Asɛmpatrɛ Frɛ
Ti 3: Adesua 3—Yesu Kristo Asɛmpa No


“Ti3: Adesua 3—Yɛrekyɛ Yesu Kristo Asɛmpa no,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a Wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Ti 3: Adesua 3,” Ka Me Nsɛmpa

Ti 3: Adesua 3

Yesu Kristo Nsɛmpa no

Mfoni
Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu, ɛfiri Harry Andersen hɔ

Ɛbɛtumi Ayɛ Nkorɔfoɔ Nwanwa

  • Hwan ne Yesu Kristo? Ɛbɛyɛ dɛn Waboa me ne m’abusua?

  • Wowɔ gyedie wɔ Yesu Kristo mu a ɛkyerɛ sɛn? Sɛn na Ne mu gyedie a mewɔ bɛtumi ahyira m’abrabɔ?

  • Adwensakyera aseɛ ne sɛn?

  • Sɛn na mɛtumi anya Onyankopɔn asomdwoeɛ ne bɔnefakyɛ atenka berɛ a mayi deɛ ɛnyɛ awie?

  • Asubɔ botaeɛ ne sɛn?

  • Deɛn ne Honhom Kronkron akyεdeε no?

  • Gyina kɔduru awieeɛ kyerɛ sɛn?

Yesu Kristo asεmpa no ne kwan a yɛde ba Kristo nkyɛn. Ɛyɛ tiawa a abɔfra mpo bɛtumi ate aseɛ. Adesua no gyina Kristo asɛmpa ne nkyerɛkyerɛ so, a ɛyɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu, nsakyeraeɛ, asubɔ, Honhom Kronkron akyɛdeɛ no, ne woregyina kɔsi awieeε. Ɛsane gyina sɛdeɛ asɛmpa no hyira Onyankopɔn mma nyinaa so.

Asɛm asɛmpa asekyerɛ ankasa ne “amanebɔ papa.” Yesu Kristo asɛmpa no yɛ amanebɔ papa ɛfiri sɛ ɛma nkyerɛkyerɛ—daapem nokorɛ—a yɛhia de bɛba Ne nkyɛn na yɛanya nkwagyeɛ (hwɛ 1 Nephi 15:14). Asɛmpa no kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛbɔ nteaseɛ abrabɔ pa. Asɛmpa no amanebɔ papa no ma kwan ma yɛnya bɔnefakyɛ wɔ yɛn bɔne ho, wɔte yɛn ho, na yɛsane kɔ Onyankopɔn anim.

Adwenkyerɛ ma Adekyerɛ

Saa ɔfa yi ma nkyerɛkyerɛmu nhwɛsoɔ a ɛbɛboa ma woasiesie wo ho akyerɛkyerɛ. Nsɛmmisa a ne ɔfrɛ a wobɛtumi de ayɛ adwuma ho nhwɛsoɔ nso ka ho.

Berɛ a woresiesie wo ho akɔkyerɛkyerɛ no, dwene onipa biara tebea ne ahiadeɛ ho wɔ mpaebɔ mu. Si gyinaeɛ wɔ deɛ ɛbɛboa pa ara sɛ wokyerɛkyerɛ ho. Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm a ebia nkorɔfoɔ nte aseɛ mu. Gyina mmerɛ dodoɔ a wobɛnya so yɛ nhyehyɛeɛ, na kae sɛ wobɛma adesua no ayɛ tiawa.

Yiyi twerɛnsɛm na wode bɛyɛ adwuma wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu. Twerɛnsɛm a ɛboa bebree ka ho wɔ “Nkyerɛkyerɛ Fapem” fa a ɛwɔ adesua no mu.

Dwene nsɛm a wobɛbisa wɔ berɛ a wokyerɛkyerɛ ho. Yɛ ɔfrɛ a wode bɛma a ɛbɛhyɛ onipa biara nkuran ma no ayɛ ho nhyehyɛeɛ.

Si Onyankopɔn bɔhyɛ nhyira so dua, na di adanseɛ a wowɔ fa deɛ wokyerɛkyerɛ no ho.

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ rekyerɛkyerɛ abusua

Deɛ Wobɛtumi Akyerɛkyerɛ Nkorɔfoɔ wɔ Simma 15-25 ntam

Yi nnyinasosɛm a ɛdidi soɔ yi mu baako anaa dodoɔ kyerɛkyerɛ. Wɔde nnyinasosɛm biara nkyerɛkyerɛ fapem ama wɔ nkyerɛkyerɛmu yei akyi.

Yesu Kristo Botaeɛ Kronkron

  • Onyankopɔn somaa Ne Ba Yesu Kristo wɔ asase so, sɛ ɔmmɛgye yɛn mfirii bɔne ne owuo mu.

  • Ɛnam Yesu mpata afɔdeɛ nti, sɛ yɛsakyera a, yɛbɛtumi anya bͻnefakyɛ wͻ yɛn bͻne ho na wɔate yɛn ho.

  • Wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu akyire no, Ɔsɔreeɛ. Ɛnam Ne Wusɔreɛ nti, yɛn nyinaa bɛsɔre bio wɔ yɛn wuo akyi. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne nipadua bɛsane aka abom, na yɛn mu biara bɛtena ase afebɔɔ nipadua wusɔreɛ a ɛwie pɛyɛ mu.

Yesu Kristo mu Gyedie

  • Gyedie ne Yesu Kristo asɛmpa no nnyinasosɛm a ɛdi kan.

  • Yesu Kristo mu gyedie ne sɛ wowɔ gyedie sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn Ba na wowɔ Ne mu awerɛhyem sɛ yɛn Agyenkwa ne Odimafoɔ no.

  • Yesu Kristo mu gyedie yɛ nneyɛɛ ne tumi nnyinasosɛm.

  • Yɛhyɛ yɛn gyedie den berɛ a yɛbɔ mpaeɛ, sua twerɛnsɛm, na yɛdi mmaransɛm no so.

