Twerɛnsɛm
Eter 13


Ti 13

Eter ka Yerusalem Foforɔ a Yosef aseni no bɛkyekyere no wɔ Amerika no ho asɛm–Ɔhyɛ nkɔm, na wɔto no twene, ɔtwerɛ Yaredfoɔ abakɔsɛm, na ɔka Yaredfoɔ a dabi wɔbɛseɛ no ho asɛm—Akokoakoko sɔre wɔ asaase no so nyina ara.

1 Na afei me, Moronae, meretoa so awie me nsɛm a ɛfa nkurɔfoɔ a matwerɛ wɔn sɛeɛ no ho.

2 Na monhwɛ, wɔpoo Eter nsɛm no nyina ara; na nokware mu ɔkaa nneɛma nyina ara ho nsɛm kyerɛɛ wɔn, fiti nnipa ahyɛase; na mmerɛ a nsuo no twetwe firii asaase yi so no akyire yi no, ɛbɛyɛɛ asaase a ɛyɛ kyɛn nsaase a aka nyina ara, asaase a Awurade asa mu ayi; ɛno nti Awurade pɛɛ sɛ nnipa a wɔbɛtena asaase no so no nyina ara som no.

3 Na na ɛyɛ Yerusalem foforɔ no a ɛfiri soro bɛsiane aba fam no, ɛne Awurade kronkronbea kronkron no.

4 Monhwɛ, Eter hunuu Kristo mmerɛ no, na ɔkasa faa deɛ ɛfa Yerusalem Foforɔ wɔ asaase yi so.

5 Na ɔkasa nso faa Israel fiefoɔ ho, ne Yerusalem no a Lihae bɛfiri hɔ aba no nso ho—sɛ wɔsɛe no a, wɔbɛsan akyekyere no bio, kuropɔn kronkron ama Awurade, ɛno nti, ɛrentumi nnyɛ Yerusalem foforɔ, ɛfiri sɛ na ɛwɔ hɔ tete mmerɛ no mu; na mmom ɛsɛ sɛ wɔkyekyere no bio, ma abɛyɛ Awurade kuropɔn kronkron; na ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ma Israel fiefoɔ—

6 Na ɛsɛ sɛ wɔkyekyere Yerusalem Foforɔ wɔ asaase yi so, ama Yosef asefoɔ nkaaɛ no a, saa nneɛma yi yɛ ne nsɛso no.

7 Na sɛdeɛ Yosef de n’agya baa Misraim asaase so no, saa nso mpo na ɔwuui wɔ hɔ; ɛno nti Awurade de Yosef asefoɔ nkaaɛ firii Yerusalem asaase so baae, ama wɔahunu Yosef no asefoɔ mmɔbɔ ama wɔanyera, sɛdeɛ ɔhunuu Yosef agya mmɔbɔ mpo ama wanyera no.

8 Ɛno nti wɔbɛkyekyere Yosef fiefoɔ nkaeɛ no wɔ asaase yi so; na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ asaase; na wɔbɛkyekyere kuropɔn a ɛte sɛ Yerusalem dada no ama Awurade; na wɔrennyɛ basabasa bio, kɔsi sɛ awieɛ no bɛba ama asaase atwa mu akɔ.

9 Na ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ bɛba; na ɛbɛbyɛ sɛ dada no pɛpɛɛpɛ, gye sɛ dada no atwa mu kɔ, na nneɛma nyina ara abɛyɛ foforɔ.

10 Na afei, Yerusalem Foforɔ no bɛba; na nhyira ne wɔn a wɔbɛtena mu, na ɛyɛ wɔn a wɔasi wɔn ntaadeɛ ama no ayɛ fitaa wɔ Adwammaa no mogya no mu; na wɔn na wɔakan wɔn afra Yosef asefoɔ nkaeɛ no ho no a, wɔyɛ Israel fiefoɔ no.

11 Na saa Yerusalem dada no bɛba; na nhyira ne wɔn a wɔte mu no, ɛfiri sɛ wɔahohoro wɔn ho wɔ Adwammaa no mogya no mu; na wɔn na wɔbɔɔ wɔn peteeɛ na wɔboaa wɔn ano firii asaase no afanan nyina ara mu no, ne aman a ɛwɔ atifi afa mu no, na wɔbɛnya apam no a Onyankopɔn ne wɔn agya Abraham faaɛ no mahyɛ no bi.

12 Na sɛ saa nneɛma yi ba a, ɛbɛma deɛ twerɛsɛm no ka sɛ, wɔn a na wɔdi kan no bɛdi akyire na wɔn a na wɔdi akyire no bɛdi kan no aba mu.

13 Na anka merebɛtwerɛ bio, nanso wabra me; mmom na Eter nkɔmhyɛ no yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nnwanwa; na mmom wɔamfa anyɛ hwee, na wɔyii no totwenee; na ɔde ne ho kɔsiee ɔbotan tokuro bi mu awiaberɛ, na wɔpue anadwo abɛhwɛ nneɛma a ɛbɛba nkurɔfoɔ no so.

14 Na mmerɛ a ɔte ɔbotan tokuro no mu no na ɔtoaa saa twerɛtohɔsɛm yi so, saa mmerɛ no nso na ɔrehwɛ ɔsɛeɛ a ɛbaa nkurɔfoɔ no so no anadwo.

