wɔ mmea bebree no yɛbɛtumi atua no kɔmputa so. Sɛ ɔhwɛfoɔ titenafoɔ gye ntotosoɔ du du no a, wɔde kɔ Asɔre no adwumayɛbea ti.

Agyinatukuo a ɛyɛ Titenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dummienu Kuo no, ne Ahwɛfoɔ Titenafoɔ dwene sɛdeɛ wɔde ntotosoɔ du du sika bɛyɛ Onyankopɔn adwuma (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 120:1). Deɛ wɔde yɛ nie:

  • Wɔsisi tɛmpol ne asɔredan ahodoɔ.

  • Wɔkyerɛ twerɛnsɛm ase ne ne ntintimiiɛ.

  • Wɔboa borɔno so Asɔremma dwumadie ne nnwuma.

  • Wɔboa asɛmpatrɛ adwuma wɔ wiase baabiara.

  • Wɔboa abusua abakɔsɛm adwuma.

  • Wɔtua sukuu ne nwomasua ho ka.

Wɔmfa ntotosoɔ du du ntua borɔno so Asɔre akannifoɔ ka. Wɔsom firi wɔn pɛ mu a wɔnnye akatua biara.

Nhyira

Sɛ yɛtua ntotosoɔ du du a, Onyankopɔn hyɛ bɔ wɔ nhyira a ɛso koraa kyɛn deɛ yɛde ma no. Ɔbɛ “bue ɔsoro mpoma, na w’ahwie nhyira, a ɛboro so a wɔnnya baabi mpo nnye ngu” (Malaki 3:10; hwɛ nkyekyɛmu 7–12). Saa nhyira yi bɛtumi ayɛ honhom ne honam fa mu nyinaa.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Di Nyansasɛm no so

Awurade Apɔmuden ho Mmara

Yɛn nipadua yɛ akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Yɛn mu biara hia honamdua na yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno. Yɛn nipadua ho hia pa ara ma twerɛnsɛm de toto tɛmpol ho (hwɛ 1 Korintofoɔ 6:19-20).

Awurade pɛ sɛ yɛde obuo di yɛn nipadua ni. Sɛdeɛ ɛbɛboa ma yɛayɛ yei nti, Ɔdaa apɔmuden ho mmara bi adi a wɔfrɛ no Nyansasɛm. Saa adiyisɛm yi kyerɛkyerɛ yɛn fa sɛdeɛ yɛbɛdi nnuane a ɛte apɔ na yɛmfa nnubɔne nha yɛn nipadua—a ɛyɛ nsaden, tawa, ne anonneɛ a ano yɛ hye (ɛrekyerɛ tii ne kɔfe).

Sɛdeɛ Nyansasɛm teɛ no, ɛnnɛ nkɔmhyɛfoɔ abɔ kɔkɔ atia nnubɔne afoforɔ fa a ɛpira, mmara tia, anaa ɛka hɔ. Nkɔmhyɛfoɔ asan abɔ kɔkɔ atia oduyɛfoɔ nnuro a yɛmfa no ne kwan so. (W’asɛmpatrɛ titenani bɛbua wo nsɛmmisa a ɛfa nnuro afoforɔ a ɛwɔ wo mantam a ɛnni sɛ wɔfa.)

Nhyira

Awurade de Nyansasɛm maae wɔ yɛn honam ne honhom fa mu yiedie nti. Ɔhyɛ nhyira kɛseɛ ho bɔ berɛ a yɛdi saa mmaransɛm yi so. Saa nhyira yi bi ne apɔmuden, nyansa, nimdeɛ a ɛsom boɔ, ne banbɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 89:18-21).

Sɛ yɛdi Nyansasɛm no so a ɛbɛboa yɛn ma yɛate Sunsum Kronkron no nkanyan yie. Ɛwom sɛ yɛn nyinaa nya apɔmuden ho ɔhaw deɛ, nanso sɛ yɛdi saa mmara yi so a ɛbɛboa yɛanya honam, adwene, ne honhom mu apɔmuden kɛse.

Ɛwɔ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ asu di Nyansasɛm no so.

Sɛ wopɛ akwankyerɛ fa sɛdeɛ wɔboa wɔn a nnubɔnenom gyaeɛ ayɛ wɔn den a, hwɛ ti 10.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛsɛm mu: “Nyansasɛm

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Apɔmuden,” “Nyansasɛm

  • Abrabɔ Mmoa: “Aka no hɔ

Yε Home Da no Kronkron

Da a Wɔde Home na Wɔsom

Homeda yɛ da kronkron a Onyankopɔn ayi asi hɔ ama yɛn wɔ nnawɔtwe biara mu sɛ yɛnhome mfiri yɛn daa daa nnwuma mu na yɛnsom No. Mmaransɛm du a wɔde maa Mose no mu baako ne sɛ “kae homeda no, na yɛ no kronkron” (Exodus 20:8; san hwɛ nkyekyɛmu 9–11).

