Asɛmpatrɛ Frɛ
Ti 3: Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ


“Ti 3: Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ,” Ka Me Nsɛmpa

Ti 3

Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ

Mfoni
Bra Onyankopɔn Kuo mu, ɛfiri Walter Rane hɔ

Nkyerɛkyerɛ Fapem

Yɛn nyinaa yɛ Ɔsoro Agya mma. Yɛaba asase so sɛ yɛbɛnya akwanya asua, anyini, na yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno yie sɛdeɛ yɛbɛtumi asan akɔ N’anim (hwɛ Moses 1:39). Yɛrentumi mmɛyɛ te sɛ Ɔno anaa nsan nkɔ Ne nkyɛn berɛ a ɔsoro mmoa nka ho. Yɛn Soro Agya somaa Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔmmɛpata mma yɛn na ɔmmubu owuo mpokyerɛ (hwɛ 3 Nephi 27:13–22).

Yɛnya Kristo gyeɛ tumi ho kwan berɛ a yɛnam Ne mu gyedie so sakyera, bɔ asu, nam denhyɛ so gye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no, na yɛpere kɔduru awieeɛ. Yɛrekora asubɔ apam no ne anammɔn a ɛdi kan sɛ yɛde yɛn ho rebata Onyankopɔn ho sɛdeɛ Sunsum Kronkron no bɛtumi ate yɛn ho, ahyɛ yɛn den, na asesa yɛn su ma ayɛ papa. Wɔfrɛ saa ahoteɛ nkɛntɛnsoɔ a yɛfa mu yi honhom mu awofoforɔ. (Hwɛ 2 Nephi 31:7, 13–14, 20–21; Mosiah 5:1–7; 18; 27:24; 3 Nephi 27:20; John 3:5.)

Honhom mu awofoforɔ hyɛ aseɛ berɛ a wɔde nsuo ne Honhom no bɔ yɛn asu. Asubɔ yɛ anigyeɛ ne anidasoɔ ayɛyɛdeɛ. Sɛ yɛde akoma a abubuo ne nnuho honhom bɔ asu a, yɛde Onyankopɔn mmoa tumi hyɛ abrabɔ ase foforɔ. Sɛ wɔbɔ yɛn asu na wɔhyɛ yɛn den a, yɛbɛtumi akɔso anya ahoɔden berɛ a yɛfa adidi kronkron no wɔ kwan a ɛfata so. (Hwɛ 2 Nephi 31:13; Mosiah 18:7–16; Moroni 6:2; Doctrine and Covenants 20:37.)

Retrɛ Ɔfrɛ no mu

Sɛ wonya Honhom no akwankyerɛ atenka a, to nsa frɛ nkorɔfoɔ sɛ wɔmmɛbɔ asu na wɔnhyɛ wɔn den. Yei bɛtumi asi wɔ adesua biara mu.

Kyerɛ asubɔ nkyerɛkyerɛ na boa nkorɔfoɔ ma wɔnte Kristo nkyerɛkyerɛ ase (see adesua 3). Kyerɛkyerɛ fa hia a ɛhia ne anigyeɛ a ɛwɔ asubɔ apam, renya bɔne fafiri, ɛne wonam denhyɛ so renya Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ho.

Siesie nkorɔfoɔ ma asubɔ frɛ berɛ a wohwɛ sɛ wɔte deɛ woakyerɛ no ne apam a wɔbɛyɛ no ase. Asubɔ apam no ne deɛ ɛdidi soɔ yi:

  • Nya ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din ato yɛn so.

  • Di Onyankopɔn mmaransɛm so.

  • Som Onyankopɔn ne afoforɔ.

  • Gyina kɔduru awieeɛ. (Hwɛ adesua 4.)

Wobɛtumi akyɛ deɛ ɛdidi soɔ yi:

“Sε yεbɔ asu a, yɛdi adanseɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ [yεn] ne Ɔno akɔ apam sε [yɛn] bɛsom no na yεadi ne mmaransεm so.’ Sɛ yɛkɔ saa apam yi a, Ɔhyɛ bɔ sɛ Ɔbɛ ‘hwie ne Honhom no mmorosoɔ agu [yɛn] so’ (Mosiah 18:10).”

Ɛwɔ sɛ wo frε ma asubɔ si pi na ɛyɛ tee. Wobɛtumi aka sɛ:

“Wobɛdi Yesu Kristo nhwɛsoɔ no akyi berɛ a obi a wɔahyɛ no sɔfoɔ ama saa ayɛyɛdeɛ yi bɔ wo asu? Yɛbɛboa wo ma woasiesie wo ho ama asubɔ. Yɛgye di sɛ wobɛtumi ayɛ krado wɔ [da]. Wobɛsiesie wo ho sɛ wobɛbɔ asu saa da no?”

Sɛdeɛ nsa a wɔto frɛ biara teɛ no, hyɛ bɔ wɔ nhyira akɛseɛ a nkorɔfoɔ bɛnya berɛ a wɔgye to mu sɛ wɔbɛbɔ asu na wɔakora apam a ɛka ho no. Di w’adanseɛ wɔ saa nhyira yi ho.

Kyerɛkyerɛ sɛ asubɔ ne denhyɛ nso hɔ ara. Mmom, ɛyɛ adetitire wɔ nsakraeɛ kwan no so a ɛde anidasoɔ, anigyeɛ, ne Onyankopɔn tumi ba onipa abrabɔ mu yie (hwɛ Mosiah 27:25-26). Sɛ wͻbͻ nkorɔfoɔ asu na wͻhyɛ wɔn den wie a, wɔbɛtumi ahwɛ kwan sɛ Honhom no bɛte wɔn ho berɛ a wɔkɔso wɔ apam kwan no so.

Sε εbɛtumi a, to nsa frε wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ sε wɔmmra asubɔ dwumadie ase ne adidi kronkron nhyiamu ase wɔ berɛ a wɔhyε obi den.

Asubɔ Frɛ ho Nsusuiɛ

Hwɛ kenkan Yesu a wɔrebɔ no asu ho twerɛnsɛm amanebɔ (hwɛ Mateo 3: 13-17). Wobɛtumi nso ayi Twerɛ Kronkorn sini a ɛrekyerɛ Agyenkwa no asubɔ anaa Mormon Nwoma sini a ɛfa Agyenkwa no asuafoɔ a wɔrebɔ asu akyerɛ.

Wobɛtumi nso akenkan Nephi amanebɔ fa Yesu asubɔ ho (hwɛ 2 Nephi 31:4-12). Rekenkan amanebɔ a ɛfa Yesu Kristo asubɔ ho bɛtumi ahyɛ wɔn a wɔrekyerɛ wɔn adeɛ no den.

Twerɛsɛm Sua

Sua twerεnsεm a ɛdidi soɔ yi:

Twerɛ deɛ woasua no muabɔ.