Adwensakyera

  • Gyedie wɔ Yesu Kristo mu ma yɛsakyera. Adwensakyera ne sɛ woredane akɔ Onyankopɔn nkyɛn na woadane afiri bɔne ho. Sɛ yɛsakyera a, yɛn nneyɛɛ, ɔpɛ, ne yɛn adwene sesa na ɛne Onyankopɔn pɛ kɔ yie.

  • Sɛ yɛsakyera wɔ nokorɛ mu a, Onyankopɔn de kyɛ yɛn. Bɔnefakyɛ wɔ hɔ ɛfiri sɛ Yesu Kristo tuaa yɛn bɔne so ka.

  • Sɛ yɛsakyera a, yɛnya asomdwoeɛ ɛfiri sɛ yɛn afɔbuo ne awerɛhoɔ ba awieeɛ.

  • Nsakyeraeɛ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ daa daa. Onyankopɔn gye yɛn bio berɛ biara a yɛsakyera. Ɔrempo yɛn da.

Asubɔ:Yɛne Onyankopɔn Apam a ɛdi Kan

  • Asubɔ ne kwan a yɛdi kan ne Onyankopɔn nya apam abusuabɔ.

  • Asubɔ wɔ afa mmienu: nsuo ne Honhom asubɔ Sɛ wͻbͻ yɛn asu na wͻgye yɛn to mu a, wɔte yɛn ho firi yɛn bɔne ho, na ɛma yɛn mfitiaseɛ foforɔ wɔ abrabɔ mu.

  • Wɔde yɛn nu nsuom bɔ yɛn asu de di Yesu nhwɛsoɔ no akyi.

  • Wɔmmɔ mmɔfra asu gye sɛ wɔanya mfeɛ nwɔtwe. Mmɔfra a wɔwu ansa na wɔaduru saa mfeɛ no wɔnam Yesu Kristo Mpata no so gye wɔn.

  • Yɛfa adidi kronkron no nnawɔtwe biara de kae Yesu afɔrebɔ no na yɛyɛ apam a yɛne Onyankopɔn wɔ no foforɔ.

Honhom Kronkron Akyɛdeɛ no

  • Honhom Kronkron no yɛ Onyame baasa-korɔ no mu deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa.

  • Yɛbɔ asu wie a, yɛgye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no wɔ ayɛyɛdeɛ a wɔfrɛ no denhyɛ mu.

  • Sɛ yɛgye Honhom Kronkron akyɛdeɛ no a, yɛbɛtumi anya N’ayɔnkofa no wɔ yɛn abrabɔ mu nyinaa berɛ a yɛdi nokorɛ.

  • Sunsum Kronkron no bɛte yɛn ho, akyerɛ yɛn kwan, akyekyere yɛn werɛ na aboa yɛn ama yɛahunu nokorɛ no.

Gyina kɔsi Awieeɛ

  • Woregyina akɔsi awieeɛ ka ho sɛ worekɔso anya gyedie wɔ Kristo mu da biara. Yɛkɔso di yɛn apam a yɛne Onyankopɔn wɔ so, sakyera, hwehwɛ Sunsum Kronkron no ayɔnkofa, na yɛfa adidi kronkron.

  • Berɛ a yɛde nokorɛdie hwehwɛ sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ yɛbɛnya daa nkwa.

Yesu Kristo Asɛmpa no Hyira Onyankopɔn Mma Nyinaa

  • Sɛ yɛdi asɛmpa no so a ɛma yɛn anigyeɛ yɛ kɛseɛ, ɛhyɛ yɛn nneyɛɛ nkuran, na ɛma yɛn abusuabɔ mu dɔre.

  • Yɛn ani bɛtumi agye yie—sɛ ankorankoro ne mmusua nyinaa—berɛ a yɛde Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no bɔ bra

  • Ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no so, wɔahyira mmusua wɔ saa asetena yi mu na wɔbɛtumi aka wɔn abom ama daapem na wɔatena Onyankopɔn anim.

Nsɛmmisa a Wobɛtumi Abisa Nkorɔfoɔ

Nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi yɛ deɛ wobɛtumi abisa nkorɔfoɔ ho nhwɛsoɔ. Saa nsɛmmisa yi bɛtumi aboa wo ma woanya nkitahodie a nteaseɛ wɔ mu na woate obi ahiadeɛ ne nhumu ase.

  • Deɛn na wonim fa Yesu Kristo ho?

  • Sɛn na wote aseɛ sɛ wobɛnya gyedie wɔ Yesu Kristo mu?

  • Nsesa bɛn na wopɛ sɛ woyɛ wɔ w’abrabɔ mu?

  • Sɛn na wote adwensakyera ase?

  • Sɛn na wote asubɔ ase? Deɛn na wobɛtumi ayɛ no seesei de asiesie wo ho ama asubɔ?

  • Sɛn na Sunsum Kronkron no bɛsi aboa wo wɔ w’akwantuo a wode resane akͻ Onyankopͻn anim mu?

  • Ɔhaw bɛn na wo anaa w’abusua nam mu? Yɛbɛtumi ne wo akyɛ akwan bi a Yesu Kristo asɛmpa no bɛtumi aboa?

Ɔfrɛ a Wobɛtumi de Ama

  • Wobɛbɔ mpaeɛ abisa Onyankopɔn ahunu sɛ deɛ yɛakyerɛ no yɛ nokorɛ? (Hwɛ “Nkyerɛkyerɛ Nhumu: Mpaeɛ” wɔ ɔfa a ɛtwa toɔ wɔ adesua 1.)

  • Wobɛkɔ asɔre Kwasiada wei akɔsua bebree afa deɛ yɛakyerɛ no ho?

  • Wobɛkenkan Mormon Nwoma no na woabɔ mpaeɛ ahunu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm? (Wobɛtumi asusu atire anaa nkyekyɛmu pɔtee bi.)

  • Wobɛdi Yesu nhwɛsoɔ no akyi ama wɔabɔ wo asu? (Hwɛ “Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ,” a ɛdi adesua 1 anim pɛɛ no.)