Wɔ ɛnnɛ adiyisɛm bi mu, Awurade kaa sɛ Homeda yɛ ‘‘da a wɔayi ama wo sɛ home firi wo nnwuma ho, na fa w’ahofama-som ma Ɔsorosoroni no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:10). Ɔsan kaa sɛ ɛwɔ sɛ Homeda yɛ anigyeɛ, mpaebɔ, ne nnaseɛ da (hwɛ nkyekyɛmu 14–15).

Sɛdeɛ yɛn Homeda som teɛ no, yɛkɔ adidi kronkron nhyiamu nnawɔtwe biara. Wɔ saa nhyiamu yi ase no, yɛsɔre Onyankopɔn na yɛfa adidi kronkron de kae Yesu Kristo ne Ne Mpata no. Sɛ yɛfa adidi kronkron no a, yɛyɛ yɛn ne Onyankopɔn apam no foforɔ na yɛkyerε sε yεwɔ ɔpε sε yɛbɛsakyera afiri yεn bɔne ho. Adidikronkron ayɛyɛdeɛ no ne yɛn Homeda so-die no botaeɛ.

Yɛkɔ asɔre a yɛsan yɛ adesua a ɛno mu yɛsua bebree fa Yesu Kristo asɛmpa no ho. Yɛn gyedie nyini berɛ a yɛsua twerɛnsɛm no. Yɛn dɔ nyini berɛ a yɛsom na yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran.

Deɛ ɛka yɛrehome afiri yɛ nnwuma ho wɔ Homeda ne sɛ, ɛwɔ sɛ yɛtwe yɛn ho firi nneɛma totɔ ne dwumadie afoforɔ a ɛbɛma no ayɛ te sɛ da hunu bi. Yɛde wiase dwumadie ahodoɔ to nkyɛn na yɛma yɛn adwene ne nneyɛɛ kɔ honhom mu nneɛma so.

Da a Wɔde Yɛ Papa

Yɛreyɛ papa wɔ Homeda no, anyɛ koraa ɛho hia te sɛ deɛ yɛtwe yɛn ho firi ho de yɛ no kronkron no. Yɛsua nsɛmpa no, hyɛ gyedie den, nya ayɔnkofa, som, na yɛne yn abusua ne ayɔnkofoɔ yɛ dwumadie afoforɔ a ɛma mpagya.

Mfoni
awarefoɔ rekenkan twerɛnsɛm

Nhyira

Yɛreyɛ Homeda no kronkron kyerɛ yɛn ahofama ma Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo. Sε yɛma Homeda dwumadie ahodoɔ fata Onyankopɔn botaeɛ ma da no a, yɛbɛnya anigyeε ne asomdwoeɛ. Yɛbɛnya honhom mu nkanyan ne honam mu ahoɔden. Yɛbɛte nka nso sɛ yɛbɛn Onyankopɔn na yɛne yɛn Agyenkwa no ayɔnkofa mu ayɛ den. Yɛbɛtwe yɛn ho yie “afiri wiase nkekaawa ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:9). Homeda no bɛba abɛyɛ “anigyedeɛ” (Yɛsaia 58:13; san hwɛ nkyekyɛmu 14).

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Homeda

  • Akwankyerɛkɔ Twerɛnsɛm mu: “Homeda.”

Di Mmara No So na Di no ni

Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ gye di sɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ setie ma mmara na yɛyɛ ɔman mma pa (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 134; Gyidikansɛm 1:12). Wɔhyɛ asɔremma nkuran sɛ wɔnyɛ adwuma mmoa wɔn mantam ne aman mpontuo. Wɔsan hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ abrabɔ pa ho nhwɛsoɔ wɔ ekuo ne amammuo mu.

