Twerɛnsɛm
Eter 15


Ti 15

Wɔkum Yaredfoɔ mpempem wɔ ɛko mu—Sis ne Koriantuma boa nkurɔfoɔ no nyina ara ano sɛ wɔrekɔko honam mu awu—Awurade Honhom no ne wɔn antena bio—Wɔsɛe Yared man no korakora—Koriantuma nko ara na ɔka.

1 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Koriantuma kuro no wuwu wieeɛ no, ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekae nsɛm a Eter kakyerɛɛ no no.

2 Ɔhunuu sɛ wɔde akofena akumkum ne nkurɔfoɔ no mu bɛyɛ sɛ ɔpepem mmienu dada, na ɔhyɛɛ aseɛ dii awerɛhoɔ wɔ n’akoma mu; aane, wɔakumkum mmarima akatakyie ɔpepem mmienu, ne wɔn yerenom ne wɔn mma nso.

3 Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔresakyera afiri ne bɔne a wayɛ ho; ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekae nsɛm a nkɔmhyɛfoɔ no nyina ara de wɔn ano aka no, na ɔhunuu sɛ ne nyina ara ahyɛ ma aduru saa, ne mu biara; na me kra suui na wamma kwan amma wɔankyekyere ne werɛ.

4 Na ɛbaa sɛ ɔtwerɛɛ krataa de kɔmaa Sis, sɛ ɔsrɛ no ara ɔnnyae ne nkurɔfoɔ no, na nkurɔfoɔ no nkwa nti ɔbɛgyae aheman no mu ama no.

5 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Sis nsa kaa ne krataa no, ɔno nso twerɛɛ krataa de kɔmaa Koriantuma sɛ, sɛ ɔde ne ho bɛma ama ɔde n’akofena akum ne ho deɛ a, ɔde nkurɔfoɔ no nkwa bɛkyɛ wɔn.

6 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no ansakyera amfiri wɔn amumuyɛ ho; na Sis nkurɔfoɔ no abufuo sɔree wɔ Koriantuma nkurɔfoɔ no so; ɛno nti, Sis nkurɔfoɔ no ne Koriantuma nkurɔfoɔ no kɔkooe.

7 Na mmerɛ a Koriantuma hunuu sɛ wɔrebɛdi nkoguo no, ɔdwane firii Sis nkurɔfoɔ no anim bio.

8 Na ɛbaa sɛ ɔbaa asubɔntene Ripliankum ho, deɛ ne nkyerɛaseɛ ne sɛ ɛtrɛ, anaa sɛ ɛkyɛn ne nyina ara; ɛno nti, mmerɛ a wɔbaa saa nsuo no ho no, wɔsisii wɔn ntomadan; na Sis nso sisii ne ntomadan bɛn nsuwa no ho; na ɛno nti adeɛkyeeɛ no wɔhyɛɛ ɛkoo no ase.

9 Na ɛbaa sɛ wɔkoo ɛko a na emu yɛ den yie, ɛno mu na Koriantuma piraa bio, na ɔhweree mogya pii maa ɔtwahwee fam.

10 Na ɛbaa sɛ Koriantuma asraafoɔ no to hyɛɛ Sis asraafoɔ no so maa wɔboroo wɔn, maa wɔdwane firii wɔn anim; na wɔdwane kɔɔ anaafoɔ, na wɔkɔ sisii wɔn ntomadan wɔ bea bi a wɔfrɛ hɔ Ogat.

11 Na ɛbaa sɛ Koriantuma asraafoɔ no sisii wɔn ntomadan wɔ pampa Rama nkyɛn; na saa pampa no ara mu na m’agya Mormon de twerɛtohɔsɛm Kronkron no sie maa Awurade.

12 Na ɛbaa sɛ wɔboaboaa nkurɔfoɔ no a wɔwɔ asaase no ani so nyina ara no a wɔankum wɔn no ano maa ɛkaa Eter nko ara.

13 Na ɛbaa sɛ Eter hunuu nkurɔfoɔ no nneyɛɛ nyina ara; na ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ a na wɔwɔ Koriantuma afa no boaa wɔn ano kɔkaa Koriantuma asraafoɔ no ho; na nkurɔfoɔ nso a na wɔwɔ Sis afa no nso boaa wɔn ano kɔkaa Sis asraafoɔ no ho.

14 Ɛno nti, bɛyɛ mfie nan ntam no, na wɔreboaboa nkurɔfoɔ no ano, ama wɔn nsa aka wɔn a wɔwɔ asaase no so nyina ara, ama wɔanya ahoɔden biara a ɛsɛ sɛ wɔnya.

15 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔn nyina ara boaa wɔn ano wieeɛ no, obiara ne ne yere, ne ne mma kɔkaa asraafoɔ a wɔpɛ no ho—mmarima, mmaa ne nkwadaa nyina ara faa akodeɛ, na wɔfaa akokyɛm, ne nkataboɔ, ne dadeɛkyɛ, na wɔhyɛɛ akotaadeɛ sɛdeɛ wɔrekɔko no—na wɔtu tene kɔɔ sɛ obiara ne ne yɔnko rekɔko; na wɔkoo saa da no nyina ara; na obiara antumi anni nkunim.

