Twerɛnsɛm
Eter 9


Ti 9

Aheman no nam adedie so, nhyehyɛeɛ bɔne so, ne awudie so firi nnipa baako so kɔ baako nso hɔ—Ema hunu Teneneeni no Ba no—Nkɔmhyɛfoɔ bebree bɔ nsakyeraɛ ho dawuro—Ɛkɔm ne awɔwɔ a wɔn ano yɛ borɔ ha nkurɔfoɔ no.

1 Na afei me, Moronae meretoa me nsɛm no so. Ɛno nti, monhwɛ, ɛbaa sɛ ɛnam Akis ne n’ayɔnkofoɔ no kokoa mu kuo no nti, monhwɛ, wɔtuu Oma ahennie no guui.

2 Nanso, yei nyina ara akyiri no, Awurade hunuu Oma, ne ne mmammarima no ne ne mmammaa no a wɔampɛ ne sɛee no mmɔbɔ.

3 Na Awurade bɔɔ Oma kɔkɔ wɔ daeɛso mu sɛ ɔmfiri asaase no so; ɛno nti, Oma ne n’abusuafoɔ firii asaase no so, na wɔtuu kwan nna bebree, na wɔbɛfaa pampa Sim ho, na wɔbɛduruu baabi a wɔsɛee Nifaefoɔ no, na wɔfirii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ apueɛ afa mu, na wɔbɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Ablom, wɔ mpoano afa mu, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ, ne ne mmammarima ne ne mmammaa nso, ne ne fiefoɔ nyina ara, gye sɛ Yared ne n’abusuafoɔ nko ara.

4 Na ɛbaa sɛ ɛnam atirimuɔdenfoɔ nsa so maa wɔsraa Yared ngo sii no ɔhene wɔ nkurɔfoɔ no so, na ɔde ne babaa maa Akis sɛ ɔnyɛ ne yere.

5 Na ɛbaa sɛ Akis pɛɛ sɛ ɔyi n’ase-barima no nkwa firi hɔ; na ɔde kɔtoo wɔn a wɔne wɔn adi nse dada no anim, na wɔkɔtwaa n’ase-barima no tiri, mmerɛ a na ɔte n’ahennwa so retie wɔn nsɛm no.

6 Na saa atirimuɔden ne kokoa mu kuo yi ayɛ kɛseɛ, na wɔatrɛ ama ɛno nti wɔaseɛ nnipa no nyina ara akoma; ɛno nti wɔkumm Yared wɔ n’ahennwa so, na Akis dii hene wɔ n’anan mu.

7 Na ɛbaa sɛ Akis hyɛɛ aseɛ sɛ n’ani rebere ne babarima no, ɛno nti ɔde no too afiase, na ɔmaa wɔmaa no aduane ketewa bi anaa sɛ wɔamma no aduane koraa kɔsi sɛ ɔwui.

8 Na afei deɛ ne nuabarima ne deɛ ɔwui no (na ne din de Nimra) no bo fuu n’agya ɛnam deɛ n’agya de ayɛ ne nuabarima no nti.

9 Na ɛbaa sɛ Nimra boaboaa mmarima kakra ano, na ɔdwane firii asaase no so ne Oma bɛtenae.

10 Na ɛbaa sɛ Akis wowoo mmammarima foforɔ, na nkurɔfoɔ no pɛɛ wɔn asɛm yie, na wɔankae mpo sɛ wɔadi nse akyerɛ no sɛ wɔbɛyɛ amumuyɛ ahodoɔ nyina ara sɛdeɛ ɔrehwehwɛ ama no no.

11 Afei Akis nkurɔfoɔ no pɛɛ ahonya, mpo sɛdeɛ na Akis pɛ tumi no; ɛno nti Akis mmammarima no maa wɔn sika, maa wɔnam saa kwan yi so twee nkurɔfoɔ no mu dodoɔ no ara maa wɔdii wɔn akyiri.