Wɔma asɔremma de wɔn ho hyɛ amammuo ne amanyɔsɛm nhyehyɛeɛ sɛdeɛ mmara teɛ. Asɔremma a wɔkuta dibea wɔ amammuo mu som wɔ saa dibea no sɛ aman-mma a wɔdwene ɔman no ho, na ɛnyɛ sɛ wɔgyina Asɔre no anan mu.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Amanyɔsɛm ne Kuro mpontuo Dwumadie” ɛwɔ ɔfa 38.8 wɔ Amansan Akwankyerɛ nwoma mu

  • Nsɛmpa Tinsɛm: “Ɔmanbayɛ

Mfoni
Ahemman no mu Kɛseɛ pa ara, ɛfiri J. Kirk Richards hɔ

Yɛn Apam sɛ Yɛbɛsom Onyankopɔn ne Afoforɔ

Ɔsom

Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛkɔ apam sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn na yɛasom afoforɔ. Yɛresom afoforɔ yɛ akwan titire a yɛfa so som Onyankopɔn no mu baako (hwɛ Mosiah 2:17). NkɔmhyɛniAlma kyerɛkyerɛɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no sɛ ɛwɔ sɛ wɔnya “ɔpɛ soa wɔn ho nnesoa, ne wɔn a wɔsu no nsu, na wɔnkyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyere werɛ” (Mosiah 18:8–9).

Wɔbɔ asu wie a, ntɛm ara asɔremma afoforɔ gye ɔfrɛ sɛ wɔbɛsom wɔ Asɔre no mu. Saa ɔfrɛ yinom yɛ atuhoakyɛ a akatua nni mu. Sɛ yɛgye to mu na yɛde nsiyɛ som a, yɛnyini wɔ gyedie mu, nya nkɔsoɔ, na yɛhyira afoforɔ.

Yɛn som wɔ Asɔre no mu fa bi nso ne sɛ yɛreyɛ “onuabarima somfoɔ” anaasɛ “onuabaa somfoɔ.” Wɔ saa asɛdeɛ yi mu no, yɛsom ankorɛnkorɛ ne mmusua a wɔde ama yɛn.

Sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi, yɛhwehwɛ akwanya a yɛde bɛsom da biara. Te sɛ Ɔno, yɛkɔ “kɔyɛ papa” (Asomafoɔ No Nnwuma 10:38). Yɛsom yɛn afipamfoɔ ne afoforɔ a wɔwɔ yɛn mpɔtam. Yɛbɛtumi afa JustServe so de yɛn ho ahyɛ ɔsom akwanya mu wɔ baabi a ɛbi wɔ. Yɛbɛtumi aboa wɔ Asɔre no mmɔdemmɔ fa afoforɔ yiedie ho na yɛaka ho aboa wɔ atoyerɛnkyɛm berɛ mu.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Ɔsom

  • Nsɛmpa Tinsɛm: “Ɔsom

Mfoni
nkorɔfoɔ rekasa

Asɛmpa no Kyɛ

Sɛ yɛn asubɔ apam fa bi no, yɛhyɛ bɔ sɛ “yɛbɛgyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ” (Mosiah 18:9). Ɛkwan baako a yɛde gyina sɛ adansefoɔ ne sɛ yɛrekyɛ Yesu Kristo asɛmpa no. Yɛreboa afoforɔ ma wɔagye asɛmpa no yɛ ɔsom ahodoɔ mu baako a ɛyɛ anigyeɛ pa ara a yɛbɛtumi ayɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:15-16). Ɛkyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ yie.

Sɛ yɛnya asɛmpa a yɛde bɔ bra no ho nhyira a, sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛkyɛ saa nhyira no. Abusuafoɔ, ayɔnkofoɔ, ne amannifoɔ ani bɛgye wɔ berɛ a yɛyɛ nokorɛdie nhwɛsoɔ na wɔhunu sɛdeɛ asɛmpa no hyira yɛn abrabɔ. Yɛbɛtumi akyɛ asɛmpa no wɔ kwan a ɛfata so ne sɛdeɛ ɛteɛ (hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 23).

Yɛto nsa frɛ afoforɔ wɔmmɛka yɛn ho wɔ ɔsom, mpɔtam, ahomegyeɛ, ne Asɔre dwumadieahodoɔ mu. Yɛbɛtumi afrɛ wɔn aba Asɔre nhyiamu anaa asubɔ som bi. Yɛbɛtumi ama wɔahwɛ kɔmputa so sini bi a ɛkyerɛkyerɛ Yesu Kristo asɛmpa mu, akenkan Mormon Nwoma no, anaa akɔ tɛmpol nsrahwɛ berɛ a wɔrebue ano. Ɔfrɛ bɛboro ɔha na ɛwɔ hɔ a yɛbɛtumi de ama afoforɔ. Mpɛn pii no, ɔfrɛ asekyerɛ tiawa ne sɛ yɛde yɛn abusua, ayɔnkofoɔ, ne afipamfoɔ reka deɛ yɛgu so reyɛ no dada ho.