  • Yɛbɛtumi ahyɛ berɛ a yɛbɛsan abɛsra wo bio?

Nkyerɛkyerɛ Fapem

Saa ɔfa yi ma nkyerɛkyerɛ ne twerɛnsɛm a wobɛsua na ahyɛ wo nimdeɛ ne adanseɛ a ɛwɔ asɛmpa no ho den na aboa wo ma woakyerɛkyerɛ.

Mfoni
Yesu Somaa Saa Dummienu Yi, ɛfiri Welter Rene hɔ

Yesu Kristo Botaeɛ Kronkron

Ɔsoro Agya somaa Ne Ba Yesu Kristo baa asase so sɛdeɛ ɔbɛtumi ama yɛanya anigyeɛ wɔ saa asetena yi mu ne nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ wiase a ɛbɛba no mu. “Na yei ne Asɛmpa no, anigyesɛm no, … sɛdeɛ [Yesu Kristo] baa wiase … bɛsoaa wiase bɔne, na ɔtee wiase ho, na ɔtee ho firii deɛ ɛntene nyinaa ho; sɛdeɛ ɛnam ne so wɔbɛgye obiara nkwa” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:40–42).

Sɛ yɛyɛ nnipa yi, yɛn nyinaa yɛ bɔne, na yɛn nyinaa wu. Na bɔne ne owuo bɛsi yɛn kwan afiri yɛne Onyankopɔn daa nkwa ho gye sɛ na yɛwɔ Ɔgyefoɔ bi (hwɛ 2 Nephi 9). Ansa na wɔrebɔ wiase no, Ɔsoro Agya yii Yesu Kristo sɛ ɔbɛgye yɛn nkwa. Wɔ ɔdɔ kɛseɛ kyerɛ mu no, Yesu baa asase so bɛhyɛɛ saa botaeɛ kronkron yi ma. Ɔmaa wɔtumi gyee yɛn firii yɛn bɔne ho, na Ɔhwɛɛ sɛ yɛn nyinaa bɛsɔre wɔ yɛn wuo akyi.

Yesu tenaa abrabɔ kronkron mu. Ne somadwuma akyire no, Ɔfaa yɛn bɔne too Ne ho so berɛ a Ɔhunuu amane wɔ Getsemane ne berɛ a wɔbɔɔ No asɛnnua mu (hwɛ 1 Nephi 11:33). Na Yesu amanehunu no ano yɛ den yie maa Ne “ho popooe esiane yea nti, na mogya firii ne honam tokuro biara mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18). N’asɛnnuamubɔ akyire no, Yesu sɔreeɛ, dii owuo so nkonim. Saa nneɛma yi na ɛka bom yɛ Yesu Kristo Mpata no.

Yɛn bɔne ma yɛn ho nte, na “deɛ ɛho nteɛ biara rentumi ne Onyankopɔn ntena” (1 Nephi 10:21). Afei nso, tenenee ho mmara hwehwɛ nsunsuansoɔ bi ma yɛn bɔne.

Yesu mpata aforebɔ no ma ɛyɛ yie sɛ yɛn ho bɛtumi ate afiri bɔne ho na wɔte yɛn ho berɛ a yɛsakyera. Ɛsane nso ma kwan ma wɔma deɛ atɛntenenee hwehwɛ (hwɛ Alma 42:15, 23–24). Agyenkwa no kaa sɛ, “ … Mahunu amaneɛ yeinom ama obiara, sɛdeɛ sɛ wɔsakyera a wɔrenhunu; nanso sɛ wɔansakyera deɛ a ɛsɛ sɛ wɔhunu amane mpo sɛdeɛ mehunuiɛ no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:16–17). Sɛ ɛnnyɛ Yesu Kristo a, anka bɔne bɛsɛe yɛn anidasoɔ a yɛwɔ sɛ daakye yɛne Ɔsoro Agya bɛtena.

Ɔde Ne ho rema sɛ afɔrebɔdeɛ ama yɛn no, Yesu anyi yɛn ankasa asodie amfiri hɔ. Ɛhia sɛ yɛnya gyedie wɔ Ne mu, sakyera, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no so. Sɛ yɛsakyera a, Yesu bɛgyina yɛn ananmu agye N’ahummɔborɔ tumi afiri N’Agya hɔ (hwɛ Moroni 7:27–28). Ɛnam Agyenkwa no di ma nti, Ɔsoro Agya de yɛn bɔne kyɛ yɛn, gye yɛn firi yɛn adesoa ne afɔbuo mu (hwɛ Mosiah 15:7–9). Wɔte yɛn ho wɔ honhom mu na awieeɛ no wɔbɛtumi agye yɛn wɔ Onyankopɔn anim.

Na Yesu botaeɛ kronkron no wɔ hɔ nso sɛ ɛgye yɛn firi owuo mu. Ɛnam sɛ Ɔsɔreeɛ nti, yɛn nyinaa bɛsɔre bio yɛn wuo akyi. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne nipadua bɛsane aka abom, na yɛn mu biara bɛtena ase afebɔɔ nipadua wusɔreɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Sɛ ɛnnyɛ Yesu Kristo a, anka owuo bɛsɛe yɛn anidasoɔ a yɛwɔ sɛ daakye yɛne Ɔsoro Agya bɛtena.

Twerɛsɛm Sua

Onyankopɔn Somaa Ne Ba

Nkwagyeɛ a ɛnam Yesu Kristo so

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Yesu Kristo mu Gyedie

Nsɛmpa no nkyerɛkyerɛ a εdi kan ne Awurade Yesu Kristo mu gyedie. Gyedie na ɛyɛ fapem ma asɛmpa no nnyinasoɔ nkaeɛ nyinaa.