12 Na ɛko hyɛɛ aseɛ sii Akis mmammarima ne Akis ntam a ɛkɔɔ so mfie bebree mu, aane, maa anka nkurɔfoɔ a wɔwɔ aheman no mu no nyina ara reyɛ asɛe, aane, mpo nnipa no nyina ara gye sɛ akra aduasa no ne wɔn a wɔne Oma fiefoɔ dwanee no.

13 Ɛno nti, wɔde Oma ba bɛdii adeɛ bio wɔ ɔno ara n’asaase so.

14 Na ɛbaa sɛ Oma hyɛɛ aseɛ bɔɔ akɔkora; nanso ne nkɔkoraberɛ mu no na ɔwoo Ema; na ɔsraa Ema ngo sɛ ɔnhyɛ n’anan mu ni hene.

15 Na ɔsraa Ema ngo maa ɔbɛdii ɔhene akyire yi no, ɔhunuu asomdwoeɛ wɔ asaase no so bɛyɛ mfie mmienu ntam, na owuui, wɔ mmerɛ a wahunu nna bebree a na awerɛhoɔ ahyɛ mu ma. Na ɛbaa sɛ Ema dii n’adeɛ na ɔfaa n’agya anamɔn so.

16 Na Awurade hyɛɛ aseɛ bio sɛ ɔreyi nomee no afiri asaase no so, na Ema fiefoɔ yɛɛ frɔmfrɔm yie wɔ Ema ahennie mu; na bɛyɛ mfie aduosia mmienu mu no, na wɔn ho ayɛ den yie, ara ama wɔabɛyɛ asikafoɔ yie—

17 Na wɔnyaa aduaba ahodoɔ nyina ara, ne aburo, ne serekye, ne nwera pa a ɛyɛ fɛ, ne sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne nneɛma a ɛsom bo;

18 Ne anantwie ahodoɔ nyina ara, ne anantwinini, ne anantwibedeɛ, ne nnwan ne mprako ne mmirekyire, ne mmoa ahodoɔ bebree nso a ɛbɛyɛ aduane ama nnipa.

19 Na wɔnyaa mpɔnkɔ, ne mfunumupɔnkɔ, ne asono bebree ne kurulom ne komom a ne nyina ara ho wɔ mfasoɔ ma nnipa, na nkanka asono ne kurulom ne komom.

20 Na sei na Awurade de nhyira guu saa asaase yi so a ɛkyɛn asaase biara so no; na ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔbɛtena asaase no so no ntena so ma Awurade, anyɛ saa a wɔbɛsɛe wɔn wɔ mmerɛ a amumuyɛ ahyɛ wɔn ma no; na sei so, Awurade na ɔseɛ: na mɛhwie m’abufuhyeɛ nyina ara agu.

21 Na Ema buu atɛn wɔ teneneeɛ mu wɔ ne nna nyina ara mu, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree; na ɔwoo Koriantum, na ɔsraa Koriantum ngo sɛ ɔmɛdi ɔhene wɔ n’anan mu.

22 Na ɔsraa Koriantum ngo hyɛɛ no ɔhene sii n’anan mu wieeɛ no, ɔtenaa ase mfie nnan, na ɔhunuu asomdwoeɛ wɔ asaase no so; aane, na ɔhunuu Teneneeni no Babarima no mpo, na ɔdii ahurisie na ɔnyaa animuonyam ne nkwa nna mu; na ɔwuui wɔ asomdwoeɛ mu.

23 Na ɛbaa sɛ Koriantum nantee wɔ n’agya anamɔn mu, na ɔkyekyeree nkuropɔn akɛseɛ akɛseɛ bebree, na ɔde deɛ ɛyɛ maa ne nkuropɔn wɔ ne nkwa nna mu. Na ɛbaa sɛ wɔannya mma de kɔsi sɛ ɔbɔɔ akɔkora posoposo.