Sɛ yɛbisa a, Onyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛahunu akwanya a yɛde bɛkyɛ asɛmpa no na yɛaka sɛdeɛ ɛhyira yɛn abrabɔ akyerɛ afoforɔ.

Sɛ wopɛ nsɛm bebree fa sɛdeɛ wɔde woredɔ, worekyɛ, ne worefrɛ nnyinasosɛm yɛ adwuma a, hwɛ “Wo ne Asɔremma Nka Mmom” wɔ ti 9.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Asɛmpatrɛ Adwuma.”

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Asɛmpatrɛ Adwuma

Akɔmkyene ne Akɔmkyene Afɔrebɔ

Onyankopɔn yɛɛ akɔmkyene mmara sɛ ɛkwan a ɛbɛma yɛanya honhom mu ahoɔden na yɛaboa wɔn a wɔhia mmoa.

Akɔmkyene asekyerɛ ne sɛ woregyae adidie ne ɔnom wɔ berɛ kakra bi mu. Asɔre no taa yi Kwasiada a ɛdi kan wɔ bosome biara mu si hɔ sɛ da a wɔde kyene kɔm. Akɔmkyene da taa yɛ yɛregyae adidie ne ɔnom wɔ dɔnhwere 24 ntam sɛ yɛn ahoɔden bɛtumi a. Nneɛma nkaeɛ a ɛho hia wɔ akɔmkyene Kwasiada yɛ mpaebɔ ne adansedie. Wɔsan hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkyene kɔm mmerɛ afoforɔ berɛ a yɛte nka sɛ yɛhia.

Yɛregye Honhom mu Ahoɔden

Akɔmkyene bɛtumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase, abɛn Onyankopɔn yie, na yɛate nka sɛ yɛayɛ foforɔ wɔ honhom mu. Ansa na Ɔrehyɛ Ne som adwuma ase no, Yesu Kristo kyenee kɔm (hwɛ Mateo 4:1–2). Tweɛnsɛm kyerɛ amanebɔ bebree fa nkɔmhyɛfoɔ ne afoforɔ a wɔkyenee kɔm sɛdeɛ wɔbɛnya honhom mu ahoɔden kɛseɛ na wɔahwehwɛ nhyira sononko ama wɔn ankasa ho ne afoforɔ.

Akɔmkyene ne mpaebɔ kɔ bom Sɛ yɛkyene kɔm na yɛde gyedie bɔ mpaeɛ a, ɛsiesie yɛn yie ma yɛnya yɛn ankasa adiyisɛm. Yɛsan nya akoma pa de hunu nokorɛ no na yɛte Onyankopɔn pɛ ase.

Yɛreboa Wɔn a Wɔhia Mmoa

Sɛ yɛkyene kɔm a yɛyi sika ma Asɔre no de hwɛ nkorɔfoɔ a wɔhia mmoa. Yɛfrɛ yei sɛ akɔmkyene afɔrebɔ. Wɔka sɛ yɛnyi afɔreɛ a anyɛ koraa ɛne aduane a yɛanni no boɔ yɛ pɛ. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ ayamyɛ na sɛ yɛbɛtumi a yɛmma mmoro saa nnuane yi boɔ. Yɛrema akɔmkyene afɔdeɛ yɛ kwan baako a yɛbɛtumi asom afoforɔ.

Wɔnam akɔmkyene afɔdeɛ so ma nkorɔfoɔ aduane ne ahiadeɛ afoforɔ, wɔ borɔno so ne wiase afanan nyinaa. Sɛ wopɛ nsɛm fa sɛdeɛ wɔma akɔmkyene afɔdeɛ a, hwɛ “Rema Ntotosoɔ du du ne Afɔdeɛ Afoforɔ” wɔ saa adesua yi mu.

Twerɛsɛm Sua

Akɔmkyene

Yɛrehwɛ Wɔn a Wɔhia Mmoa

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Kyene kɔm, Akɔmkyene.”

  • Amansan Akwankyerɛ nwoma: 22.2.2

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Akɔmkyene ne Akɔmkyene Afɔrebɔ

Mfoni
abusua wɔ tɛmpol akyi

Yɛn Apam sɛ Yɛbɛyina Akɔsi Awieeɛ

Sɛ wɔbɔ yɛn asu a, yɛne Onyankopɔn kɔ apam sɛ “yɛbɛgyina akɔsi awieeɛ” wɔ Yesu Kristo asɛmpa no abrabɔ mu (2 Nephi 31:20; san hwɛ Mosiah 18:13). Yɛpere sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yɛn nkwa nna nyinaa.