Yesu Kristo mu gyedie ne gyedie a ɛmu yɛ den sɛ Ɔno ne Onyankopɔn Ba Koro no. Ɛne sɛ wowɔ ahotosoɔ wɔ Ne mu sɛ yɛn Agyenkwa ne Gyefoɔ—sɛ Ɔno nko ara ne yɛn kwan a yɛbɛsane de akɔ Onyankopɔn anim (hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 4:10–12; Mosiah 3:17; 4:6–8). Wɔfrɛ yɛn sɛ yɛnnya “gyedie a ɛnhinhim wɔ ne mu, mfa yɛn ho nyinaa nto deɛ ɔtumi gye nkwa no nokorɛ so” (2 Nephi 31:19).

Yesu Kristo mu gyedie ne sɛ yɛregye adi sɛ Ɔhunuu amane wɔ yɛn bɔne ho wɔ Ne mpata afɔrebɔ mu. Ɛnam N’afɔrebɔ no nti, sɛ yɛsakyera a, wɔbɛtumi ate yɛn ho na wɔagye yɛn. Saa nteho yi boa ma yɛnya asomdwoeɛ ne anidasoɔ wɔ saa asetena yi mu. Ɛsane ma ho kwan ma yɛnya anigyeɛ mahyɛ wɔ yɛn wuo akyi.

Gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne sɛ yɛrenya ahotosoɔ wɔ Ne mu sɛ, yɛn nyinaa bɛsɔre bio wɔ yɛn wuo akyi. Saa gyedie yi bɛtumi aboa akyekyere yɛn werɛ wɔ mmerɛ a yɛahwere obi. Wusɔreɛ ho bɔhyɛ no bɛtumi ayi owuo ho awerɛhoɔ afiri hɔ.

Gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne sɛ yɛregye adi na yɛrenya ahotosoɔ sɛ Ɔfaa yɛn amanehunu ne mmrɛyɛ too Ne ho so (hwɛ Yesaia 53:3–5). Ɛnam Ne suahunu nti Ɔnim sɛdeɛ ɔnam ahummɔborɔ so bɛboa yɛn wɔ asetena mu haw nyinaa mu (hwɛ Alma 7:11–12; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:8). Sɛ yɛnya gyedie a, Ɔboa yɛn ma yɛpem kɔ anim wɔ ahokyerɛ berɛ mu.

Ɛnam gyedie a yɛwɔ wɔ Ne mu nti, Yesu bɛtumi asa yɛn yareɛ wɔ honam ne honhom mu. Wayɛ krado berɛ biara sɛ ɔbɛboa yɛn berɛ a yɛkae Ne frɛ sɛ “monhwehwɛ me wɔ nsusuiɛ biara mu; monnye akyinnyeɛ, monsuro.” (Nkyerɛkyerɛ Ne Apam 6:36).

Ahokeka ne Tumi Nnyinasosɛm

Gyedie wɔ Yesu Kristo mu de ahokeka ba. Yɛkyerɛ yɛn gyedie berɛ a yɛdi mmaransɛm no so na yɛyɛ papa da biara. Yɛsakyera firi yɛn bɔne ho. Yεdi nokorɛ ma No. Yɛpere sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno.

Sɛ yɛnya gyedie a, yɛbɛtumi anya Yesu tumi wɔ yɛn daa daa asetena mu. Ɔbɛma yɛn ankasa mmɔdemmɔ ayɛ kɛse. Ɔbεboa yɛn ma yɛanyini na yɛako atia nsɔhwɛ.

Rehyɛ yɛn Gyedie Den

Nkɔmhyɛni Alma kyerɛkyerɛɛ sɛ worehyɛ gyedie den bɛtumi ahyɛ aseɛ tiawa afiri “ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛgye adi” (Alma 32:27). Afei, sɛdeɛ yɛn gyedie wɔ Kristo mu bɛnyini no, ɛwɔ sɛ yɛyɛn no berɛ a yɛsua Ne nsɛm, de Ne nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma, na yɛde Ne mmaransɛm so. Alma kyerɛkyerɛɛ sɛ, sɛ yɛde aboterɛ yɛne Onyankopɔn asɛm nokorɛmu wɔ yɛn akomam a, “ɛbɛnya nhini [na abɛyɛ te sɛ] dua a ɛrefifiri akɔ daa nkwa mu”—na ahyɛ yɛn gyedie den (Alma 32:41; hwɛ nkyekyɛmu 26–43).

Twerɛsɛm Sua

Gyedie, Tumi, ne Nkwagyeɛ

Gyedie Nkyerɛkyerɛ No

Gyedie ho Nhwɛsoɔ

Nnwuma ne Setie

Gyedie a ɛkɔ Adwenesakyera mu

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ, kɔ Twerɛnsɛm mu: “Yesu Kristo,” “Pata, Mpata,” “Gyidie

  • Twerɛ Kronkron Nsɛm Asekyerɛ nwoma: “Gyidie

  • Twerɛnsɛm Tinsɛm: “Yesu Kristo,” “Yesu Kristo Mpata,” “Gyedie wɔ Yesu Kristo mu

Adwensakyera

Deɛn ne Adwensakyera?

Adwensakyera ne asɛmpa no nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmienu. Gyedie wɔ Yesu Kristo mu ne ɔdɔ a yɛwɔ ma No ma yɛsakyera (hwɛ Helaman 14:13). Adwensakyera ne sɛ woredane akɔ Onyankopɔn nkyɛn na woadane afiri bɔne ho. Sɛ yɛsakyera a, yɛn nneyɛɛ, ɔpɛ, ne yɛn adwene sesa na ɛne Onyankopɔn pɛ kɔ yie. Ɛnam Yesu Kristo ne Ne Mpata afɔrebɔ no so ma yɛnya bɔnefakyɛ.

Adwensakyera boro sɛ wode wo pɛ reyɛ adwuma de asesa suban bi anaa adi mmrɛyɛ bi so. Adwensakyera ne sɛ woredane nokorɛ mu akɔ Kristo nkyɛn, deɛ ɔma tumi ma yɛde nya “nsesa kɛseɛ” wɔ yɛn akoma mu no (Alma 5:12–14). Sɛ yɛnya saa akoma mu nsesaeɛ yi a, wɔwo yɛn bio wɔ honhom mu (hwɛ Mosiah 27:24–26).

