Twerɛnsɛm
Moronae 2


Ti 2

Yesu ma Nifaefoɔ akyidifoɔ dumienu no tumi sɛ wɔmfa Honhom Kronkron akyɛdeɛ no mma. Bɛyɛ mfinhyia 401–421 wɔ Kristo wuo akyiri.

1 Kristo nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’akyidifoɔ dumienu no a ɔyii wɔn na ɔde ne nsa guu wɔn so no—

2 Na ɔbobɔɔ wɔn din kaa sɛ: Mobɛfrɛ Agya no wɔ me din mu, wɔ mpaebɔ a ɛyɛ den mu; na moyɛ yei wie a mobɛnya tumi a obi ara a, mode mo nsa bɛgu no so no, mode Honhom Kronkron no bɛma no; na me din mu na mode bɛma, na sei na m’asuafoɔ yɛ.

3 Afei Kristo kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn wɔ mmerɛ a ɛdi kan a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no; na nkurɔfokuo no ante, na mmom n’akyidifoɔ no teeɛ; na dodoɔ no ara a wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron no baa wɔn so.