Mormon Nwoma mu nkɔmhyɛni Nephi kyerɛkyerɛɛ asubɔ sɛ ɛyɛ pono a yɛfa mu wura asɛmpa kwan no mu (hwɛ 2 Nephi 31:17). Asubɔ akyi no, yɛkɔ so “de pintinnyɛ wɔ Kristo mu pre kɔ anim” (2 Nephi 31:20).

Sɛ yɛ “pre kɔ anim” wɔ osuaniyɛ kwan so a, yɛsiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ tɛmpol. Ɛhɔ na yɛn ne Onyankopɔn bɛkɔ apam berɛ a yɛgye ayɛyɛdeɛ kronkron. Wɔ tɛmpol mu no, wɔbɛma yɛn tumi na wɔbɛtumi asɔ yɛn ano sɛ mmusua ama daapem. Sɛ yɛdi apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol so a ɛbɛbue kwan ama honhom mu akwanya ne nhyira biara a Onyankopɔn wɔ ma yɛn.

Sɛ yɛkɔ so wɔ nokorɛdie mu wɔ asɛmpa kwan no so a, awieeɛ no yɛbɛnya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ kɛseɛ pa ara—daa nkwa akyɛdeɛ (hwɛ 2 Nephi 31:20; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7).

Afa a ɛdidi soɔ yi kyerɛkyerɛ mu fa deɛ Onyankopɔn de ama sɛdeɛ ɛbɛboa ma yɛagyina akɔduru yɛn ɛwuo tebea akwantuo no awieeɛ—na yɛnya ɛmu anigyeɛ.

Asɔfodie ne Asɔre Nhyehyɛeɛ

Asɔfodie no yɛ Onyankopɔn tumidie ne tumi. Ɔsoro Agya nam asɔfodie so wie N’adwuma “sɛ Ɔde ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ bɛba” ama Ne mma (Moses 1:39). Onyankopɔn de tumidie ne tumi ma Ne mma mmarima ne mma mmaa wɔ asase so sɛdeɛ ɛbɛboa saa adwuma yi.

Asɔfodie no hyira yɛn nyinaa. Wɔnam wɔn a wɔkuta asɔfodie dibea so na wɔgye ayɛyɛdeɛ bi te sɛ asubɔ ne adidi kronkron. Yɛsan gye nhyira a ɛyɛ ayaresa, awerɛkyekyerɛ, ne afotuo.

Asɔfodie ne Asɔre Animdie ne Ɔfrɛ

Yesu Kristo na ɔnam nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ so di Asɔre no anim. Onyankopɔn na wafrɛ saa akannifoɔ yi, ahyɛ wɔn asɔfoɔ, na wama wɔn asɔfodie tumidie sɛ wɔnyɛ wɔ Agyenkwa no din mu.

Tete no, Kristo de saa tumidie korɔ yi ara maa N’Asomafoɔ, ɛno na ɛmaa wɔn hokwan ma wɔdii N’Asɔre anim berɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro. Awieeɛ no, saa tumidie no yeraeɛ berɛ a nkorɔfoɔ poo nsɛmpa no na Asomafoɔ no wuwuiɛ.

Ɔsoro asomafoɔ nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so san de asɔfodie no maae wɔ afe 1829, na Awurade de asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ san kyekyeree N’Asɔre. (Hwɛ adesua 1.)

Ahwɛfoɔ ne stake titenafoɔ de asɔfodie tumi di Asɔremma anim wɔ wɔn borɔno so.

Sɔ wɔfrɛ mmarima ne mmaa yi wɔn si hɔ sɛ wɔnsom wɔ Asɔre no mu a, wɔma wɔn tumi a ɛfiri Onyankopɔn sɛ wɔnni dwuma wɔ saa ɔfrɛ no mu. Wɔde tumidie no ma asɛmpatrɛfoɔ, akannifoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ne afoforɔ kɔsi sɔ wɔbɛgyae wɔn afiri wɔ frɛ mu. Wɔnam wɔn a wɔkuta asɔfodie nsafoa akwankyerɛ so na wɔde ma.

Teneneeyɛ mu nko ara na wɔbɛtumi de asɔfodie tumi adi dwuma (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:34–46). Tumidie yɛ gyedie kronkron a wɔde gyina Agyenkwa no ananmu ne Ne din mu. Ne botaeɛ ne sɛ berɛ biara ɛbɛhyira na asom afoforɔ.