Adwensakyera ma yɛhunu Onyankopɔn, yɛn ankasa ho, ne wiase foforɔ. Yɛnya ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn sɛ Ne mma no atenka foforɔ—ne yɛn Agyenkwa no dɔ ma yɛn. Akwanya a yɛde sakyera yɛ nhyira akɛseɛ a Onyankopɔn nam Ne Ba no so de ama yɛn no mu baako.

Adwenesakyera Nhyehyɛeɛ

Sɛ yɛbɛsakyera a, yɛhunu yɛn bɔne na yɛnu yɛn ho nokorɛ mu. Yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn na yɛsrɛ Ne bɔnefakyɛ. Afei yɛka bɔne a ano yɛ den kyerɛ Asɔre akandifoɔ a wɔbɛtumi aboa ama yɛasakyera. Yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi de yɛ nhyɛananmu, a ɛkyerɛ sɛ yɛrebɔ mmɔden asiesie ɔhaw a yɛn nneyɛɛ bɛtumi de aba. Yɛda nokorɛ adwensakyera adi yie pa ara wɔ tenenee nneyɛɛ mu wɔ berɛ tenten.

Adwensakyera yɛ daa daa nhyehyɛeɛ wɔn yɛn nkwa nna nyinaa mu. “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn animuonyam abɔn wɔn” (Romafoɔ 3:23). Ɛwɔ sɛ yɛkɔ so ara sesa, na yɛkae sɛ “yɛtumi ade nyinaa yɛ, wɔ deɛ ɔyhɛ yɛn den no” mu (Filipifoɔ 4:13). Awurade ahyɛ yɛn bɔ sɛ “mpɛn dodoɔ a nkorɔfoɔ sakyera no ɔde wɔn mfomsoɔ bɛkyɛ wɔn” (Mosiah 26:30).

Nhyira a ɛwɔ Adwenesakyera mu

Adwensakyera yɛ nnyinasosɛm papa a ɛde anigyeɛ ne asomdwoeɛ ba. Ɛde yɛn ba “Dimafoɔ no tumi ho, ba nkwagyeɛ ho ma [yɛn] akra” (Helaman 5:11).

Sɛ yɛsakyera a, wɔyi yɛn afɔbuo ne awerɛhoɔ firi hɔ wɔ berɛ nhyehyɛeɛ mu. Yɛte Honhom no nsunsuansoɔ nka mmoroso. Ɔpɛ a yɛnya sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn akyi no yɛ kɛse.

Mfoni
Titenani Russell M. Nelson

“Nnipa pii hunu adwensakyera sɛ asotweɛ—adeɛ bi a ɛwɔ sɛ yɛkwati. … Nanso saa atenka a ayɛ sɛ asotwe no yɛ ɔbonsam na ɔde ba. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsi yɛn kwan sɛ yɛbɛhwɛ Yesu Kristo a wabue ne nsam gyina hɔ, wɔ anidasoɔ ne ɔpɛ sɛ ɔbɛsa yareɛ, de bɔne akyɛ, ate yɛn ho, ahyɛ yɛn den, na wadwira yɛn” (Russell M. Nelson, “Yɛbɛtumi Ayɛ Papa Akyɛn Saa,” Ensign anaa Liahona, Kɔtɔnimaa 2019, 67).

Twerɛsɛm Sua

Adwensakyera

Ɔgyeɛ ne Bɔnefakyɛ

Ahummɔborɔ ma Wɔn a Wɔsakyera

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Sakyera, Adwensakyera,” “Pata, Mpata

  • Twerɛ Kronkron Nsɛmfua Nkyerɛaseɛ nwoma: “Adwensakyera

  • Amansan Akwankyerɛ nwoma, 32.1.

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Adwensakyera,” “Yesu Kristo Mpata

Mfoni
abaayewa a wɔrebɔ no asu

Asubɔ:Yɛne Onyankopɔn Apam a ɛdi Kan

Yesu Kristo mu Gyedie ne adwensakyera siesie yɛn ma asubɔ ne denhyɛ ayɛyɛdeɛ no. Asubɔ ne Yesu Kristo asɛmpa no nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ a ɛdi kan. Sɛ yɛgye saa anigyeɛ anidasoɔ ayɛyɛdeɛ yi a, yɛne Onyankopɔn yɛ apam a ɛdi kan.

Ayԑyԑdeԑ yɛ dwumadie kronkron a wɔnam asɔfodie tumi so yɛ. Ayɛyɛdeɛ binom, te sɛ asubɔ, ho hia ma yɛn nkwagyeɛ.

Yɛnam ayɛyɛdeɛ so ne Onyankopɔn yɛ apam. Saa apam no yɛ bɔhyɛ kronkron wɔ yɛne Onyankopɔn ntam. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛhyira yɛn berɛ a yɛdi bɔhyɛ a yɛne No wɔ so. Ɛwɔ sɛ yɛnya ahofama kɛseɛ sɛ yɛbɛdi bɔhyɛ a yɛne Onyankopɔn wɔ so.

Onyankopɔn ama ayɛyɛdeɛ ne apam ahodoɔ a ɛbɛboa yɛn ma yɛaba Ne nkyɛn na yɛanya nkwa a ɛnni awieeɛ. Sɛ yɛgye asɔfodie ayɛyɛdeɛ na yɛdi ɛho apam so a, yɛbɛtumi anya “nyamesu tumi” wɔ yɛn abrabɔ mu (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:20).

Asubɔ Apam no

Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ asubɔ ho hia ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛkɔ ɔsoro ahemman mu (hwɛ John 3:5). Ɛsane nso hia ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo Asɔre no mma. Agyenkwa no yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔbɔɔ no asu (hwɛ Mateo 3:13–17).

