Twerɛnsɛm
Moronae 5


Ti 5

Wɔkyerɛkyerɛ ɛkwan a wɔfa so de Awurade adidie bobesa no ma mu. Bɛyɛ mfinhyia 401–421 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Ɛkwan a wɔfa so de bobesa no ma nie—Monhwɛ, wɔfaa kuruwa no, na ɔkaa sɛ:

2 O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, yɛsrɛ wo wɔ wo Ba Yesu Kristo din mu, sɛ hyira saa bobesa yi so na te ho ma akra a wɔbɛnom bi no nyina ara; sɛ wɔbɛnom de akae wo Ba no mogya no a ɔhwie gu maa wɔn no; sɛ wɔbɛdi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, sɛ wɔbɛkae no mmerɛ nyina ara, ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena. Amen.