Mfoni
Mmarimaa wɔ kwasiada sukuu

Aaron Asɔfodie ne Melkisedek Asɔfodie

Asɔfodie a ɛwɔ Asɔre no mu yɛ Aaron Asɔfodie ne Melchizedek Asɔfodie. Wɔ wɔn a wɔkuta asɔfodie nsafoa akwankyerɛ ase no, wɔde Aaron ne Melkisedek Asɔfodie no ma Asɔremma mmarima a wɔfata. Sɛ wɔde asɔfodie a ɛfata no ma wie a, wɔhyɛ onipa no sɔfoɔ kɔ dibea bi a ɛwɔ saa asɔfodie no mu, te sɛ dikɔn anaa elder. Ɛwɔ sɛ obi a ɔwɔ tumidie a ɛsɛ na ɔhyɛ no sɔfoɔ.

Sɔ ɔbarima anaa abarimaa gye asɔfodie no a, ɔne Onyankopɔn yɛ apam sɛ ɔbɛyɛ asɛdeɛ kronkron, asom afoforɔ, na waboa akyekyere Asɔre no.

Mmarimaa bɛtumi agye Aaron Asɔfodie no na wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ dikɔn wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe a wɔbɛnya mfeɛ 12 no. Wɔbɛtumi ayɛ wɔn akyerɛkyerɛfoɔ wɔ afe a wɔnya mfeɛ 14 ɛne asɔfoɔ wɔ afe a wɔnya mfeɛ 16 no. Mmarima a wɔasakyera a wɔyɛ mpanimfoɔ bɛtumi agye Aaron Asɔfodie no wɔ asubɔ ne denhyɛ akyi pɛɛ. Wɔn a wɔkuta Aaron Asɔfodie yɛ ayɛyɛdeɛ te sɛ adidi kronkronma ne asubɔ.

Sɛ wɔsom sɛ asɔfoɔ wɔ Aaron Asɔfodie no mu kyɛre kakra a, ɔbarima a ɔfata na wadi firi mfeɛ 18 rekɔ bɛtumi agye Melkisedek Asɔfodie no na wɔayɛ no elder. Mmarima a wɔgye Melkisedek Asɔfodie no bɛtumi ayɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ te sɛ ayaresa ne awerɛkyekyerɛ nhyira a wɔde ma abusuafoɔ ne afoforɔ.

Hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, 38.2.9.1, nya nsɛm a ɛfa asɔremma afoforɔ a wɔregye asɔfodie ho.

Akuo ne Asɔre Nhyehyɛeɛ

Asɔfodie Akuo Ekuo yɛ wɔn a wɔkuta asɔfodie a wɔaka wɔn abom. Wɔɔd biara wɔ elderfoɔ kuo ma mmarima mpanimfoɔ. Dikɔnfoɔ, Tikyafoɔ, ne asɔfoɔ akuo yɛ mmarimaa deɛ.

Relief Society. Relief Society yɛ mmaa a wɔadi mfeɛ 18 ne deɛ ɛboro saa. Relief Societyfoɔ hyɛ mmusua, ankorankorɛ, ne mpɔtamfoɔ den.

Mmaayewa. Mmaayewa firi aseɛ dɔm Mmaayewa kuo wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe a wɔbɛnya mfeɛ 12 no.

Mfoni
ɔbaa rekyerɛ asuafoɛkuo adeɛ

Mfitiaseɛ. Mmɔfra a wɔadi mfeɛ 3 kɔpem 11 ka Mfitiaseɛ kuo no ho.

Kwasiada Sukuu. Mpanimfoɔ ne mmabunu nyinaa kɔ Kwasiada Sukuu, ɛhɔ na wɔhyia sua twerɛnsɛm bom.

Sɛ wopɛ nsɛm bebree fa asɔfodie ho a, hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 3.

Sɛ wopɛ nsɛm bebree fa asɔfodie akuo ne Asɔre nhyehyɛeɛ ho a, hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 8-13.

Twerɛnsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 3: “Asɔfodie Nnyinasosɛm

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Aaron Asɔfodie,” “Melkisedek Asɔfodie,” “Asɔfodie

Awareɛ ne Mmusua

Awareɛ

Onyankopɔn ahyira ɔbarima ne ɔbaa ntam awareɛ so. Ɛho hia yie wɔ Ne nhyehyɛeɛ ma Ne mma daapem kankɔ mu.

Ɛwɔ sɛ okunu ne ɔyere nkabom wɔ awareɛ mu yɛ adeɛ a wɔn ani sɔ kɛseɛ pa ara wɔ asase so ayɔnkofa mu. Wɔwɔ asɛdeɛ kronkron sɛ wɔtaa wɔn ho wɔn ho akyi na wɔdi nokorɛ wɔn awareɛ apam.