Sɛ wɔbɔ yɛn asu na yɛdi yɛn apam so a, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛ (hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 22:16; 3 Nephi 12:1–2). Saa nhyira kɛseɛ yi tumi ba mu ɛnam Yesu Kristo mpata afɔrebɔ no nti, deɛ “ɔdɔɔ yɛn, na ɔde n’ankasa mogya hohoroo yɛn ho firii yɛn bɔne ho no” (Adiyisɛm 1:5). Onyankopɔn sane hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔde Sunsum Kronkron no ayɔnkofa bɛhyira yɛn sɛdeɛ wɔbɛtumi ate yɛn ho, akyerɛ yɛn kwan, na wɔakyekyere yɛn werɛ.

Wɔ yɛn fa mu wɔ asubɔ apam mu no, yɛdi adanseɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din ato yɛn ho so. Yɛsane hyɛ bɔ sɛ yɛbɛkae No mmerɛ nyinaa na yɛadi Ne mmaransɛm so. Yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛdɔ na yɛasom afoforɔ, “yɛne wɔn a wɔsu no bɛsu; … akyekyere wɔn a wɔn werɛ ahoɔ werɛ, na yɛagyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ mmerɛ nyinaa, ne mmea nyinaa” (Mosiah 18:9; hwɛ nkyekyɛmu 8–10, 13). Yɛkyerɛ ahotosoɔ sɛ yɛbɛsom Yesu Kristo akɔsi yɛn abrabɔ awieeɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37; Mosiah 2:17).

Yɛn apam ahofama a ɛka asubɔ ho yɛ asodie kɛseɛ. Ɛsane nso yɛ nkuranhyɛ ne anigyeɛ. Ɛde ayɔnkofa sononko ba yɛne Ɔsoro Agya ntam a ɛnam so ma Ɔkɔso daa de Ne dɔ ma.

Nsuomhyɛ Asubɔ

Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔde yɛn hyɛ nsuom bɔ yɛn asu ma yɛn bɔne fafiri (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:72–74). Nsuomuhyɛ asubɔ yɛ Yesu Kristo wuo, ne sie, ne Wusɔre ho ahyɛnsodeɛ (hwɛ Romafoɔ 6:3–6).

Nsuomuhyɛ asubɔ sane yɛ ahyɛnsodeɛ kɛseɛ ma yɛn ankasa. Ɛkyerɛ yɛn abrabɔ dada wuo, saa abrabɔ no wuo, ne yɛn sɔreɛ wɔ honhom mu awoɔ mu. Sɛ wɔbɔ yɛ asu a, yɛhyɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔrewo yɛn foforɔ na yɛabɛyɛ Kristo honhom mu mma mmarima ne mma mmaa ase (hwɛ Mosiah 5:7–8; Romafoɔ 8:14–17).

Nkwadaa

Wɔmmɔ mmɔfra asu kɔsi sɛ wɔbɛduru akontabuo mfeɛ so, a ɛyɛ mfeɛ nwɔtwe (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:27). Mmɔfra a wɔwu ansa na wɔaduru saa mfeɛ no wɔnam Yesu Kristo Mpata no so gye wɔn (hwɛ Moroni 8:4–24; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 137:10). Ansa na wɔbɛbɔ mmɔfra asu no, ɛwɔ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn asɛmpa no sɛdeɛ wɔbɛsiesie wɔn ho yie ama saa anammɔntuo a ɛho hia wɔ wɔn abrabɔ mu sɛ wɔne Onyankopɔn bɛyɛ apam no.

Adidi Kronkron

Yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛyɛ anokwafoɔ wɔ apam a yɛne No yɛ ho. Sɛdeɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yei nti, Wahyɛ yɛn sɛ yɛntaa nhyia na yɛmfa adidi kronkron no. Adidi kronkron no yɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ a Yesu Kristo de kyerɛɛ N’Asuafoɔ no ansa na Ne Mpata reba soɔ.

Adidi kronkron fa yɛ adidi kronkron nhyiamu botaeɛ titire wɔ nnawɔtwe biara. Wɔhyira paanoo ne nsuo so de ma asɔremma. Paanoo no gyina hɔ ma Agyenkwa no honamdua afɔrebɔ ma yɛn. Nsuo no gyina hɔ ma Ne mogya, a Ɔhwie gu maa yɛn.

Yɛfa saa nsɛnkyerɛnneɛ yi de kae Agyenkwa no afɔdebɔ na yɛde yɛ yɛne Onyankopɔn apam no foforɔ. Yɛnya bɔhyɛ foforɔ sɛ Honhom no bɛka yɛn ho.

Twerɛsɛm Sua

Kristo Nhwɛsoɔ

Asubɔ Apam no

Asubɔ ho Mudie

Asubɔ mu Nhyira Bɔhyɛ

Tumi ho Hia a Ɛhia

Yesu na Ɔɛɛ Adidi kronkron

Adidi Kronkron Mpaeɛ

Worefa Adidi Kronkron no

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Mfoni
Kristo de nsa gu ɔbaa so

Honhom Kronkron Akyɛdeɛ no

Regye Sunsum Kronkron Akyɛdeɛ no

Asubɔ wɔ afa mmienu Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛhia sɛ “wɔwo yɛn wɔ nsuo ne honhom mu” na yɛatumi akɔ Onyankopɔn ahemman no mu (Yohane 3:5; nsisodua ka ho). Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Nsuo asubɔ yɛ asubɔ fa, na sɛ ɛfa baako no—a ɛyɛ Sunsum Kronkron asubɔ nka ho a, mfasoɔ biara nni so” (Asɔre Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith [2007], 95).

Ɛwɔ sɛ Honhom asubɔ toa nsuo asubɔ no so ma ɛwie pɛyɛ. Sɛ yɛgye asubɔ mmienu no a, wɔhohoro yɛn ho firi yɛn bɔne ho na wɔwo yɛn bio wɔ honhom mu. Afei yɛfiri honhom mu abrabɔ foforɔ ase sɛ Kristo akyidifoɔ.

