Twerɛnsɛm
Moronae 1


Moronae Nwoma No

Ti 1

Moronae twerɛ deɛ ɛbɛyɛ mfasoɔ ama Lamanfoɔ no—Wɔkum Nifaefoɔ a wɔampene sɛ wɔbɛpo Kristo no. Bɛyɛ mfinhyia 401–421 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Afei me, Moronae, mmerɛ a metwitwaa Yared nkurɔfoɔ no ho nsɛm no so ntiatia wieeɛ no, mampɛ sɛ anka mɛtwerɛ bio aka ho, nanso mennya nwuie; na mesuro sɛ mɛyi me ho adi akyerɛ Lamanfoɔ no, ɛfiri sɛ anyɛ a na wɔakum me.

2 Na monhwɛ, na akokoakoko a ɛsisii wɔ wɔn mu no yɛhu yie, na ɔtan nti wɔkumm Nifaeni biara a wampo Kristo no.

3 Na me, Moronae, merempo Kristo no; ɛno nti, mɛkyinkyini baabiara a mɛtumi wɔ me ara me nkwa ahobanbɔ ho.

4 Ɛno nti, meretwerɛ nsɛm kakra ara bi, a etia me nsusuɛ sɛ mɛtwerɛ kakra nso bio aka ho, ama ebia na ɛso aba mfasoɔ ama me nuanom Lamanfoɔ no daakye bi sɛdeɛ Awurade pɛ teɛ no.