Okunu ne ɔyere yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn ani so. Ɛnni sɛ ɔbaako di ɔfoforɔ no so. Ɛwɔ sɛ wɔn baanu nyinaa na wɔde ɔdɔ ne nkabom si gyinaeɛ.

Sɛ okunu ne ɔyere dodɔ wɔn ho na wɔyɛ adwuma bɔ mu a, wɔn awareɛ no bɛtumi ayɛ wɔn anigyeɛ kɛseɛ pa ara farebae. Wɔbɛtumi aboaboa wɔn ho ne wɔn mma atu mpɔn akɔ daapem asetena mu.

Abusua

Te sɛ awareɛ, Onyankopɔn ahyira abusua so na ɛyɛ ade titire wɔ Ne nhyehyɛeɛ mu ma yɛn ɛnniawieeɛ anigyeɛ. Yɛn mmusua bɛtumi anya anigyeɛ berɛ a yɛde Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ bɔ bra. Awofoɔ kyerɛkyerɛ wɔn mma Yesu Kristo asɛmpa no na wɔyɛ nhwɛsoɔ berɛ a wɔde bɔ bra. Mmusua ma yɛn akwanya ma yɛdodɔ na yɛsom yɛn ho yɛn ho.

Ɛwɔ sɛ awofoɔ ma wɔn abusua yɛ adeɛ a ɛho hia wɔn kɛseɛ pa ara. Ɛyɛ akwanya kronkron ne asɛdeɛ ma awofoɔ sɛ wɔbɛhwɛ mma a wɔbɛtumi awo anaa agye wɔn abayɛn.

Abusua biara wɔ ɔhaw. Sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn mmoa na yɛdi Ne mmaransɛm so a, abusua haw bɛtumi aboa ma yɛasua adeɛ na yɛanyini. Ɛtɔ da bi a saa ɔhaw ahodoɔ yi boa yɛn ma yɛsakyera na yɛde kyɛ.

Mfoni
agya rekyerɛkyerɛ abusua

Asɔre akannifoɔ ahyɛ asɔremma nkuran sɛ wɔnyɛ efie adesua nnawɔtwe biara. Awofoɔ de saa berɛ yi kyerɛkyerɛ wɔn mma asɛmpa no, hyɛ abusua nkutahodie mu den, na wɔdi agorɔ bɔ mu. Asɔre akandifoɔ asan de paemuka bi aba a ɛkyerɛkyerɛ nokorɛ a ɛho hia fa abusua ho (hwɛ “Abusua: Dawurubɔ a ɛkɔ ma Wiase,” ChurchofJesusChrist.org).

Akwan afoforɔ a wɔfa so hyɛ abusua den yɛ abusua mpaebɔ, twerɛsɛm sua, ɛna wɔressom abɔ mu wɔ asɔre. Yɛbɛtumi nso ahwehwɛ abusua abakɔsɛm, aboa abusua abasɛm ano, na yɛasom afoforɔ.

Nnipa bebree nni akwanya kɛse ma awareɛ anaa ma abusua nkutahodie a ɛyɛ ɔdɔ mu. Bebree ahunu awaregyaeɛ ne abusua tebea afoforɔ a ɛmu yɛ den. Nanso, asɛmpa no hyira yɛn sɛ ankorankorɛ ɛmfa ho ne yɛn abusua tebea. Na sɛ yɛyɛ anokwafoɔ a, Onyankopɔn bɛbue kwan bi ama yɛanya abusua dɔ nhyira, sɛ ɛyɛ saa asetena yi mu anaa asetena a ɛbɛba no mu.

Twerɛsɛm Sua

Awareɛ

Abusua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Abusua,” “Awareɛ, Ware

  • Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 2: “Reboa Ankorankorɛ ne Mmusua wɔ Nkwagyeɛ ne Mpagya Adwuma mu

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Awareɛ,” “Abusua,” “Abaatanyɛ

Tɛmpol ne Abusua Abakɔsɛm Dwumadie ma Nananom a Wɔawuwuo

Ɔsoro Agya dɔ Ne mma nyinaa na ɔhwehwɛ wɔn nkwagyeɛ ne mpagya. Nanso nnipa ɔpepepem awuwu a wɔante Yesu Kristo asɛmpa no anaa wɔannye asɛmpa no nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ no. Saa ayɛyɛdeɛ no bi ne asubɔ, denhyɛ, asɔfohyɛ ma mmarima, tɛmpol akyɛdeɛ kronkron gyeɛ, ne daapem awareɛ.