Yɛgye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no wɔ ayɛyɛdeɛ a wɔfrɛ no denhyɛ mu. Wɔyɛ saa ayɛyɛdeɛ yi berɛ a asɔfodie kurafoɔ baako anaa dodoɔ de wɔn nsa gu yɛn tiri so. Wɔdi kan hyɛ yɛn den sɛ Asɔre no ba, na afei Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ma yɛn. Saa ayɛyɛdeɛ korɔ yi ara na wɔka no wɔ Apam Foforɔ ne Mormon Nwoma mu no (hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 8:14–17; 3 Nephi 18:36–37).

Sunsum Kronkron no yɛ Onyame baasa-korɔ no mu deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa. Ɔne Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ka bom yɛ adwuma. Sɛ yɛgye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no a, yɛbɛtumi anya n’ayɔnkofa wɔ yɛn abrabɔ mu nyinaa berɛ a yɛyɛ anokwafoɔ.

Sɛdeɛ Sunsum Kronkron no Boa Yɛn

Sunsum Kronkron akyedeɛ no yɛ yɛn Agya a Ɔwɔ Soro akyɛdeɛ baako a ɛsom boɔ yie. Sunsum Kronkron no hohoro na ɛte yɛn ho, na ɛma yɛyɛ kronkron yie, wie pɛyɛ yie, te sɛ Onyankopɔn (hwɛ 3 Nephi 27:20). Ɔboa yɛn ma yɛsesa na yɛnyini wɔ honhom mu berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn nhyehyɛeɛ so.

Sunsum Kronkron no boa yɛn ma yɛsua na yɛhunu nokorɛ (hwɛ Moroni 10:5). Ɔsane nso si nokorɛ so dua wɔ yɛn akoma ne adwene mu. Bio, Sunsum Kronkron no boa yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ nokorɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:14). Sɛ yɛnam Sunsum Kronkron no tumi so sua na yɛkyerɛkyerɛ a, Ɔde kɔ yɛn akoma mu (hwɛ 2 Nephi 33:1).

Sɛ yɛhwehwɛ Sunsum Kronkron no wɔ ahobrɛaseɛ mu a, Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan (hwɛ 2 Nephi 32:5). Ɛbi ne sɛ ɔbɛkanyan yɛn wɔ sɛdeɛ yɛbɛtumi asom afoforɔ ho.

Sunsum Kronkron no ma honhom mu ahoɔden a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi mmrɛyɛ so. Ɔboa yɛn ma yɛsi nsɔhwɛ kwan. Ɔbɛtumi abɔ yɛn kɔkɔ wɔ honhom ne honam mu asiane ho.

Sunsum Kronkron no bɛboa yɛn wɔ abrabɔ mu ɔhaw mu. Ɔbɛkyekyere yɛn werɛ wɔ nsɔhwɛ anaa awerɛhoɔ mmerɛ mu, ama yɛn anidasoɔ (hwɛ Moroni 8:26). Ɛnam Honhom Kronkron no so yɛbɛtumi ate Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn no nka.

Twerεsεm Sua

Honhom Kronkron no bɔsu

Nhyira ne Nkεntεnsoɔ a εfiri Honhom Kronkron no

Honhom Kronkron Akyεdeε no ho hia a εhia

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Mfoni
Yesu kura mmɔfra

Gyina kɔsi Awieɛ

Sɛ wͻbͻ yɛn asu na wͻhyɛ yɛn den a, yɛne Onyankopɔn yɛ apam. Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm so na yɛasom No wɔ yɛn nkwa nna a aka nyinaa (hwɛ Mosiah 18:8–10, 13; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:37).

Sɛ yɛnam asubɔ ne denhyɛ so wura asɛmpa kwan no so wie a, yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛka so. Sɛ yɛfiri kwan no so kakra bi mpo a, yɛnya gyedie wɔ Kristo mu de sesa. Nhyira a ɛwɔ adwensakyera mu ma yɛn kwan ma yɛsane kɔ asɛmpa kwan no so na yɛsane nya nhyira a ɛwɔ yɛne Onyankopɔn apam mu. Sɛ yɛsakyera wɔ nokorɛ mu a, Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ na wasane agye yɛn berɛ biara.

Yɛregyina akɔduru awieeɛ kyerɛ sɛ yɛreyɛ anokwafoɔ ama Onyankopɔn akɔsi yɛn abrabɔ awieeɛ—wɔ mmerɛ papa ne bɔne mu, wɔ yiedie ne amanehunu mu. Yɛde ahobrɛaseɛ ma Kristo kwan ma ɔsiesie yɛn na ɔma yɛyɛ te sɛ Ɔno yie. Ɛmfa ho ne deɛ ɛba yɛn abrabɔ mu no, yɛde gyedie, ahotosoɔ ne anidasoɔ hwɛ Kristo.

Yɛregyina akɔduru awieeɛ nkyerɛ kɛkɛ sɛ yɛretwɛn akɔsi sɛ yɛbɛwuo. Mmom, ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ, adwene, ne nneyɛɛ resi Yesu Kristo so. Ɛbi ne sɛ yɛrekɔso anya gyedie wɔ Kristo mu da biara. Yɛsane kɔso sakyera, di yɛne Onyankopɔn apam so, na yɛhwehwɛ Sunsum Kronkron ayɔnkofa no.

Yɛregyina akɔduru awieeɛ bi ne sɛ “yɛde pintinnyɛ [re]pem akɔ anim wɔ Kristo mu, yɛrenya anidasoɔ hann a ɛwie pɛyɛ, ne Onyankopɔn ne nnipa nyinaa ho dɔ.” Yɛn Soro Agya hyɛ bɔ sɛ, sɛ yɛgyina kɔduru awieeɛ a, “yɛbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ” (2 Nephi 31:20).

Twerεsεm Sua

Gyina kɔsi awieeɛ

Nhyira a εwɔ h ɔ ma Wɔn a Wɔgyina

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Amanehunu

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Gyina,” “Amanehunu

Mfoni
abusua a wɔn ani agyeɛ

Yesu Kristo Asɛmpa no Hyira Onyankopɔn Mma Nyinaa

Yesu Kristo asεmpa no wɔ hɔ ma Onyankopɔn mma nyinaa. Twerɛnsɛm kyerɛkyerɛ sɛ “yɛn nyinaa te sɛ Onyankopɔn” ɛmfa ho ne yɛn nkyi anaa tebea. Ɔfrɛ “obiara sɛ yɛmmra ne nkyɛn mmɛnya n’ayamyɛ no bo; na ɔmpo obiara a ɔba ne nkyɛn” (2 Nephi 26:33).

