Twerɛnsɛm
Moronae 4


Ti 4

Ɔkyerɛkyerɛ sɛdeɛ asɔre mpanimfoɔ ne asɔfoɔ de Awurade adidie paanoo no ma mu. Bɛyɛ mfinhyia 401–421 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Ɛkwan a wɔn asɔre mpanimfoɔ ne asɔfoɔ nam so de Kristo honam ne ne mogya ma asɔremma no nie; na wɔde ma sɛdeɛ Kristo mmaransɛm teɛ; ɛno nti yɛnim sɛ saa kwan no yɛ nokware; na asɔre panin anaa sɛ ɔsɔfo na ɔhyiraa so—

2 Na wɔne asɔre mma no nyina ara buu nkotodwe, na wɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no wɔ Kristo din mu, sɛ:

3 O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, yɛsrɛ wo wɔ wo Ba Yesu Kristo din mu, sɛ hyira saa paanoo yi so na te ho ma akra a wɔbɛdi bi no nyina ara; sɛ wɔbɛdi de akae wo Ba no honam dua, na wɔadi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfa wo Ba no din ato wɔn ho so, na wɔakae no mmerɛ nyina ara, na wɔadi ne mmaransɛm a ɔde ama wɔn no so, ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena mmerɛ nyina ara. Amen.