24 Na ɛbaa sɛ ne yere wuui, wɔ mmerɛ a na wɔadi mfie ɔha ne mmienu. Na ɛbaa sɛ Koriantum waree ababaawa wɔ ne nkɔkoraberɛ mu, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa; ɛno nti ɔtenaa ase kɔsii sɛ ɔdii mfie ɔha ne aduanan mmienu.

25 Na ɛbaa sɛ ɔwoo Kom, na Kom sii n’anan mu dii adeɛ; na ɔdii adeɛ mfie aduanan nkron, na ɔwoo Het; na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa afoforɔ nso.

26 Na nkurɔfoɔ no ase trɛɛ bio wɔ asaase no ani so nyina ara, na wɔhyɛɛ aseɛ bio sɛ wɔreyɛ atirimuɔdensɛm mmorosoɔ yie wɔ asaase no ani so, na Het hyɛɛ aseɛ sɛ ɔregye saa tete kokoa mu nhyehyɛeɛ no ato mu.

27 Na ɛbaa sɛ ɔtuu n’agya firii n’ahenwa so, na ɔde ɔno ara n’akofena kumm no; na ɔdii ɔhene wɔ n’anan mu.

28 Na nkɔmhyɛfoɔ baa asaase no so bio, bɛbɔɔ nsakyeraɛ ho dawuro kyerɛɛ wɔn—sɛ wɔnsiesie Awurade akwan mu, anyɛ saa a nomee bɛba asaase no ani so; aane, sɛ wɔansakyera a, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba a ɛbɛsɛe wɔn.

29 Na mmom nkurɔfoɔ no anye nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm no anni, na mmom wɔpamo wɔn firii hɔ; na wɔtoo wɔn mu bi guu amena mu na wɔgyaee wɔn maa wɔwuwuui. Na ɛbaa sɛ wɔyɛɛ saa nneɛma yi nyina ara sɛdeɛ ɔhene Het hyɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.

30 Na ɛbaa sɛ ɛkɔm kɛseɛ bi hyɛɛ aseɛ sɛ ɛresi asaase no so, na ɛso nnipa hyɛɛ aseɛ sɛ wɔresɛe ntɛmntɛm so ɛnam aduane a ɛho ayɛ den no nti, ɛfiri sɛ nsuo antɔ wɔ asaase no ani so.

31 Na awɔwɔ a wɔn ano yɛ borɔ nso baa asaase no so, na wɔkekaa nkurɔfoɔ no bebree. Na ɛbaa sɛ wɔn nnwan hyɛɛ aseɛ sɛ wɔredwane afiri awɔwɔ a wɔn ano yɛ borɔ no anim, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ asaase no anaafoɔ, baabi a na Nifaefoɔ frɛ no Sarahɛmla no.

32 Na ɛbaa sɛ wɔn mu dodoɔ no ara na ɛwuwuiɛ wɔ ɛkwan so; nanso wɔn mu bi nso dwane kɔɔ asaase no anaafoɔ.

33 Na ɛbaa sɛ Awurade maa awɔwɔ no gyaee sɛ wɔbɛti wɔn bio, na mmom wɔnsi kwan no, na ama nkurɔfoɔ no antumi antwa mu, ama obiara a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛtwa mu no atɔ wɔ awɔwɔ no a wɔwɔ borɔ no mu.

34 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no faa ɛkwan a mmoa no faa so no so, na wɔwee wɔn a wɔawuo no funu, kɔsii sɛ wɔwee ne nyina ara. Afei mmerɛ a nkurɔfoɔ no hunuu sɛ wɔreyera no, wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔresakyera afiri wɔn amumuyɛ ho na wɔsu frɛɛ Awurade.

35 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔbrɛɛ wɔn ho ase sɛdeɛ ɛsɛ wɔ Awurade anim no, ɔmaa nsuo tɔ guu asaase no ani so; na nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ gyinaa wɔn nan so bio, na nnuaba hyɛɛ aseɛ baa aman no atifi afa mu, ne amanaman a atwa ho ahyia no mu. Na Awurade koraa wɔn firii ɛkɔm no ho de daa ne tumi adi kyerɛɛ wɔn.