Asɛmpa no hyira yɛn wɔ yɛn wiase asetena mu ne daapem nyinaa. Yɛn ani bɛtumi agye—sɛ ankorankorɛ anaa sɛ mmusua—berɛ a yɛdi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no so (hwɛ Mosiah 2:41; “Abusua: Dawurubɔ ma Wiase,” ChurchofJesusChrist.org). Sɛ yɛdi asɛmpa no so a ɛma yɛn anigyeɛ yɛ kɛseɛ, ɛhyɛ yɛn nneyɛɛ nkuran, na ɛma yɛn abusuabɔ mu dɔre.

Sɛ yɛdi Yesu Kristo asɛmpa no so a, ɛbɛtumi nso abɔ yɛn ho ban afiri deɛ yɛyi a ɛbɛtumi apira yɛn wɔ honam anaa honhom mu ho. Ɛboa ma yɛnya ahoɔden ne awerɛkyekyerɛ wɔ nsɔhwɛ ne awerɛhoɔ mmerɛ mu. Ɛma kwan a ɛkɔ daapem asetena a ɛyɛ anigyeɛ mu.

Asɛmpa a aba bio no nkrasɛm kɛseɛ pa ara baako ne sɛ yɛn nyinaa ka Onyankopɔn abusua no ho. Yɛyɛ Ne mma mmarima ne mma mmaa a ɔdɔ yɛn. Ɛmfa ho ne yɛn abusua tebea wɔ asase so, yɛn mu biara ka Onyankopɔn abusua no ho.

Yɛn nkrasɛm no fa kɛseɛ foforɔ ne sɛ wɔbɛtumi ka mmusua abom afebɔɔ. Abusua no yɛ Onyankopɔn ahyehyɛdeɛ. Ɔsoro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ no ma kwan ma abusuabɔ toa so wɔ owuo akyi. Tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam kronkron ma ɛyɛ yie sɛ mmusua bɛka abom afebɔɔ.

Ɛnam asɛmpa no hann so, mmusua bɛtumi asiesie ntawantawa, aperedie ne ɔhaw ahodoɔ. Ɛnam adwensakyera, bɔnefakyɛ, ne gyedie a ɛwɔ Yesu Kristo Mpata no tumi mu so, mmusua a ntotoɔ ama wɔn mu atete bɛtumi asiesie wɔn ntam.

Yesu Kristo asɛmpa no boa yɛn ma nya abusua nkutahodie kɛseɛ. Efie ne bea papa a yɛkyerɛkyerɛ na yɛsua asɛmpa no nnyinasosɛm. Efie a wɔkyekyere no asɛmpa nnyinasosɛm so no bɛyɛ dwanekɔbea ne bea a banbɔ wɔ. Ɛbɛyɛ bea a Awurade Honhom bɛtumi atena.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Tiawa kɔ Adantam Asuadeɛ Nkyekyɛmu

Nkyekyɛmu a ɛdidi soɔ yi yɛ deɛ wobɛtumi akyerɛkyerɛ obi ho nhwɛsoɔ berɛ a wowɔ berɛ tiawa bi pɛ. Sɛ wode saa nkyekyɛmu yi reyɛ adwuma a, yi nnyinasosɛm baako anaa dodoɔ kyerɛkyerɛ. Wɔde nnyinasosɛm biara ho nkyerɛkyerɛ fapem adi kan ama wɔ adesua 1.

Sɛ worekyerɛkyerɛ a, bisa nsɛm na tie. Ma ɔfrɛ a ɛbɛboa nkorɔfoɔ ma wɔahunu sɛdeɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn yie. Ɔfrɛ baako a ɛho hia ne sɛ onipa no bɛsane ne wo ahyia bio. Berɛ tenten a adesua no bɛfa bɛgyina nsɛm a wobisa ne sɛdeɛ wotie so.

Mfoni
sɛmpatrɛfoɔ rekyerɛkyerɛ mmaa

Deɛ Wobɛtumi Akyerɛkyerɛ Nkorɔfoɔ wɔ Simma 3-10 ntam

  • Onyankopɔn somaa Ne Ba Yesu Kristo wɔ asase so, sɛ ɔmmɛgye yɛn mfirii bɔne ne owuo mu.

  • Yesu Kristo mu gyedie yɛ nneyɛɛ ne tumi nnyinasosɛm. Gyedie boa yɛn ma yɛnya Agyenkwa no tumi ahoɔden wɔ yɛn abrabɔ mu.

  • Gyedie wɔ Yesu Kristo mu ma yɛsakyera. Adwensakyera ne sɛ woredane akɔ Onyankopɔn nkyɛn na woadane afiri bɔne ho. Sɛ yɛsakyera a, yɛn nneyɛɛ, ɔpɛ, ne yɛn adwene sesa na ɛne Onyankopɔn pɛ kɔ yie.

  • Sɛ yɛsakyera a, Onyankopɔn de kyɛ yɛn. Bɔnefakyɛ wɔ hɔ ɛfiri sɛ Yesu Kristo tuaa yɛn bɔne so ka.

  • Asubɔ wɔ afa mmienu: nsuo ne Honhom asubɔ Sɛ wͻbͻ yɛn asu na wͻgye yɛn to mu a, wɔte yɛn ho firi yɛn bɔne ho, na ɛma yɛn mfitiaseɛ foforɔ wɔ abrabɔ mu.

  • Wɔde tumi bɔ yɛn asu awie no, yɛgye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no wɔ ayɛyɛdeɛa wɔfrɛ no denhyɛ mu.

  • Sɛ yɛde nokorɛdie fa asɛmpa kwan no so a kɔduru yɛn abrabɔ awieeɛ a, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ yɛbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.