15 Na ɛbaa sɛ saa afe korɔ no ara mu no a wɔtwaa no firii nkurɔfoɔ no mu no, ɛko kɛseɛ bi hyɛɛ aseɛ sii wɔ nkurɔfoɔ no mu, na dodoɔ no ara na ɛsɔree a na wɔyɛ mmarima a wɔn ho yɛ den, na wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn kokoa mu atirimuɔden kuo nhyehyɛeɛ no a wɔaka ho asɛm dada no so asɛe Koriantuma.

16 Na afei Koriantuma no ara ankasa asua ako ho adeɛ nyina ara ne wiase mu naadaa akwan nyina ara, ɛno nti ɔne wɔn a wɔrehwehwɛ asɛe no no kooe ara yie.

17 Na mmom wɔansakyera da ɛna ne mmammarima ne ne mmammaa ahoɔfɛfoɔ no; ɛna Koho mmammarima ne ne mmammaa ahoɔfɛfoɔ no nso saa ara; ɛna Koriho mmammarima ne ne mmammaa ahoɔfɛfoɔ no nso saa ara, na yɛtwa no tia a, mmammarima ne mmammaa ahoɔfɛfoɔ a wɔwɔ asaase ani so nyina ara no mu biara ansakyera amfiri wɔn bɔne ho.

18 Ɛno nti, ɛbaa sɛ afe a ɛdi kan wɔ mmerɛ a Eter kɔtenaa abotan no tokuro no mu no, nkurɔfoɔ bebree na saa kokoa mu kuo no mu nkurɔfoɔ de wɔn akofena kumkumm wɔn, mmerɛ a wɔne Koriantuma reko de agye n’aheman no.

19 Na ɛbaa sɛ Koriantuma mmammarima no kooe yie na wɔhwiee mogya pii nso guui.

20 Na afe a ɛtɔ so mmienu no mu no Awurade asɛm baa Eter hɔ sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm nkyerɛ Koriantuma sɛ, sɛ ɔne ne fiefoɔ nyina ara bɛsakyera a, Awurade de n’aheman no bɛma no na w’agyae ne nkurɔfoɔ no—

21 Sɛ anyɛ saa a, ɔbɛsɛe wɔn, ɛne ne fiefoɔ nyina ara, gye sɛ ɔno ara ankasa. Na deɛ ɔbɛtena ase ahunu ara ne sɛ nkɔmhyɛ a wahyɛ a ɛfa nkurɔfoɔ foforɔ bi a wɔn nsa bɛka asaase yi de ayɛ wɔn agyapadeɛ no ahyɛ ma; na wɔn na wɔbɛsie Koriantuma; na wɔbɛsɛe ɔkra biara gye sɛ Koriantuma nko ara.

22 Na ɛbaa sɛ Koriantuma ansakyera, anaa ne fiefoɔ, anaa nkurɔfoɔ no; na akokoakoko no nso anyae; na wɔpɛɛ sɛ wɔbɛkum Eter, nanso ɔdwane firii wɔn anim kɔsiee ɔbotan no tokuro no mu bio.

23 Na ɛbaa sɛ Sared sɔree, na ɔno nso ne Koriantuma kooe; na ɔboroo no ara maa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔde no baa nnɔmum mu.

24 Na Koriantuma mmammarima no boroo Sared wɔ afe a ɛtɔ so nan no mu; na wɔgyee aheman no bio maa wɔn agya.

25 Afei ɔko hyɛɛ aseɛ wɔ asaase no ani so nyina ara, obiara ne ne dɔm na ɛreko apɛ deɛ ɔpɛ.

26 Na na adwotwafoɔ nso wɔ hɔ, na ne tiawa ara ne sɛ atirimuɔdensɛm ahodoɔ nyina ara baa asaase no ani so nyina ara.

27 Na ɛbaa sɛ Koriantuma bo fuu Sared yie, na ɔne n’asraafoɔ kɔ ne no kɔkooe; na wɔde abufuo kɛseɛ kɔhyiaa mu; na wɔhyiaa mu wɔ Gilgal bɔnhwa no mu; na ɛko no mu yɛɛ den yie.

28 Na ɛbaa sɛ Sared ko tiaa no saa ara nansa ntam. Na ɛbaa sɛ Koriantuma boroo no, na ɔpamoo no ara kɔsii sɛ ɔbaa Heslon asaase fam no so.

29 Na ɛbaa sɛ Sared ne no bɛkooe bio wɔ asaase pɛsɛɛ no so; na hwɛ, ɔboro Koriantuma, na ɔpamoo no kɔɔ Gilgal bɔnhwa no mu bio.

30 Na Koriantuma ne Sared koo bio wɔ Gilgal bɔnhwa no mu; na emu na ɔboroo Sared na ɔkumm no.

31 Na Sared piraa Koriantuma wɔ ne serɛ mu, maa ɛno nti wɔantumi ankɔko bio bɛyɛ mfie mmienu ntam, saa mmerɛ no mu no na nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no so no kaa mogya guui, na obiara nni hɔ a ɔbɛma wɔagyae.