16 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a adeɛ saaɛ no, na wɔaberɛberɛ, na wɔkɔɔ wɔn nsraban no mu; na wɔkɔɔ wɔn nsraban no mu akyire yi no wɔkekaa mu na wɔbɔɔ bena wɔ wɔn nkurɔfoɔ a wɔakumkum wɔn no nti; na wɔsuui, wɔn nkekam ne wɔn bena a wɔbɔɔɛ no yɛɛ kɛseɛ maa ɛgyegyee ewiem yie.

17 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔkɔkooe bio, na saa da no yɛɛ kɛse na ɛyɛ hu; nanso, obiara anni nkunim, na mmerɛ a adeɛ saaɛ bio no, wɔn suu ne wɔn nkekamuu, ne wɔn awerɛhodie wɔ wɔn nkurɔfoɔ a wɔakumkum wɔn no nti, ɛgyegyee ewie mu yie.

18 Na ɛbaa sɛ Koriantuma twerɛɛe krataa de kɔmaa Sis bio, sɛ ɔpɛ sɛ ɔremma mmɛko bio, na mmom ɔmfa n’aheman no, na ɔmfa nkurɔfoɔ no nkwa nkyɛ wɔn.

19 Mmom monhwɛ, Awurade Honhom agyae sɛ ɛne wɔn retena, na Satan nyaa tumi morosoɔ wɔ nkurɔfoɔ no akoma so; na nkurɔfoɔ no gyaee wɔn ho nyina ara maa wɔn akomaden, ne wɔn adwene a afira maa wɔsɛesɛee wɔn ho; ɛno nti wɔkɔ kɔkooe bio.

20 Na ɛbaa sɛ wɔkoo saa da no nyina ara, na anadwo no wɔdedaa wɔn akofena so.

21 Na adeɛkyeeɛ no wɔkooe ara kɔsii sɛ adeɛ saaeɛ.

22 Na adeɛ saaeɛ no na abufuo aboboro wɔn, sɛdeɛ nipa a wanom bobesa aboro no; na wɔdedaa wɔn akofena so bio.

23 Na adeɛkyeeɛ no wɔkoo bio; na mmerɛ a adeɛ saaeɛ no na wɔn nyina ara atotɔ wɔ akofena ano, gye sɛ Koriantuma nkurɔfoɔ no mu aduonum mmienu, ne Sis nkurɔfoɔ no mu aduosia nkron.

24 Na ɛbaa sɛ wɔdedaa wɔn akofena so saa anadwo no nso, na adeɛkyeeɛ no wɔkɔkoo bio, na wɔde wɔn ahoɔden nyina ara ne wɔn akofena ne wɔn akokyɛm nyina ara dii asie ɛda no nyina ara.

25 Na mmerɛ a adeɛ saaeɛ no na aka Sis nkurɔfoɔ no aduasa mmienu, ne Koriantuma nkurɔfoɔ no nso aduonu nson.

26 Na ɛbaa sɛ wɔdidii na wɔdaae, na wɔsiesiee wɔn ho twɛnn owuo adekyeɛ no. Na wɔyɛ mmarima akatakyie a wɔn ho yɛ den yie sɛdeɛ mmarima ho yɛ den no.

27 Na ɛbaa sɛ wɔkooe dɔnhwere mmiɛnsa ntam, na wɔhweree mogya maa wɔtwitwahwee fam.

28 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Koriantuma mmarima no nyaa ahoɔden kakra a ɛbɛma wɔatumi anante no, wɔyɛɛ sɛ wɔn nkwa nti wɔbɛdwane; mmom monhwɛ, Sis sɔree, na ne mmarima no nso saa ara, na ɔdii nse wɔ n’abufuo mu sɛ ɔbɛkum Koriantuma anaa sɛ ɔbɛyera wɔ akofena ano.

29 Ɛno nti, ɔdii wɔn akyiri pamoo wɔn, na adeɛ kyeeɛ no, ɔtoo wɔn; na wɔde akofena koo bio. Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔn nyina ara totɔɔ wɔ akofena ano no, na ɛkaa Koriantuma ne Sis, nko ara no, monhwɛ, na Sis ahwere mogya ama no atwa ahwe.

30 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Koriantuma atwere n’akofena ano sɛ ɔregye n’ahome kakra no, ɔtwaa Sis tiri firii so.

31 Na ɛbaa sɛ ɔtwaa Sis tiri firii so wieeɛ no, Sis pagyaa ne mu wɔ ne nsa so na ɔhwee ase; na yei akyiri no ɔperee na ɔwuui.

32 Na ɛbaa sɛ Koriantuma twa hwee fam, na ɔyɛɛ sɛdeɛ nkwa nni ne mu no.

33 Na Awurade kasa kyerɛɛ Eter, na ɔsee no sɛ: Kɔ hɔ. Na ɔkɔɔ hɔ, na ɔhunuu sɛ Awurade nsɛm no nyina ara ahyɛ ma; na ɔwiee ne nsɛm no twerɛ (na nsɛm no munkyɛmuu ɔha mu baako mpo mantwerɛ) na ɔde siee wɔ kwan bi so a ɛmaa Limhae nkurɔfoɔ no hunuui.

34 Afei nsɛm a ɛtwa toɔ a Eter twerɛeɛ no nie: Sɛ ɛyɛ Awurade pɛ sɛ merennhunu owuo da a, anaa sɛ ɛyɛ Awurade pɛ sɛ mehunu amane wɔ honam yi mu a, ɛmfa ho sɛ ɛbɛba no sɛ ɔbɛgye me nkwa wɔ Onyankopɔn aheman no mu. Amen.