Ɛnam N’adom ne mmɔborɔhunu so, Awurade ama kwan foforɔ sɛdeɛ saa nnipa yi bɛgye asɛmpa no ne n’ayɛyɛdeɛ. Wɔ honhom wiase no, wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔannya na wɔwuwuiɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138). Wɔ tɛmpol mu no, yɛbɛtumi ayɛ ayɛyɛdeɛ ama yɛn nananom a wɔawuwuo ne afoforɔ. Afei saa nnipa a wɔawuwuo a wɔwɔ honhom wiase no bɛtumi agye anaa apo asɛmpa no ne ayɛyɛdeɛ a wɔyɛ maa wɔn no.

Mfoni
abusua resua twerɛnsɛm

Ansa na yɛbɛtumi ayɛ saa ayɛyɛdeɛ yi no, ɛhia sɛ yɛhunu yɛn nananom a wɔawuwuo a wɔnnyeeɛ. Yɛrehunu yɛn abusuafoɔ sɛdeɛ wɔbɛtumi agye ayɛyɛdeɛ yɛ yɛn abusua abakɔsɛm adwuma no botaeɛ titire. Sɛ yɛnya wɔn ho nsɛm a, yɛde ka Asɔre no nsɛm a wɔahyehyɛ ho wɔ FamilySearch.org Afei yɛn (anaa afoforɔ) bɛtumi ayɛ ananmusie ayɛyɛdeɛ ama wɔn wɔ tɛmpol mu.

Berɛ a yɛhunu yɛn nananom na yɛyɛ ayɛyɛdeɛ ma wɔn no, yɛn mmusua bɛtumi abɛyɛ baako ama daapem.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 28: “Tɛmpol Ayɛyɛdeɛ ma Awufoɔ

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Asubɔ ma Awufoɔ,” “Abusua Abakɔsɛm

Tɛmpol ahodoɔ, Akyɛdeɛ kronkron no, Daapem Awareɛ, ne Daapem Mmusua

Tɛmpol ahodoɔ

Tɛmpol yɛ Awurade fie. Ɛyɛ bea kronkron a yɛbɛtumi ne Onyankopɔn akɔ apam berɛ a yɛgye N’ayɛyɛdeɛ kronkron. Sɛ yɛdi saa apam yi so a, yɛbɛnya nyamesu tumi sɛ ɛda adi wɔ yɛn abrabɔ mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:19–22; 109:22–23).

Akyɛdeɛ Kronkron no

Ayɛyɛdeɛ baako a yɛgye wɔ tɛmpol mu no wɔfrɛ no akyɛdeɛ kronkron. Asɛm akyɛdeɛ kronkron asekyerɛ ne “akyɛdeɛ bi.” Saa nimdeɛ ne tumi akyɛdeɛ yi firi Onyankopɔn. Ɛduru akyɛdeɛ kronkron berɛ a, yɛne Onyankopɔn kɔ apam a ɛde yɛn fam Ɔno ne Ne Ba Yesu Kristo ho (hwɛ ti 1).

Mpanimfoɔ wɔ ho kwan sɛ wɔgye wɔn ankasa tɛmpol akyɛdeɛ kronkron berɛ a wɔanya firi afe baako de rekɔ sɛ Asɔreba. Sɛ wopɛ nsɛm bebree fa akyɛdeɛ kronkron ho a, hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, 27.2.

Daapem Awareɛ ne Daapem Mmusua

Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ boa ma abusuabɔ gyina kɔ damena akyi. Wɔ tɛmpol mu no, yɛbɛtumi aware ama berɛ ne daapem. Yei ma mmusua kabom afebɔɔ.

Awarefoɔ gye akyɛdeɛ kronkron wie a, wɔbɛtumi asɔ wɔn ano anaa aware ama daapem. Wɔbɛtumi asɔ wɔn mma ano ama wɔn.

Ɛwɔ sɛ okunu ne ɔyere a wɔasɔ wɔn ano wɔ tɛmpol mu kora apam a wɔayɛ no na wɔanya daapem awareɛ ho nhyira.

Mfoni
awarefoɔ a wɔnam abɔnten

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Amansan Akwankyerɛ nwoma, ti 27: “Tɛmpol Ayɛyɛdeɛ ma Ateasefoɔ

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Tɛmpol,” “Akyɛdeɛ Kronkron,” “Awareɛ

  • temples.ChurchofJesusChrist.org